Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 12/8 kr. 10-11
  • Sika Fam Nsɛm A Emu Yɛ Den—Ano Aduru Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sika Fam Nsɛm A Emu Yɛ Den—Ano Aduru Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnɛ Bere Mu Sikasɛm Ho Nhyehyɛe No Awiei
    Nyan!—1980
  • Bere Bi Bɛba a Ahiafo Ne Asikafo Nyinaa Bɛyɛ Pɛ?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Sɛnea Wɔtwɛn ho Ɔhaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ɔfã 1—Wɔ Sika Ho Dadwen Mpokyerɛ Mu
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 12/8 kr. 10-11

Sika Fam Nsɛm A Emu Yɛ Den​—Ano Aduru Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ?

“ƐHE na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi?” eyi ne asɛm a Bible kyerɛwfo Yakobo bisae. “Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa? Mo kɔn dɔ, na munnya. Mudi awu na mo ani bere, na muntumi nnu ho. Moko na mutu sa.” (Yakobo 4:1, 2) So eyi nyɛ nokware? So asɛm no mfi onipa ankasa? So ne kɔn a ɛdɔ sɛ obenya nneɛma no nyɛ nea ɛde sika fam akodi ba?

Ɛyɛ pɛsɛmenkominya kwan so mfaso a wɔhwehwɛ, ɛnyɛ ayamhyehye ma obi yɔnko nipa, na ama sikakorafo de bosea akɛse amema aman a wontumi ntua. Na Bible no kasa tia sikanibere a ɛte saa. (Nehemia 5:1-11; hwɛ Exodus 22:25 nso.) Pɛsɛmenkominya adifudepɛ na ɛmma amanaman no ne wɔn ho wɔn ho mmɔ mu nyɛ adwuma mfa nhwehwɛ nea ɛbɛma saa ahokyere yi afi hɔ.

Esiane sɛ Bible no aka su horow a ɛkowie ɔhaw ahorow a ɛtete sɛɛ mu ho asɛm pefee nti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa sɛ wɔbɛka nea ebefi ɔhaw ahorow a ɛtete sɛɛ, sika fam de ne afoforo mu aba, a ɛka aman horow nnɛ, no ho asɛm nso​—mprempren wiase nhyehyɛe yi a ɛbɛba awiei koraa. Eyi bedi ka a wɔka sɛ “Asomdwoe ne Ahotɔ” no akyi pɛɛ! Awerɛhow bere bi a wɔfrɛ no “ahohiahia kɛse” no bɛma fata a ɛmfata sɛ obi de ne ho to honam fam nneɛma a nkurɔfo de ahopere reboaboa ano so no ada adi aka nneɛma afoforo ho. “Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efĩ.” Susuw ho hwɛ! Wobebu sika kɔkɔɔ ne dwetɛ mpo sɛ nea ɛho nni mfaso. Nanso so eyi bɛyɛ sika fam ahokyere ara kwa nti anaa? Dabi, efisɛ nkɔmhyɛ no kɔ so sɛ: “Wɔn dwetɛ ne wɔn sika retumi nnye wɔn [Yehowa] anibere da no.”​—Mateo 24:21; Hesekiel 7:19.

Nanso, nokware Kristofo nsuro ɔsoro atemmu, anaa sikasɛm nhyehyɛe asehwe biara a ɛbɛka ho aba no. Wonim sɛ “ahohiahia kɛse” no bɛkɔ akowie nneɛma nhyehyɛe bɔne yi sɛe, a Onyankopɔn trenee nniso foforo besi ananmu, mu. (Adiyisɛm 21:1-4; hwɛ Daniel 2:44 nso.) Saa nniso yi de sika fam ahotɔ ankasa bɛbrɛ asase sotefo nyinaa.​—Yesaia 65:21-23.

Gyidi wɔ saa nniso a ɛreba yi mu no boa Yehowa Adansefo ma wɔde ahotoso di dwuma wɔ saa ahokyere mmere yi mu. Wonim sɛ ɔhonam fam nneɛma akyi a wobedi no betumi ama obi adwene afi Yehowa Nyankopɔn so. (Deuteronomium 8:10-17) Mmom no, wonim hia a ɛho hia sɛ wodi nneɛma a ɛsom bo a wɔada no adi wɔ Bible mu no akyi. Eyi di dwuma sɛ ahobammɔ ma wɔn. Wɔ mmere a adwuma hwehwɛ ho yɛ den mu no, wɔn mu dodow no ara pene so sɛ wɔbɛyɛ nnwuma ahorow a ebia afoforo bebu no animtiaa no. (Efesofo 4:28) Nnipa a wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma no pene asetra a ɛba fam so. Na te sɛ Mmebusɛm 30:8 kyerɛwfo no, wɔbɔ mpae sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade.” Enti sɛ anka wɔbɛyɛ nneɛma a wonni ho sika no, wɔn ani gye sɛ wobenya nneɛma a ɛho hia ara kwa wɔ asetra mu no. Wonim sɛ Bible no kasa tia ɛka mmoroso a obi bɛde, enti wɔde ahosodi di dwuma wɔ boseabɔ ne adefiri ho.​—Dwom 37:21.

Enti, yɛsrɛ wo, ma yɛn kwan ma yɛnka yɛn gyidi ho asɛm nkyerɛ wo denam Bible adesua so. Saa kwan yi so no ɛnyɛ wo ho nko na wubesiesie ama wiase ahohiahia a ɛreba, a sikasɛm nhyehyɛe asehwe ka ho no, na mmom wubetumi anya anigye ne abotɔyam mprempren!

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Pɛsɛmenkominya adifudepɛ mma aman no ntumi mmɔ mu nhwehwɛ nea ɛbɛma saa ahokyere yi afi hɔ

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Honam fam nneɛma akyidi betumi ama obi werɛ afi Onyankopɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena