Aduruyɛ Mu Ahofadi a Wo Wɔ —Asennibea Ahorow no Kasa!
NSƐM ahorow abiɛsa a wɔadi wɔ asennibea nnansa yi ara yɛ nea ebia ɛbɛka w’asetra ne aduruyɛ. Nnuruyɛfo, ayaresabea mpanyimfo, atemmufo ne Yehowa Adansefo de wɔn adwene asi nsɛm yi so kɛse. Wɔn a wonim nokwasɛm ahorow no nyinaa ani betumi agye sɛnea nsɛm yi fa hokwan ahorow a nnipa wɔ, ahobammɔ wɔ mmara mu ne Onyankopɔn mmara a wodi so no ho no ho.
RANDOLPH ASƐM NO —OWUI BERE A WƆAMA NO MOGYA AKYI
Ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubenya asɛm a edi kan no mu ntease a edi mu. Dɛn ntia? Efisɛ atesɛm nkrataa ne nnuruyɛfo nhoma ahorow pii kyinkyim asɛm no koraa. Nokwarem no, ɛda adi sɛ otemmufo Bambrick a ɔwɔ New York Asennibea Kunini no a ɔno na ɔtraa asɛm no agua mu no ani annye asɛm yi a wokyinkyim no no ho. Ɔkyerɛw nsɛm a ɛyɛ nkratafa 53 de kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu.
Ɔtemmufo Bambrick kae wɔ mu sɛ “aban dwumadibea a ɛto so anan, nsɛm ho amanneɛbɔbea” no anka asɛm no mu nokware araa ma ɛsɛ sɛ “ɔda asɛm no mu nokware adi, na ɔsan tĩ sɛnea wɔdaa mmara a ɛfa asɛm no ho adi kyerɛɛ baguafo no mu.” Nea ɛyɛ awerɛhow no, nsɛm ho amanneɛbɔbea no anka asɛm a ɛsom bo a ɛda wɔn sintɔ adi no ho hwee. Nanso ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛda nsɛm atitiriw a efi nea ɔtemmufo Bambrick kyerɛwee no mu adi akyerɛ wo. N’asɛm a ɛyɛ nokware yi betumi ayɛ nea ɛfa aduruyɛ mu ahofadi a wo wɔ no ho, sɛ ɛyɛ nea woyɛ oduruyɛfo, mmaranimfo, anaa ɔman ba a hokwan ahorow a wo wɔ a ɛfa aduruyɛfo ho no ho hia wo.
Momma yɛnhwɛ ɔtemmufo no asɛm a wotintim no mu nokwasɛm atitiriw na afei yɛnhyɛ nsɛm a ɛho hia kɛse no nsow: Wɔ July 1975 mu no, wogyee Owura-yere Bessie Randolph (wadi mfe 45) too hɔ wɔ New York ayaresabea bi a ɔrebɛwo ne ba a ɔto so anan denam oprehyɛn so. Wohui wɔ ayaresabea hɔ kyerɛwtohɔ mu sɛ, sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no ɔrennye mogya. Nnuruyɛfo a wɔrehwɛ no no penee ne nyamesom mu gyidi a emu yɛ den yi so, efisɛ ofi adwene a emu da hɔ mu na osii ne gyinae no sɛ ɔpanyin. Bere a wawo awiei akyi no n’awotwaa a ɛho kae no maa ɛho behiae sɛ woyi fi hɔ koraa. Nanso otemmufo Bambrick ka sɛ: “Esiane Owurayere Randolph tebea ne [oduruyɛfo] kwan a ɔfaa so yɛɛ oprehyen no nti mogya tuu no kɛse.”
Dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa a edi hɔ no mu no, na ne mogya so atew kɛse. Bere a ɛbɔɔ 12:45 p.m. no, oduruyɛfo no fii ase maa no mogya toa biako, na bere a ɛbɔɔ 1:30 p.m. no ɔsan de nea ɛto so abien maa no. Nanso, 0wurayere Randolph koma gyae adwumayɛ na ɛbɔɔ 2:00 p.m. no wɔkyerɛe sɛ wawu. Akyiri yi, ne kunu (ɔnyɛ Yehowa Adansefo no mu biako) samanaa nnuruyɛfo no ne ayaresabea no. Oduruyɛfo biako kɔkaa ne de ho asɛm wɔ fie. Afei wɔ February 1984 mu no, baguafo no buu Owura Randolph bem. Nsɛm ho amanneɛbɔfo kasa tiaa eyi. Nhoma bi a ɛka mmara ho asɛm kae sɛ: “Baguafo agye dɔla ɔpepem 1:25 ama Yehowa Ɔdansefo a owui bere a wapow mogya akyi no kunu.” Amanneɛbɔ ahorow a ɛte sɛɛ ma ɛbɛyɛɛ te sɛ nea nnuruyɛfo no dii nea Ɔdansefo no kae sɛ ɔmpɛ no so nanso wɔsamanaa wɔn ara. Esiane asɛm no a nsɛm ho amanneɛbɔfo kyinkyim no sɛɛ nti, nnuruyɛfo afoforo adwenem yɛ wɔn naa sɛ so ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔne Yehowa Adansefo yɛ adwene. Ayaresabea ahorow binom sii gyinae sɛ wɔrennya ayarefo a wɔrempene so sɛ wobegye mogya no wɔ hɔ. Wɔ mmara mu ne wɔ sika fam no gyinaesi ahorow a ɛte sɛɛ yɛ nea nyansa nni mu efisɛ ɔman no mmara mpene nyiyim a wɔyɛ tia obi wɔ abusua, ne nyamesom, anaa honam ani hwɛbea no so.
Enti ɛyɛ nea ntease wom sɛ Ɔtemmufo Bambrick bɛpɛ sɛ “ɔda asɛm no mu nokware adi.” Wɔ n’adwenkyerɛ no mu no, osii so dua sɛ ɛnyɛ sɛ nea ɔyarefo no kae sɛ ɔmpɛ a wɔamfa amma no a ɛma owui nti na wɔsamanaa wɔn. Mmom no, wɔsamanaa wɔn esiane nea enye a wɔyɛe nti. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Ɛyɛ nea akyinnye biara nni ho sɛ na Bessie Randolph yɛ ɔpanyin a ɔfata a ɔkyerɛkyerɛɛ mu pefee kyerɛɛ nnuruyɛfo no sɛ ɔmpɛ mogya wɔ tebea biara mu. Yɛahu sɛ hokwan a obi wɔ sɛ ɔpow aduruyɛfo bi no yɛ mmara titiriw no fã a ɛkyerɛ sɛ obi wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nea ɔpɛ anaa nea wɔde bɛyɛ ne nipadua. . . .
“Ɛsɛ sɛ mokae sɛ eyi nyɛ ‘hokwan a obi wɔ sɛ owu’ asɛm. Nokwarem no, na Bessie Randolph pɛ sɛ ɔbɛkɔ so atra ase. Nanso esiane sɛ ne nyamesom mu gyidi mma no kwan sɛ obegye mogya a egye nkwa no nti, na ‘daa nkwa’ hokwan a Bessie Randolph wɔ wɔ honhom mu no ho hia no kɛse. Obi betumi aka mpo sɛ sɛnea Yehowa Adansefo te no, sɛ́ obi a ogye di begye mogya ma enti wapow daa nkwa no te sɛ ‘obi ho dɔm a odi wɔ honhom mu.’”
Wubetumi ahu sɛ na nnuruyɛfo no wɔ tebea a emu yɛ den mu, bere a wohui sɛ ebia ɔyarefo no bewu no. Nanso ɔtemmufo Bambrick kae sɛ: “Mprempren mmara no kyerɛ hokwan a ɔyarefo wɔ sɛ ɔkyerɛ ɔkwan a ɔpɛ sɛ wɔfa so sa no yare a egyina ɛho asɛm a wonim so no sɛ ɛyɛ nea ɛyɛ titiriw sen nea ebia ɛbɛyɛ oduruyɛfo no asɛyɛde sɛ ɔde aduru bi a ɛho hia bɛma no. Nnuruyɛfo mudi mu a wokura wɔ wɔn adwuma no mu no nyɛ nea ɛsɛe bere a ɔpanyin a ɔfata pow aduru bi a wɔpɛ sɛ wɔde yɛ no sɛ ɛyɛ nea egye nkwa mpo, na oduruyɛfo no di nea ɔyarefo no aka sɛ ɔpɛ ho dwuma no.”
Na asɛm a ɔman no kae sɛ ɛnsɛ sɛ ogyaw mmofra a wɔwɔ abusua no mu no nso ɛ? Ɔtemmufo Bambrick kae sɛ Owura Randolph yɛ polisini na enti obetumi ahwɛ mmofra no. Enti ɔtemmufo no kyerɛwee sɛ: “Wɔ tebea yi mu no, Owura Randolph atumi ahwɛ ne mma no, na biribiara nni hɔ ankasa a ɛkyerɛ sɛ wagyaw wɔn.”
Sɛ na woka baguafo no ho a anka wubehu nokwasɛm ahorow yi a ɛfa Owurayere Randolph ho no ne hokwan a obi wɔ wɔ mmara mu sɛ ɔpow mogya bere a ɔmfa ho asodi nto nnuruyɛfo so no. Ná wɔaka akyerɛ baguafo no sɛ: “Ɔpanyin a ɔfata wɔ hokwan wɔ mmara ma sɛ ɔpaw anaasɛ ogye aduruyɛ bi tom a ɛmfa ho sɛ ebia aduru no bɛyɛ nea mfaso wɔ so anaasɛ ɛho hia na wɔde akora ɔyarefo no nkwa so mpo. Hokwan a ɔyarefo no wɔ sɛ ɔkyerɛ ɔkwan a wɔmfa so nsa yare no yɛ nea ɛho hia titiriw sen nea ebia ɛbɛyɛ oduruyɛfo no asɛyɛde sɛ ɔde aduru bi a ɛho hia ma no.
“Enti, anka wɔrentumi mfa asodi no ntonnuruyɛfo no so . . . sɛ wɔabu mmara anaa adwuma mu asɛyɛde bi so bere a wɔadi hokwan a Bessie Randolph wɔ sɛ ɔpow aduruyɛ bi, ne titiriw no, mogya a ɛnsɛ sɛ wɔde ma no no so no.”
Ɛnde dɛn nti na baguafo no buu atɛn a ɛte saa na wɔkyerɛe sɛ wontua sika a ɛte saa no?
Ɔtemmufo Bambrick kyerɛwee sɛ: “Sɛ [oduruyɛfo no] dii Owura-yere Randolph akwankyerɛ no akyi pɛpɛɛpɛ a wamfa mogya amma no wɔ ɔkwan biara so a, anka wɔremfa asodi no nto no so sɛ wamma no mogya, sɛ ɛyɛ ma a wamma no no titiriw nti na ɛma owui mpo a. . . . Nanso, nokwasɛm a na ɛwɔ asɛm yi mu ne sɛ, bere a ɛbɔɔ 12:45 P.M., July 17, 1975 no, ɔmaa Bessie Randolph mogya na nea efii adeyɛ yi mu bae bɛyɛɛ nea baguafo na ɛsɛ sɛ wobua.”
Bere a wɔredi asɛm no, baguafo no tee adanse a abenfo bedii a ɛfa sɛnea na aduru no te no ho bere a oduruyɛfo no fii ase de mogya no maa ɔyarefo no a na ɛyɛ nea ɔmpene so no. Enti na asɛm no fa nea enye a wɔyɛe ho. Ɔtemmufo no ka sɛ: “Baguafo no nyinaa hui sɛ oduruyɛfo no . . . yɛ . .. anibiannaso wɔ Bessie Randolph ayaresa no mu; ne sɛ saa anibiannaso yi titiriw na ɛma owui . . . Enti, asennibea no de ba awiei sɛ atɛn a baguafo no bui sɛ Owura Randolph di bem wɔ nea asodi no da no so ho nyɛ nea ɛne adanse no nhyia, na ɛyɛ nea ɛteɛ wɔ mmara mu nso.”
Nnuruyɛfo no asan de asɛm no akɔdan. Yebetumi atwɛn nea ebefi eyi mu aba. Nanso, nea ebefi ɛno mu aba biara no, ɔtemmufo Bambrick adwenkyerɛ no yɛ nea ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ɛkyerɛkyerɛ nea esii no mu, na ɛda no adi sɛ nsɛm a nsɛm ho amanneɛbɔfo kyinkyim no no aka nnuruyɛfo adwene wɔ ɔkwan a ɛmfata so na ɛnam ɛno so ma akɔka hokwan ahorow a ayarefo a wɔn ho nni asɛm wɔ no.
DOREEN SHORTER ASƐM NO —AWOTWAA A ƐHO ATEW, NEA TOKURU DA HO
Washington Asennibea Kunini no buaa asɛm foforo bi wɔ January 11, 1985 mu wɔ ɔman no mu. Na ɛno nso fa nea enye a wɔyɛe ho. Nanso wɔ eyi mu de, asɛm ho amanneɛbɔfo kaa asɛm no mu nokware ahorow. Wɔtwee adwene sii biribi a Yehowa Adansefo yɛ a ɛboa a ɛmma womfa ɛho asodi nto nnuruyɛfo so no so. Adansefo no de wɔn nsa hyɛ mmara kwan so krataa bi ase a ɛkyerɛ sɛ wɔremfa ɔhaw biara a ebefi mogya a wɔrennye no mu aba no ho asodi nto obiara ao. Sɛ wonyɛ ɔdansefo mpo a, Doreen Shorter asɛm no yɛ nea ɛfa hokwan ahorow a wo wɔ wɔ aduruyɛ mu no ho.
Doreen ne Elmer Shorter de wɔn nsa hyɛɛ krataa a ɛmma wɔmfa asodi nto obi foforo so bi ase bere a wɔde Doreen kɔtoo ayaresabea no. Na Kristofo awarefo yi ahu sɛ abofra a ɔda Doreen awotwaa mu no awu, nanso wamfi amma. Ɔman Asennibea Kunini no bɔ amanneɛ sɛ ne duruyɛfo, Oduruyɛfo Drury kamfo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔhohoro awotwaa no mu denam oprehyɛn a wɔfrɛ no D & C a nea ɛka ho ne sɛ wɔbɛwerɛwerɛ awotwaa no mu no so.
Asennibea no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Oprehyɛn no anyɛ mmerɛw. Wɔ oprehyɛn no akyi bɛyɛ dɔnhwerew 1 no, mogya fii ase nwunu guu Owura-yere Shorter yam na ade tɔɔ no so. Nhwehwɛmu a nnuruyɛfo afoforo yɛe amonom hɔ ara daa no adi sɛ Oduruyɛfo Drury ama Owura-yere Shorter awotwaa ho atew kɛse.” Mogya tuu no ma owui.
“Ɛno akyi no, Owura Shorter kaa owu a ɛmfata yi ho asɛm na ɔkyerɛe sɛ Oduruyɛfo Drury anibiannaso no titiriw na ɛmaa Owura-yere Shorter wui. . . . Baguafo no hui sɛ Oduruyɛfo Drury yɛ anibiannaso, ne sɛ n’anibiannaso no ‘titiriw nti na ɛmaaDoreen Shorter wui’. Wohui sɛ sika a ɛsɛ sɛ wotua ma Owura Shorter yɛ $412,000.” Nanso, baguafo no kae sɛ Shorter abusua no gyinaesi no ka ho na ɛma ɛbaa saa, enti wɔtew sika a ɛsɛ sɛ wotua ma wɔn no so baa $103,000.
Ná asɛm titiriw biako fa yɛ a krataa a ɛmma wɔmfa mogya a wonnye ho asodi nto obi so, te sɛ nea Shorter abusua no de wɔn nsa hyɛɛ ase no di mũ no ho. So ɛyɛ nea ɛfata sɛ Yehowa Adansefo de wɔn nsa bɛhyɛ krataa a ɛte sɛɛ ase? So eyi bɔ nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow a ɛfa wɔn ho no ho ban? Afei nso so krataa a ɛte sɛɛ mma wɔmfa asodi biara nto nnuruyɛfo so a anibiannaso (nea enye a wɔyɛ) wɔ oprehyɛn mu nso ka ho?
Ɔman Asennibea Kunini no kae sɛ: “Bere a wɔakyerɛ ɔhaw pɔtee a wohyia bere a ayarefo pow sɛ wobegye mogya a ɛho hia esiane nyamesom nti no, yegye di sɛ krataa a ɛmma womfa asodi nto obi so te sɛ nea wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase wɔ ha no a wɔde bedi dwuma yɛ nea ɛfata. . . . Ɔkwan foforo a wɔbɛfa so a ɛne nnuruyɛfo anaasɛ ayaresabea ahorow a wɔbɛpow sɛ wɔbɛhwɛ Yehowa Adansefo no yɛ nea ɛmfata wɔ ɔman a ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛma emufo nyinaa anya aduruyɛ ho kwan no mu.
“Yegye di sɛ ɔkwan a wɔfaa so wɔ ha a ɛne wɔn pɛ mu a wofi de krataa a ɛbɔ nnuruyɛfo ne ayaresabea ne ɔyarefo no ho ban dii dwuma no yɛ nea ɛfata a ɛnyɛ nea ɛne ɔmanfo yiyedi bɔ abira.”
Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Na sɛ oduruyɛfo no di anibiannaso ho fɔ wɔ oprehyɛn no yɛ mu nso ɛ? So nea enye a ɔyɛe no ho asodi da so ara da no so?’
Hyɛ nea Asennibea no kae no nsow: “Bere a Owura-yere Shorter penee nea ebefi mogya a ɔrennye mu aba no so no, wampene nea ebefi Oduruyɛfo Drury anibiannaso no mu aba a sɛnea baguafo no hui no, ɛno titiriw na ɛmaa Owura-yere Shorter wui no so.”
Eye sɛ wubehu sɛ na ɔman Asennibea Kunini no mufo baakron no mu baanan gye di sɛ na ɛnsɛ sɛ wɔtew sika no so wɔ nkyerɛkyerɛmu a wɔde mae no ho. Wɔkyerɛw sɛ: “Krataa a Shorter abusua no de wɔn nsa hyɛɛ ase a ɛkyerɛ sɛ wɔpow no gyina hɔ ma pɛ a wɔmpɛ sɛ wɔde asodi no bɛto Oduruyɛfo Drury so wɔ n’adwuma a ɛyɛ sɛ ɔde mogya bɛma bere a ɛho hia denam n’adwuma no a ɔrenyɛ wɔ anibiannaso mu no so. . . . Sɛ Oduruyɛfo Drury amfa anibiannaso anyɛ oprehyɛn no na mogya tuu Owura-yere Shorter ma owui ara a, anka wɔrentumi mfa asodi no nto Oduruyɛfo no so wo asɛm yi mu.” Nanso . . .
“Wankyerɛ asiane a ɛwɔ D & C a wɔbɛyɛ no mu yiye ankyerɛ Shorter abusua no; wɔankyerɛ wɔn sɛ akwan ahorow abiɛsa wɔ hɔ a wɔfa so yɛ eyi, saa ara na wɔanka ankyerɛ wɔn sɛ ɔkwan a Oduruyɛfo Drury bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛfa so ayɛ no yɛ nea ebetumi ama awotwaa no ho atew na mogya atu no kɛse.” Enti atemmufo yi kae sɛ: “Oduruyɛfo Drury anibiannaso no na ɛmaa mogya a etuu Onuawa-yere Shorter ma owui no yɛɛ kɛse; enti ɛmaa sɛnea asiane a na ɛwom no te no yɛɛ kɛse.” Ná atemmufo yi te nka sɛ ɛsɛ sɛ wotua $412,000 no nyinaa.
Nnuruyɛfo ne ayaresabea mpanyimfo betumi ahu afi Randolph ne Shorter asɛm no mu sɛ asennibea ahorow no gye tom sɛ Yehowa Adansefo a wɔbɛhwɛ wɔn yare bere a wɔde nkrataa a ɛmma wɔmfa asodi nto obi so di dwuma no yɛ “nea ɛfata.” Krataa a ɛte sɛɛ s ɛkyerɛ sɛ wɔmpɛ mogya a ɔpanyin bi de ne nsa hyɛ ase no yɛ nea wobetumi adi so bere a ɛyɛ nea ɛfa mmofra ne abusuafo a wɔnyɛ Adansefo ho no. Nanso sɛnea adwenkyerɛ a ɛfa Shorter asɛm no ho kae no: “Eyi nyɛ nea ɛbɔ wɔn a asodi no abɛda wɔn so esiane wɔn ankasaanibiannaso a wɔyɛe bere a wɔrehwɛ ɔyarefo no nti no ho ban.” Ɛno yɛ nea eye ma oduruyɛfo ne ɔyarefo no nyinaa.
Wɔ Randolph ne Shorter asɛm no mu no, owu dii nea wɔkyerɛe sɛ enye no akyi bae. Nanso wɔ asɛm bi a esii nnansa yi ara mu no, nea efii mu bae no yɛ anigye kɛse.
JACKSON ASƐM NO —ƐNA NE ƆBA NYINAA HO YE
Ná Ernestine Jackson yem bɛyɛ adapɛn 26 bere a awo fii ase kaa no wɔ February 1984 mu no. Nnuruyɛfo a wɔwɔ Mercy Ayaresabea a ɛwɔ Baltimone, Maryland, no hui sɛ esiane oprehyɛn a wɔayɛ no pɛn ne faako a abofra no da no nti, ɛyɛ nea awotwaa no betumi apae. Wɔkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn na woyi abofra no. Owura ne Owura-yere Jackson maa kwan, nanso wɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma no mogya biara. Ná wɔagye Yehowa Adansefo a wɔne wɔn resua Bible no Kristofo gyidi no atom.
Katolekfo ayaresabea no nnuruyɛfo kae sɛ nea ɛbɛyɛ biara ɛho behia sɛ wɔma Owura-yere Jackson mogya. Bere a “ɔpow sɛ obegye ara” no, ayaresabea no ka kyerɛɛ Asennibea Temmufo Greenfeld sɛ ɔmpaw obi na ɔmmɛhwɛ ma wɔmma no mogya. Bere a wɔabedi asɛm no wɔ ne mpa ho akyi no, Ɔtemmufo Greenfeld ampene ayaresabea no abisade no so.
Ebia wubebisa sɛ, ‘Enti dɛn na ɛbae?’ Wiɛ, esiane sɛ na nnuruyɛfo no nni hokwan sɛ wɔde mogya bedi dwuma nti, wɔyɛɛ oprehyɛn no. Wɔanhia mogya na wɔamfa bi anni dwuma nso. Ɛna ne ɔba no nyinaa nyaa nkwa na wɔkɔɔ fie akyiri yi. Wɔn ho da so ara ye.
Ɛte sɛ nea ebia ɛno maa asɛm no twae. Nanso ɛnte saa. Ayaresabea no de asɛm no kɔɔ Asennibea foforo a egyina asemmisa yi so: “So (ɔmansin no) asennibea no dii mfomso sɛ ɛkae sɛ obi a wanyin a ɔyem wɔ hokwan kɛse sɛ ɔbɛpow mogya a wɔde bɛma no a egyina ne nyamesom mu gyidi so te sɛ nea ɛte wɔ asɛm yi mu no mu?”
Asennibea Kunini a ɛwɔ Maryland no gye toom sɛ asɛm no nyɛ nea egye ntɛmpɛ bio efisɛ Owura-yere Jackson ne ne ba nyaa nkwa wɔ oprehyɛn no mu a wɔamfa mogya anni dwuma. Nanso asennibea no sii gyinae sɛ ebesusuw asɛm no ho efisɛ asɛm a ɛte saa foforo betumi asɔre.
Asennibea no kyerɛe sɛ Mercy Ayaresabea no kae sɛ ɛyɛ Katolekfo kuw bi na wɔhwɛ so a ɛyɛ nea “wɔahyira so ama nkwa so a wɔde bɛkora.” Nanso Asennibea no kae sɛ Mercy Ayaresabea no antumi ‘ankyerɛkyerɛ mu yiye sɛ Owura-yere Jackson nyamesom mu gyidi ahorow a wobekura mu yɛ nea ɛbɛhaw ayaresabea no de no Nyamesom mu ahofadi kyerɛ hokwan a obi wɔ sɛ obekura ne nyamesom gyidi mu a nyamesom foforo, kuw a ɛnyɛ nyamesom de, anaa aban biara nhaw no.”
Na ɔman no ho a ɛde gyee mu nso ɛ? “Maryland Ɔman no de ne ho gyee asɛm yi mu denam asɛm tiawa bi a ɛkyerɛwee a ɛde reboa no so, na ɛmfa ho sɛ ɛte sɛ nea ayaresabea no kyerɛwee no ne eyi bɔ abira no, ɛda no adi sɛ Ɔman no ho a ɛde gye nkwa a wɔbɛkora so no mu on nyɛ nea ɛno na ɛho hia titiriw.” Asennibea no kaa bio sɛ, wɔ Maryland mmara titiriw no mu no “mmara titiriw bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ ɔyarefo no gyinaesi a ɛfa aduruyɛ ko a obetumi agyina ano ho no ne nea ɛho hia titiriw. Mmara no kɔ so ka sɛ wɔ ne nyinaa mu no, ɛyɛ ɔyarefo no na ɔkyerɛ sɛ ebia ɔbɛma woayɛ no aduru koraa mpo.”
Hyɛ Asennibea gyinaesi no nsow: “Wɔ pene a wɔampene Mercy Ayaresabea no adesrɛ sɛ wɔmma obi mmɛma kwan wɔ Owura-yere Jackson asɛm no mu no, Ɔtemmufo Greenfeld kae sɛ: ‘Asennibea yi gye di sɛ obi a wanyin a ɔyem wɔ hokwan kɛse sɛ ɔpow mogya a wɔde bɛma no sɛneane nyamesom gyidi ahorow kyerɛ bere a ɔno ankasa nim na ofi ne pɛ mu si gyinae a ɛte sɛɛ na ɛnyɛ nea ɛbɛhaw wo a ɔbɛwo, nkwa a obenya anaasɛ mmoa a wɔde bɛma abofra a ɔda ɔyafunu no mu no. Gyinaesi yi ne hokwan a ɔyarefo wɔ wɔ nea onim wɔ aduruyɛ mu ne hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpow saa aduruyɛ no hyia.’ Yegye tom. YƐAPENE ATEMMU NO SO.”—April 4, 1985.
Saa nsɛm yi yɛ nea ɛho hia ampa. Ɛkyerɛ sɛ yɛn mu biara wɔ hokwan sɛ yɛkyerɛ aduruyɛ ko a yɛpɛ ne sɛ yɛn gyinaesi no betumi ada yɛn nyamesom anaa asetra mu gyidi kɛse a yɛwɔ no adi. Nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow betumi ahu bio nso sɛ wobetumi asa yare sɛnea wɔpɛ sɛ wɔyɛ ma obiara no a nyiyim biara nni mu. Bere a wɔyɛ saa no, wobehu sɛ Yehowa Adansefo yɛ nnipa a wɔboa, na wɔwɔ anisɔ nso a ɔpɛ a emu yɛ den a wɔwɔ sɛ wɔbɛtra ase no ka ho na ɛma wɔn ho yɛ wɔn den no.