Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 7/8 kr. 19-21
  • So Ɛsɛ Sɛ Meyɛ Adwuma Bere a Merekɔ Sukuu No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ Sɛ Meyɛ Adwuma Bere a Merekɔ Sukuu No?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Wɔyɛ Adwuma
  • Susuw Ho
  • Kari Pɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Asiesie Me ho Ama Adwumayɛ?
    Nyan!—1992
  • So Ɛsɛ Sɛ Mekɔ Sukuu?
    Nyan!—1984
  • Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nya Nea Eye Sen Biara Fi Sukuu Mu
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 7/8 kr. 19-21

Mmofra Bisa Sɛ. . .

So Ɛsɛ Sɛ Meyɛ Adwuma Bere a Merekɔ Sukuu No?

NNA a wɔde kɔ sukuu yɛ bere a mmofra pii nni adagyew. Adesua dan mu nkyerɛkyerɛ gye dapɛn mu da biara mu mmere no mu fã kɛse. Ofie dwumadi ne adesua mma wonnya kwan anwummere. Na ɛno akyi no fie nnwuma pii a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ hɔ.a

Wɔ Atɔe fam aman so no, sukuufo mmofra taa hwɛ dapɛn awiei kwan sɛ agoru ne ahomegye bere. Nanso wɔ wiase mmeae pii no, dapɛn awiei nyɛ ahomegye. Wɔ Afrika nkuraase sɛ nhwɛso no, mmofra taa de wɔn dapɛn awiei boa wɔn awofo wɔ mfuw mu de yɛ adwuma si bere a wɔde kɔɔ sukuu dapɛn no mu no ananmu. Na wɔ Yehowa Adansefo fam no, mmofra no san wɔ asɛyɛde foforo a ɛne kyɛfa a wonya wɔ afie afie asɛnka adwuma ne Kristofo nhyiam horow kɔ mu no.​—Hebrifo 10:23-25.

Enti ebia ɛbɛyɛ te sɛ mmofra a wɔwɔ Afrika rempɛ sɛ wɔde honam fam adwuma a ɛyɛ adesoa foforo bɛto wɔn ho so. Nanso mmofra a wɔte sɛɛ pii reyɛ adwuma wɔ akwan horow pii so: wɔyɛ wɔn ankasa mfuw na wɔtɔn mu nnɔbae, wɔnwene ntama, anaasɛ nkɛntɛn tontɔn wɔ gua so. Afoforo nso yi mpataa, tontɔn atesɛm nkrataa, na wɔtetew anaasɛ wɔtɔn nnuaba.

Nanso, dɛn nti na mmofra yi yɛ honam fam nnwuma? So ɛno ankasa kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ saa ara?

Nea Enti a Wɔyɛ Adwuma

Mmofra bi wɔ hɔ a, esiane nsɛm tebea a wontumi nyɛ ho hwee, te sɛ ɔwofo wu nti, ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma (Eyi betumi ama abofra ayɛ nea onni obi a ɔbɛhwɛ no ma wakɔ sukuu.) Nanso, mmofra binom yɛ nnwuma na amma wɔanyɛ wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn awofo so bere nyinaa

Susuw Kofi, abrantewa bi a ɔwɔ Ghana no ho. Bere a ɔkɔ mfiridwuma ho sukuu no, da biara da ɔpɔn sukuu a, ɔde nnɔnhwerew abien di paa wɔ afuw mu.b Kofi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na m’awofo ahwɛ me ma makɔ mfitiase sukuu. Nanso na mempɛ sɛ mede me ho to wɔn so wɔ biribiara a mihia ho. Enti mifii ase yɛɛ honam fam adwuma. M’ani gyei sɛ na mitumi totɔ m’ankasa nhoma na mitua me lɔre akatua.”

Na Kofi nua Moses nso yɛ adwuma. Bere a Moses rekɔ ntoaso sukuu no, ɔkyerɛɛ mmofra ade wɔ fie. Nanso bere a Kofi de ne sika no hwɛɛ ne ho sɛnea ɛfata no, Moses de ne sika no bi hwɛɛ n’abusua mufo. Dɛn ntia? Esiane sɛ ofi abusua a emu mmofra yɛ baawɔtwe mu nti, ɔkae sɛ: “Adwuma a mede me bere fã yɛe no boaa m’awofo wɔ me nuanom hwɛ mu.” Afei ogye tom nso sɛ n’ani gyei sɛ n’ankasa tumi totɔɔ ne ho nneɛma.

Sɛ obi de sika fam mmoa bɛma n’awofo bere a ɛho hia ankasa no betumi ayɛ nidi a ɛsɛ wɔn a ɔde ma wɔn. (Efesofo 6:1, 2) Nanso bere koro no ara mu no, mfomso biara nnim sɛ obi bɛyɛ adwuma de anya n’ankasa sika a obedi.

Adwuma a abofra bɛyɛ no nso betumi ama wate nka kɛse sɛ ɔwɔ asɛyɛde. Ebetumi aboa ama abofra ho akokwaw wɔ adwuma bi a akyiri yi obetumi ayɛ de ahwɛ n’abusua mu. Sɛ nhwɛso no, Yesu Kristo ankasa ne n’asase so agya yɛɛ adwuma de suaa duadwumfo adwuma no bere a ɔyɛ abofra no. (Mateo 13:55; Marko 6:3) Nanso, “wɔatwa bere no tiaa” ama wiase yi, na ɛsɛ sɛ abofra nyansafo hwɛ hu sɛ ɔde ne bere yɛ nea mfaso bɛba so. (1 Korintofo 7:29; Efesofo 5:16) Enti ansa na wobɛyɛ adwuma bi no, ɛsɛ sɛ wuhu biribiara a ɛfa ho​—a w’ankasa botae horow ka ho.

Susuw Ho

Nsemmisa ahorow bi a wubetumi asusuw ho ne sɛ: So m’awofo hia anaasɛ mpo wɔpɛ me sika fam mmoa no? Anaasɛ wɔpɛ kakraa a wɔwɔ no ara na m’ani aku me sukuu dwumadi ne honhom mu nkɔso ho? So mihia sika ankasa anaasɛ meregyaa me ho mu ama “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa”?​—1 Yohane 2:16.

Onyansafo Salomo kae sɛ: ‘“Mahu nea enti a nnipa yɛ adwumaden na wadi yiye no nso: efisɛ wɔn ani bere nneɛma a wɔn mfɛfo wɔ no. Nanso mfaso nni so. Ɛte sɛ nea wodi mframa akyi . . . . Eye sɛ wubenya ade ketewa bi pɛ a asomdwoe ka ho sen sɛ wobɛbrɛ bere nyinaa ahwehwɛ sɛ wobɛkyere mframa.”​—Ɔsɛnkafo 4:4-6, Today’s English Version.

Ade foforo a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne nkɛntɛnso a adwumayɛ betumi anya wɔ wo sukuukɔ so no. Kofi a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Wɔ me mfiridwuma sukuukɔ afe a edi kan a na menyɛ honam fam adwuma biara no, na mebɔ mmɔden yiye. Afei afe a ɛto so abien a mifii ase yɛɛ adwuma no dui, na me mmɔdenbɔ fii ase kɔɔ fam. Mitumi yɛɛ nea ɛboro kakraa a wɔhwehwɛ no, nanso na ɛyɛ ɔbrɛ nkutoo.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States ada no adi sɛ “adwumayɛ ma sukuu mu mmɔdenbɔ so tew na mmofra ho a wɔde hyɛ sukuu mu no kɔ fam.”

So wokae Kofi nua Moses a na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo adwuma no? Ɔka sɛ: “Sɛ woanhwɛ no yiye a, wubegye adesuafo pii asen nea wubetumi de bere kakraa no akyerɛ wɔn ade.” Mawuli yɛ Afrikani foforo a ɔde bere fã yɛɛ adwuma sɛ mpataayifo. Ɔka sɛ: “Sɛ nnam ba mpoano pii a na ɛsɔ wo hwɛ. Wo te nka sɛ gyaw nhoma no gu hɔ na kɔpɛ sika pii. Akuraa no ase hɔ mmarimmaa no mu pii yɛɛ saa ma wogyaee sukuu.”

Sukuukɔ a wɔde adwumayɛ ka ho no betumi ama abofra abrɛ araa ma apira no wɔ honhom fam. Ebetumi ama ayɛ den sɛ ɔbɛkɔ Kristofo nhyiam anaasɛ ɔkɔ hɔ a, ɔmfa n’adwene nsi dwumadi no so. Ontumi nyɛ ne kokoam Bible ne Bible sua nhoma mu adesua.

Kari Pɛ

Nanso, bere a wo ne w’awofo asusuw nsɛm no nyinaa ho akyi no, ebia mubesi gyinae sɛ eye sɛ wobɛyɛ adwuma. Wobɛyɛ dɛn adi tebea no ho dwuma wɔ ɔkwan a eye kyɛn so so?

Obi ho so a ɔbɛhwɛ no yiye no ho hia. Ɔsomafo Paulo kaa n’ankasa mmɔdenbɔ ho asɛm sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya.” (1 Korintofo 9:27) Egye wo ho so a wobɛhwɛ no yiye na watumi akora​—ɛnyɛ sɛ wobɛsɛe​—sika a wubenya no so. Ebegye wo ho so a wobɛhwɛ no yiye nso na wode wo bere a aka no adi dwuma wɔ ɔkwan pa so. Nokwarem no, agodi ne ahomegye a ɛfata wɔ nea etumi yɛ na ɛma adwuma sow aba pii. Nanso hwɛ yiye na nneɛma a w’ani gye ho ne ahomegye ansɛe fie dwumadi ne honhom fam nneɛma.

Enti ebehia sɛ woyɛ adesua bere ho nhyehyɛe pa​—na wudi so. Sɛ nhwɛso no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wufi wo fie dwumadi ase ntɛm bere a wafi sukuu aba no, a worentwɛn kosi bere a wadidi awie akyi a w’ani kum no. Ebinom nso pɛ sɛ wɔbɛda ntɛm na watumi asɔre ntɛm adi kan asua ade anɔpa. Nea ɛte biara no, ma w’adesua mmere nyɛ nea mfaso wɔ so sɛnea wubetumi. Mmɔ nnwom anaasɛ kwati dede afoforo biara. Sɛ woyɛ otiefo pa na wokyerɛw adesua mu nsɛntitiriw a, wo sukuu dwumadi a wɔde bɛma wo sɛ bɛyɛ wɔ fie no bɛkɔ so yiye.​—Fa toto Luka 8:18 ho.

Nanso nea ɛho hia sen biara ne wo honhom mu ahiade ahorow. (Mateo 5:3) Nea ɛbɛyɛ na wo nsa aka eyi no, ɛsɛ sɛ wuyi bere si hɔ de sua Bible, na wokɔ Kristofo nhyiam na wunya baguam som adwuma no mu kyɛfa. Nokwarem no, adwumayɛ a wɔde ka sukuukɔ ho no yɛ ɔbrɛ. Nanso sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ n’abien nyinaa a, ma honhom mu nneɛma ho nsɛm nni kan nhia wo. Bɔ Yehowa Nyankopɔn mpae daa na ɔmmoa wo na woakari pɛ wɔ honhom mu. Sɛ wusi adwumayɛ a wode bɛka sukuukɔ ho gyinae a, obetumi ahyɛ wo den na woagyina tebea no mu nhyɛso ahorow no ano.​—Yesaia 40:29-31.

[Ase hɔ nsɛm]

a Asɛm yi fa tebea a mmofra a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔanim mu hyia no ho titiriw. Nanso, nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ ha no gyina Bible nnyinasosɛm ahorow so ma enti ebetumi aboa mmofra a wɔwɔ wiase nyinaa

b Wɔ aman bi so no, sɛ abofra wie mfitiase sukuu a, obetumi akɔ ntoaso sukuu, (a wɔkyerɛ nneɛma pii wɔ hɔ no) anaasɛ mfiridwuma ho sukuu

[Kratafa 21 mfoni]

Afrikafo mmofra binom kɔyɛ adwuma bere a wɔapɔn sukuu. Nansa mfaso ne asiane ahorow bɛn na ɛwɔ saayɛ mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena