Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 5/8 kr. 3-4
  • Ɔfã 1—Wɔ Sika Ho Dadwen Mpokyerɛ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 1—Wɔ Sika Ho Dadwen Mpokyerɛ Mu
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tumi a Sikasɛm mu Nhyɛso Horow Wɔ
  • So Mpokyerɛ no Mu Regow?
  • Dɛn Nti Na Asetra-Mu-Ayɛ Den?
    Nyan!—1989
  • Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
    Nyan!—1980
  • Nnɛ Bere Mu Sikasɛm Ho Nhyehyɛe No Awiei
    Nyan!—1980
  • Sɛnea Wɔtwɛn ho Ɔhaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 5/8 kr. 3-4

Wiase Aguadi Mfiase Ne N’asehwe

Ɔfã 1—Wɔ Sika Ho Dadwen Mpokyerɛ Mu

“Ɛwom sɛ ɛnãnom ne agyanom na wɔma yɛn nkwa de, nanso sika nkutoo na ɛkora so.”—The Japanese Family Storehouse; anaasɛ, The Millionaires’ Gospel, a Ihara Saikaku yɛe.

SO SIKA ho ahia wo yiye pɛn? Anaasɛ so aba pɛn sɛ ná wunni sika a ɛdɔɔso a wode betua biribi a ɛho hia ho ka? Anaasɛ ɔkɔm ade w’abusua anaa wɔn ho ntade atetew pɛn? Ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii bɛma nsɛmmisa yi ho mmuae sɛ yiw. Wonim nea sika ho dadwen kyerɛ.

Susuw sɛnea agya a onni adwuma, na ɛsɛ sɛ ɔbɔ akɔnhama, na ɔde ka no bedwinnwen no ho hwɛ! Susuw sɛnea ɛna bi a ogyina santen mu retɔ nneɛma a ɛho yɛ nã na ohu sɛ hwee nni aguadidan no mu anaasɛ nneɛma no bo yɛ den dodo no adwennwene ne ne haw bɛyɛ no ho. Hwɛ sɛnea adwumawura bi a n’adwuma no rebɔ fam no ho bɛkyere no anaasɛ susuw nhyɛso a nniso bi a ɛrebɔ mmɔden sɛ ebetua ne ho aka dɔla ɔpepepem pii bɛkɔ mu no ho.

Wɔ nnɛyi wiase mu no, nsɛmfua bi mpo tumi de adwennwene ba. Ebia na yɛn akatua (sika, nneɛma, anaasɛ mmoa a adwuma a yɛyɛ anaasɛ nneɛma afoforo a yɛde di dwuma ma yenya) no sua araa ma ɛde yɛn asetra gyinapɛn (yɛn sikadi gyinapɛn a ɛno na aka yɛn hɔ) no to asiane mu koraa. Adwuma a wonnya nyɛ, adwuma a ɛkɔ fam anaasɛ nnwuma a egu (bere a nnwuma brɛ ase, nea edi kan no mu nyɛ den, akyiri de no mu yɛ den), anaasɛ nneɛma bo a ɛyɛ den (nneɛma bo a ɛkɔ soro a ɛba bere a nneɛma nso nnipa dodow a wɔhwehwɛ no so nti, yɛn sika tɔ nneɛma kakraa bi no) betumi de eyinom aba. Sɛ yenni sika pii a, yentumi nnyina asetra ho ka (ɛka a yɛbɔ wɔ nneɛma a yɛtotɔ ne mmoa a yehia da biara no ho) no ano.

Tumi a Sikasɛm mu Nhyɛso Horow Wɔ

Nhoma bi ka sɛ na 1930 mfe no mu Sikasɛm mu Ahokyere Kɛse no yɛ sikasɛm mu awerɛhosɛm a “ɛkaa ɔman biara ne asetra fã biara, fekubɔ ne amammui, fie ne amanaman ntam.” Ɛdenam Germany ne Italy amammui mu kateefo dɔm a ɛma wonyaa ahoɔden so no, ɛboa ma Wiase Ko II bae ma ɛyɛɛ tumi a sikasɛm mu nhyɛso wɔ no ho nhwɛso. Ná ɛte sɛ nea John K. Galbraith kyerɛw wɔ ne nhoma Money: Whence It Came, Where It Went no mu sɛ: “Wɔ Germany wɔ 1933 mfiase no, Adolf Hitler bedii tumi. Ne nkonimdi no fã kɛse fi nnwuma a na wonnya nyɛ a na abu so no ne akatua ne nneɛma bo a ɛsɛee no.” Galbraith ka nneɛma bo a na ɛyɛ den wɔ United States saa bere no ho asɛm de ka ho sɛ: “Sɛnea na sika ho hia biara no, na obiara tumi hu sɛnea ehu a ɛde bae no ho hia no pefee.”

Amammui mu nsakrae a ɛbaa Europa Apuei Fam nyinaa wɔ 1980 mfe no awiei mu no fi sikasɛm titiriw. Nsɛm a ɛte saa nso taa kyerɛ nea ebetumi afi Atɔe Fam demokrase aman horow a wɔaka bere tenten sɛ, nnipa no gyina nsɛm a ɛka wɔn sikasɛm so na wɔtow aba no abatow mu aba.

Wɔtaa de sikasɛm mu nhyɛso di dwuma de hyɛ nniso horow ma wɔsakra wɔn mmara ahorow. Enti, ɛtɔ mmere bi a, nnɛyi sikasɛm mu anohyeto ahorow a wɔde ma ɔman bi no ayɛ sɛ tete asraafo ntua. Wɔ 1986 mu no, Europa, Japan, ne United States maa South Africa sikasɛm mu anohyeto ahorow esiane ne nnipa mu nyiyim mmara no nti, na ɛda adi sɛ ɛyɛɛ adwuma koduu baabi. Wɔ 1990 mu no, sɛnea wɔyɛe wɔ Amanaman Nkabom no bagua ase no, wiase nyinaa de sikasɛm mu nhyɛso baa Iraq so, na ɛda adi sɛ anni dwuma ahe biara.

Ɔkwan biara so no, ɛte sɛ nea adeyɛ no da adi pefee. Jacques Attali, Franseni ɔkyerɛwfo ne ɔmampanyin ɔfotufo no ka sɛ ‘aguadifo resi akofo ananmu sɛ wɔn a wodi wiase nsɛm mu akoten.’ Nsɛmma nhoma bi kae sɛ: “[Wɔ aman pii mu no] sikasɛm mu ahoɔden asi sraadi mu ahoɔden ananmu sɛ nhyehyɛe a ɛho hia.”

So Mpokyerɛ no Mu Regow?

Ɔhaw ahorow a emfi nnipa, ɔyare ne nsɛmmɔnedi sɛe sikasɛm. Saa ara nso na ɛka ahorow nso betumi ayɛ. The Collins Atlas of World History ka sɛ, “amanaman ntam ɛka [wɔ aman a wɔrenya nkɔanim mu no] yɛ kɛse araa ma ɛtɔ mmere bi a, ɛte sɛ nea wiase no rekɔ sikasɛm mu ahokyere kɛse mu, na sɛnea ohia aba pii ne abasamtu ne emu den a ebetumi ayɛ no yɛ hu yiye.”

Bere a nneɛma bo a ayɛ den haw nniso ahorow bi no, ebinom nso rebɔ mmɔden ako atia. Aguade a ne bo nnyina faako no ma wɔbɔ hu. Amammui ɔkannifo bi mpofirim yare, anaasɛ atosɛm a ɛbɛtrɛw no mpo betumi asɛe sika a nkurɔfo sie no wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu. Wɔfrɛɛ Wall Street ka a ɛbaa October 1987—a na ɛsen 1929 de mpo no—sɛ dapɛn a ennye koraa wɔ sikasɛm abakɔsɛm mu. Nneɛma a ne bo si bɛyɛ U.S. dɔla ɔpepepem 385 sɛee. Aguadi no san yɛɛ yiye, nanso abenfo pii ka sɛ afei na ɛka no ankasa rebɛba. Ɔsɛnkyerɛwfo George J. Church kyerɛwee sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ wiase bɛhwɛ kwan sɛ ɛrenhu sɛnea awiei koraa no ɔsɛe no kɛse bɛyɛ.”

Sɛ anka sikasɛm mu nhyɛso ne dadwen a ɛde ba no mpokyerɛ no mu begow mmom no, ɛte sɛ nea emu reyɛ den. Enti so ɛfata sɛ yesusuw sɛ ebia ɛrebɛba awiei?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena