Nnuruyɛfo ne Yehowa Adansefo Yɛ Biako
YEHOWA ADANSEFO hui wɔ 1945 mu sɛ mogya a wɔde ma yɛ biribi a ennyina Kyerɛwnsɛm no so. Wɔde saa anohyeto yi a na ɛwɔ Mose Mmara no mu no baa Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 ka sɛ: “Ɛyɛɛ honhom kronkron ne yɛn sɛ eye sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, ɛne sɛ munyi mo ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu; ɛno na sɛ muyi mo ho fi ho a, eye.—Yekyia mo.” (Hwɛ Leviticus 17:10-12.) Pow a Adansefo no pow sɛ wobegye mogya no de ntawntawdi baa wɔne nnuruyɛfo binom ntam.
Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw Ahorow
Nea ɛbɛyɛ na aboa Adansefo no wɔ mogya a wonnye ho, ayi ntease a nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow bi nni afi hɔ na biakoyɛ abɛda nnuruyɛfo ne Adansefo a wɔyare ntam no, Yehowa Adansefo Sodikuw no hyehyɛɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow. Emufo yɛ Adansefo a wɔn ho akokwaw a wɔatete wɔn ma wɔatumi ne nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow adi nsɛm wɔ ɔkwan a ntease wom so; saa boayikuw ahorow yi adwudwo akasakasa ahorow ano, na ɛde biakoyɛ honhom aba. Efi boayikuw kakraa bi a na ɛwɔ hɔ 1979 so no, akuw no dodow akɔ anim abedu 850 wɔ nsase 65 so mprempren. Ɛno kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo mu ɔpepem 3.5 nsa tumi ka wɔn mmoa mprempren.
Wɔatete Yehowa Adansefo asafo ahorow mu mpanyimfo bɛboro 4,500 ma wɔne nnuruyɛfo akasa na aboa wɔn ma wɔatumi ahu nnuru ahorow a wobetumi de adi dwuma a mogya nnim nyinaa afi nnuruyɛ ho nhoma ahorow mu. Bere a biribi titiriw bi ho abehia no, wɔnam fax so de nsɛm ahorow a ɛho hia kɔma ayaresabea no tẽẽ na aboa nnuruyɛfo no ma wɔayɛ Adansefo no nnuru a mogya nnim. Anaasɛ boayikuw no yɛ nhyehyɛe ma wɔne nnuruyɛfo afoforo a wɔte wɔn asɛm ase susuw akwan horow a wɔbɛfa so asa yare anaa wɔayɛ oprehyɛn a wɔmfa mogya nni dwuma.
Sɛ nhwɛso no, bere a obi mogya so atew koraa ma nnuruyɛfo aka sɛ ehia sɛ wɔma no mogya na ama nkwammoaa kɔkɔɔ a ɛwɔ ne mogya mu adɔɔso no, Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw mufo atumi ne nnuruyɛfo ayɛ nhwehwɛmu wɔ nsɛm ahorow a ɛwowɔ nnuruyɛ ho nhoma ahorow mu a ɛkyerɛ sɛ erythropoietin (EPO) a nnipa afrafra a wɔde ma tumi di dwuma koro no ara ho. Saa aduru yi a nnipa ayɛ a ɛyɛ adwuma te sɛ biribi a wɔfrɛ no hormone no di dwuma sɛ erythropoietin a ɛwɔ yɛn asaabo mu a ɛkanyan dompe mu hon ma ɛde nkwammoaa kɔkɔɔ foforo kɔ mogya mu no ara pɛ.
Nnuruyɛfo binom ate nka sɛ EPO ntumi nni ahiade ho dwuma ntɛm sɛnea ɛsɛ, nanso nsɛm pii a ɛfa Yehowa Adansefo ho ama sɛnea etumi di dwuma ntɛm no ada adi. Bere a wɔde EPO maa obi no, wohui da no ara sɛ nkwammoaa kɔkɔɔ a wonnyinyinii no abu abɔ ho mpɛn anan asen nea wɔtaa nya no! Da a edi hɔ no ɔyarefo no ani so daa hɔ, na eduu ɛda a ɛto so anan no, na nkwammoaa kɔkɔɔ a wɔanyinyin no afi ase redɔɔso. Nna kakraa bi akyi no, na ɛredɔɔso ntɛmntɛm. Ɔyarefo no ho tɔɔ no. Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw dwumadi ahorow no so baa mfaso maa nnuruyɛfo ne ɔyarefo no nyinaa saa kwan yi so.
Bere a nnuruyɛfo a wɔwɔ Australia kae sɛ wontumi nsa Ɔdansefo bi yare bere a wɔmfa mogya nni dwuma wɔ ɔyare bi a ɛntaa nyɛ nnipa mu no, wɔde asɛm no kɔdan ɛhɔ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no hwehwɛɛ mmoa biara a boayikuw no betumi de aboa wɔn ma wɔatumi ahu aduruyɛ a mogya nnim ho nsɛm. Wɔbɔɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Australia no amanneɛ. Wɔne Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no Ayaresabea Nsɛm ho Dwumadibea no dii nkitaho. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma bi a wɔaboaboa nnuruyɛ ho nsɛm ano wom mu. Wɔkyerɛw nsɛm ahorow a ɛho hia yɛɛ no fax kɔɔ Australia. Bere a Australia Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no fii oduruyɛfo no office nnɔnhwerew 11 pɛ akyi no, kuw no muni bi san de nsɛm ahorow a ɛho hia no brɛɛ no. Nsɛm yi dii dwuma yiye, na ɔyarefo no ho tɔɔ no. Wɔnam fax so de nsɛm afi New York akɔ akyirikyiri nsase te sɛ Nepal so.
Nhwehwɛmu ne Mmoa a Edi Mũ
Nhwehwɛmu a mfaso wɔ so a Yehowa Adansefo yɛ wɔ nnuruyɛ ho nhoma mu no mu da hɔ na edi mũ. Ɔyarehwɛfo bi a ɔno nso yɛ ɔpanyin wɔ beae a wɔhwɛ oprehyɛn yɛ so wɔ Oregon, U.S.A. ayaresabea bi mu kaa asɛm bi wɔ nnuruyɛ ho atesɛm krataa bi mu kyerɛɛ mpanyimfo a wɔhwɛ oprehyɛn yɛ so sɛ: “Yehowa Adansefo . . . [anya] nkɔanim asen yɛn. Wɔn na wɔwɔ nimdeɛ a emu dɔ wɔ nnuru ahorow a wɔde si mogya ananmu ho na wɔtaa ma yɛn nhoma ahorow bi ansa na yɛate ho asɛm mpo.”—OR Manager, January 1993, kratafa 12.
Nnuruyɛfo a wɔagye din ne ayaresabea ahorow a wotumi yɛ ayarefo nnuru a mogya nnim ada wɔn ho adi ma nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn ma wɔkyerɛkyerɛ wɔn akwan horow a wɔnam so yɛ saa. Ayamye mu a wɔafi adi saa dwuma yi aboa agye akra pii nkwa, sɛnea wohu wɔ leukemia ayarehwɛ ne oprehyɛn ahorow a ɛkɔ so yiye mu no. Wɔnam telefon so na ɛtaa bisabisa saa akwankyerɛ yi ho nsɛm fi aman horow so.
Nea ɛda nkɔso a Yehowa Adansefo anya wɔ sɛnea wɔayɛ mmoa ama wɔn a wohyia nnuruyɛ mu tebea horow a ɛsɔ gyidi hwɛ mu nso ne nhyehyɛe a wɔyɛ yi ɔyarefo bi fi ayaresabea biako mu kɔ ɔfoforo mu, fi ɔman bi fã kɔ ɔfã foforo, ne ɔman biako so kɔ ɔfoforo so mpo no. Nhwɛso ahorow bi ni: “Wɔde ɔyarefo bi a wanyin foroo wimhyɛn fi Suriname kɔɔ Puerto Rico; ɔfoforo fii Samoa kɔɔ Hawaii; akokoaa bi fii Austria kɔɔ Florida, U.S.A.
Nnuruyɛfo Pii Reboa
Wotumi hu nkɔso a aba wɔ tebea yi ho ama Yehowa Adansefo no nso wɔ nnuruyɛfo dodow a wɔredɔɔso a wɔne wɔn reyɛ adwene wɔ asɛm yi ho a wɔn dodow fi 5,000 wɔ mfe anum a atwam no mu abedu bɛboro 30,000 mprempren wɔ nsase 65 so no mu. Nnuruyɛfo a wɔfata no dodow ama dwumadi bi a mfaso wɔ so ayɛ yiye—asoɛe ahorow bɛboro 30 a wɔahyehyɛ wɔ aman pii so a wɔyɛ nnuru ne oprehyɛn a mogya nnim no.
Enti, ɛnnɛ anyɛ yiye koraa no, wɔ Atifi Fam Amerika no, ɛyɛ den sɛ obi bɛte mmɔden a wɔrebɔ de ahyɛ ɔpanyin bi ama no mogya ho asɛm, na nkɔso reba saa ara wɔ eyi fam wɔ nsase pii nso so. Mprempren de nsɛnnennen no fã kɛse no ara fa nkokoaa a wɔawo wɔn foforo ne mmofra a wɔwo wɔn ansa na wɔn awo bere aso no ho. Saa mmofra a wɔwo wɔn ansa na wɔn awo bere aso yi nya ɔhaw ahorow a ɛfa akwaa ahorow a annyin anwie a entumi nyɛ adwuma yiye te sɛ ahurututu ne asaabo ho fi awo so pɛɛ. Nanso nnuruyɛfo rehwehwɛ akwan horow a wɔbɛfa so ahwɛ mmofra a wɔwɔ saa tebea ahorow yi mu a wɔmfa mogya nka ho. Sɛ nhwɛso no, wɔanya aduru bi a wɔde di dwuma wɔ ɔhome mu nsɛnnennen ho. Wɔregye dwuma a wɔde EPO di no tom kɛse sɛ aduru a wɔde di nkokoaa a wɔn awo bere anso a wonni mogya no ho dwuma.
Mmoa ma Ayaresabea Adwumayɛfo ne Aban Mpanyimfo
Sɛnea ɛbɛboa nnuruyɛfo ma wɔahwɛ Yehowa Adansefo mma yare a wɔmfa mogya nka ho no, Ayaresabea Nsɛm Ho Amanneɛbɔ Asoɛe ayiyi nsɛm 55 afi nnuruyɛ nhoma ahorow mu ayɛ no nhoma biako a ɛkyerɛ nea wobetumi ayɛ wɔ abofra a wɔawo no foforo ho nsɛnnennen pii ho a wɔmfa mogya nka ho.
Nea ɛbɛyɛ na nnuru a mogya nnim a wɔde si mogya ananmu wɔ nnuruyɛ mu yi ho nsɛm bedu atemmufo, aban adwumayɛfo, mmofra ayaresabea horow, ne nnuruyɛfo nkyɛn no, Yehowa Adansefo ahyɛ da ayɛ nhoma a ɛwɔ nkratafa 260 a wɔato din Family Care and Medical Management for Jehovah’s Witnesses ama nnuruyɛfo ne aban mpanyimfo yi titiriw.a Wɔayɛ nhoma no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ nsakrae wom ma ɛne nimdeɛ foforo biara a ɛba ahyia. Esiane sɛ wɔntaa nte Yehowa Adansefo abusua asetra ho nsɛm ase nti, wɔakyerɛkyerɛ ɔdɔ a awofo wɔ ma wɔn mma wɔ gyinae ahorow a mfaso wɔ so a wosisi ho, wɔn asetra kwan a Bible nkyerɛkyerɛ ama wɔanya a ɛno nti wodwen wɔn mma ho no mu pefee wɔ mu.
Ɔkwan bɛn so na wɔagye saa nhoma no atom? Bere a mmofra ayaresabea a ɛwɔ Pennsylvania, U.S.A. titrani abadiakyiri hwehwɛɛ nhoma no mu nsɛm a wɔahyehyɛ mu wiei no, ɔkae sɛ ɔbɛhwɛ kwan sɛ n’adwumayɛfo no besua emu nsɛm na wɔde adi dwuma. Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ nhoma yi san ba me nkyɛn bere a akɔ adwumayɛfo no nyinaa so ahyia na biribiara nkyerɛ sɛ wɔasua a, mɛpɛ sɛ mehu nea enti a wɔansua!” Atemmufo binom ayɛ nsakrae dedaw wɔ wɔn asennibea mmara mu ma ɛhwehwɛ sɛ nnuruyɛfo sɔ nnuru a wɔde si mogya ananmu nyinaa hwɛ ansa na wɔde mogya adi dwuma. Wɔahwɛ mmofra, a wɔamma wɔn mogya na wɔakɔ fie a wɔn ho atɔ wɔn.
Nhwɛso titiriw bi ne ɔtemmufo bi a odi mmofra nsɛm a ɔwɔ Ohio, U.S.A. de no. Family Care nhoma no maa ne ho dwiriw no araa ma ogyee nson foforo maa ne nnamfo. Wɔayɛ nsakrae mprempren wɔ n’asennibea mmara horow mu na ɛne oduruyɛfo ahwehwɛde ahorow ne awofo hokwan a wɔwɔ no akari pɛ, na wayɛ eyi wɔ akwan abien so. Osi so dua wɔ ne mmara horow mu sɛ (1) ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo sɔ nnuruyɛ a mogya nnim no nyinaa hwɛ ansa na wɔde mogya adi dwuma; (2) ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo ma ɔyarefo no nya awerɛhyem sɛ wɔahwehwɛ mogya a wɔde bɛma no no mu yiye ahu sɛ AIDS ne mmerɛbo mu yare biara nni mu. Wɔ ahyɛde ahorow abiɛsa a ɔde ama fi bere a ofii ase yɛɛ nsakrae no ho no, wɔhwɛɛ mmofra baasa no nyinaa maa wɔn ho tɔɔ wɔn a wɔamma wɔn mogya.
Ɔbenfo Charles H. Baron, mmara ho ɔbenfo a ɔwɔ Boston College Law School, maa ɔkasa bi wɔ nhomanimfo nhyiam ase wɔ Paris Sukuupɔn mu afe a etwaam no mu. Ná n’asɛm no ne “Mogya, Bɔne, ne Owu: Yehowa Adansefo ne Kuw a Ɛhwɛ Hokwan a Amerika Ayarefo Wɔ Ho Nsɛm So.” Ɔfã a edi so yi yɛ n’asɛm no fã a ɛfa Adansefo no Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow no ho:
“Wɔatumi mpo ama Amerika nnuruyɛ adwuma no agyina adanse ahorow a ɛwɔ hɔ no so asan asusuw nea egye di ho bio. Saa a wɔayɛ no so aba mfaso ama Amerikafo nyinaa. Ɛnnɛ, ɛnyɛ Yehowa Adansefo nko na wɔremma wɔn mogya basabasa na mmom ayarefo nyinaa nso, esiane Adansefo no Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow no dwumadi nti. Ayarefo nyinaa tumi si wɔn nnuruyɛ nyinaa ho gyinae ahorow ankasa esiane Adansefo no dwuma a wɔadi sɛ hokwan a ayarefo wɔ kuw dwumadi no fã no nti. Na nea ɛde ahofadi no nyinaa aba titiriw ne nyamesom mu ahofadi a anya nkɔanim no ne Adansefo no ko a wɔako atia mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔayɛ biribi a ɛne wɔn nyamesom mu gyidi ahorow nhyia no.”
Ebia dwuma yi nyinaa a Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow no adi no mfa asɛmpaka adwuma no ho tee de, nanso ɛrema mpoa bi a wɔatwa yɛn som a afeha a edi kan sodikuw no frɛɛ no “nea ehia” wɔ yɛn som kronn no mu biako ho mmuae. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Nanso, anigyesɛm ne sɛ, akokoduru a nidi wom a yɛde adi nkitaho no abue hokwan ama nnuruyɛfo bi ma wɔagye Ahenni ho nkrasɛm no atom. Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no mufo pii ne nnuruyɛfo a wɔne wɔn hyiae wɔ boayikuw no dwumadi ahorow ase no afi Bible adesua ahorow ase, na wɔabɔ nnuruyɛfo a wɔte sɛɛ mu baanu asu nnansa yi.
Enti ɛdenam Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw nhyehyɛe no so no, wɔaboa Yehowa Adansefo ma wɔadi Yehowa mmara a ɛyɛ pɛ a ɛse wɔntwe wɔn ho mfi mogya ho no so, a wonnyaee wɔn mudi mu, na wɔda so nya ayarehwɛ a wohia. (Dwom 19:7) Nokwarem no, wɔakɔ so adi nkonim wɔ yi a wɔreyi ntawntawdi a na anka ɛwɔ hɔ mmere bi afi hɔ no mu. Afei nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow anya sɛnea wobetumi anya nnuru a mogya nnim de adi dwuma ho nimdeɛ kɛse mprempren. Ama ayarefo, abusuafo, mfɛfo Kristofo, ne ayaresabea adwumayɛfo anya nea obiara hwehwɛ—ɔyarefo ahotɔ a edi mu.—Ayaresabea Amanneɛbɔ Asoɛe a ɛwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no wiase nyinaa dwumadibea ti na wɔkyerɛw mae.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛwɔ Engiresi kasa nkutoo mu.
[Kratafa 26 mfonini]
Nkitahodi Boayikuw ne oduruyɛfo bi susuw nsɛm ho
[Kratafa 27 mfonini]
“Family Care”