Abusua Bible Adesua—Kristofo Ahiade a Edi Kan
1 Mpɛn pii wɔ faako a nsɛnnennen a anibere wom sɔre wɔ mmusua mufo a wɔyɛ gyidifo ntam, titiriw nea ɛfa mmofra a wonnii mfe 20 ho no, na wɔmmfaa ani nkɔɔ abusua Bible adesua so sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ no. Ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛbɛka, nanso mmusua pii a mpanyimfo ne asafo mu asomfo binom mpo de ka ho, rehyia nsɛnnennen a ɛne sɛnea wiase nkɛntɛnso ahorow renya wɔn mma a wɔkɔ sukuu no.
2 Ɔmansin sohwɛfo bi kyerɛw faa anuanom binom a wɔrehyia wɔn mma ho nsɛnnennen ho nnansa yi. Ɔkae sɛ ɛte sɛ nea asɛnnennen no ntini ne Bible ɔkyerɛkyerɛ a wɔmmfa ani nkɔ so wɔ ofie hɔ no bere nyinaa. Nhwehwɛmu bi a ɔmansin sohwɛfo bi yɛe nnansa yi daa no adi sɛ wɔ asafo ahorow bi mu no nea edu ɔha biara mu 50 na wɔnnyɛ abusua Bible adesua daa.
AHIADE A EDI KAN
3 Yehowa tuu Israelfo awofo fo sɛ: “Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deut. 6:6, 7) Yiw, wɔkyerɛkyerɛɛ Israelfo awofo sɛ wonsusuw saa asɛm yi ho anibere so.
4 Sɛ mmusua betumi adi akwankyerɛ ahorow a wɔde ama wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no akyi a, ɛsɛ sɛ woyi bere si hɔ de yɛ abusua adesua daa. Ehia sɛ mmusua ti de nsiyɛ yɛ abusua adesua daa a wonnyae, na ɛsɛ sɛ abusua mufo nso boa saa ara ma abusua ɔsom fã yi di yiye ma ɛho ba ofi no mufo nyinaa mfaso. Ɛho hia sɛ obiara hu sɛ sɛ wɔammfa ani ankɔ ofi no mufo honhom mu ahiade so yiye mprempren a, ɛda adi yiye sɛ ɛbɛyɛ nea wobedi nsɛnnennen a anibere wom na ɛyɛ yaw ho dwuma daakye.
SƐNEA WOBƐDANNAN ADESUA NHYEHYƐE MU
5 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ adesua no dɛn? Dɛn na ɛsɛ sɛ wosua? Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na bere tenten bɛn? Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ woadu abofra no komam? Nea ɛbɛyɛ na woanya nsemmisa yi ho mmuae no, yɛsrɛ wo hwɛ April, 1987 Ɔwɛn-Aban, kratafa 24.
6 Nneɛma bi a ɛho hia ma abusua adesua a edi yiye ne anigye ne ɔhyew a awofo da no adi no. (Fa toto Dwom 40:8 ho.) Afei nso, ɛho hia sɛ awofo kamfo mmofra no wɔ wɔn mmɔden a wɔbɔ ho na wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔde Yehowa nnyinasosɛm ahorow di dwuma.
7 Onuawa bi suaa nokware no bere a na ne mma mu baawɔtwe da so wɔ fie. Ɛwom sɛ na ɔwɔ okunu a onnye nni a na ɔne no nyɛ adwene de, nanso ɔhwɛe sɛ ɔde ani bɛkɔ ne mma no honhom mu yiyedi so sɛnea ɛfata. Ɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ asɛnka ne nhyiam horow a ɔde ne ho hyɛ mu no mu. Wɔ asɛnka akyi no, ɔhwɛ ne mma no anim sɛ wɔn ani agye anaa. Sɛ wɔn ani nnyei a, ntɛm ara ɔhwɛ sɛ ɔbɛhyɛ wɔn nkuran. Sɛ wɔtew wɔn ho kɔhyɛ wɔn dan mu a, ofi ɔdɔ mu ne wɔn kasa na ɔma wɔka nea ɛhaw wɔn na ɔde Onyankopɔn Asɛm hyɛ wɔn nkuran. Nea efii mu bae ne sɛ ne mma no nyinaa wɔ nokware no mu. Baasa ayɛ daa akwampaefo, na eyinom mu baanu asom wɔ Betel. Wohyiraa ne mmɔdenbɔ no so kɛse efisɛ ɔde wɔn honhom fam yiyedi dii kan bere nyinaa. Fa toto 3 Yohane 4 ho.
8 Sɛ awofo ma wɔn ani kɔ wɔn mma honhom fam ahiade so bere nyinaa a, wobetumi anya nhyira horow pii. Bere a mmofra no hu bo a Onyankopɔn mmara som na wogye di yiye sɛ eye na mfaso wɔ so ampa no, wɔrenntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛma afoforo ahu nea wogye di no denam asɛm ne nneyɛe so. (Dw. 119:165) Enti, awofo, momfa anigye mma mo abusua adesua no nnya dibea a ɛfata no no.