Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 8/8 kr. 8-10
  • Hena Na Mfomso no Fi No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Na Mfomso no Fi No?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnɛyi Abofra a Odi Mfomso​—Ɔkyena Ɔsabofo
  • Nsa a Ano Yɛ Den​—Aduru a Mmara Ma Ho Kwan
  • Nea Onyankopɔn Ka Fa Nsã Ho No, Ma Ɛntena W’adwenem
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Hwɛ W’asanom Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Sɛnea Wobɛka Nsã Ho Asɛm Akyerɛ Wo Mma
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Mfomso Bɛn Na Ɛwɔ Ho Sɛ Mɛnom Nsa De Aka Kar?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 8/8 kr. 8-10

Hena Na Mfomso no Fi No?

JIM VANDERWOOD a ɔyɛ Mohawk Valley Asabow Ho Nsɛm Boayikuw a ɛwɔ New York State muni no ka sɛ nnipa pii “pene asabow” so. Nanso nnipa kakraa bi pɛ na wobetumi aka nokwarem sɛ nsã a wɔnom no pii no nyɛ wɔn suban.

Mfe pii ni no, mmusua horow nyɛ wɔn a wɔtaa nom nsã ne wɔn a wɔnom boro so no mpo hwee. Eyi ahyɛ afoforo nkuran ma wɔasua saa su a ɛne nea wɔpɛ biara a wɔyɛ no. Sɛnea Vanderwood ka no: “Hwɛ sini ahorow no. Bere nyinaa yɛbɔ yɛn nsam ma nnipa a wotumi nom nsã pii nanso wotumi ko yiye no. Wobu no sɛ ade bi a ɛma obi nya ne ho mu ahotoso. Ɔkwan bɛn so na woko tia ɛno?”

Enti, bere a asodi da wɔn a wɔyɛ basabasa denam asabow a wɔde ka afiri so no so titiriw no, amanfo a wɔma biribiara ho kwan nam su a wɔwɔ wɔ nsa a ano yɛ den ho no so nya asodi no bi.

Jim Thompson a ɔyɛ nsɛmmɔnedi anosiw panyin no ka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ wɔpene asabow so nko, na mmom wɔhyɛ ho nkuran kɛse. Ɔka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Nsã adwuma, sɛ nhwɛso no beer ho adwuma no nti na wɔyɛ agokansi no mu pii.” Ɔkae sɛ sɛ wɔreyɛ agokansi no mu pii a, ade a “wɔbɔ ho dawuru titiriw wɔ TV so ne beer, na nnipa atitiriw no bɔ beer a wɔpɛ no dawuru.”

National Association of Broadcasters ne the Association of National Advertisers no sɔre fii nhyiam bi a wɔyɛe wɔ C. Everett Koop a anka ɔyɛ U.S. nnuruyɛfo panyin no akwankyerɛ ase no ase. Dɛn ntia? Efisɛ ɛkaa asabow a wɔde ka afiri ne wɔn a ɛho asodi da wɔn so no ho asɛm. Dr. Patricia Waller, a ɔyɛɛ Nhomasua ho Ntetee Bagua wɔ nhyiam no ase no titrani no kae sɛ: “Nokwasɛm no ne sɛ yɛn [ɔmanfo no] na yɛama asɛnnennen yi aba, na nnipa no nso ayɛ komm agyaa wɔn ho mu ama nhyɛso a yɛde aba wɔn so no nyinaa, efi bere a wonyini duu sɛ wotumi hu biribiara wɔ television so no. ‘Nanso,’ [amanfo ka sɛ] ‘Ɛnyɛ yɛn mfomso. Ɛno mfa yɛn ho.’”

Nnɛyi Abofra a Odi Mfomso​—Ɔkyena Ɔsabofo

Ɛdenam akwan horow pii te sɛ television, sini ne nneɛma ho dawurubɔ ahorow so no, wɔama asabow ayɛ sɛ adepa. Eyi ma abofra a ɛnkyɛ na biribi nya n’adwene so nkɛntɛnso no susuw sɛ, ‘Wubetumi anom nsa na wode anigye atra ase bere nyinaa.’

Oduruyɛfo T. Radecki a ɔyɛ National Coalition on Television Violence dwumayeni wɔ United States no ka sɛ: “Abofra biara behu sɛ wɔnom nsa wɔ TV so mpɛn 75,000 ansa na wanyin adu nea mmara ma no kwan sɛ obetumi anom nsa.” Anders Hansen a ɔyɛ nhwehwɛmufo wɔ Britania no yɛɛ mmofraase TV hwɛ ho nhwehwɛmu wɔ United Kingdom na ohui sɛ asabow ka dwumadi ahorow a egyina ayɛsɛm so no mu ɔha biara mu nkyem 71 ho. Sɛ wɔkyekyem a, wɔyɛ adehwɛ ahorow 3.4 a wɔnom nsa wom no dɔnhwerew biara, na Hansen dii yaw sɛ “emu kakraa bi pɛ na ɛkyerɛ nneɛma pɔtee a asabow de ba,” te sɛ afiri akwanhyia ne nnipakum.

Sɛnkyerɛwfo Colman McCarthy kaa ho asɛm wɔ The Washington Post no mu sɛ: “Nea ɛhyɛ wɔn a anka wɔyɛ mmirikatufo agoru a ɛte sɛ nsatɔnfo no akyi ne dawurubɔ a wɔde daadaa mmofra na wɔde kyerɛ kɔlegefo sɛ nsa a wɔnom pii no ho hia na ama wɔadi yiye wɔ asetra mu. Wosua fi mmarimaa a wɔka sɛ ‘ɛyɛ dɛ, nom kakra,’ sɛ wunkura kɔnkɔn a, na wonka ho” no nkyɛn.

Wɔ Rusia no, asabow a wɔde ka afiri yɛ ɔman no asɛnnennen kɛse. Mpanyimfo a wɔwɔ hɔ mu bi nnye nni sɛ wobetumi asakra sɛnea wɔnom nsa ka afiri no. Wɔn mu biako kae sɛ: “Ɛwɔ yɛn Rusiafo ntini no mu.” Bere a ebia eyi te saa no, ebinom bu no sɛ agodi bi. Enti mmofra a wɔn adwene yɛ hare no nyin wɔ asanom tebea yi mu.

J. Vanderwood kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ United States no wɔwɔ “mmofra a wɔnom nsa. Asanom te sɛ bɔɔlbɔ, anigye mmere. Asanom yɛ agodi, agodi yɛ asanom.” Ɔka sɛ: “Sɛ woamfa w’adwene ansi so na anyɛ wo su a, ennya wo so nkɛntɛnso.” Nanso ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Ade biako a yɛahu afi nhwehwɛmu mu, na wɔadi ho adanse yiye ne sɛ sɛ wufi ase nom nsa pii bere a wadi mfe 14, 15, anaa 16 a, ebetumi ayɛ wo suban wɔ afe biako mu. Sɛ ɛyɛ wo mfe 20 mfiase a, ɛbɛyɛ saa wɔ mfe kakraa mu.”

Ɛnde so ɛyɛ nwonwa sɛ ade titiriw a ekunkum wɔn a wɔadi mfe 16 kosi 24 wɔ United States ne asanom a ɛma wonya afiri akwanhyia? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno na ɛma nnipa pii wuwu wɔ aman afoforo pii so. Enti, Oduruyɛfo Waller de asɛm no ba awiei sɛ awofo a wonim nyansa a wɔbɔ mmɔden tete wɔn mma wɔ fie tebea a ɛnhyɛ asabow ho nkuran mu no ne tebea a wɔma biribiara ho kwan wɔ mu a “ani kyerɛ beae foforo” no di asi.

Enti, abofra a ɔnom nsa nnɛ no betumi abɛyɛ ɔsadweam daakye. Na ontumi nnyae, ma ɛno yɛ asiane kɛse wɔ akwan so. Obi a wadi mfe 34 a wanya akwanhyia boro pɛn koro no, a aban ama wɔatua no asanom akosi bere bi akyi no, kɔbow nsa na ɔde ne lɔre faa beae a ɛnsɛ sɛ ɔfa wɔ Kentucky kwan so. Ɔde kɔbɔɔ bus bi a mmofra a wonnii mfe aduonu hyɛ mu ma mu ma nnipa 27​—mmofra 24 ne mpanyimfo 3​—hyehyew wui. Nokwarem no, wɔahu sɛ bɛboro nnipa a wonim wɔn sɛ wɔde asabow ka afiri no mu nkyem anan mu biako yɛ wɔn a asabow ama wɔanya akwanhyia pɛn.

Nsa a Ano Yɛ Den​—Aduru a Mmara Ma Ho Kwan

Mpanyimfo pii rema amanfo ate sɛ nsa yɛ aduru a mmara ma ho kwan. Wɔde nsa ka nnuru afoforo a etumi nya adwene so nkɛntɛnso no ho.

Wɔ nhyiam titiriw bi a wɔyɛe wɔ White House ase no, U.S. ɔmampanyin Bush kae sɛ asabow a wɔde ka afiri no “sɛe ade te sɛ krak. Ɛka obiara kwa te sɛ nsɛmmɔnedifo basabasayɛ. Na ekunkum mmofra pii sen abien no nyinaa a wɔaka abom.” Osii so dua nso sɛ “ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ yɛn mma sɛ nsa yɛ aduru.”

Sɛ na wunnim dedaw sɛ nsa yɛ aduru a, ɛnde ɛnyɛ wo nkutoo. C. Graziano a ɔyɛ afirika a asiane nnim ho adwumayɛfo panyin no ka sɛ: “Nnipa pii nnim saa,” na ɔde ka ho sɛ: “Mmaranimfo, nnuruyɛfo, atemmufo. Nsa betumi anya obiara so nkɛntɛnso . . . Abu so. Ne nya yɛ mmerɛw!” Esiane sɛ mmara ma ho kwan wɔ aman ahorow so nti, wɔtontɔn wɔ aguadi dan ahorow pii mu. Ɛho mmara ntaa nyɛ den.

Esiane ahoɔdennuru a wonya fi nsa mu no nti, wobu no sɛ ɛyɛ aduan. Nanso ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɛyɛ aduru nso efisɛ etumi nya nipadua no hon nkwaadɔm titiriw no so nkɛntɛnso. Sɛ wɔnom no pii a, enya adwene no so nkɛntɛnso te sɛ adubɔne bi. J. Vanderwood ka sɛ esiane ne “nkɛntɛnso no nti, etumi brɛ adwennwene ase. Ɛma obi yɛ nea ɔmfɛre ade, ɛma sɛnea wudwen nneɛma ho no sakra. Ɛma wunya nkate sɛ wubetumi ayɛ biribi bere a wuntumi koraa no.” Ɛno na ɛde asabow a wɔde ka afiri asɛnnennen no ba no. Ɔde asɛm no ba awiei sɛ: “Enti ɛyɛ obi a wabow a wasi adwuma a ontumi nyɛ ho gyinae bɔne.”

Ebinom a wɔwɔ tebea a ɛyɛ den mu​—awaregyae, adwuma a ɛsɛe, abusua mu nsɛnnennen​—no taa nom nsa pii wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobegyina ahokyere no mu nhyɛso no ano no mu. Journal of Studies on Alcohol ka sɛ wɔ saa tebea yi mu no, wɔyɛ wɔn ade “basabasa a nyansa nnim a DWI ka ho.”

Nanso, ɛnsɛ sɛ obi bow nsa ma enya ne nneyɛe so nkɛntɛnso. Nsa kɔnkɔ biako anaa abien pɛ betumi abow ofirikafo na wayɛ asiane ama n’ankasa ho ne afoforo.

Nokwarem no, amanehunu a aba adesamma abusua mũ no so yi yɛ awerɛhow, na ɛde sika ho adifudepɛ afra biribiara a wɔma hokwan a wɔda no adi wɔ ade a mmara ma ho kwan nanso ebetumi ayɛ asiane kɛse mu no asɛe ne ho. Ɛnde na awerɛkyekye bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a asiane yi ato wɔn no? Anidaso pɔtee bɛn na ɛwɔ hɔ ma ano aduru a wobenya?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

Nsanom betumi ayɛ mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔnom nsa pii no su wɔ afe biako mu

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

Ɛho nhia sɛ wobow ansa na anya w’afirika so nkɛntɛnso

[Kratafa 9 mfoni]

Ɛdenam akwan horow pii te sɛ television so no, wɔma asabow yɛ sɛ ade a eye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena