Sɛnea Wɔtwɛn ho Ɔhaw
SUA a yebesua sɛnea yɛbɛtwɛn bere a yebenya nneɛma a yɛpɛ no bɛyɛ asuade ahorow a ɛyɛ den sen biara a wɔhwehwɛ sɛ nnipa gye tom mu biako. Awosu mu no, mmofra nkumaa pere wɔn ho. Wɔpɛ nea wohu biara, na wɔpɛ no amonom hɔ ara! Nanso sɛnea ebia osuahu ama woahu no, ɛyɛ asetram nokwasɛm sɛ ɛnyɛ biribiara a wɔhwehwɛ na wotumi nya. Na wɔ apɛde ahorow a ɛyɛ ho mpo no, ɛsɛ sɛ yɛsua sɛnea yɛbɛtwɛn bere na ɛfata na yɛadi ho dwuma. Nnipa pii sua eyi; afoforo nsua da.
Nnipa a wɔpɛ sɛ wonya ɔsoro mpeneso wɔ ntease atitiriw nti a ɛsɛ sɛ wosua sɛnea wɔtwɛn. Yeremia, Yehowa somfo a ɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no sii eyi so dua sɛ: “Eye sɛ woyɛ komm twɛn [Yehowa] nkwagye.” Akyiri yi, Kristoni suani Yakobo kae sɛ: “Enti anuanom, montɔ mo bo ase nkodu da a Awurade bɛba.”—Kwadwom 3:26; Yakobo 5:7.
Yehowa wɔ n’ankasa bere a wahyɛ a ɔde bedi ne soro atirimpɔw ahorow ho dwuma awie. Sɛ yɛantumi antwɛn ankosi sɛ ne bere a ɔde bɛyɛ nneɛma bi no bedu a, yɛbɛhaw na yɛn abam abu, na ɛbɛsɛe yɛn anigye. Sɛ Onyankopɔn somfo bi nni anigye a, ɔbɛyɛ mmerɛw sɛnea Nehemia ka kyerɛɛ ne man mufo no: “AWURADE mu anigye ne mo ahoɔden.”—Nehemia 8:10, The New English Bible.
Nyansa a Ɛwom Sɛ Wubesua Sɛnea Wɔtwɛn
Ɛyɛ awosu sɛ ahokwafo bɛpɛ sɛ wɔware anaa awarefo a wonni mma bɛpɛ sɛ wɔwo mma. Afei nso, ɛnyɛ mfomso sɛ yebenya honam fam nneɛma a ɛfata a yehia anaa yɛpɛ no. Nanso, gyidi a yɛwɔ sɛ ɛrenkyɛ na nneɛma nhyehyeɛ yi aba awiei na Onyankopɔn ‘bebue ne nsam na wama ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee’ nti, Kristofo pii asi gyinae sɛ wɔbɛtwɛn na wɔadi nneɛma a wɔpɛ yi bi ho dwuma wɔ bere a ɛfata mu.—Dwom 145:16.
Nanso, nnipa a wonni Kristofo anidaso a ɛwɔ nnyinaso pa yi rennya ntease kɛse a ɛbɛma wɔatu nneɛma ahyɛ da. Esiane sɛ wonnim Yehowa a ɔde “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” ma no mu gyidi nti, ɛmma wonhu nyansa a ɛwom sɛ wɔbɛtwɛn ayɛ nneɛma daakye a wonnye nni sɛ ɛbɛba no. Wɔn gyidi ne sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”—Yakobo 1:17; 1 Korintofo 15:32; Yesaia 22:13.
Wɔ aman a wɔanya nkɔanim mu no, aguade ho adawurubɔfo de su a ɛne sɛ ‘dwudwo w’akɔnnɔ ano ntɛm ara’ no di dwuma. Wɔhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnkorɔkorɔ wɔn ho. Aguadifo ma yegye di sɛ nnɛyi nneɛma a ɛma ahotɔ no yɛ nneɛma a yehia no ɔkwan biara so. Ɛka sɛ dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wunya eyi, bere a nkratasin bi a wɔde tɔ nneɛma, nhyehyɛe a ɛma wutua nneɛma a wotɔ no ka nkakrankakra, ne “tɔ mprempren—tua akyiri yi” ho nhyehyɛe ahorow ma wutumi nya biribiara mprempren yi ara no? Bio nso, aguade nneɛma ho adawurubɔfo fene ahorow no ka sɛ ‘ɛfata sɛ wunya nea ɛsen biara; mmɔ wo ho atirimɔden! Kae, nya bi mu anigye mprempren anaa worenya mu anigye da!’
Bere koro no ara mu no, nnipa ɔpepem du du pii a wɔwɔ aman a afei na worenya nkɔso mu wɔ nea ɛbɛso wɔn di nkutoo—anaa ennu saa mpo. So biribi foforo wɔ hɔ a ebetumi ada nnipa amammui ne asetrade ho nhyehyɛe mu sintɔ ne nsisi adi pefee asen eyi?
Yehu nyansa a ɛwɔ sua a wosua sɛnea wɔtwɛn no mu bere a nnipa ɔpepem pii a wɔmpɛ sɛ wɔtwɛn—anaasɛ anyɛ yiye koraa no, wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa—bɔ ka kɛse de nya nea wɔpɛ ntɛm ara no. Tebea horow a ɛba mpofirim, te sɛ ɔyare anaa adwuma a wonnya nyɛ tumi yɛ esiane. Germanfo atesɛm krataa Frankfurter Allgemeine Zeitung kyerɛkyerɛ nea nti a nnipa ɔpepem biako nni afie wɔ Germany no mu sɛ: “Mpɛn pii no, adwuma a wonnya nyɛ ne ɛka ntraso na ɛmma wonnya afie ntra mu.”
Esiane sɛ saafo a wohu amane yi ntumi ntua ka ahorow a wɔde no nti, wɔn afie ne wɔn agyapade nyinaa fi wɔn nsa ma ɛyɛ awerɛhow yiye. Haw a wɔkɔ so haw kɛse no de abufuw ba abusua mu mpɛn pii. Aware ahorow a enni nnyinaso pa fi ase sɛe. Adwenemhaw ne apɔwmuden ho nsɛnnennen afoforo bu so. Wɔ Kristofo fam no, ebetumi asɛe wɔn honhom mu yiyedi, ne ɛno nso ama wɔanya adwene a ɛnteɛ na wɔabu ɔbra a ɛmfata. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wɔpɛe sɛ wonya biribiara wɔ ɔkwan a nyansa nnim so annya hwee koraa.
Asɛnnennen Foforo ma Pii
Yesu kaa pefee sɛ yɛnhwɛ yiye na ‘ɔbra yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa ne nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ammia asɛm no na ansow aba.’ (Marko 4:19) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ amammui nhyehyɛe biara nni hɔ a etumi ayi dadwen, a sikasɛm ho de a Yesu kaa ho asɛm no ka ho afi hɔ.
Komunism a Europa Apuei Fam aman apow mprempren no bɔɔ mmɔden sɛ ɛnam sikasɛm a aban na odi so no so bɛma nneɛma nyinaa ayɛ pɛ. Nea ɛne hokwan a wɔma ankorankoro sɛ wommue wɔn ankasa nnwuma bɔ abira no, kan nhyehyɛe no maa saa aman no mufo nyaa asetrade mu ahobammɔ bi a kapitalism ntumi mfa mma mpɛn pii. Nanso, dadwen a Kristo kaa ho asɛm no kɔɔ so denam asetrade ho a ɛyɛɛ na ne ahofadi a na ankorankoro nni so.
Mprempren saa aman no mu pii de wɔn ho rehyɛ asetrade ho nhyehyɛe a ɛma ɔmanfo nya hokwan tɔ nea wopɛ na wɔtɔn wɔn ankasa aguade mu, ma enti ɛde nsɛnnennen foforo abɛto wɔn manfo so. Nnansa yi amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Wɔde osuahu a wonni ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobenya nneɛma ntɛmntɛm yɛ ade de hwehwɛ sɛ wɔbɛto atɔe famfo wo asetrade ho gyinapɛn mu.” Nea ɛbɛyɛ na woadu botae yi ho no, “Lander foforo a ɛwɔ Germany apuei no mu nnipa a wɔredɔɔso de wɔn ho rehyɛ ka kɛse mu.” Amanneɛbɔ no de ka ho sɛ: “Wɔ asetrade mu ahofadi foforo ho anigye a wonyaa mfiase no akyi no, ehu ne abasamtu retrɛw mprempren.” Ɛwom sɛ wɔadan kapitalistfo mprempren de, nanso dadwen no da so ara wɔ hɔ.
Amammui ne asetrade mu ahofadi kɛse abue hokwan afoforo a ebetumi ama wɔadi yiye wɔ asetram. Enti, ebia eyi bɛma ankorankoro pii asusuw adwene a ɛne sɛ wɔn ankasa bebue wɔn nnwuma anaasɛ wobetu akɔ ɔman foforo bi a wobenya nnwuma pa wom mu ho anibere so.
Gyinaesi a ɛte sɛɛ no yɛ obi kokoam asɛm. Ɛnyɛ mfomso sɛ Kristoni bɛpɛ sɛ ɔma ne sikasɛm tebea yɛ papa. Esiane sɛ onim sɛ, “sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye ni” nti, ebia ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua bɛkanyan no.—1 Timoteo 5:8.
Enti, ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛkasa atia gyinae a afoforo si no. Nanso bere koro ara, ɛsɛ sɛ Kristofo kae sɛ nyansa nnim sɛ wɔbɛbɔ ka atra so de anya asetrade mu ahotɔ a ebetumi asum wɔn afiri. Ɛbɛyɛ mfomso nso sɛ wɔbɛhwehwɛ asetrade mu ahotɔ wɔ ɔkwan a ɛma wɔpow honhom fam asɛyɛde ne nneɛma so.
Ade a Wobesua Afi Afoforo Hɔ
Wɔ mfe a edii Wiase Ko II akyi no, Germanfo mpempem pii tu fii Europa a na ɔko asɛe hɔ no kɔtraa aman afoforo so, ne titiriw Australia ne Canada. Wɔn mu pii nam saayɛ so tumi maa wɔn sikasɛm yɛɛ papa, nanso wɔn mu biara nni hɔ a otumi kwatii asetrade ho dadwen a Yesu kaa ho asɛm no koraa. Ɛtɔ da bi a, asetrade mu nsɛnnennen ho dwumadi de ɔhaw afoforo ba—anigyina, kasa soronko, nnuan foforo a wosua di, amanne horow, nnamfo afoforo a wotumi ne wɔn bɔ, anaa suban afoforo ano a wogyina.
Na atubrafo yi mu bi yɛ Yehowa Adansefo. Nea ɛfata nkamfo no, wɔn mu dodow no ara amma mmeae afoforo a wotu kɔtra mu ɔhaw ahorow no ansɛe wɔn honhom mu yiyedi. Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa. Ahonyade daadaa ebinom. Wɔantumi annya teokrase mu nkɔso te sɛ nea wonyae wɔ asetrade mu no.
Ɛda adi sɛ eyi kyerɛ nyansa a ɛwom sɛ yɛde ahwɛyiye bɛhwehwɛ yɛn tebea mu ansa na yɛasi gyinae ahorow a ebia nyansa nnim. Honam fam ade dodowpɛ su horow remma yɛnyɛ pii wɔ adwuma a ‘yɛnsan nyɛ bio’ a ɛne asuafoyɛ adwuma a wɔde ahyɛ Kristofo nsa sɛ wɔnyɛ no. Eyi yɛ nokware a baabiara a yɛte mfa ho, efisɛ ɔman biara nni hɔ a emu nnipa ade wɔn ho afi asetrade ho dadwen ho koraa.
Ko Ɔko Pa No
Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi. Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo . . . no mu.” Ɔka kyerɛɛ Korintofo Kristofo sɛ: “Muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa.”—1 Timoteo 6: 11, 12; 1 Korintofo 15:58.
Afotu pa yi a wubedi akyi no ne ɔkwan pa a wubetumi afa so adi honam fam ade dodowpɛ so nkonim, na ɛda adi sɛ Kristoni wɔ pii yɛ! Wɔ aman bi a emu Ahenni asɛnkafo nnɔɔso mu no, hokwan kakraa bi na nnipa pii anya de ate nokware no ho asɛm. Yesu ka siei pɛpɛɛpɛ sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.”—Mateo 9:37.
Sɛ anka Yehowa Adansefo bɛma aman yi mu asetrade ho dadwen ama wɔagyae honhom fam adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa yɛ no, wɔde tebea no di dwuma denam hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ mprempren no nyinaa a wɔde di dwuma no so. Wɔn mu pii trɛw wɔn asɛnka adwuma mu bere a wonnya adwuma nyɛ bere tiaa bi no. Wɔ ayeyi a wɔde ma Yehowa a ɛreyɛ kɛse akyi no, wɔn som no ma wonya anigye a wohia na wɔde agyina wɔn ankasa sikasɛm ho nsɛnnennen ano.
Adansefo yi dwen asɛnka adwuma no ho kɛse sen sika fam ahokyere, na ɛma ɛda adi sɛ wiase nyinaa anuanom kuw no de wɔn ho to Yehowa so koraa sɛ ɔnhwɛ wɔn. Ne bɔhyɛ no sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—Mateo 6:33.
Efi bere a wɔsan de nokware som sii hɔ wɔ 1919 mu no, Yehowa mmaa ne nkurɔfo nhinhimii da. Wɔabɔ wɔn ho ban wɔ ɔtaa a emu yɛ den mu, ne wɔn mfe du du pii a wɔde yɛɛ adwuma kokoam wɔ mmeae ahorow bi no. Yehowa Adansefo asi wɔn bo sɛ wɔremma Ɔbonsam mfa honam fam ade dodowpɛ ho afiri nyɛ nea wantumi amfa ɔtaa anyɛ no!
Sua a Wosua Sɛnea Wɔtwɛn wɔ Ade Nyinaa Mu
Ahenni Asa akɛse, akasam mfiri, Nhyiam Asa ahorow a ne bo yɛ den ne Betel afie a ɛyɛ fɛ hyɛ Onyankopɔn anuonyam, na edi adanse a ɛnyɛ ano na wɔde ka sɛ ɔrehyira ne nkurɔfo. Ebia Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman a wɔbaraa adwuma no wɔ hɔ bere tenten mu no bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ pii te sɛ aman afoforo mu anuanom wɔ eyi mu. Nanso nea ehia titiriw sen biara ne sɛ wɔbɛkɔ so anya honhom mu nkɔso. Wɔde wɔn ani behu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn rehyira wɔn wɔ honam fam wɔ bere a ɛsɛ mu.
Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so hwɛ yiye, anyɛ saa a wobefi ase ate nka sɛ wɔmpɛ sɛ wɔde honam fam nneɛma bɛkame wɔn bio, bere a wɔhwehwɛ wɔn ankasa nneɛma no. Ntease wom sɛ wɔbɛhwehwɛ asetrade mu ahotɔ ne asetra a nyiyim nnim de, nanso Yehowa nkurɔfo mmu wɔn ani ngu so sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa hwehwɛ ogye kwan. Anifuraefo pɛ sɛ wohu ade bio, wɔn a wɔwɔ nyarewa a enni sabea pɛ sɛ wɔsan nya akwahosan, wɔn a wɔabotow pɛ sɛ wonya anidaso pa, na wɔn a wɔn biribi awu pɛ sɛ wohu wɔn adɔfo a wɔawuwu no bio.
Nsɛm tebea ahorow nti, ɔkwan bi so no, ɛsɛ sɛ Kristoni biara twɛn Yehowa wiase foforo no ma ebesiesie ne nsɛnnennen ma no. Ɛsɛ sɛ eyi ma yebisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ mewɔ nea midi ne nea mede kata me ho a, so ɛnsɛ sɛ ɛno ara dɔɔso ma me na minya ɔpɛ sɛ metwɛn ma manya asetrade mu ahotɔ?’—1 Timoteo 6:8.
Kristofo a wɔde wɔn ho to Yehowa so koraa no betumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛtwɛn a, wobedi wɔn apɛde ne wɔn ahiade nyinaa a ɛfata ho dwuma nnansa yi ara. Twɛn a obiara bɛtwɛn no renyɛ ɔkwa. Yɛsan ti Paulo asɛm no mu bio sɛ: “Muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.”—1 Korintofo 15:58.
Enti so ɛsɛ sɛ sua a wubesua sɛnea wɔtwɛn no yɛ asɛnnennen kɛse?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Sua a wubesua sɛnea wɔtwɛn no begye wo nkwa