Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/91 kr. 1-8
  • Abusua Bible Adesua A Etu Mpɔn A Yɛbɛyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abusua Bible Adesua A Etu Mpɔn A Yɛbɛyɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA MUBESUA NE AKWAN A MOBƐFA SO ASUA
  • So Mobom Sua Ade Sɛ Abusua?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Abusua Bible Adesua—Kristofo Ahiade a Edi Kan
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Munsua Onyankopɔn Asɛm Daa Sɛ Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Abusua Adesua a Ɛde Anigye Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 1/91 kr. 1-8

Abusua Bible Adesua A Etu Mpɔn A Yɛbɛyɛ

1 Nnwuma a ehia titiriw a awofo yɛ no biako ne wɔn mma a wɔkyerɛkyerɛ wɔn nokware no. Ɛyɛ asɛyɛde a Yehowa na ɔde ama wɔn. (Deut. 6:6, 7) Mmofra hia akwankyerɛ na wɔanantew pɛyɛ mu wɔ amumɔyɛ wiase mu. Ehia sɛ wosua sɛnea wɔbɛdɔ Yehowa ne nokware no, na wosi wɔn bo sɛ wɔbɛtra mu. September 1, 1988, Ɔwɛn-Aban, kratafa 21, kae sɛ: “Wɔ asɛyɛde afoforo a mowɔ anaasɛ ɔhaw ahorow a muhyia nyinaa akyi no, ehia sɛ muhu bere a mode di dwuma de tra mo mma nkyɛn no sɛ ɛho hia titiriw. Bere a mode bedi dwuma de abom atra faako no bɛma mode honhom mu nnyinasosɛm pa a ɛbɛbɔ mo mma koma ho ban na ɛde wɔn afa ɔkwan a ɛteɛ no so no ahyɛ wɔn mu.”

2 Sɛ mmusua bedi akwankyerɛ a wɔde ama wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no akyi a, ɛsɛ woyi bere si hɔ de yɛ abusua adesua. Ehia sɛ mmusua ti bu abusua no honhom fam nneɛma ho dwuma a wobedi no sɛ ehia titiriw. Sɛ wɔamma wɔn ani anku abusua no honhom fam ahiade ho sɛnea ɛsɛ mprempen a ɛda adi sɛ ebehia sɛ awofo di ɔhaw ahorow a anibere wom ho dwuma daakye.

NEA MUBESUA NE AKWAN A MOBƐFA SO ASUA

3 Dɛn na ɛsɛ sɛ musua? Abusua ti no na obetumi ahu nea abusua no hia asen obiara. Obetumi abisa afoforo no adwene wɔ nea ɛho bɛba wɔn mfaso no ho, na wasusuw wɔn nyansahyɛ ahorow no ho. Fakaayɛ bɛma abusua no adesua no ayɛ nea mfaso wom na ɛkanyan anigye. Mmusua pii paw sɛ wobesua Ɔwɛn-Aban no mu dapɛn biara adesua no. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ebia ebehia sɛ wosusuw nsɛmti pɔtee bi a ɛka ɔhaw ahorow a mmofra hyia wɔ sukuu ho nsɛm ho. Wobetumi asusuw nhyehyɛe a wɔyɛ fi adi, sukuupɔn akyi dwumadi ahorow, agumadi, ne ɔbrabɔne su horow ho nsɛm a wɔatintim ho wɔ ɔkwan a ɛma denhyɛ ne nkuranhyɛ so. Ehia titiriw sɛ abusua ti no bɛkɔ so asan ahwɛ nsɛm a abusua no hia ne sɛnea obetumi adu wɔn komam yiye no mu.​—Hwɛ December 1, 1971, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 381-382.

4 Ɛsɛ sɛ moyɛ adesua no wɔ ɔkwan bɛn so? Ma tebea no nyɛ nea hwee nhaw obiara adwene nanso wɔkyerɛ obu wom. Kwati nneɛma a wɔyɛ no kyenkyenee ma ɛtra so. Bisa nsɛm afoforo, na fa mfatoho di dwuma fa kanyan wɔn ma wonnwen, na ma obiara mfa ne ho nhyem bi. Wubetumi de mfonini te sɛ asase mfonini ne akontaabu apon adi dwuma ama asɛm no atu mpɔn kɛse. Wubetumi agyina mfe a mmofra no adi, ne nea wotumi yɛ no so ama wɔn dwumadi ma wɔahwehwɛ asɛm bi wɔ Index no anaa Insight nhoma no mu. Ma mmofra nkumaa mfa wɔn ho nhyɛ adesua no mu bi bere a wotumi ma mmuae ara pɛ no. Wubetumi abisa nsɛm a ɛnyɛ den a ɛhwehwɛ sɛ wɔka nsɛm kakraa bi de bua. Mfa adesua mmere no nni dwuma nyeyaw mmofra no. Mmom no, kamfo wɔn, kyerɛ wɔn mmɔdenbɔ no ho anisɔ. na fa anigye ka honhom mu nneɛma ho asɛm kyerɛ wɔn.

5 Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ woredu wɔn koma mu? Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ankasa nsɛm mma mmuae. Fa nsemmisa a wode behu wɔn adwene di dwuma anifere kwan so fa hu nea ɛwɔ wɔn koma mu. Wubetumi abisa sɛ: “Mmofra a wɔwɔ mo sukuu mu no te nka dɛn wɔ asɛm yi ho? So mo adwene mu yɛ mo naa wɔ asɛm yi ho?” Hwɛ yiye na woanyɛ mmuae a ebia mmofra no de bɛma wɔ nsemmisa a wode hu wɔn adwene no ho ho ade antra so. anyɛ saa a, ebia wo mma no remfa nokwaredi mfi wɔn pɛ mu nkyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ho. Ma wɔn bere na wɔmfa nkasa. Sɛ wohu sɛ wowɔ wɔn ho anigye na wudwen wɔn haw ahorow ho a, ɛbɛma wo nkyerɛkyerɛ ayɛ mmerɛw kɛse.​—Hwɛ April 1, 1987, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 23-5.

6 Ma ɛntra w’adwene mu sɛ w’abusua adesua no atirimpɔw titiriw ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa nsusuwii na ɛnyɛ sɛ wobenya mmuae no kɛkɛ na wɔaka wɔ asafo nhyiam ase. (Efe. 3:17-19) Eyi kyerɛ sɛ wobɛyere wo ho na asɛm no adu wɔn koma mu. Kyerɛ abusua no nea enti a ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde ne nea enti a ɛyɛ adepa a ɛsen biara wɔ asetra mu.

7 Daa abusua adesua ho hia na woahyɛ abusua no den honhom mu. Ɛtete mmofra no na esiesie wɔn ma wogyina asetra mu ɔhaw ahorow ano. Mo awofo na mubetumi aboa mo mma asen obiara. Monyɛ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama mo yi. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ mobɔ mmɔden biara sɛ mobɛyɛ abusua Bible adesua a etu mpɔn daa a, Yehowa behyira mo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena