Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 4/8 kr. 26-29
  • Yɛatumi Atra Abiribiriw Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛatumi Atra Abiribiriw Ho
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Asetra Ma Botae Ahorow Asɛe
  • Abiribiriw Ano Gyina Yɛ Den
  • Dɛn Na Ɛde Ba?
  • Mmɔden a Yɛbɔe Sɛ Yɛbɛbrɛ No Ase
  • Misuae Sɛnea Mede Bɛtra Ase
  • Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Otwa Yare Ho
    Nyan!—2013
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Bere Tenten Akodi a Emu Yɛ Den a Mede Huu Nokware Gyidi No
    Nyan!—1995
Nyan!—1991
g91 4/8 kr. 26-29

Yɛatumi Atra Abiribiriw Ho

Nteɛm bi nyanee me. Mesɔre fii mpa so ansa na mihui sɛ me yere Sandra na ɔteɛɛm. Na ɔpere wɔ mpa no so, n’aniwa adan wɔ ne tirim na ná ɔnhome. Ná n’ano ayɛ tumm, na mogya ahuru fi n’anom ba. Misusuwii sɛ ɔrewu. Mebɔɔ n’ani so susuwii sɛ ɛbɛma wanyan. Na ɔda so ara pere, enti mituu mmirika kɔɔ telefon ho kɔfrɛɛ yɛn duruyɛfo. Me yere bɛkyerɛkyerɛ nea esii no mu.

BERE a mesɔree saa anɔpa no, metee ɛnne ahorow a ɛkasa brɛoo, na menna me mpa so. Na makata m’ani na mitie. Metee me kunu nne, ne me maame de ne oduruyɛfo no de. Dɛn na asi?

Mibuee m’ani no na mihui sɛ wɔahaw. Bere a mepɛe sɛ mesɔre tra ase no, tipae bi a metee nka no ma mihui sɛ wɔn haw no nyinaa yɛ me nti. Eyi ne bere a edi kan a abiribiriw, anaasɛ nea ɛnnɛ wɔfrɛ no otwa baa yɛn abusua no mu. Saa bere no, wɔ 1969 mu no, na me kunu David, ne me nyinaa adi mfirihyia 23 pɛ.

Yɛn Asetra Ma Botae Ahorow Asɛe

Wɔtetee me sɛ Yehowa Adansefo mu biako na mifii ase ne m’awofo nyaa baguam asɛnka adwuma no mu kyɛfa bere a ná m’adi mfe anum. Bere a mihui sɛ me Bible asuafo mu biako abɔ asu no, mede yɛɛ me botae sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Wɔ sukuu akwamma bere mu no, na meyɛ akwampae adwuma sɛnea yɛfrɛ bere nyinaa mu ɔsom adwuma no. Miwiee Kɔlege wɔ 1964 mu pɛ na mifii akwampae adwuma ase.

Bere a mitiee David Bible mu ɔkasa ahorow na mihui sɛ ɔno nso ani gye ho sɛ ɔde ɔsom titiriw a wɔde ma Yehowa yɛ n’adwuma no, ebia wubetumi ahu nea esii. Yɛwaree, na yɛanya yiye a yɛadi wɔ afoforo a yɛboa wɔn ma wosua Yehowa akwan no mu anigye pii.

So wubetumi ahu anigye a yenyae bere a wɔ April 1970 mu no wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ asɛmpatrɛwfo Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no bi no? Yɛhyehyɛɛ akwammisa kratasin no. Wɔ nhoma bi a mede kaa me de no ho mu no, misusuwii sɛ ebia na ɛnyɛ hwee de, nanso mekae wom sɛ abiribiriw aka me mpɛn abien wɔ afe a etwaam no mu. Ankyɛ na yɛn nsa kaa ayamye krataa a ɛka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ mintumi ntra ase mfe abiɛsa a abiribiriw no mmaa me so de a, ɛnde enye sɛ wɔde yɛn bɛkɔ ɔman foforo so. Wɔ nna kakraa bi mu no, abiribiriw no bae nea ɛto so abiɛsa.

Esiane sɛ yɛantumi ankɔ Gilead nti, ná yɛwɔ awerɛhyem sɛ yɛbɛyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa asafo ti a ɛwɔ New York no. Akyiri yi wɔ saa ahohuru bere no mu no, yebisaa hokwan wɔ nhyiam bi a Nathan Knorr a bere no mu no na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani hwɛɛ so ase. Wɔ ne nsɛm a obisabisaa yɛn mu no, ofii ayamye mu kyerɛkyerɛɛ nea enti a Betel adwuma bɛyɛ den ama me no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ mitumi tra ase mfe abiɛsa a minyaa abiribiriw ansa na wobetumi agye yɛn wɔ Betel. Nanso, ogyee yɛn akwammisa nkrataa no hyɛɛ ne kotoku mu. Wɔ adapɛn asia mu no wɔmaa yɛn akwampaefo titiriw dwumadi wɔ Pennsylvania.

Abiribiriw Ano Gyina Yɛ Den

Mfiase no na asram dodow bi twam ansa na abiribiriw no aba, nanso afei ɛbɛyɛɛ ntoatoaso. Minhuu obi a abiribiriw a emu yɛ den aka no da; nea minim ara ne nkate a onya. Nea edi kan no m’ani so twa gya​—ani so kyim, ani so biri nkate a ɛte sɛ nea hann bi atwa m’ani so. Eyi nkyɛ koraa, afei ade tɔ me so.

Mɛsɔre no ná miti pae me; mitumi dwen, nanso mintumi nkasa​—me kasa nyinaa yɛ nea ntease nni mu. Na mente kasa ase nso. Wɔ nnɔnhwerew kakraa mu no, nkate yi gyae. Nanso, ɛyɛ awerɛhow na ɛtɔ da bi a ɛyɛ aniwu sɛ mɛsɔre no na meda baabi foforo na wɔaka akyerɛ me sɛ mitwae bio, titiriw bere a yɛwɔ Kristofo nhyiam ase no.

Sɛ obi a onnim ho hwee na ɔwɔ me ho, anaasɛ sɛ me nkutoo wɔ hɔ na abiribiriw no ba a, mekeka me dodom na me taa ka me tɛkrɛma. Afei edi nna pii ansa na m’anom kuru no awu. David ahu sɛnea ɔbɛhwɛ me yiye enti ɔno na sɛ ɔwɔ me ho a eye. Onim sɛ ɛsɛ sɛ ɔde biribi hyɛ m’anom na abɔ ho ban. Anyɛ saa a menya akuru nna pii, anaasɛ nea enye koraa no, ebetumi asiw me amenewã.

Ade a wɔde hyɛ anom ho hia. David hui ntɛm ara sɛ nhoma nketewa, te sɛ Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no na eye enti bere nyinaa no na ebi bɛn yɛn. Yɛwɔ nhoma nketewa pii a mede me se akeka ne twɔtwɔw so.

Dɛn Na Ɛde Ba?

Abiribiriw yɛ nyarewa ahorow pii ho nsɛnkyerɛnne. Me nnamfo a me ho nsɛm hia wɔn de abiribiriw ho nsɛm ne sɛnea ebetumi ayɛ ade a akyi dompe a ɛnna yiye, aduannuru anaasɛ nnuan mu ahoɔdennuru a ɛnkari pɛ wɔ nipadua no mu, nkwammoawa mu nsu a ɛnkari pɛ wɔ mogya no mu anaasɛ asikreyare anaa mmoawa mpo de ba mana me. Mifi nokwaredi mu sɔɔ aduru biara a wɔde maa me hwɛe. Makɔ nnuruyɛfo ahorow bebree hɔ ma wɔayɛ me nipadua mu nhwehwɛmu pii. Nea wɔka kyerɛɛ yɛn ara ne sɛ mewɔ apɔmuden kɛse, nanso abiribiriw no kɔ so ara.

Sɛ abiribiriw no ba a, abusuafo ne nnamfo ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho yiye.” Akyiri no ná m’ani nnye eyi ho. Ná ɛte sɛ nea biribi a meyɛ na ɛde abiribiriw no ba; nanso ná mebɔ mmɔden biara a metumi de hwɛ m’akwahosan so. Misusuw ho hui sɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ara ne no. Te sɛ yɛn no, ná abiribiriw no haw wɔn. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, ná me honam “mu nsɔe” no haw me.​—2 Korintofo 12:7-10

Yɛwoo yɛn ba a odi kan wɔ 1971 mu akyi no, migyaee akwampae adwuma no, na yesii gyinae sɛ yekohu ntini mu yare ho oduruyɛfo. Ɔyɛɛ me nipadua mu nhwehwɛmu ahorow. Mfiase no, wɔhwehwɛɛ m’amemene mu sɛ ɔyare bi wɔ mu anaa. Na ebi nni mu. Afei wɔnam anyinam ahoɔden a wɔde twa amemene mfonini so susuw m’amemene dwumadi. Na nhwehwɛmu no fa bi yɛ me serew.

Wɔkae sɛ ɛnsɛ meda pii anadwo a ade bɛkye ma wɔayɛ nhwehwɛmu no na mennom biribiara a etumi nya adwene so nkɛntɛnso. Adekyee no, bere a mada ayanya wɔ mpa bi a ɛso nye so wɔ ɔdan a emu wɔ awɔw mu no, wɔde ahama a anyinam ahoɔden wom tetaree m’anim, me tiri so ne m’aso ntorim mpo. Afei odwumayɛni no fii ɔdan no mu, odum akanea no na ɔka kyerɛɛ me sɛ menna! Sɛ mibu m’ani ketewaa mpo a, mete ne nne wɔ akasamu mu sɛ: “Mesrɛ wo, da hɔ komm.” Wɔ tebea a ɛte saa mu mpo no, medae! Bere nyinaa David de di me ho fɛw sɛ, metumi ada wɔ baabiara, bere biara.

Wohuu nea ɛde ɔyare no ba no. Wohui sɛ amemene no fã a ɛbɛn ani akyi no baabi asɛe. Ebia nea ɛmaa eyi bae ne awo a emu yɛɛ den pii anaa atiridii nini a ɛkaa me wɔ m’asetra mu asram kakraa a edi kan no mu. Wobisaa m’awofo, na ɛyɛɛ wɔn yaw. Wɔkae sɛ n’abien nyinaa betumi ayɛ nokware. Yehui sɛ abiribiriw a ɛwɔ me so no nyɛ nea minya fii awo mu.

Mmɔden a Yɛbɔe Sɛ Yɛbɛbrɛ No Ase

Afei mfe a me fam no ná ɛte sɛ ayaresa a ɛyɛ hu, nnuru a wɔnom no fii ase. Ná aduru a edi kan a mefae no mpɛ me ho, na nea ɛto so abien no annye me koraa. Nea ɛto so abiɛsa, Mysolene no ma yetumi brɛɛ abiribiriw no ase kakra. Ɛma anikum kakra, nanso ná ɛsɛ sɛ mefa anum da biara da. Afoforo huu nkɛntɛnso a aduru no nya wɔ me so no, nanso ɛyɛɛ kakra no na ɛnhaw me bio. Ná mehyɛ adansa bi a edii me ho adanse sɛ mitwa na ɛno na wɔde too aduru no din.

Abiribiriw no amma bere tenten araa ma mitumi gyee afirikafo tumi krataa bio. Ná hokwan ahorow a menya aka afiri no som bo pii ma me efisɛ saa bere no ná yɛte akuraa nanso ná mepɛ sɛ mifi akwampae adwuma ase bio. Nanso bere a mepɛe sɛ mifi ase wɔ 1973 twa bere mu ara pɛ na yehui sɛ menyem. Enti manyɛ akwampae adwuma no, mmom no yetu kɔɔ asafo ketewa bi a ɛwɔ Appalachian Ohio a ná wohia mmusua pii wom no mu. Yɛtraa kurow ketewa bi a nnipa 4,000 na wɔwom a ná Yehowa Adansefo nni hɔ no mu.

Yɛkɔɔ hɔ akyi bere tiaa bi no, mekɔɔ oduruyɛfo foforo nkyɛn. Ɛwom sɛ na mintwa anaasɛ ade ntɔ me so de nanso na abiribiriw a ɛma m’adwenem yɛ me basaa ka me. Oduruyɛfo no de aduru a ɛto so abien, Phenobarbital kaa nea mefa dedaw no ho. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, ná mefa dufuaw mfuamfua akron da biara.

Mfe abien a edi ɛno akyi no mu yɛ yaw sɛ mɛka ho asɛm, na esiane tebea a ɛyɛ hu a nnuru no ma mekɔɔ mu no nti, minnye nni sɛ metumi aka asɛm no sɛnea ná ɛte ankasa. Nea metumi aka ara ne sɛ ná Filipifo 4:7 na ɛyɛ me kyerɛwsɛm titiriw. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ade nyinaa so no bɛhwɛ . . . mo adwene so.”

Nnuru no sɛee me kasa ne nneyɛe na ɛkaa m’adwene. Mihui nso sɛ me nipasu asakra, na me bo taa fuw. David na ohuu amane, na ná ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae na wamfa me suban a asɛe nneyɛe no bi anyɛ me. Nea ɛka ho bio no, ná yɛwɔ mmofra a wɔnkɔ sukuu a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wɔn. Kristofo mpanyimfo a ná wɔwɔ yɛn asafo no mu no yɛɛ nkuranhyɛ maa yɛn bere a yɛn ho kyeree yɛn pii no.

Wɔ 1978 fefɛw bere mu no misii gyinae a ná David mpene so, sɛ megyae aduru no fa. Na mihia ahotɔ sɛ. Mede ahwɛyiye faa aduru no dufuaw fã adapɛn abien biara. Ná ɛte sɛ nea m’ani so atetew me. Metee sɛ me ho asan me. Migye di sɛ wim daa hɔ yiye maa me.

Ná abiribiriw no mma me so bio nti mifii akwampae adwuma ase wɔ September 1, 1978. David pɛɛ m’asɛm pii, na ɛmaa m’ani gyei. Wiɛ, nnuru a ɛma anikum tumi ka nipadua no mu, na ɛkyɛ ansa na afi mu. Dapɛn a ɛto so abien wɔ October mu, bere a na madi adapɛn asia pɛ wɔ akwampae adwuma mu no, abiribiriw no bae bio a ná emu yɛ den sen kan, na ná ɛba nnansa biara! Nea ɛto so anum no akyi no, yekohuu oduruyɛfo foforo.

Meka kyerɛɛ no sɛ, “sɛ miwu a eye sen sɛ mɛnom nnuru.”

Obuae sɛ, “sɛ woamfa a, wubewu! Na afei wo mmabea yi bɛyɛ dɛn?”

Misuae Sɛnea Mede Bɛtra Ase

Mifii ase faa Tegretol, aduru foforo, saa dapɛn no. Na ɛsɛ sɛ mefa anum a emu biara yɛ 250 milligram da biara da na atumi asiw abiribiriw no ano. Nanso ná aduru yi yɛ soronko wɔ afoforo a mafa no ho. Ɛnka nipadua mu, na ennya adwene so nkɛntɛnso nso.

Nanso, na mintumi nka afiri. Ná yɛte beae a ná me ne obiara a obetumi de me akɔ asɛnka wɔ dapɛn mfinimfini ntam kwan ware. Metee nka sɛ m’adi nkogu. David hyɛɛ me nkuran sɛ: “Dɛn nti na wontwɛn na woagyae akwampae adwuma no wɔ fefɛw bere mu? Nyɛ nsakrae titiriw biara mprempren.”

Ná mepɛ sɛ mehwɛ sɛ sɛ mesɔ Yehowa hwɛ a obehyira me mmɔdenbɔ so anaa. M’ani begyee Kwadwom 3:24-30 ho. Ná ‘biribi da me so’ ná ɛsɛ sɛ ‘metwɛn.’ Afei nso, mifii ase susuw aduruyɛ no ho wɔ ɔkwan foforo so, me faa no sɛ ɛyɛ adamfo.

Ná Cara kɔ sukuu, na Esther adi mfe anan. Enti Esther bɛyɛɛ me hokafo wɔ akwampae adwuma no mu. Yɛnantewee pii, wɔ sukyerɛmma a emu dɔ mu, na awɔw dee yɛn. Eduu fefɛwbere mu no, na kurow no mufo nyinaa ahu nnipa ko a yɛyɛ.

Bere koro no ara mu no, me de ahwɛyiye faa nnuru no. Sɛ mefa dufuaw no mpɛn pii wɔ bere tiaa mu a, ná m’aniso biri me. Nanso, sɛ me werɛ fi dufuaw bɛyɛ abien anaa abiɛsa a, abiribiriw a emu yɛ den ba me so. Wɔ afe a edi kan no mu no, ná wɔhwehwɛ me mogya mu hwɛ asram asia biara de hwɛ sɛ aduru no remma me ɔyare foforo bi anaa.

Ɛho hia sɛ wɔn a wɔwɔ abiribiriw yɛ wɔn da biara da mu nneyɛe​—adidi, nna ne nea ɛkeka ho​—ho nhyehyɛe pa, na na mede ahwɛyiye yɛ eyi. Wɔ saa awɔw bere no mu nyinaa no, ná minya m’akwampae adwuma no mu nnɔnhwerew no. Ankyɛ na abiribiriw no brɛɛ ase, enti ná mitumi ka afiri bio, na makɔ so ayɛ akwampae adwuma no abesi nnɛ.

Cara awie ntoaso sukuu na mprempren ɔno nso yɛ ɔkwampaefo. Efii bere a Esther kaa me ho wɔ awɔw bere no mu wɔ akwampae adwuma no mu no, wanya akwampae honhom no. Bere bi wɔ ɔmantam nhyiam bi ase, bere a wɔkae sɛ akwampaefo nsɔre nyina hɔ a mitwaa m’ani no, na Esther a wadi mfe anan no asɔre agyina n’akongua so. Ná obu ne ho sɛ ɔno nso yɛ ɔkwampaefo!

M’ani gye pii sɛ me ne David ne afoforo pii a yɛne wɔn suaa Bible no da so ara som Yehowa. Manya mpae a ná mebɔ sɛnea ɛbɛyɛ a David nso betumi afi akwampae adwuma ase bio no ho mmuae. Ɔsom sɛ yɛn ɔmansin nhyiam sohwɛfo ne ɔmansin sohwɛfo ɔboafo nso. Yɛn anidaso pintinn ne sɛ ɛrenkyɛ koraa, wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu no, Yesu Kristo bɛsa ayarefo nyinaa a wɔn a wɔyare abiribiriw nso ka ho yare. (Mateo 4:24)​—Sɛnea Sandra White ka kyerɛe.

[Kratafa 29 mfoni]

Me ne me kunu ne me mmabea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena