Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/91 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EDI KAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
  • DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Yɛn Ahenni Som—1991
km 1/91 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EDI KAN

Dwom 80

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Munsusuw nsɛmma nhoma a mode bedi dwuma dapɛn awiei no mu nsɛntitiriw pɔtee ho.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Nnapɔnna no Mu.” Nsemmisa ne mmuae.

15 min: Asɛmti “Yehowa ne Yɛn Guankɔbea” ho ɔkasa a ɛyɛ anigye. Ka 1984 Yearbook mu osuahu ahorow yi kyerɛ: Kratafa 32, nkyekyem 2, si so dua sɛ ehia sɛ mmofra a wɔkɔ sukuu de anoyi ma wɔ asɛmpa no ho wɔ sukuu, na Yehowa behyira wɔn mmɔdenbɔ no so. Nkratafa 88 kosi 91 ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa kyerɛ yɛn yiyedi ho anigye yiye, na obehyira sɛnea yɛasi yɛn bo sɛ yebegyina pintinn wɔ nsa a ɛda yɛn dwumadi so mu no so wɔ asɛmti ketewaa “Under Angels’ Wings” no ase.

Dwom 42 ne mpaebɔ a wode wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIEN

Dwom 76

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka. Kamfo anuanom wɔ “ahonyade a ɛnteɛ” a wɔde di dwuma ɔkwan pa so no ho. (Luka 16:9; it-z. kr. 806)

20 min: “Abusua Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ.” Nsemmisa ne mmuae. Ma ɔwofo biako anaa baanu nka nea wɔayɛ na ama wɔn abusua Bible adesua de afotu ne anigye ama sɛnea bere ma kwan.

15 min: Ma asɛmti “Yehowa ma Ne Nkoa Anokwafo Akatua” ho ɔkasa. (1 Kor. 4:2) Fa 1984 Yearbook mu osuahu ahorow a edidi so yi ka ho: Kratafa 94, nkyekyem 1 ne 2, kyerɛ sɛ Yehowa nnyaw yɛn wɔ ɔhaw mu ɛwom mpo sɛ wɔsɔ yɛn hwɛ kɛse de. (2 Kor. 4:7-9) Kratafa 205. nkyekyem 2 ne 3, si sɛnea ehia sɛ yenya Yehowa mu ahotoso na yɛyere yɛn ho ankasa sɛ yɛbɛsɔ n’ani​—wɔ honam fam sintɔ ne gyidi ho sɔhwɛ ahorow nyinaa akyi so dua.

Dwom 221 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA

Dwom 126

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Asemmisa Afã. Ka Teokrase Nsɛmmansɛmma mu nsɛm sɛnea bere ma kwan.

15 min: “Asɛnka Adwuma​—Hokwan a Yɛwɔ a Ɛsom Bo.” Ma no sɛ ɔkasa, hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe yiye na woayɛ asɛnka adwuma kɛse. Fa asɛnka nhyehyɛe a wɔayɛ ama kuw no to gua.

20 min: “So Woasiesie Wo ho sɛ Wubegyina Aduruyɛ mu Tebea a Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano?” Ɔkasa a egyina krataa a ehyem no so. Sɛ yehyia aduruyɛ ho nsemmisa a, ɛnyɛ anoyi a ɛne Kyerɛwnsɛm hyia nko na ehia sɛ yɛde ma, na mmom nea ɛyɛ nokware turodoo wɔ aduruyɛ ne mmara mu nso. Boa atiefo mma wonhu sɛnea nhumu ho hia bere a wobua nsɛm a nnuruyɛfo bisa a ebia wɔpɛ sɛ wɔde sum yɛn afiri no. Yɛ nsɛm a wobisa wɔ krataa a ehyem no nkyekyem 30 kosi 37 no mu abien ho ɔyɛkyerɛ tiawa.

Dwom 93 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANAN

Dwom 91

10 min: Asafo nkaebɔ. Fa nsɛmma nhoma a mowɔ (dedaw ne foforo) no mu nsɛm a mode bedi dwuma ho nyansahyɛ ma.

15 min: “Yehowa Rekyerɛkyerɛ Yɛn.” Sukuu sohwɛfo ne atiefo susuw asɛm ho. Bisa osuani a ɔyɛ nhwɛso pa nsɛm, ma onsi ne ho a odi kan siesie ne ɔkasa ho afotu krataa no so ɔkasa su ho dwuma a odi mu mfaso a onya so dua.

20 min: Tĩ “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam mu nsɛntitiriw mu anigye so. Esiane sɛ pii antumi ankɔ nhyiam no nti, bɔ mmɔden yiye sɛ wobɛma ɔfã yi ayɛ nea ɛma wonya nneɛma mu ntease ne denhyɛ. Ma afoforo pii a wɔkɔɔ bi no nni kan nsiesie wɔn ho na wɔaka nsɛntitiriw no bi. Sɛ moatĩ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu dedaw a, ɛnde wubetumi ama November 15, 1990, Ɔwɛn-Aban no mu asɛm a ɛne ‘Mommɔ Mpae Mma mo ho mo Ho’ no ho ɔkasa.

Dwom 55 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena