Di Nkonim Wɔ Ɔkwan Biara So—So Ɛne Olympik Honhom No?
NÁ KOREAFO no asi wɔn bo. Ná wɔmpɛ sɛ wɔhwere saa hokwan yi a ɛbɛma Olympik mmirikatufo a wɔaba hɔ, nsrahwɛfo ne nnipa ɔpepem pii a wɔbɛhwɛ television wɔ wiase nyinaa no ani agye wɔn ho no. Bere a na wɔabrɛ mfirihyia ason no, wɔde nea ɛboro dɔla ɔpepepem abiɛsa hyɛɛ adwuma no mu.
Wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa too 1988 Seoul Olympik no a wɔbɛma ayɛ yiye no so. Nnipa a wɔn dodow boro 26,000 tuu wɔn ho mae de boae. Ɔman no mu nnipa 240,000 siesiee mmorɔn so. Wɔtotoo ɔmanfo aguare adan 2,200 mu na wusiw anhaw wɔn a wobetu mmirika atwa akwansin aduonu asia no. Yiw, wofi wɔn pɛ mu sakraa nea wɔyɛ daa wɔ asetra mu na wɔatumi asom Olympik a wɔayɛ no kɛse sen biara wɔ abakɔsɛm mu a ekura mmirikatufo 9,500 a wofi aman 160 a wobenya mu kyɛfa no ahɔho. Nea efii mu bae ne sɛ, wogyee din sɛ ɔman a ɛrenya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu a atumi ahwɛ agodi no so.
TV Olympik Aguadi no a Wɔn Nsa Bɛka
Wɔ Korea Adwumawuranom a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn a wɔne wɔn di gua wɔ wiase nyinaa fam no de, agodi no kyerɛɛ yiyedi a ɛsen biara maa wɔn. Ahopere a nkurɔfo de hwehwɛɛ “krataa fitaa” a na ɛyɛ dwumadi no anobue tekit no kyerɛɛ sika a wɔammrɛ na wonyae maa wɔn a na wɔtɔn tekit atitiriw no boroo ne bo ankasa so mpɛn 20 no. Olympik no buee kwan nso maa Koreafo nyaa hokwan afoforo a ɛbɛma wɔne Europa Apuei fam aman no adi gua. Nea ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi ne ma a Olympik no maa Korea gyee din sɛ aman a wɔafi ase reyɛ mfiridwuma mu nea edi kan no. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Los Angeles Times mu no, Korea adwumawura bi kae sɛ, “Wɔde nnɔnhwerew ɔha aduɔwɔtwe na ɛbɔɔ ho dawuru wɔ (NBC) television so! Anka wontumi mmu ɛka a wɔbɛbɔ wɔ Korea ho dawurubɔ a ɛte saa no ano.” Na wɔka sɛ tua a American National Broadcasting Company no tuaa dɔla ɔpepem 300 na ɛma wonyaa saa ɔdom no.
Nanso esiane saa sika no nti, Amerika Nsɛm ho amanneɛbɔ adwuma no nyaa hokwan de akwankyerɛ mae wɔ Olympik no mu nsɛm ahorow ho. Korea Nsɛm ho Dawurubɔ Adwuma no panyin bi ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Wɔ agodi atitiriw a agye din wɔ United States ne akansi ahorow a U.S. mmirikatufo nyaa mu kyɛfa no mu no, wɔyɛɛ nsakrae wɔ bere a na ɛsɛ sɛ wotu nea etwa to no mu. Ɛdenam bere a wɔde besi saa akane no a wɔde fii anɔpa 9:00 kɔɔ awiabere 2:00 a ɛyɛ Seoul bere so no, wɔmaa ɛne New York bere hyiae.” Wɔyɛɛ eyinom nyinaa na wɔde ahaw afoforo a wonyaa mu kyɛfa no. Nea ɛbɛyɛ na wɔasiesie wɔn ho ama akansi ahorow a ɛte saa no, na ɛsɛ sɛ wɔn mu bi sɔre anɔpa 5:00. Ɔpanyin no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ntease wom, kyerɛ sɛ mprempren sika a wonya fi television dodow a wɔwɔ wɔ mmirikatubea hɔ mu no na wɔde tua Olympik no ho ka, na ntoboa no mu ɔha biara mu nkyem 75 fi U.S. kaseɛbɔ adwuma no hɔ.” Nanso sɛ wɔkyekyɛ mu a, sika a wonya fii ne hwɛ mu no annu nea wosusuwii sɛ wobenya, a ɛkyerɛ sɛ NBC annya mfaso a na wɔhwɛ kwan no esiane bɔ a wɔhyɛɛ nneɛma ho adawurubɔfo no nti.
Nkonimdi ne Nkogudi
“Akyinnye biara nni ho koraa!” Ná eyi ne Japan Mainichi Daily News no asɛmti wɔ da a Canadani Ben Johnson dii nkonim wɔ mmarima basafa 100 mmirikakane mu no adekyee. Ɛno akyi nna kakraa bi mu no, saa atesɛm krataa koro no ara sakraa asɛm no denam asɛmti no a ɛkae no sɛ: “Wiase Nyinaa Mmirikatu Mu Ɔhoɔharefo A Ɔsen Biara No Afi Anuonyam Mu Akɔ Aniwu Mu” no so. Nipadua mu nhwehwɛ mu a wɔyɛe no ma wohui sɛ ná Ben Johnson afa anabolic steroid enti wogyee ne sika nkonimbo a ná wabrɛ pii wɔ ho no fii ne nsam.
Wɔ basafa 100 mmirikakane no mu no, nnubɔne a wɔde di dwuma ho nhwehwɛmu no nyaa onipa a ne ho yɛ hare sen biara wɔ wiase nyinaa no. IOC (International Olympic Committee) no panyin kae sɛ na “ɛno yɛ abasamtu ma Olympik akansi ahorow ne Olympik Nhyehyɛe no.” Wɔ wɔn a wɔkyeree wɔn sɛ wɔafa nnubɔne no fam no, wɔn nkonimbo a wogye fii wɔn nsam no nso ka mmɔden a wɔbɔe sɛ wobedi nkonim ɔkwan biara so no ho. Ne nyinaa ka bom a, nnipa du a wɔfaa nnubɔne ho amanneɛbɔ no sɛee 1988 Olympik no.
Nanso, wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Newsweek nsɛmma nhoma mu sɛ U.S. shot putt towfo Augie Wolf kae sɛ, “wɔkyeree wɔn a wɔn ani ntewee no nkutoo.” Sɛnea Newsweek ka no, Rusiani bi a ɔtete mmirikatufo bi kae sɛ: “Midi Ben Johnson ho awerɛhow, nanso ebia . . . ɔha biara mu nkyem 90 de nnubɔne di dwuma. Ben Johnson mfomso ne sɛ wɔkyeree no.” Afei U.S. mmirikatufo Edwin Moses fi n’ankasa adwenem ka sɛ “bɛyɛ sɛ wɔn a wotu mmirika atitiriw no mu ɔha biara mu nkyem 50” anyɛ anifere wɔ nipadua mu nhwehwɛmu a wɔyɛe no mu a anka woyii wɔn fii mu. Sɛ mmirikatufo pii gye di sɛ nnubɔne a wɔnom no boa wɔn a, ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔbara?
Nea edi kan no, wɔyɛ saa na ama agoru a wodi wɔ ɔkwan pa so honhom no atra Olympik no mu. Afei mmirikatufo a wɔbɔ wɔn ho ban ho asɛm no nso wɔ hɔ. Nnubɔne a wɔde di dwuma wɔ mmirikatu mu no yɛɛ aniberesɛm bere a ekum Denmarkni baesekre so trafo bi wɔ Rome Akansi no mu wɔ 1960 mu no. Nnansa yi ara wɔ 1987 mu no. Birgit Dressel. West Germanni a na wɔn ani da so sɛ ne nsa bɛka agodi pɔtee bi mu nkonimbo no wui bere a ɔde nnubɔne ahorow ɔha dii dwuma wɔ mmɔden a na ɔbɔ sɛ ne nsa bɛka sika nkonimbo wɔ ne mpɛn ason akansi mu no. Anabolic Steroid, “aduru a ne ho yɛ nwonwa” a ɛma obi yɛ ɔbran no nso betumi apira nea ɔde di dwuma no nipadua mu—mmerɛbo mu akisikuru, awo a wobetwa, asaabo a ɛsɛe, komayare ne pii a ɛkeka ho.
Ɛnde dɛn nti na mmirikatufo de nnubɔne di dwuma? Lord Killanin a anka ɔyɛ IOC panyin no ka sɛ: “Nnubɔne a wɔnom no abɛyɛ asɛnnennen kɛse wɔ Olympik no mu esiane ɔpɛ ntraso a wɔwɔ sɛ wɔn nsa bɛka nkonimbo no nti.” Yiw, ɛyɛ di nkonim ɔkwan biara so adwene no na ɛma mmirikatufo nom nnubɔne. Na tumi a ɛhyɛ akyi a ɛkanyan ne nyinaa no ne sika.
Nya Sika wɔ Ɔkwan Biara So
Japan Mainichi Shimbun atesɛm krataa no kae sɛ. “Nokwarem no, Johnson anim guu ase bere a sika ne din a obenya wɔ mmirikatu mu ho akɔnnɔ kɔɔ akyiri dodo no.” Sika nkonimbo a obi nsa ka wɔ Olympik mu no ma bo a ɔsom wɔ sika fam no yɛ kɛse, ɛkyerɛ sika a obetumi agye wɔ daakye akansi mu na ɛma onya hokwan ahorow pii nso. Aban no ma ebinom nso sika ne akyɛde afoforo esiane sɛ wɔanya sika nkonimbo no nti. Ɔman bi maa wɔn a wonyaa sika nkonimbo biara sika a ɛboro akatua a odwumayeni nya ɔsram biako no so mpɛn 60.
Olympik no yɛ adwuma a ɛma wonya sika. Wɔn a wɔhyehyɛe wɔ Korea no nyaa mfaso dɔla 349,000,000. Hena so na agodi ahorow yi a wɔde yɛɛ sikapɛ no ho asodi da? Tokyo atesɛm krataa Asahi Evening News no ka sɛ: “Nokwarem no, ɛyɛ International Olympic Committee (IOC) . Nnipa a anka ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma olympik honhom no tra hɔ no ama Agodi ahorow no adan nea wɔde pɛ sika.”
Bere a ɛpɛe sɛ ɛma wiase no agodi yɛ nea ɛsen biara no, IOC no de di mmirika a mirikatufo betu de agye sika no ho dwuma mmom. Ama “wɔn a wɔmmɔ nnye sika” no nya hokwan de wɔn ho hyɛ Olympik tennis bɔ mu. Bere dodow a wɔn a wɔbɔ gye sika a wɔwɔ sika pii tu nnawɔtwe abien dwumadi ahorow a ɛbɛma wɔanya sika hyɛ bere foforo, na wɔtra Olympik Akuraa ase sen sɛ wɔbɛtra ahɔhodan a ne bo yɛ den mu, na wɔbɔ a wonnye hwee no, wobu wɔn sɛ wɔyɛ wɔn a wɔmmɔ nnye sika.
Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔpene saa nsakrae a wɔayɛ wɔ Olympik nhyehyɛe mu no so. Wɔbɔ amanneɛ wɔ The Korea Times mu sɛ OIC ɔnanmusifo a ofi Kuwait no kae sɛ: “Ɛmfata. Eyi bɛma agodi no nyinaa ayɛ nea wɔde ayɛ aguadi.”
So Awiei no wɔ Anim?
Nokwarem no, ná ɛnyɛ mmirikatufo nyinaa na wɔwɔ di nkonim ɔkwan biara so adwene no bi, na ná ɛnyɛ sika nti na wosi akane no bi no. Ɔkorow harefo bi a ohui sɛ nsu refa akansifo no mu biako no gyaee akansi no koyii no na ɛma ɔtoo so 21. Ná ɛyɛ pii anigye sɛ wonyaa hokwan de wɔn ho hyɛɛ agodi no mu ara kwa. Nanso, wɔ ne nyinaa mu no wɔansi ɔkwan pa so agodi ne “Olympik honhom” no so dua na mmom sɛ́ nkonim a wobedi ɔkwan biara so a nnubɔne a wɔde bedi dwuma mpo ka ho. Edwin Moses a ɔyɛ mmirikatufo bi a ofi U.S. no kaa nnubɔbe ho asɛnnennen no ho asɛm sɛ: “Agodi, ne ebia Olympik ahyehyɛde no ahwe ase.”
Ebia yɛn ani begye nea enti a wogyaee tete Olympik agodi ahorow no ho. Seoul Olympik Nhyehyɛe Boayikuw no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Amammuifo ne adefo ahopɛfo nkɛntɛnso sɛee Agodi no wɔ yɛn bere yi mu afeha a ɛto so anan mu ma [Ɔhempɔn] Theodosius I barae.” Saa nneɛma abien yi ara, amansɛm ne sika, asan abɛyɛ ade titiriw wɔ nnɛ bere yi mu Olympik no mu. Nokwarem no, di nkonim wɔ ɔkwan biara so honhom no a saa nneɛma yi ma enya nkɔso no da mprempren adasamma abusua no adi. Enti ebia yɛn nyinaa betumi abisa sɛ, So wɔbɛsan de nokware “Olympik honhom” no adi dwuma bere a wɔbɛyɛ akansi no bio wɔ Barcelona, Spain wɔ 1992 mu no, anaasɛ ɛbɛkɔ so ayɛ di nkonim ɔkwan biara so?
[Kratafa 16, 17 mfoni]
Korea ananmusifo no wɔ agodi no anobue ase
[Kratafa 17 mfoni]
Steroid a ammirikatufo no bi de dii dwuma no sɛee Olympik agodi no