Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 9/8 kr. 20-23
  • Olimpik Nnyinasode Ho Aba Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Olimpik Nnyinasode Ho Aba Asɛm
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Olimpik ne Nnubɔne
  • Adanmude ne Sikadi
  • Aguadi Kɛse
  • Dɛn na Ɛtotoe?
  • Di Nkonim Wɔ Ɔkwan Biara So​—So Ɛne Olympik Honhom No?
    Nyan!—1989
  • Efi Olympia Kɔ Sydney
    Nyan!—2000
  • Barcelona Olimpik Agumadi No​—Anuonyam Bɛn na Ɛde Bae?
    Nyan!—1993
  • Olimpik Akansi No, Ebetumi Aka Nnipa Abom Paa Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 9/8 kr. 20-23

Olimpik Nnyinasode Ho Aba Asɛm

BERE a Ɔdehye Pierre de Coubertin kae sɛ wɔnsan mfi Olimpik no ase no, ɔde nnyinasode pa bi sisii hɔ. Nokwarem no, nnɛyi Olimpik nnyinasode a wɔkyerɛ sɛ Coubertin na ɔhyehyɛe no ka sɛ: “Ɛnyɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ Olimpik Agumadi no mu ne sɛ obi bedi nkonim, na mmom, sɛ ɔde ne ho bɛhyem . . . Ɛnyɛ ade a ɛho hia ne sɛ obedi nkonim, na mmom, sɛ obesi akan no yiye.”

Ná Coubertin gye di sɛ akansi a ɛfata a obi de ne ho hyem no betumi ama wanya su pa, atɛmpa, na wabu bra pa. Ɔkaa ‘agumadi som’ ho asɛm mpo. Ɔtee nka sɛ Olimpik betumi akyerɛkyerɛ nnipa ma wɔatra ase asomdwoe mu.

Nanso eduu bere a Coubertin wui wɔ 1937 mu no, na eyi ho anidaso biara ayera. Ná wiase nyinaa ko a edi kan ama wɔatu agumadi no ahyɛ da pɛnkoro dedaw, na na ntawntawdi rekɔ so ma ɔko kɛse foforo reba. Ɛnnɛ, Olimpik nnyinasode no ho aba asɛm kɛse mpo. Dɛn nti na ɛte saa?

Olimpik ne Nnubɔne

Wɔ mfe pii mu no, akansifo de nnuru a ɛma wɔbɔ mmɔden adi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi nkonim, na adebɔne yi akɔ so wɔ Olimpik Agumadi no mu. Nokwarem no, ɛnnɛ, wɔ mfe 25 a wofii ase sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a ɛbɛma wɔahu wɔn a wɔde nnuru di dwuma akyi no, nnuru a wɔabara sɛ Olimpik akansifo mmfa nnni dwuma no da so ara yɛ ɔhaw.

Akansifo no bi de aduru a wɔfrɛ no steroids di dwuma na ama adi aboa wɔn. Afoforo de nnuru a ɛma nipadua no nkwaa yɛ adwuma ntɛmntɛm di dwuma. Mmirikatufo ne akansifo afoforo ani gye nnuru bi a ɛma nipadua nkwaa no ahoɔden ho efisɛ ɛboa ma wonya ahoɔden ntɛmntɛm na ɛma wɔn ntini mu yɛ den. Nanso, aduru a mmirikatufo, asuguarefo, ne wɔn a wotu mmirika fa nkurow mu pɛ ne erythropoietin efisɛ ɛnam mogya mu mmoawa kɔkɔɔ a ɛhyɛ wɔn den no so ma wonya ahoɔden kɛse.

Ntease wom sɛ Oduruyɛfo Robert Voy, U.S. Olimpik Boayikuw a wɔyɛ nhwehwɛmu a ɛma wohu sɛ obi de nnubɔne di dwuma no panyin no frɛ agumadifo no sɛ “nnuru nhwehwɛmubea a ɛnantew.” Ɔde ka ho sɛ: “Olimpik no adan baabi a nyansahufo, adufrafo, ne nnuruyɛfo a wonni nnyinaso no sɔ wɔn nneɛma hwɛ.” Na nhwehwɛmu a wɔyɛ na wɔahu nnubɔne a wɔde di dwuma no nso ɛ? Oduruyɛfo Donald Catlin, beae a wɔyɛ nhwehwɛmu a ɛte saa wɔ United States no kwankyerɛfo no ka sɛ: “Ɔkansifo a n’ani atew a ɔpɛ sɛ ɔde nnubɔne di dwuma no de nea yentumi nhu na ebedi dwuma.”

Adanmude ne Sikadi

Esiane sɛ nkurow kakraa bi na ɛwɔ sika a ebetumi ama wɔayɛ Olimpik wɔ hɔ nti, ebinom yɛ nea wobetumi biara na ama wɔde ama wɔayɛ. Bɛyɛ mfe abien ni no, Amanaman Ntam Olimpik Boayikuw (IOC) no yɛɛ aniwude bi. Adanmude $400,000 a wose wotua maa Boayikuw no mufo bere a wɔpaw Salt Lake City sɛ ɛnyɛ 2002 Awɔw Bere Mu Agumadi no maa nsɛm sɔree wɔ fata a wɔn a wɔpaw mmeae a wɔyɛ agumadi no abrabɔ fata ho.

Ɛtaa yɛ den sɛ wobehu ahɔhoyɛ ne adanmude ntam nsonsonoe bere a nkurow a wɔpɛ sɛ wɔyɛ agumadi no ma wɔn a wɔpaw beae a wɔbɛyɛ no akyɛde pii no. Boayikuw no mufo 20 na wɔn ho baa asɛm wɔ Salt Lake City asɛm no mu, na awiei koraa no wɔpam wɔn mu 6. Ɛdefa 2000 Agumadi a ɛbɛkɔ so wɔ Australia ho no, mmɔden biara a wɔbɔe sɛ wɔremma asɛmmɔne biara mma ho no yɛɛ kwa bere a Australia Olimpik Boayikuw titrani no gye toom sɛ: “Ɛnyɛ yɛn kurow no fɛ ne agumadibea a yɛwɔ no nkutoo nti na wɔpaw kurow no.”

Boayikuw no mu mpanyimfo bi nso akɛsesɛm ama adwenem naayɛ no ayɛ kɛse. Switzerlandni Tommy Keller a na ɔyɛ Amanaman Ntam Akorow a Wɔhare Kuw no titrani a wanya ne baabi kɔ no kae bere bi sɛ osusuw sɛ agumadi mpanyimfo bi bu Olimpik no sɛ ade a wɔnam so “benya din.” Ɔka kaa ho sɛ ɛte sɛ nea ade a ɛkanyan wɔn ne “sikapɛ ne akomatɔyam a wɔn anuonyampɛ ma wonya no.”

Aguadi Kɛse

Obiara ntumi nnye akyinnye sɛ Olimpik no gye sika kɛse. Efi tete no, wɔfa so ma nnipa bebree hwɛ television, wɔde bɔ aguade ho dawuru de nya sika pii, na ɛma sika a wɔde boa agumadi no bɛyɛ nea wɔde di gua kɛse.

Susuw 1988 Olimpik a amanaman ntam nnwumakuw akron tuaa dɔla bɛboro ɔpepem 100 maa Boayikuw no na ama wɔanya hokwan de ayɛ ho nneɛma atɔn wɔ wiase nyinaa no ho. Ade koro yi ma wonyaa dɔla ɔpepem 400 wɔ 1996 Ahohuru Bere Mu Agumadi a ɛkɔɔ so Atlanta no mu. Ná hokwan a ɛbɛma wɔayi akyerɛ wɔ television so nka ho. Amerika TV adwuma bi tuaa dɔla bɛboro ɔpepepem 3.5 wɔ hokwan a ɛbɛma ayi Olimpik Agumadi no akyerɛ wɔ 2000 ne 2008 ntam no ho, na wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɛsɛ sɛ nnwumakuw 11 a wɔma sika de boa ne yɛ no mu biara tua dɔla ɔpepem 84 wɔ mfe anan ne akyi. Enti, nnipa bi aka sɛ ɛwom sɛ bere bi na Olimpik no yɛ nneɛma pa a onipa tumi yɛ ho sɛnkyerɛnne de, nanso ɛnnɛ de agumadi no adan hokwan titiriw a wɔde pɛ sika, na ɛyɛ onipa adifudepɛ ho sɛnkyerɛnne.

Dɛn na Ɛtotoe?

Animdefo bi ka sɛ wobetumi akyerɛ sɛ nneɛma atitiriw abien bi a efii ase wɔ 1980 mfe no mfiase no na ama Olimpik no ho aba asɛm. Nea edi kan ne gyinae a wosii sɛ wɔbɛma ɔman biara agumadi kuw kwan ma akyerɛ akansifo a wɔfata sɛ wɔkɔ Olimpik no bi no. Bere a na bere bi no akansifo a wonnye sika nkutoo na wɔma wɔn kwan ma wɔde wɔn ho hyem no, afei de agumadi akuw no fii ase maa akansifo a wogye sika kwan sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ Olimpik no mu. Nanso, akansifo a wogye sika no de sikasɛm baa mu. ‘Akan a obi besi no yiye’ kɛkɛ no remma nnwumakuw mfa no ntɔn wɔn aguade mma onnya dɔla bebree, na ankyɛ koraa na nkonim a wobedi no bɛyɛɛ nea ɛho hia sen biara. Ɛnyɛ nwonwa sɛ eyi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔde nnuru a ɛma wɔbɔ mmɔden yiye di dwuma.

Ade titiriw a ɛto so abien no bae wɔ 1983 mu bere a Boayikuw no hwɛɛ kwan sɛ ɛde nea wɔn aguadi ho ɔbenfo frɛɛ no “wiase no mu agyiraehyɛde a ɛsom bo paa a wɔmfa nni dwuma nnya mfaso”—Olimpik hankare no—bedi dwuma anya mfaso no. Eyi de aguadi ntraso a ayɛ Olimpik no agyiraehyɛde no bae. Jason Zengerle kae sɛ: “Wɔ ka a wɔka sɛ Olimpik no bɛhyɛ asomdwoe ho nkuran na ama wiase no mu nnipa ayɛ biako nyinaa akyi . . . no, ɛte sɛ . . . agumadi afoforo a wɔsɛe sika bebree wɔ ho no ara pɛ.” Ɛnde, so eyi kyerɛ sɛ wontumi nnu nnyinasode a Olimpik ahyehyɛde kae sɛ wɔnhyehyɛ no ho?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 21]

OLIMPIK HO NOKWASƐM

→ Olimpik agyiraehyɛde no yɛ hankare anum a egyina hɔ ma Afrika, Asia, Australia, Europa, ne Atifi ne Anafo fam Amerika nsasepɔn no. Egyina hɔ ma agumadi mu ayɔnkofa a nnipa nyinaa wɔ no.

→ Nsɛmfua a wɔde gyina hɔ ma Olimpik no ne Citius, ­Altius, Fortius​—Latin nsɛmfua a ɛkyerɛ “ɔhoɔharefo, ɔkɛseɛ, ɔkokodurufo.” Franceni nhomanimfo bi kyerɛɛ ase sɛ, “ɔhoɔharefo, ɔkɛseɛ, ne ɔhoɔdenfo.”

→ Olimpik gyatɛn no yɛ nea na wɔsɔ wɔ Seus afɔremuka so wɔ agumadi a na wɔyɛ wɔ tete no ase. Ɛnnɛ wogyina owia mu sɔ ogyatɛn wɔ Olympia na afei wɔde kɔ agumadibea hɔ.

→ Olimpik agodie no akyɛ yiye. Wofii Olimpik Agumadi a edi kan no ase wɔ 776 A.Y.B., nanso nnipa pii ka sɛ ɛte sɛ nea efii ase mfe ahanum ansa na saa afe no reba.

[Asɛm Fibea]

AP Photo/Eric Draper

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]

SYDNEY OLIMPIK AGUMADIBEA

Efi September 1993 a wɔkyerɛe sɛ Sydney na wɔbɛyɛ 2000 Olimpik Agumadi no, wɔde ahopere asiesie kurow no mu na ama wɔatumi ahwɛ ahɔho mpempem pii a wɔbɛba hɔ no. Wɔayɛ nnwuma pii de asiesie beae hɔ, asisi adan a edi mu, asiesie mmeae a na anka wɔtow sumina gu a ne kɛse yɛ hɛkta 760 ma adan asuasu, agoprama, ne atare.

Sydney Olimpik Agumadibea a wɔasi na agumadifo ne mpanyimfo no nyinaa atra hɔ no yɛ beae a ɛso sen biara wɔ wiase a wɔtwe owia no tumi de yɛ anyinam ahoɔden. Ɔdan Kɛse no​—agoprama a ɛso sen biara wɔ Asase Anafo Fam a agodibea pii wom no​—mu na afiri a ɛso sen biara a ɛma wonya anyinam ahoɔden fi owia tumi mu a mframa bɔne biara nnim no wɔ wɔ Australia.

Wohu nnade a wɔde abeabea mu fɛfɛɛfɛ sɛ atwa Ɔdan Kɛse a ɛwɔ Olimpik Agumadibea hɔ no baabiara ahyia. Egyee dɔla 435,000,000 ansa na wɔresi awie, na ɛno ne Olimpik agumadibea a ɛso sen biara wɔ wiase, na etumi fa nnipa 110,000. Wobetumi de wimhyɛn akɛse a wɔfrɛ no Boeing 747 no anan asisi agumadibea no prama no so! Nnwinnade a ayɛ sɛ ahwehwɛ a wɔde akuru dan no so no bɔ bɛhwɛadefo ho ban fi owia no hyew ho. Alan Patching, a ɔyɛ agumadibea hɔ panyin no kae sɛ: “Wɔ asram kakraa bi a ɛreba wɔ mfe 2000 mu no, ɛha bɛyɛ beae titiriw wɔ Australia.” Afei ɔkae sɛ: “Ɛno akyi no, ɛbɛyɛ nkaede te sɛ Sinidan.”

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Baron Pierre de Coubertin

[Asɛm Fibea]

Culver Pictures

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]

AP Photo/ACOG, HO

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena