Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 8/8 kr. 15-17
  • Nnɛ Bere Mu Sikasɛm Ho Nhyehyɛe No Awiei

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnɛ Bere Mu Sikasɛm Ho Nhyehyɛe No Awiei
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasiesie mprempren sikasɛm mu ɔhaw horow no, ɛsɛ sɛ wɔsan biribiara akyi kɔ ne mfiase anaa ohunu”
  • “Amanaman no rentumi nkɔso mmmɔ bosea na wɔde ama wɔn asetra ayɛ yiye”
  • “Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efi”
  • “Monhwɛ soro no momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn”
  • Sika Fam Nsɛm A Emu Yɛ Den—Ano Aduru Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ?
    Nyan!—1983
  • So Wiase Yi Betumi De Biakoyɛ Aba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Ɔfã 1—Wɔ Sika Ho Dadwen Mpokyerɛ Mu
    Nyan!—1992
  • Sɛnea Wɔtwɛn ho Ɔhaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 8/8 kr. 15-17

Nnɛ Bere Mu Sikasɛm Ho Nhyehyɛe No Awiei

SƐ WOHYEHYƐ anaa woyɛ afiri bi, na sɛ entumi nyɛ adwuma yiye a, dɛn na wobɛyɛ? Ɛda adi sɛ wobɛbɔ mmɔden ayɛ nsakrae wɔ mu mpɛn ahorow de akosi sɛ wubehu sɛ ɛreyɛ adwuma. Nanso sɛ wuhu sɛ bere biara a. wubesiesie no no na ɛresɛe ɛ? So ɛrenyɛ bere a ɛsɛ sɛ wuhu sɛ afiri no nye, na afei wuhia foforo bi a ɛsono no?

Nnɛ bere mu sikasɛm ho nhyehyɛ no nyɛ nea ɛreyɛ adwuma ma adesamma nyinaa yiyedi. Nyiyim anaasɛ animhwɛ ahorow pii wom. Wɔn a wɔyɛ adwuma denneennen no hu sɛnea nneɛma bo a ɛyɛ den di wɔn sika no nyinaa. Nnipa ɔpepehaha pii di hia. Ɔpepehaha foforo nso wɔ hɔ a wonni da biara da asetra mu nneɛma a ehia wɔn. New York Times no bɔɔ amanneɛ faa nsase horow bi ho sɛ: “Nnipa a wɔyɛ ahiafo no mu pii wɔ hɔ a mprempren yi aduan a wobenya adi pɛnkoro wɔ da koro mu no boro sika a wonya no da koro no so” na eyi yɛ Bible nkɔmhyɛ mmamu a ɛyɛ nwonwa, “wɔde da koro akatua tɔ abodoo biako.”​—Adi. 6:6, Weymouth, Nea Ɛto So Anum.

Wɔ nokwarem no, ɛnnɛ ade-so-kyɛe ne sikasɛm ho nhyehyɛe no rentumi mfa asomdwoe, dwoodwoo asetra ne yiyedi a adesamma kɔn dɔ no mma. Pɛsɛmenkominya, anibere, ahantan ne afoforo ho koma wonni na wɔde ahyɛ wɔn mu ma.

Dɛn na eyi nyinaa kyerɛ? Dɛn nti na nneɛma bo yɛ den wɔ wiase nyinaa, na aduankɔm, akodi ne ɔhaw horow a wonhuu bi saa da aba efi 1914?

Eyinom nyinaa yɛ mmere no ho sɛnkyerɛnne. Ɛyɛ tebea horow a wɔkaa ho asɛm siei sɛ ɛbɛyɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” no fã. Na nea ɛka saa tebea horow a wɔkaa ho asɛm siei no ho ne sɛ nnipa bɛyɛ “ahopɛfo, sikapɛfo, . . . wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” Eyinom nyinaa yɛ nnɛ bere mu amammui, sikasɛm, kwasafo ne anyamesom nhyehyɛe horow no fã.​—2 Tim. 3:1-5.

Enti, gyina a sika ntumi nnyina ɛbo biako so nnɛ ne asetra mu den a ayɛ ama nnipa pii no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ saa nneɛma nhyehyɛe yi di mmirika rekɔ n’awiei, sɛnea Yesu ankasa kaa ho asɛm siei no. (Mat. 24:3-14) Mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wobesiesie nnɛ bere mu sikasɛm ho nhyehyɛe no renyɛ nea ɛbɛkyɛ. Nsiesie biara nni hɔ a ebeyi pɛsɛmenkominya, anibere ne atɛnkyea a wɔde ahyehyɛ no no afi hɔ.

Enti nea eyinom nyinaa kyerɛ ankasa ne sɛ saa mprempren nneɛma nhyehyɛ a ɛmma obi koma ntɔ ne yam no rebɛn n’asehwe a ɛsen biara ho, nanso denam ɔsoro adeyɛ so na ɛnyɛ adesamma huammɔdi nti. Sɛnea Yesu kaa no no: “Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.”​—Mat. 24:21.

Nanso nea ɛyɛ awerɛkyekye ne sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm no hyɛ bɔ sɛ nea ebedi saa ɔhaw bere a ɛreba yi akyi aba ne “asase foforo” a emu no “trenee te mu.” (2 Pet. 3:13) “Asase foforo” no kyerɛ adesamma abusua foforo a nea ɛbɛka ho ne ade-so-kyɛe ho nhyehyɛe foforo, a wɔde bedi dwuma ma asi onipa biara yiye. Bɔhyɛ no ne sɛ: “AWURADE Ade Nyinaa so Tumfoɔ no bɛtow wiase amanaman nyinaa pon​—nnuan a eye sen biara ne nsa pa apontow. Na mpofirim ara na wobeyi awerɛhow a ɛte sɛ omununkum a na ɛsɛn amanaman nyinaa so no afi hɔ.”​—Yes. 25:6-8, Good News Bible.

“Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasiesie mprempren sikasɛm mu ɔhaw horow no, ɛsɛ sɛ wɔsan biribiara akyi kɔ ne mfiase anaa ohunu”

Nea ɛrenkyɛ ɛbɛba no te sɛ mmuae a Japanni a ɔyɛ adwumawura bi de mae bere a wobisaa no asɛm faa ɔkwan a wɔbɛfa so anya nnɛ bere mu sikasɛm mu ɔhaw horow no ano aduru no. Ɔkae sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayi mprempren sikasɛm mu ɔhaw horow no nyinaa afi hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma biribiara san akyi kɔ ne mfiase anaasɛ wɔma ɛdan ohunu.” Ohui wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ mfaso biara nni mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wobesiesie nhyehyɛe no mu. Na Onyankopɔn Asɛm no pene so: ne bere atwam. Enti wɔrensiesie no, na mmom wɔbɛsɛe no.

Sɛ́ nnɛ bere mu sikasɛm ho nhyehyɛe no bɛsɛe koraa no ayɛ nsɛm a afei de wɔn a wɔwɔ sikasɛm ne ade-so-kyɛe ho nimdeɛ no afi ase ka ho asɛm. Sɛ́ nhwɛso no, Amerikani Sylvia Porter, sikasɛm ho sɛnkafo no kaa “sɛnea nneɛma bo bɛyɛ den akɔ so ara de akosi sɛ ɛbɛpae agu na asɛe biribiara a ɛwɔ saa ɔman yi ne wiase no mu, na asɛe ahotoso a wɔde ahyɛ[sika] a wɔde ‘krataa’ ayɛ mu no, na eyi bɛsɛe sikasɛm ho nhyehyɛe a ɛda amanaman ntam no ma aguadi a ɛda amanaman no ntam no mpo agyae.” Ɔkyerɛwfo no de bi kaa ho sɛ: nhyehyɛe mu no kaa eyi:

“Pae a eyi bɛpae no bɛma nnwuma horow abɔ ka ma wɔatɔn nnwuma horow no, na ama bosea akɛse a wɔabobɔ no aba awiei, na adwuma a wonnya nyɛ bɛdɔɔso, awowa a wɔde bere tenten asisi no bɛyɛ nea wobesiw ne tua ho kwan, gye a wɔbɛsan agye nneɛma a wɔde boseabɔ atotɔ a wotua no nkakrankakra no afi wɔn a wɔde ka no nsam.

“Nsɛm a ebesisi yi ho a asɛm a mekyerɛw no ma misuro yiye.”

“Amanaman no rentumi nkɔso mmmɔ bosea na wɔde ama wɔn asetra ayɛ yiye”

Amansɛm ho kyerɛwfo Jack Anderson nso kaa biribi a ɛte saa ara faa biribi a ɛwɔ sikasɛm ho a entumi nnyina faako yi ho. Ɔkae sɛ:

“Amanaman no rentumi nkɔ so mmɔ bosea na wɔde ama wɔn asetra anya nkɔso bio. Wɔrentumi ntua saa sika no gye sɛ wɔde hyɛ adwuma foforo a wɔde yɛ nneɛma mu kyɛn nea wodi mu. Aman pii wɔ hɔ a ɛka a wɔde no yɛ kɛse koraa kyɛn sɛnea wobetumi atua, a ne tua no nso bɛsɛe ɔman no wɔ sika fam. . . .

“Nneɛma a ne bo kɔ so yɛ den bere biara no kɔ so de ɛka kã ɛka dedaw no ho de kosi sɛ sikakorabea ho nhyehyɛe no mpo yɛ sɛ ɛresɛe.’

American Institute for Economic Research a ɛyɛ adwumayɛbea bi a wɔpɛɛpɛɛ sikasɛm ho nhyehyɛe mu no kaa eyi:

“Nneɛma a edidi so yi na ɛte sɛ nea ɛbɛda adi a ɛbɛba wɔ mfe kakraa a ɛda yɛn anim a ɛreba yi mu:

“Wiase nyinaa ahokyere kɛse a ɛbɛba wɔ bere tenten mu. . . .

“Wɔ saa ahokyere bere tenten yi mu no, basabasayɛ a ɛbɛkɔ so wɔ nnipa mu no mu bɛyɛ den. . . .

“Obiara anaa abusua biara a wobehu wɔn sɛ asi wɔn yiye kyɛn afoforo no bɛdan wɔn a nnipadɔm de basabasayɛ bɛtoa wɔn.”

Sɛ nnipa twa dwow, wɔto mmonnaa, wosisi na wodi awu pii mprempren wɔ bere a ɛte sɛ nea asomdwoe ne yiyedi kakra wɔ hɔ no a, wɔbɛyɛ nea ɛkyɛn oyi bere a afei de mmara abubu agu koraa no. Eyi ho adanse ne nea ɛbae bere a New York kuropɔn no mu akanea nyinaa dundumii wɔ afe 1977 mu no. Mmeae ahorow bi wɔ hɔ a nnipa no de mmara no hyɛɛ wɔn ankasa nsa yɛɛ nea wɔpɛ. Wɔfow nneɛma, sɛee ade twaa nkurɔfo dwow. Polisifo penee so sɛ na wontumi nyɛ biribiara.

Saa ara nso na wɔ Afrika man biako mu no, ɛmo a ne bo kɔɔ anim bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako no de basabasayɛ ne ade a wɔfow baa ɔman no kuropɔn mu. Sɛ wohwɛ mmɔnten so a, na ɛte sɛ nea wɔkoo wɔ hɔ nkyɛe. Wɔde asraafo mmara dii dwuma yɛɛ katee wɔ ɛso di mu.

“Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efi”

Bible no ka asɛm fa nea ɛda wiase mu no nyinaa anim no ho sɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da.” Sika a wɔde krataa ayɛ bɛyɛ nea mfaso nniso wɔ saa bere no mu. Dɛn ntia, efisɛ Bible nkɔmhyɛ ka sɛ: “Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efi; wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn Awurade [Yehowa] anibere da no.”​—Hes. 7:19.

Ɔkwankyerɛfo biara a ɔyɛ ɔdesani, anaasɛ adesamma nniso biara nni hɔ a ebetumi asiw “ahohiahia kɛse” a ɛreba no ano, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn atemmu a ɔde ba mprempren nhyehyɛe bɔne yi so. Ɛno nti na Onyankopɔn Asɛm no bɔ kɔkɔ sɛ: “Mommfa mo ho nto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” (Dw. 146:3) Ɛnde dɛn ne ɔkwan a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ wɔfa so? Bible no ma mmuae: “Fa wo koma nyinaa bata Awurade [Yehowa] ho, na mfa ntweri wo nhumu.”​—Mmeb. 3:5.

Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔde wɔn ho to no so mprempren no mpo, wɔ sikasɛm mu. Dabi, Onyankopɔn remfa anigyede ahorow mma ne nkoa, na mmom wahyɛ nneɛma a ehia wɔn wɔ asetra mu no ho bɔ ama wɔn. (Mat. 6:24-34,; Dw. 37:25) Nanso eyi nkyerɛ sɛ asetra bɛyɛ mmerɛw ama wɔn a wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so no, efisɛ tebea horow a enye a ɛwɔ wiase no nso ka wɔn. Nanso ebesi wɔn yiye akyɛn afoforo wɔ nnɛ bere mu ɔhaw horow a wogyina ano no mu.

Nea ɛka ho bio no, eyinom benya Onyankopɔn ahobammɔ mu awerɛhyem wɔ ɔsɛe a ɛreba no mu, na wɔafi mu akɔhyɛn trenee nhyehyɛe foforo no mu. (1 Yoh. 2:15-17; Dw. 37:27, 34, 37) Ɛno nti na abusua a ɛwɔ Brazil a wosuae sɛnea wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so no kae sɛ: “Ɛwom sɛ sikasɛm mu ɔhaw horow rehaw yɛn de, nanso yɛyɛ abusua a yɛwɔ anikye, efisɛ yenim Yehowa, anigye Nyankopɔn no, na yenim n’atirimpɔw ahorow no.”

“Monhwɛ soro no momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn”

Enti, wɔ sɛnea sika fam ahokyere no mu bɛyɛ den afa nyinaa akyi no, yɛwɔ mmere pa a ɛda yɛn anim tee wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no ho anidaso. Enti, nnipa a wɔwɔ anidaso a ɛyɛ nokware a egyina nokware nimdeɛ so na wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so na ɛnyɛ honam fam nneɛma so no betumi ‘ama wɔn ti so ahwɛ soro efisɛ wɔn gye rebɛn.’​—Luka 21:28.

[Box on page 17]

“Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”​—Adi. 21:4, 5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena