So Woasisise Wo Ho Sɛ Wubegyina Aduruyɛ Mu Tebea A Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano?
Fa krataa yi hyɛ baabi a bere a wuhia no, wubehu ntɛm
Eyi ma yehu nhyehyɛe ahorow pɔtee a wɔayɛ na biakoyɛ atra wɔne U.S. nnuruyɛfo ntam, na woanya ntease ne obu ama Adansefo ayarefo wɔ wɔn ɔsom gyidi horow ho. Sɛ ɛba sɛ wo ba hia oprehyɛn a mo na ɛsɛ sɛ mopaw anaasɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ntɛm a, nnyinasosɛm ahorow a wɔde adi dwuma wom no yɛ nea eye ankasa na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow
1 Obiara nsusuw ayaresabea a obetumi akɔda nnɛ anaa ɔkyena no ho kɛse. Nanso, bere ne akwanhyia to yɛn nyinaa.’ (Ɔsɛnk. 9:11) Sɛ wunnye nnuru a wɔde sa yare ntom sɛ ɔkwan a wopɛ sɛ wofa so hwɛ w’akwahosan so mpo a, dɛn na wobɛyɛ de abɔ wo ho ban wɔ mogya a wɔde ma a wompɛ no ho, sɛ ɛba sɛ akwanhyia bi ma ade tɔ wo so na wɔde wo kɔ ayaresabea ntɛm ara a?
2 Sɛ biribi nti wokɔ ayaresabea a, dɛn na wobɛyɛ de akura wo mudi mu, sɛ obi a ɔwɔ hɔ ka kyerɛ wo sɛ sɛ wɔamma wo mogya a, wobewu? So wubegye atom ntɛm ara sɛ tebea a wowom no kyerɛ saa ampa? So wugye di ampa sɛ wompɛ mogya? So woasiesie wo ho sɛ wubegyina wo gyidi ho sɔhwɛ yi ano na ‘woayi wo ho afi mogya ho’?—Aso. 15:28, 29.
3 Yɛde gyidi a ehinhim na efi mogya a wɔde ma a egu obi ho fi honhom mu a yɛko tia no ase. Ɛsɛ sɛ gyidi a ɛte sɛɛ no yɛ nea egyina nea Bible no ka wɔ mogya ho ase a yɛte pefee no so. Anyɛ saa a, wo nkate wɔ saa bere no mu betumi ama obi a ɔkyerɛ sɛ onim tebea no ho asɛm pii sen wo no ayi wo hu ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. So wobɛma wɔadaadaa wo ma woanya adwene sɛ ebia nnuruyɛfo nim mogya ho asɛm pii sen Onyankopɔn? Akyinnye biara nni ho sɛ, wobɛpɛ sɛ ‘wohwɛ yiye’ sɛ ‘wobɛyɛ nea ɛteɛ’ wɔ Yehowa ani so wɔ tebea yi mu, ɛmfa ho sɛ dɛn na ebia nnipa kɛkɛ bɛka. (Deut. 12:23-25) Nanso so ɛsɛ sɛ wo nkutoo wugyina asɛnnennen yi ano?—Ɔsɛnk. 4:9-12.
AYARESABEA HO AMANNEƐBƆ DWUMADIBEA NE AYARESABEA NTAM NKITAHODI BOAYIKUW
4 Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wohia mmoa bere a wohyia mogya a wɔde ma ho ɔhaw no, Asafo ti no ahyehyɛ Ayaresabea ho Amanneɛbɔ Dwumadibea wɔ Brooklyn. Ahyehyɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw 100 wɔ U.S. nkuropɔn mu. Mpanyimfo 600 ne akyia wɔatete wɔn ama adwuma yi titiriw na wɔyɛ boayikuw yi mufo.
5 Ayaresabea ho Amanneɛbɔ Dwumadibea no tumi hwehwɛ wiase nyinaa aduruyɛ ho nsɛmma nhoma 3,600 ne akyi mu, na wɔanya oprehyɛn ne ayaresa ahorow pii a wɔmfa mogya nni dwuma wom a etu mpɔn ho nsɛm. Afei wɔde aduruyɛ mu nkɔanim yi ho nsɛm ma Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow, ayaresabea ahorow, ne nnuruyɛfo binom. (Ayaresabea ho Amanneɛbɔ Dwumadibea no de aduruyɛ ho nsɛm a ɛkyerɛ nea wobetumi ayɛ bere a wɔmfa mogya nni dwuma no ama, na wɔatumi ama akasakasa a ɛrekɔ so wɔ ayaresabea bi no agyae wɔ mmere bi mu.) Ɛma boayikuw ahorow no hu nsɛm a wodii wɔ asennibea ahorow a yedii bem wom, a ɛbɛboa atemmufo ma wɔde nhumu foforo adi yɛn nsɛm. Ɛkora nnuruyɛfo 7,000 ne akyi a wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn ho kyerɛwtohɔ so, sɛnea ɛbɛyɛ na boayikuw ahorow no anya nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de, de adi dwuma bere a mogya a wɔde ma ho nsɛnnennen sɔre no.
6 Ayaresabea ho Amanneɛbɔ Dwumadibea no nso na ɛhwɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no ntetee ne wɔn adwuma so. Wɔ nkurow a wɔwɔ mu no mu no, Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw Ahorow no ma ɔkasa ahorow a ɛma ayaresabea adwumayɛfo hu nneɛma pii kyerɛ wɔn daa na ama wɔne wɔn ntam abusuabɔ anya nkɔso. Wobisabisa adwumayɛfo yi nsɛm nso na ama wɔanya nnuruyɛfo afoforo a wɔbɛsa yɛn yare a wɔremfa’ mogya nni dwuma. Anuanom yi ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wo, nanso nneɛma atitiriw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ de to nhyɛase ma wɔn na wɔatumi aboa wo wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so.
NNEƐMA ATITIRIW A ƐSƐ SƐ WUDI KAN YƐ—SO WOAYƐ DEDAW?
7 Nea edi kan no, hwɛ hu sɛ abusua no mufo nyinaa ahyehyɛ wɔn aduruyɛ ho nkratasin no awie koraa—wɔakyerɛw date, wɔde wɔn nsa ahyɛ ase, na adansefo de wɔn nsa ahyɛ ase. Wɔagye anuanom bi a wɔkɔɔ ayaresabea no nkratasin a na date nni so/anaa adansefo mfaa wɔn nsa nhyɛɛ ase no ho kyim sɛ nea ɛka no nyɛ nokware. So yɛn mma a wɔmmɔɔ wɔn asu no nyinaa wɔ nkratasin a wɔde hu wɔn a yɛahyehyɛ awie? Sɛ wonyɛɛ saa a, sɛ wo ba kɔ tebea bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm mu a, ɛbɛyɛ dɛn na ayaresabea adwumayɛfo ahu wo gyinabea wɔ mogya ho ne nea ɛsɛ sɛ wokohu no?
8 Afei hwɛ hu sɛ wɔn nyinaa de nkratasin yi hyɛ wɔn ho BERE NYINAA. Hwɛ sɛ ɛhyɛ wo mma ho ansa na wɔakɔ sukuu da biara, yiw, ansa na wɔakodi agoru anaa wɔakɔ anigyebea bi mpo. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwɛ hu sɛ nkratasin yi hyɛ yɛn ho wɔ adwuma mu, wɔ akwamma mu, anaa bere a yɛwɔ Kristofo nhyiam ase no. Nnyaw wɔ fie da!
9 Susuw nea ebetumi ato wo no ho, sɛ ɛba sɛ wɔde wo du ayaresabea dan mu a tebea a wowom no yɛ aniberesɛm, ade atɔ wo so/anaasɛ woatɔ mum no. Sɛ kratasin no nhyɛ wo ho, na obusuani anaa asafo no mu ɔpanyin biara nni ayaresabea hɔ a ɔbɛkasa ama wo, na wosi gyinae sɛ ‘wuhia mogya’ a, ɛda adi sɛ wɔde mogya bɛma wo. Eyi ato ebinom. Nanso, sɛ yekura kratasin no a, ɛkasa ma yɛn, ɛda nea yɛpɛ adi.
10 Eyi nti na aduruyɛ ho kratasin ye sen aduruyɛ mu nkapo anaa kɔnmuade. Kɔnmuade no nkyerɛkyerɛ yɛn gyinabea ho nsɛm a egyina Bible so no mu, na enni nsaano nkyerɛwee a ɛfoa no nsɛmmoa. Canada asennibea bi atɛn a ebui no kaa onuawa bi kratasin no ho asɛm sɛ: “[Ɔyarefo no] apaw ɔkwan biako pɛ a obetumi afa so aka akyerɛ nnuruyɛfo ne ayaresabea adwumayɛfo afoforo sɛ, sɛ ade tɔ no so anaasɛ watɔ mum ma enti ontumi nkyerɛ nea ɔpɛ a, ɔmpene so sɛ wɔde mogya bɛma no.” Enti mmma ɛmmpa wo ho da!
11 Esiane sɛ wɔayɛ yɛn aduruyɛ ho kratasin no na adi tebea a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm ho dwuma titiriw nti, nyansa wom sɛ wubedi kan akyerɛw w’ankasa krataa a edi mu (a egyina yɛn aduruyɛ ho kratasin no so) wɔ oprehyɛn a w’ankasa na wopaw no mu, na ama woatumi akyerɛw nneɛma pɔtee bi, te sɛ oprehyɛn ko, nnuruyɛfo ne ayaresabea no din wom. Ɛyɛ hokwan a wowɔ sɛ wobɛyɛ saa na wonam so anya ayaresa a wopɛ. Ɛwom mpo sɛ ebia wo ne oduruyɛfo no renhwɛ tebea a anibere wom kwan de, nanso kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ odi akwankyerɛ yi akyi, sɛ ɛba sɛ biribi a monhwɛ kwan si a.—Mmeb. 22:3.
12 Ade a edi hɔ a ehia titiriw sɛ woyɛ ne sɛ wo ne nnuruyɛfo a wɔbɛyɛ wo ho adwuma wɔ oprehyɛn a w’ankasa na wopaw ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ntɛm no mu no bɛkasa. Henanom titiriw na ɛsɛ sɛ wo ne wɔn kasa?
WO NE NNURUYƐFO NKASA
13 NNURUYƐFO KUW NO: Eyi yɛ bere a ɛnsɛ sɛ woma onipa ho suro ka wo. (Mmeb. 29:25) Sɛ wunhu nea ɛsɛ sɛ woyɛ a, ebia obi besi gyinae sɛ wunnye nea woka no nni. Sɛ oprehyɛn, sɛ ɛyɛ nea w’ankasa na wopaw anaa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ntɛm ho hia a, ɛsɛ sɛ wo anaa wo busuani a ɔbɛn wo yiye si ne bo bisa nea otua nnuruyɛfo no ano no nneɛma pɔtee bi ho nsɛm. Asemmisa biako a ehia ne sɛ, So nnuruyɛfo kuw no bɛyɛ nea ɔyarefo no pɛ ama no, na wɔmfa mogya nni dwuma wɔ tebea biara mu? Sɛ woannya awerɛhyem yi a wɔrentumi mmɔ wo ho ban yiye.
14 Fa gyidi a nidi wom da nea wopɛ nyinaa adi pefee. Ma wonhu pefee sɛ wopɛ sɛ wɔde mmra a mogya nka ho sa wo yare. Wo ne wɔn nsusuw w’ankasa w’aduruyɛ ho kratasin a woadi kan akyerɛw no ne afei ayaresabea kratasin a eyi asodi fi wɔn so no ho wɔ kommyɛ ne ahotoso mu. Sɛ oduruyɛfo no mpene so sɛ ɔbɛyɛ nea wopɛ no, na woka kyerɛ ayaresabea no so panyin no sɛ ɔnhwehwɛ oduruyɛfo foforo mma wo a, worensɛe bere pii. N’adwuma no fã nen.
15 ANESTHESIOLOGIST (NEA ƆHWƐ MA WOTRA NKWA MU WƆ OPREHYƐN NO MU) : ODURUYƐFO YI NA ƐNSƐ SƐ WOMA WO WERƐ FI SƐ WO NE NO BƐKASA wɔ nnuruyɛfo a ɛsɛ sɛ wo ne wɔn kasa no nyinaa mu. Esiane sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma wotra nkwa mu wɔ bere a oduruyɛfo no reyɛ oprehyɛn no mu nti, ɔno na osi nsɛm te sɛ mogya a wɔde bedi dwuma ho gyinae. Enti sɛ wo ne oduruyɛfo a ɔbɛyɛ oprehyɛn no nkutoo kasa a, wunnyaa ahobammɔ nwiei. Enti, ɛsɛ sɛ wo ne no kasa na woma ogye wo gyinabea no tom, na wuhu sɛ ɔbɛkyerɛ obu ama anaa dabi.—Fa toto Luka 18:3-5 ho.
16 Ɛte sɛ nea anesthesiologist no taa yɛ ne sɛ ɔde bere tiaa bi bɛkɔ akɔsra ɔyarefo no anadwo a edi oprehyɛn no anim no ɔdasum mu—sɛ ɔsɔre tia wo gyinabea wɔ mogya ho no a, ɛbɛyɛ nea aka akyi dodo. Hyɛ oduruyɛfo a ɔbɛyɛ oprehyɛn no sɛ onni kan mpaw anesthesiologist a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa wo na ama woatumi adi kan ne no akasa ansa na wɔayɛ oprehyɛn no. Afei sɛ nea odi kan no mpɛ sɛ ɔyɛ nea wopɛ no a, wubenya bere ahwehwɛ ɔfoforo. Mma obiara nsesa w’adwene wɔ hokwan a wowɔ sɛ wubenya anesthesiologist a wopɛ wɔ wo oprehyɛnyɛ no mu.
17 Ɛsɛ sɛ woma eyinom nyinaa hu wo gyinabea a worentumi nsakra no no pefee: WOMPƐ MOGYA BIARA. Kyerɛ sɛ wopɛ nnuru a mogya nka ho. Bɔ biribiara a wunim sɛ wobetumi de asi mogya ananmu asa wo yare no din. Sɛ nnuruyɛfo kuw no te nka sɛ eyinom ho remma mfaso wɔ w’ayaresa no mu a, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnhwehwɛ akwan afoforo a wobetumi afa so wɔ nnuruyɛ nhoma ahorow mu. Ma wɔn awerɛhyem sɛ wubetumi ama wɔanya ho nsɛm bi denam wo asafo no mu mpanyimfo a wobɛka akyerɛ wɔn ma wɔakohu Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no so, sɛ wɔpɛ a.
FA HOKWAN AHOROW A WOWƆ DI DWUMA
18 Kenkan krataa a eyi asodi fi wɔn so no ne nea ayaresabea no ma wode wo nsa hyɛ ase bere a wogye wo to hɔ no yiye. Ɛtɔ mmere bi a, bere a akyerɛ sɛ wɔbɛyɛ nea wopɛ ama wo no, nkyekyem bi a edi hɔ no bɛka sɛ nea ɔde ne nsa ahyɛ ase no pene so sɛ ayaresabea no betumi afa ayaresa kwan bi a “egye nkwa” so, bere a wohyia nsɛnnennen no. Mogya betumi ayɛ nea ɛka eyi ho. Wowɔ hokwan sɛ wosesa nsɛm a ɛte sɛɛ no de yi mogya fi mu anaasɛ wutwa mu koraa. Ebia ayarehwɛfo bɛbɔ mmɔden aka akyerɛ wo sɛ wuntumi nyɛ saa, nanso wubetumi ayɛ! Kyerɛkyerɛ mu sɛ krataa a ɛte sɛɛ no yɛ nhyehyɛe a wo ne wɔn ayɛ, na wuntumi mfa wo nsa nhyɛ nhyehyɛe a wunnye ntom ase. Sɛ obi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ wo ma wode wo nsa ahyɛ ase bere a wunnye ntom no a, kyerɛ no sɛ ɔmma wo ne ayaresabea no panyin no ne/saa ayaresabea no ayarefo nanmusini nkasa.
19 So wubetumi ayɛ nneɛma a ɛte sɛɛ? Yiw, wubetumi. Enti hu hokwan ahorow a wowɔ sɛ ɔyarefo. Sɛ wohyɛn ayaresabea bi mu a, wunnyaw hokwan ahorow a wowɔ sɛ onipa yi ngu ɔpon no ano. Ɛnsɛ sɛ wopow eyinom na ama wɔasa wo yare. Mma obi nka nkyerɛ wo sɛ yɛ ade foforo.
20 Hokwan a ɛte sɛɛ no biako ne sɛ wɔrentumi nsa wo yare bere a wommaa wɔn ho kwan ɛ. Sɛ wopɛ a, wubetumi apow ayaresa biara. Ɛsɛ sɛ wopene ayaresa no so wɔ bere a nnuruyɛfo kuw no akyerɛkyerɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ a asiane a ɛwom nyinaa ka ho mu akyerɛ wo pefee no akyi. Nea edi hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔka ayaresa biara a ɛwɔ hɔ a wobetumi de asi ananmu ho asɛm kyerɛ wo. Bere a wɔaka akyerɛ wo akyi no, afei wobɛpaw ayaresa a wopɛ.
21 Nea ɛbɛyɛ na woahu nea woregye atom no yiye no, ƐSƐ SƐ wubisa biribiara a wonte ase ho nsɛm a ntease wom, ne titiriw no bere a ayaresabea adwumayɛfo de nsɛmfua akɛse anaasɛ aduruyɛ mu nsɛmfua di dwuma no. Sɛ nhwɛso no, sɛ oduruyɛfo bi ka sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔde “plasma” di dwuma a, wubetumi anya adwene sɛ ɔreka “plasma volume expander” ho asɛm, nanso na ɛnte saa. Ansa na wobepene so no, bisa sɛ: “So ɛyɛ mogya mu ade bi?” Bisa ɔkwan a ɔbɛfa so no mu biara ho asɛm sɛ: “So wɔde nnuru a wɔde mogya ayɛ bedi dwuma wom?” Sɛ ɔka afiri bi a ɔbɛpɛ sɛ ɔde di dwuma ho asɛm a, bisa sɛ: “So wode me mogya besie baabi bere bi, bere a wɔde afiri yi di dwuma no?
22 Nanso, sɛ woayɛ nea yɛaka wɔ atifi hɔ no nyinaa, na wɔmpɛ sɛ wɔbɛboa ara, anaasɛ wuhyia ɔsɔretia bi wɔ wo gyinabea no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ mmoa. Ebinom twɛn bere tenten dodo ansa na wɔhwehwɛɛ mmoa, ma enti wɔde wɔn nkwa too asiane mu.
MMOA A ƐSOM BO WƆ BERE A WOHIA MMOA MU
23 Hyɛ a ɔkwan a wobɛfa so anya mmoa a wuhia no a edidi so yi nsow: (1) Bere a ɛsɛ sɛ wo anaa wo dɔfo bi yɛ oprehyɛn a n’ankasa na ɔpaw no anaa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ntɛm wɔ faako a akasakasa aba esiane sɛ ayaresabea no pɛ sɛ ɛde mogya di dwuma nti ara pɛ; anaa (2) sɛ wo anaa wo dɔfo bi yare mu reyɛ den; anaa (3) wɔ abofra (anaa ɔpanyin) bi fam no, oduruyɛfo, ɔyarehwɛfo, anaa ayaresabea so panyin bi ka sɛ wɔrebisa kwan afi asennibea a, ɛnde:
24 BƆ W’ASAFO MU MPANYIMFO AMANNEƐ, sɛ wonyɛɛ saa dedaw a. (Nokwarem no, esiane yɛn gyinabea wɔ mogya ho nti, bere biara a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ayaresabea no, nyansa wom sɛ yɛbɛma yɛn asafo mu mpanyimfo aso ate.) Afei, sɛ ehia a, MPANYIMFO NO BƐBƆ AYARESABEA NTAM NKITAHODI BOAYIKUW A ƐBƐN SEN BIARA NO AMANNEƐ. Sɛ wopɛ a, Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mufo binom betumi aba ayaresabea hɔ wɔ saa bere no mu abɛboa wo.—Yes. 32:1, 2.
25 Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw mpanyimfo no nim mo mpɔtam hɔ nnuruyɛfo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa, na wobetumi akohu wɔn na wɔafi ase ahwehwɛ nnuruyɛfo ne ayaresabea afoforo ma wɔaboa. Sɛ ebi nni mo mpɔtam hɔ a, wobebisa boayikuw foforo a ɛbɛn sen biara no. Sɛ ɛno antumi anyɛ yiye a, wɔbɛbɔ Ayaresabea ho Amanneɛbɔ Dwumadibea a ɛwɔ Brooklyn no amanneɛ. Wobetumi ayɛ nhyehyɛe nso ma woakohu oduruyɛfo bi a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa, a obetumi akyerɛkyerɛ nea wo mprempren nnuruyɛfo kuw no betumi ayɛ a wɔremfa mogya nni dwuma no mu akyerɛ wɔn. Wɔatete Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mu anuanom no na ama wɔadi tebea a ɛte sɛɛ ho dwuma.
26 Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mufo wɔ ɔpɛ nso sɛ wɔbɛboa wo anaa wo busuani bi ma ɔne oduruyɛfo bi anaa ayaresabea so panyin bi akasa, nanso wo na ɛsɛ sɛ wubisa saa mmoa no. Nokwarem no, anuanom yi rentumi nsi gyinae mma wo, nanso mpɛn pii no wobetumi aboa wo ma woasusuw Asafo ti no adwene wɔ nneɛma ho no ho, na wɔama woahu nea wobetumi ayɛ wɔ aduruyɛ ne mmara mu.
27 Sɛ nnuruyɛfo kuw no mpɛ sɛ wɔboa ara a, kɔka kyerɛ ayaresabea no so panyin no sɛ ɔmfa ne nnuruyɛfo afoforo a wɔbɛyɛ nea wopɛ no nsi wɔn ananmu. Sɛ ɔpanyin no twentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛyɛ saa, na sɛ wowɔ oduruyɛfo foforo wɔ baabi foforo na wobetumi ayi wo akɔ hɔ NKUTOO de a, ɛnde wubetumi apaw sɛ wode nhoma a woakyerɛw a ɛbobɔ nnuruyɛfo a wɔmpɛ sɛ wɔbɛboa no din na ɛkyerɛ sɛ woremma wɔnsa wo yare a date wɔ so a wode wo nsa ahyɛ ase no ama ayaresabea no so panyin no.
28 So wubetumi ayɛ saa? Yiw, wowɔ hokwan. Na sɛ asɛm no ba ɔtemmufo bi anim a, wo nhoma a wokyerɛwee no betumi aboa no ma wahu nea wopɛ. Ebetumi abue kwan nso ma nnuruyɛfo afoforo apene so sɛ wɔbɛhwɛ wo yare. Nea ehia titiriw no, ebetumi ama woanya ayaresa a wuhia no ansa na wo yare no mu ayɛ den yiye. Yɛ no ntɛm ara!
29 Ɛwom sɛ yɛrentumi nka nkyerɛ obi sɛ ɔnyɛ akwahosan ho insurance de, nanso ɛsɛ sɛ yɛma wuhu sɛ yɛtaa hyia ɔhaw ahorow a anibere wom wɔ oduruyɛfo a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa asa wɔn a wonni aduruyɛ ho insurance a ɛkɔ anim anaa wonnim bi no yare a yebenya wɔn no mu.
NSEMMISA A WƆDE SUM AFIRI A ƐSƐ SƐ WOHWƐ YIYE WƆ HO
30 Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a nnuruyɛfo ne afoforo bisa a ɛnyɛ bere nyinaa na wɔde adwempa bisa. Nea nnuruyɛfo (ne atemmufo binom) taa bisa titiriw ne:
• “So wobɛpɛ sɛ wuwu (woma wo ba wu) mmom sen sɛ wubegye ‘mogya a wɔde ma de gye nkwa’?”
31 Sɛ woka sɛ yiw a, ɛbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ ɔsom fam. Nanso wɔntaa nte mmuae no ase na ɛtɔ mmere bi mpo a, ɛma asennibea no bu atɛn tia wo. Ɛsɛ sɛ wokae sɛ ɛnyɛ ɔsom adwuma no na worenyɛ wɔ tebea yi mu. Mmom no, woreka ayaresa a wuhia ho asɛm. Enti, ɛsɛ sɛ wosakra asɛm no mu ma ɛfa w’atiefo, aduruyɛ anaa mmara no ho.—Dw. 39:1; Kol. 4:5, 6.
32 Oduruyɛfo, ɔtemmufo, anaa ayaresabea so panyin fam no, “yiw” no betumi akyerɛ sɛ wopɛ sɛ wuwu sɛ mogya dansefo anaa wode wo ba bɔ afɔre ma wo gyidi no. Wo gyidi a emu yɛ den a wowɔ wɔ owusɔre no mu ho asɛm a wobɛka akyerɛ wɔn no ntaa mmoa wɔ tebea yi mu. Wɔbɛka sɛ woyɛ katee dodo wɔ ɔsom ho, na wuntumi nsi gyinae a nyansa wom bere a nkwa ho aba asɛm no. Wɔ mmofra fam no, wobebu wo sɛ ɔwofo a ɔtoto n’asɛyɛde ase a ɔpow nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ ayaresa a “egye nkwa.”
33 Nanso ɛnyɛ nea WOREPOW ayaresa ankasa. Wo ne oduruyɛfo no adwene nhyia wɔ ƆKWAN A ƆBƐFA SO ASA WO YARE ho kɛkɛ. Gyinabea yi bɛma tebea no asakra ama wo ne wɔn nyinaa mpɛn pii. Afei nso, ɛyɛ nnaadaa sɛ wɔbɛma ada adi sɛ asiane nni mogya mu, na ɛne ayaresa BIAKO Pɛ a “egye nkwa.” (Hwɛ How Can Blood Save Your Life?, nkratafa 7-22.) Enti ɛsɛ sɛ woma saa asɛm no mu da hɔ pefee. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Wubetumi abua sɛ:
• “Mempɛ sɛ miwu (mempɛ sɛ me ba) wu. Sɛ mepɛ sɛ me (me ba) wu a, anka mɛtra fie. Nanso mebaa ha sɛ merebɛsa no yare na (me ba no) atra nkwa mu. Nea mehwehwɛ ne sɛ mode aduru a mogya nka ho bɛsa me (me ba no) yare. Akwan afoforo a mobɛfa so wɔ hɔ.”
34 Nsɛm afoforo pii a nnuruyɛfo anaa atemmufo bisa ne:
• “Sɛ asennibea bi ma wɔma wo mogya ɔhyɛ so a, dɛn na ɛbɛyɛ wo? So wɔde asodi no bɛto wo so?”
• “So mogya a wubegye anaa wɔde bɛma wo ɔhyɛ so no bɛma wɔapam wo afi w’asɔre mu anaasɛ ɛbɛma daa nkwa abɔ wo? W’asafo no bebu wo dɛn?
35 Onuawa bi buaa ɔtemmufo bi sɛ wɔ asɛm a ɛte saa mu no, wɔremfa asodi no nto no so wɔ gyinae a ɔtemmufo no sii no ho. Ɛwom sɛ ɛteɛ wɔ ɔkwan bi so de, nanso ɔtemmufo no faa no sɛ ɛkyerɛ sɛ esiane sɛ wɔremfa asodi no nto no so nti, obegye asodi no ato ne ho so ama onuawa no. Ɔhyɛe sɛ wɔnkɔma no mogya.
36 Ɛsɛ sɛ wote ase sɛ sɛ wɔrebisa nsɛm yi a, mpɛn pii no ebinom taa hwehwɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so de mogya a wopow no ama wo. Ɛnsɛ sɛ woma wonya bi. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn akwati saa nsɛm a yɛbɛka a wɔrente ase no? Wubetumi abua sɛ:
• “Sɛ woma me mogya ɔhyɛ so a, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔto me mmonnaa ara pɛ. Mɛte tow a wɔtow hyɛɛ me so no ho nkate ne honhom mu ɔhaw no nka me nkwa nna a aka nyinaa mu. Mede m’ahoɔden nyinaa bɛko atia ayayade a ɛte sɛɛ a wɔde bɛyɛ me nipadua a mempene so no. Mɛbɔ mmɔden a metumi biara asamana wɔn a wɔtow hyɛɛ me so no te sɛ nea sɛ wɔto me mmonnaa a, mɛyɛ ara pɛ no.”
37 Ɛsɛ sɛ yɛma wohu pefee sɛ mogya a wɔde bɛma yɛn ɔhyɛ so no te sɛ ayayade kɛse a yɛmpɛ a wɔde yɛ yɛn nipadua. Ɛnyɛ asɛm ketewaa bi. Enti kura wo gyinaesi no mu. Ma ɛnna adi pefee sɛ wopɛ ayaresa a mogya nka ho.
DƐN NA WOBƐYƐ DE ASIESIE WO HO?
38Yɛasusuw nneɛma a ehia sɛ woyɛ de bɔ wo ne w’abusua ho ban wɔ mogya a wɔde ma a wompɛ no bi ho. (Akyiri yi, yɛwɔ anidaso sɛ yɛde sɛnea yebedi nsɛnnennen a ɛsɔre bere a wɔpɛ sɛ wɔma nkokoaa ne mmofra mogya ho dwuma ho nsɛm pii bɛma.) Yɛahu nea Asafo ti no fi ɔdɔ mu ayɛ na yɛanya mmoa wɔ bere a yehia mmoa no mu. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ nsɛm yi ho, na woahu no yiye sɛ woasiesie wo ho sɛ wubegyina ayaresa tebea a ɛsɔ gyidi hwɛ no ano?
Nea edi kan: Mo abusua no nsusuw nsɛm no ho mfa nsua nea mobɛyɛ, na monyɛ nea mobɛka ne nea mobɛyɛ ne titiriw wɔ tebea a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm mu ho nhyehyɛe.
Nea edi hɔ: Monhwɛ nhu sɛ mowɔ nkratasin a muhia no nyinaa bi.
Afei: Bɔ asɛm no ho mpae anibere so kyerɛ Yehowa sɛ onnyina mo akyi wɔ mo tirim a moabɔ pintinn sɛ ‘mubeyi mo ho afi mogya ho’ no mu. Ne mmara a ɛfa mogya ho no so a yedi no ma yenya awerɛhyem sɛ yebenya n’anim dom na yɛatra ase daa.—Aso. 15:29; Mmeb. 27:11, 12.
[Kratafa 3 adaka]
Fa krataa yi hyɛ baabi a bere a wuhia no, wubehu ntɛm