Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 3/8 kr. 10-11
  • So Wo Man Yɛ Botae Titiriw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wo Man Yɛ Botae Titiriw?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gyinapɛn Abien a wɔde ma Ɔyare ne Owu Trɛw
  • Ebinom Ko Tia
  • Ɔpepem Pii Nkwa Redan Wusiw
    Nyan!—1995
  • Tawa Ne Nhwehwɛmu
    Nyan!—1991
  • Nnwuma a Ɛyɛ Tawa no Ho Dɛre Wɔn
    Nyan!—1996
  • Tawa Akyigyinafo De Anoyi a Hwee Ntua Mu Ma
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 3/8 kr. 10-11

So Wo Man Yɛ Botae Titiriw?

ESIANE sɛ United States tɔ tawa aboɔmmerɛw wɔ Brazil ne Zimbabwe nti, ɛwɔ tawa a ɛboro nea wohia so. Enti ɛhe na tawa tɔnfo mpanyimfo no bɛtɔn? Wɔ aman a ɛwɔ Afrika ne Asia so. Enti, Asiaweek nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Mprempren Asia aman tɔ amanɔnne tawa a Amerika tɔn no mu ɔha mu nkyem 50 na asi Britain ne West Germany ananmu sɛ nea edi kan wɔ aguadi no mu.”

Na sika kɛse bɛn ara na ɛda hɔ ma tawa tɔnfo no sɛɛ yi! Gua a wɔne nnipa a aka kakraa na wɔn dodow adu ɔpepepem abien bedi mfe 20 a ɛreba mu. Mprempren nnipa dodow a wɔwɔ China ne India no nkutoo yɛ hu​—sɛ wɔka bom, a ɛbɛyɛ sɛ nnipa ɔpepepem 1.8! Na sɛnea World Health kae no: “Bere a tawa tɔn so rehuan wɔ atɔe fam bɛyɛ sɛ ɔha mu nkyem biako afe biara no, sigaretnom renya nkɔanim wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu bɛyɛ ɔha mu nkyem abien afe biara.” Na kae sɛ gua a ɛregu no sua koraa sen foforo a wɔrehyehyɛ wɔ apuei fam no mufo. U.S. tawa ho adwumakuw no hwɛ kwan sɛ ebedu afe 2000 mu no tawa tɔn benya nkɔanim bɛyɛ ɔha mu nkyem 18 wɔ Asia. Nanso anyɛ yiye koraa no akwanside biako wɔ hɔ. Ɛho tow tua.

Gyinapɛn Abien a wɔde ma Ɔyare ne Owu Trɛw

Ɔkwan bɛn so na Amerika tawa ho adwumakuw ahorow bɛma aman afoforo atɔ wɔn sigaret a aboro so no? Nyansa kwan so kasa mu no, wɔwɔ apam bi a ɛne sɛ, bere a ɔbɔ n’ankasa manfo kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ sigaretnom mu no, ɔtɔn tawa a edi awu yi wɔ aman afoforo so. Ɛyɛ hena? U.S. aban!

Asiaweek kyerɛkyerɛ mu sɛ: “U.S aban no na ɛhyɛ sigaret a wɔde kɔ amanɔnne no akyi. . . . U.S Aguadi Adwumayɛbea no Nanmusifo . . . abɔ mmɔden yiye ayi aguadi mu akwanside ahorow, na ɛrebɔ mmɔden ma adawurubɔ adwuma no abɔ Amerika adwumakuw ahorow aguade ho dawuru​—ɛwom mpo sɛ wɔabara sigaret tɔn ho dawurubɔ wɔ U.S. radio so de nanso World Health nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “[U.S.] tawa ho adwumakuw ahorow no wɔ amammui mu nkɛntɛnso kɛse. Wɔama Hong Kong, Taiwan, Japan ne Korea aguadi mu anohyeto ahorow anaasɛ wɔde anohyeto a ɛte saa ahunahuna wɔn sɛ ɛsɛ wɔma kwan ma wɔtɔn na wɔbɔ Amerika sigaret ahorow ho dawuru wɔ hɔ.”

Nea enye koraa ne sɛ ɛnyɛ sɛ tawa ho adwumakuw ahorow no tɔn wɔn sigaret no wɔ Asia nko na mmom nso wɔnam wɔn adetɔn ho dawurubɔ a ano yɛ den no so ma wɔn adetɔn no nya nkɔso kɛse. Esiane ɔhyɛ nti, aman binom te sɛ Taiwan ne South Korea ama tawa ho dawurubɔ a na wɔabara no ho kwan bio! Mprempren China nso ka wɔn a wɔtɔ U.S. sigaret pii no ho. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔkae sɛ tawa ho adwumakuw panyin bi kae sɛ: “Wunim nea yɛhwehwɛ? Yɛhwehwɛ Asia.” Nanso ebinom bu Amerika nhyɛso kɛse akwan yi dɛn?

Sɛnea New York Times sɛnkyerɛwfo bi kae no, Koreani adwumawura bi kae sɛ: “Mesɔre tia Amerikafo brabɔne a ɛne Amerikafo sigaret ahorow a wopia gu Koreafo so no.” Na ɔwɔ nea ogyina so ka saa. Bere a Amerika ko tia cocaine ne heroin a aman afoforo sikasɛm nhyehyɛe gyina so no, ɛpɛ sɛ ɛde n’ankasa ahaban a ɛyɛ awuduru no ma aman afoforo. Esiane sɛ Amerika ka sɛ ɛwɔ abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn nti, so ɛfata sɛ ɛde ne nneɛma a wɔde tawa yɛ a ɛyɛ asiane no kɔ aman afoforo a emu pii ho akyere wɔn wɔ sikasɛm mu no so anaa?

Ebinom Ko Tia

Afrika aman bi, te sɛ Gambia, Mozambique ne Senegal abara sigaret ho dawurubɔ. Nigeriafo ɔsoafo a ɔhwɛ akwahosan so no kae afe a etwaam [1988] mu sɛ Nigeria aban no “bɛbara sigaret ho dawurubɔ a wɔyɛ no wɔ atesɛm nkrataa, radio, television ne nea wɔde sisi kwan kyɛn no nyinaa. Yɛbɛbara sigaret a wɔnom no baguam ne akwantu mfiri mu no.” Nigeria amanneɛbɔ adwumakuw panyin bi ka kyerɛɛ Nyan! (January 1988) sɛ wɔda so ara resusuw asɛm yi ho.

Nnipa ɔpepem 240 na wɔnom sigaret wɔ China. Nnuruyɛfo ka sɛ ebedu afe 2025 no, nnuruyɛfo hwɛ kwan sɛ nyarewa a wonya fi sigaret mu bekunkum nnipa ɔpepem abien afe biara. China wɔ asɛnnennen kɛse, sɛnea China Reconstructs nsɛmma nhoma gye tom no: “Wɔ bara a China aban no abara sigaret ho dawurubɔ, sigaretnom mu asiane ho amanneɛbɔ ahorow a wɔtaa de bɔ kɔkɔ wɔ atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma mu ne sigaret bo a ɛkɔ so yɛ den nyinaa akyi no, nnipa a wɔnom sigaret wɔ China no dodow kɔ so renya nkɔanim.” Na dɛn ne nea afi mu aba no mu biako? “Akisikuru, komayare ne ahrawa mu nyarewa ne ade titiriw a ekunkum nnipa wɔ China.”

Wɔ China mmeae bi no, wobu sigaret a obi de ma n’ahɔho akwaaba no sɛ ayamye ho sɛnkyerɛnne. Nanso hwɛ ade ara a Chinafo rehwere! China Reconstructs bɔ amanneɛ sɛ: “Nnuruyɛfo aboafo abɔ kɔkɔ sɛ ahrawa mu akisikuru a wonya no renya nkɔanim kɛse.” Sɛnea Chinani ɔbenfo bi kae no: “Yɛrenya ɛso akatua kɛse dedaw.”

Nanso, tumi a tawa ho adawurubɔfo wɔ no mu asiane foforo wɔ hɔ​—wɔn anifere nkɛntɛnso a wɔwɔ wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu no.

[Kratafa 10 mfoni]

Dawurubɔ a wɔde tia sigaretnom wɔ Hong Kong

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena