Oduruyɛfo Ne Ɔyarefo Ntam Nkitahodi—Ɛno Na Ɛde Yiyedi Ba
WƆ 1980 mfe no mfiase no, na ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ wɔde akokoduru hwehwɛ nea ɛbɛma nkitahodi pa abɛda Yehowa Adansefo ne nnuruyɛfo ntam. Enti Yehowa Adansefo Sodikuw no yɛɛ nhyehyɛe bi a ɛbɛma abusuabɔ a mfaso wɔ so abɛda wɔne nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow ntam.
Ananmusifo a wofi Adansefo no wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York City no kɔsraa ayaresabea akɛse pii a ɛwɔ kurow no mu. Ayaresabea adwumayɛfo pii ani gyee eyi ho, na ɛyɛɛ nea biakoyɛ begyina so aba mmom sen ntawntawdi. Eyi akyi no ananmusifo no yɛɛ ntetee sukuu ahorow wɔ nkurow akɛse mu wɔ ɔman no mu nyinaa. Ntetee yi fa bi ne sɛ wɔde kurow biara mu Yehowa Adansefo mu asomfo kɔɔ wɔne ɛhɔnom nnuruyɛfo nhyiam biara ase na atete asomfo no ma wɔatoa dwumadi no so. Bere a woduu Chicago, Illinois, U.S.A. no, wɔne Journal of the American Medical Association no samufo hyiae. Eyi ma wonyaa hokwan kyerɛw sɛnea nnuruyɛfo betumi ne Yehowa Adansefo ayɛ adwuma ho asɛm.a
Bere tiaa bi no, wɔmaa ntetee ne akwankyerɛ pii na Adansefo a wɔwɔ aman afoforo so no nso afi ase anya dwumadi ahorow a ɛte saa mu kyɛfa.b Sɛ nhwɛso no, bere a wɔawie sukuu a ɛte saa wɔ Canada akyi no, wɔhyehyɛɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw (wɔato din wɔ hɔ sɛ Aduruyɛ Ho Nkitahodi Boayikuw) na wɔmaa wɔn ntetee. Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ ɔpɛ na wobetumi ne nnuruyɛfo, asetra mu nsɛm ho adwumayɛfo ne ayaresabea adwumayɛfo akasa na wɔwɔ boayikuw biara mu.
Wɔne amansin asoafo a wɔhwɛ nnuruyɛ so, nnuruyɛ ne ayaresabea fekuw ahorow so mpanyimfo ne nnuruyɛ mu mpanyimfo afoforo yɛɛ nhyiam. Nhyiam ahorow yi boa maa nnuruyɛfo tee Yehowa Adansefo nsɛm ase yiye. Enti wɔtoo nhyɛase pintinn maa daakye nkitahodi.
Mmoa Fibea a Ayɛ Krado
Bere tenten ni na wɔahu sɛ amanneɛbɔ a ɛteɛ tumi boa ma wɔkwati akasakasa a ebetumi aba nokware Kristofo ne nnuruyɛfo a wɔde mogya di dwuma ntam no. Wɔ 1960 mfiase mu no, wofii ase kyerɛw nnuruyɛfo a wɔpɛ sɛ wɔboa din too hɔ wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti. Na eyinom yɛ nnuruyɛfo a wɔahu nnuru a wɔde si mogya ananmu wɔ aduruyɛ mu. Akyiri yi, sɛ oduruyɛfo anaa ayaresabea bi ntumi nni tebea bi ho dwuma a, boayikuw bi betumi akogye nnuruyɛfo afoforo din. Na afei wobetumi de ɔyarefo no akɔma nnuruyɛfo afoforo.
Ade foforo a wotumi yɛ bio ne sɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no betumi ama oduruyɛfo a ɔwɔ mpɔtam hɔ no ne ne mfɛfo nnuruyɛfo a wɔwɔ osuahu no akasa wɔ telefon so. Ɛtɔ mmere bi a, nkitahodi a ɛba mpofirim yi tumi maa nnuruyɛfo sakraa wɔn ayaresa mu a ampira ɔyarefo no. Enti, wɔ ɔyarefo no ne oduruyɛfo ntamgyinafo a wɔyɛe mu no, boayikuw ahorow no ho akokwaw wɔ ɔyarefo ne oduruyɛfo nyinaa ɔhaw a ɛba bere a ɛsɛ sɛ wɔde mogya ma a wosiw ano no so tew.
Adanse a Ɛkyerɛ Sɛ Eye
Na Sonya adi mfe 13 wɔ 1989 mfiase na ohui sɛ kokoram atɔ n’ani biako ase. Oduruyɛfo bi kaa sɛnea oprehyɛn a wɔbɛyɛ no yɛ den no ho asɛm kyerɛɛ Sonya ne n’awofo. Esiane sɛ na ɛretrɛw nti, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ oprehyɛn no ntɛm. Na ɛsɛ sɛ wɔma no nnuru bi a ekum nkwa mmoawa enti wɔkae sɛ n’awofo mma wɔmma no mogya. Nanso esiane abusua no nyamesom mu gyidi nti wɔampene so. Na oduruyɛfo a ne ho akokwaw a ɔhwɛ Sonya no wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ oprehyɛn no, efisɛ na onim sɛ obetumi ayɛ a ɔmma no mogya. Nanso, esiane ayaresabea hɔ mmara nti, na oduruyɛfo no nnya nea ɔbɛhwɛ ma wakɔ so atra nkwa mu wɔ oprehyɛn no mu a ɔbɛboa no.
Jonathan yɛ Michael ne Valerie babarima panyin. Wɔ 1989 awiei mu hɔ a na wadi mfe 16 no, nnuruyɛfo ka kyerɛɛ wɔn sɛ ade kɛse bi ahon Jonathan tan ho. Na ɛte sɛ nea nnuruyɛfo mpɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn a wɔmma no mogya, nanso wɔkyerɛɛ obu maa abusua no nyamesom mu gyinabea no, na wɔde akokoduru yɛe. Bere a ne ho resan no no, nsɛnnennen a ɛyɛ aniberesɛm sɔree. Jonathan mogya so tewee na ɛkɔɔ fam koraa. Wɔ oprehyɛn a ɛto so abien mu no, ɔhweree mogya pii, ne hemoglobin kɔɔ fam koduu 5.5, a ɛyɛ nea anka ɔwɔ nyinaa mu nkyem abiɛsa mu biako pɛ. Oduruyɛfo suani no kae sɛ: “Wo ba no tebea resɛe. Yenhu nea yɛnyɛ. Sɛ wanye mogya a ebia obewu!” Dɛn na wɔbɛyɛ?
Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow de mmoa kɛse mae wɔ nsɛm a esisii wɔ Canada yi mu. Biako maa Sonya abusuafo awerɛhyem sɛ sɛ ɛkyere so a, wobetumi ayɛ nhyehyɛe na wɔde no akɔ ayaresabea wɔ ɔman foforo so. Nanso na dɛn na wobetumi ayɛ na ɔbea oduruyɛfo a onim yare no ho biribi dedaw no atumi ayɛ n’adwuma? Nokwarem no, na oduruyɛfo yi afa Sonya adamfo araa ma waka sɛ bere biara a wɔbɛyɛ oprehyɛn no, ɔbɛka nnuruyɛfo no ho. Nanso na ɛho nhia sɛ wɔde no kɔ ɔman foforo so. Boayikuw no mufo tumi ne ɛhɔnom nnuruyɛfo kasae ma wɔpenee so sɛ wɔbɛboa oduruyɛfo no. Oduruyɛfo no kae sɛ, wɔ oprehyɛn a edii nnɔnhwerew awotwe ne fã akyi no, nsɛm a edi kan a Sonya bisae ne sɛ wɔama no mogya anaa. Hwɛ sɛnea Sonya ani gyei bere a wɔkae sɛ dabi no!
Wɔ Jonathan asɛm no mu no, bere a ne mogya kɔɔ fam koduu 5.5 wɔ oprehyɛn abien akyi no, nnuruyɛfo no susuwii sɛ ɛsɛ sɛ wɔma no mogya na wanwu, na na wɔpɛ sɛ wokogye hokwan wɔ asennibea na wɔhyɛ no ma no mogya. Nanso Jonathan gyidi a emu yɛ den ne sɛnea n’ankasa siw mogya a wɔde bɛma no kwan no maa wɔtwentwɛn wɔn nan ase. Jonathan bɔ amanneɛ sɛ: “Misoo Dr.——kɔla mu na mehwɛɛ n’anim na mekae sɛ, ‘Minnye mogya anaa biribiara a wɔde mogya ayɛ, WATE!’” Anuanom a wɔwɔ boayikuw no mu no boa ma wɔyɛɛ nhyehyɛe de Jonathan kɔɔ ayaresabea kɛse mu. Bere a oduu hɔ no, na boayikuw no muni wɔ ayaresabea hɔ a ɔne nnuruyɛfo no akasa dedaw. Da a edi hɔ no Jonathan hemoglobin no ankɔ fam bio. Ne mogya a na ɛkɔ fam no fii ase kɔɔ soro, na oprehyɛn a wɔyɛɛ no nea edi kan no akyi nnafua 15 no woyii no.
Ɛda adi sɛ, esiane sɛ nnuruyɛfo ne ayaresabea adwumayɛfo pii fi wɔn pɛ mu sɛ wɔne Yehowa Adansefo Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw bɛyɛ adwuma nti, yebetumi ahwɛ kwan sɛ tebea no bɛkɔ so ayɛ yiye.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛwɔ How Can Blood Save Your Life? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. no tintimii no nkratafa 27-9.
b Mprempren Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw 100 na wɔwɔ United States, 31 wɔ Canada, 67 wɔ France, ne afoforo wɔ aman ahorow so wɔ wiase nyinaa.