Atemmu Ma Ayarefo Nya Hokwan Kɛse
OWURA Justice Sydney Robins a ɔwɔ Ontario, Canada Court of Appeal no kae sɛ: “Efi bere tenten na wɔagye hokwan a obi wɔ sɛ odi n’ankasa nipadua so tumi no atom wɔ mmara mu.” Nanso dɛn na ɛde asɛm yi bae?
Wɔ 1979 mu no, Owura ne Owurayere Malette a wofi Quebec, Canada, nyaa kar akwanhyia ma okunu no wui, na ɔyere no nso pirae kɛse na ade tɔɔ no so. Bere a wɔyɛɛ ntɛm de no kɔɔ ayaresabea no, wohui sɛ na okura Medical Directive/Release Card a wahyehyɛ no yiye a wɔde nsa ahyɛ ase a ɛkyerɛ pefee sɛ esiane ɔsom mu ntease pɔtee bi nti onnye mogya. (Wotumi nya nyarewa nso fi mogya a wogye no mu.) Oduruyɛfo a ɔhwɛɛ no no susuwii sɛ ne tebea no mu yɛ den, obuu n’ani guu akwankyerɛ ahorow no so na osii ne bo maa no mogya. Enti Owurayere Malette samanaa oduruyɛfo no ne ayaresabea no sɛ wɔahyɛ no ayɛ no biribi a ɔmpɛ na wɔde ntua aba no so, na wɔada nyamesom mu ɔtan adi. Wɔ asennibea no, wɔmaa no $20,000. Wɔfrɛɛ asɛm no bio wɔ asennibea kɛse a ɛwɔ Ontario a ɛne Court of Appeal.
Nsɛm no mu biako a wotii mu kae wɔ Court of Appeal no gyinaesi mu de gyinaa Owurayere Malette akyi no mu biako ne sɛ:
“Hokwan a ɔyarefo wɔ sɛ ɔpow aduruyɛ no yɛ tumi a ɔwɔ wɔ ne nipadua so no fã a enfi awo mu. . . . Sɛnea nkwa yɛ kronkron nyinaa akyi no, asetra mu asɛm a ntease wom ma ɛda adi sɛ nneɛma bi wɔ asetra mu a wobu wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ, ɛho hia sen nkwa ankasa. Nkate a ɛkorɔn na nidi wom a ɛte saa no traa nnipa mu akyɛ, sɛ ebia wɔda no adi wɔ ɔmampɛ mu wɔ akodi mu [anaasɛ] obi hokafo, ɔbabarima anaasɛ ɔbabea a wɔbɔ no ho ban ho. . . Ɔsom mu ntease a wogyina so pow ayaresa ka eyi ho.”
Asennibea a wɔde asɛm no kɔdanee no asɛm no toa so sɛ: “Ɛmfa ho sɛ adwene bɛn ara na oduruyɛfo no wɔ no, ɔyarefo no na osi sɛnea ɔbɛma wɔasa no yare no ho gyinae a etwa to. . . . Sɛ oduruyɛfo bi bu n’ani gu gyinae a obi asi de apow ayaresa no so a, obedi fɔ esiane ne suban a mmara mma ho kwan no nti . . . Oduruyɛfo nne ne ho sɛ obebu n’ani agu akwankyerɛ a ɔyarefo adi kan de ama te sɛ [Medical Directive/Release Card a Yehowa Adansefo kurae no] te sɛ nea ɔnne ne ho sɛ obebu ani agu akwankyerɛ so bere a asɛm a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm ara asi no.” Asennibea no de kaa ho sɛ “sɛ wɔbɛma Yehowa Ɔdansefo mogya de abu ani agu akwankyerɛ a ɔde ama pefee sɛ ɔmpɛ no so no bɛyɛ . . . hokwan a ɔwɔ sɛ odi n’ankasa nipadua so tumi no a wɔsɔre tia, na ɛkyerɛ ne nyamesom gyidi horow a wobu no animtiaa.”
Afei ɔtemmufo no kasa tiaa oduruyɛfo no a ɔkae sɛ na krataa no ho nhia wɔ ayaresa a egye ntɛmpɛ yi mu no. “Me ne wo nyɛ adwene . . . sɛ Yehowa Ɔdansefo no krataa no yɛ kratasin a mfaso nni so. . . . Akwankyerɛ ahorow a ɛwɔ Yehowa Ɔdansefo no krataa no so no de anohyeto a ntease wom ma ayaresa a na ɛsɛ sɛ wɔde ma Owurayere Malette no na esiw mogya a wɔde bɛma no no kwan. . . . Ɛda adi sɛ n’asɛm a ɔkyerɛw no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkyerɛ nea ɔpɛ bere a ontumi nkasa.”
Wɔ ɔtemmufo no kasa no awiei mu no, ɔkaa asɛm a ntease wom a ɛne sɛ sɛ Adansefo annye mogya a, “ɛsɛ sɛ nea ebefi wɔn gyinaesi no mu aba no ho asodi da wɔn so. Akyiri yi ɛnsɛ sɛ wɔn anaasɛ wɔn a ɔhwɛ wɔn no ka sɛ krataa no nkyerɛ nea ɔpɛ ankasa.”