Mmofra Bisa Sɛ . . .
Anigyebea A Wohyia Hɔ Anadwo Nso Ɛ?
“YEHIA ahomegye bi.” “Yɛkɔ saw ara kwa.” “Obiara kɔ bi.” “Yekogye yɛn ani ara kwa.” Saa na mmofra pii kyerɛkyerɛɛ nea enti a wɔtaa kɔ anigyebea a wohyia hɔ anadwo no mu kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo bi. Anigyebea a wohyia hɔ anadwo yi yɛ nea mmofra anigye ho pii na sɛ ebi wɔ wo mpɔtam hɔ a, ebia woanya adwene mpo sɛ w’ankasa wobɛkɔ hɔ bi.
Ɛnnɛ, mmofra pii kɔ anigyebea a wohyia hɔ anadwo a ɛte sɛ nea edidi so a Friday nsɛmma nhoma ka ho asɛm yi: “Bere biara yɛ apontow bere na bere biara no ne anadwo yi. Wɔn a wɔyɛ nea wɔpɛ no nnyae a anka apontow no mma awiei da. Asaw ho anigye no abu so wɔ bere a nsa a emu adwo, akanea ne nnwom a ano yɛ den a ɛmma wontra ase nso abu so no. ‘Mprempren anigyebea a wohyia hɔ anadwo no wɔ nea obiara ani begye ho. . . . Mmeae no bi yɛ mmofra adwumayɛfo, kɔlegefo, mmarima a wɔne mmarima da ne mpanyimfo de.”
Asikafo kɔ anigyebea a wogye sika kɛse, na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntade a ne bo yɛ den kɔ hɔ, na mpo ɛwɔ su pɔtee a ɛsɛ sɛ woyi adi ansa na wɔama wɔn kwan akɔ mu. Wɔn a wonni sika pii no kɔ anigyebea a ɛhɔ nyɛ fɛ ahe biara na bo a wogye no nyɛ den. Na mmofra a wonnyinii (anaasɛ wɔn ani nyɛ den pii) ma enti wɔmma wɔnkɔ mmeae a mpanyimfo kɔ no kɔ “mmeae a nnɔkɔnnɔkɔade na ɛwɔ hɔ” ne “mmeae a wɔtɔn soda,” a nsa a ano yɛ den nni hɔ no.
Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛte nea enti a mmofra ani gye anigyebea a wohyia hɔ anadwo ho no ase. Sɛ woyɛ abofra a, ɛyɛ ne kwan so sɛ bere biara wopɛ sɛ w’ani gye. (Fa toto Ɔsɛnkafo 11:9 ho.) Anadwo asaw bɛyɛ sɛ adepa bi a wɔde brɛ sukuu ne adwuma mu nhyɛso ahorow no ase. Nanso anigyebea a wohyia hɔ anadwo no fata dɛn?
Sonya, ababaa bi a anka ɔtaa kɔ anigyebea a wohyia hɔ anadwo no gye tom sɛ: “Ɛte sɛ nea mfomso biara nni adwene a wɔde yɛ saa no ho. Worekɔsaw na wagye w’ani. Nanso mpɛn pii no, ɛdan nea ɛboro saa. Wufi ase kɔ anadwo ahorow a nnwom no ne wɔn a wɔkɔ hɔ no yɛ nea w’ani gye ho yiye. Ɛnkyɛ koraa wuhu wɔn a wɔtaa kɔ hɔ no, na wo nso wobɛyɛ nea ɔtaa kɔ. Adwene no ne sɛ wokɔ asaw—na wakohyia obi. Na sɛ ɛno ne wo botae anaasɛ ɛnyɛ ɛno no, wɔn de ɛno ne wɔn botae bere nyinaa.” So Sonya gugu asɛm no mu dodo?
Nnɛyi Anigyebea a Wohyia Hɔ Anadwo
Disko a ɛbaa so mfe du a atwam no bɛyɛɛ beae a wɔbɔ ɔbrabɔne, wɔnom nnubɔne ne mpo beae a mmarima ne mmarima da wɔ hɔ.a Na efi saa bere no, nsakrae kakraa bi pɛ na aba. Ɛwom sɛ nnwom no (wɔtaa frɛ no fie nnwom anaasɛ nnwom a wɔde saw wɔ Amerika) na asaw ahorow asakra de, nanso tebea a ɛwɔ anigyebea a wohyia hɔ anadwo no bi ase no te sɛ disko ase ɔbrabɔne no ara.
Obi a ɔtaa kɔ anigyebea a wohyia hɔ anadwo ase ka wɔ Life nsɛmma nhoma no mu asɛm bi a ɛfa ne nnwom ho sɛ: “Ɛmfa ho sɛnea nnwom a wɔde saw te biara no, ɛkanyan mmusua ho nkate—sɛnea ne bɔ no gyigye ne ɔbarima ne ɔbea ntam ɔdɔ ho nkate no kɔ so bɔ kosi sɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa te biakoyɛ bi ne anigye nka. Biribi ayera wɔ kurom mmeae a basabasayɛ wɔ hɔ yi, na fie nnwom asi ade ko no ananmu.” David Piccioni a ɔbɔ nnwom ma nkurɔfo wɔ New York no ka sɛ: “Atirimpɔw no ne sɛ wo werɛ befi wo ho koraa anadwo mũ no nyinaa.”
Esiane nnansa yi asaw ho anigye a aba so te sɛ lambada a ɛyɛ ɔbrabɔne ho asaw no nti, Mademoiselle nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɔbarima ne ɔbea nna: Afi aguaree aba beae a ɛfata no bio—asaw ase, Tete (1970 mfe no mu no) , na wodi agoru a edi ɔbarima ne ɔbea nna anim no wɔ asaw ase, na wɔakɔyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ne nnubɔnenom wɔ aguaree. Mprempren a obiara suro AIDS yi, aguaree na wokosiesie wɔn ho na asaw ase na wɔhwɛ nnipa afoforo a wɔreda ɔbarima ne ɔbea nna. Anaasɛ wɔyɛ te sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho reda.” Yiw, wotumi de nnwom di dwuma ma wonya nkate a ɛsɛe abrabɔ pa ho adwene, na wɔde kanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ.
Wukohyia Henanom?
Wonim anigyebea bi sɛ mmeae a wohyia wɔn a ɛsono wɔn bɔbea su. Nanso, nnipa bɛn na ebia wubehyia wɔn wɔ hɔ? Abeawa bi a anka okyin anigyebea a wohyia hɔ anadwo ase no gye tom sɛ: “Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu pii yɛ ahohwifo a wɔhwehwɛ obi ne no ada. Sɛ wɔn ani gye wo ho a, wɔtɔ nsa pii ma wo na wɔtra wo ho anadwo mũ nyinaa ka adɔkɔdɔkɔsɛm kyerɛ wo, nsɛm a ɛyɛ dɛ a wɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛma wo de wo ho ama wɔn.”
Wɔasiesie mmeae no bi mpo sɛnea wobetumi adi ɔbrabɔne mu nneyɛe ho dwuma wɔ hɔ. Doris, ababaa bi a anka ɔno nso taa kɔ saa mmeae no ka sɛ: “Mmeae bi no wɔwɔ mpa ne adɔfo nkongua a nnipa pii kɔtra hɔ di mfewano na wogoru wɔn ho wɔn ho ho. Mmarima awarefo pii kɔtra hɔ a ɛnyɛ wɔne wɔn yerenom. Ebinom kɔtra hɔ a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya obi ne no ada anadwo no nkutoo, na afoforo nso hwehwɛ ahokafo.” Doris ka sɛ: “Anigyebea a wohyia hɔ anadwo ase tebea no hyɛ ɔbrabɔne ho nkuran. Wɔnom nsa a ano yɛ den pii kosi adekyee, na wɔma biribiara ho kwan.”
Anigyebea a wohyia hɔ anadwo ase nso na wɔde nnubɔne di dwuma pii. Anigyebea wura bi kae sɛ: “Adeyɛ no nyinaa . . . fa nnubɔnenom ho.” Wɔtɔn nnubɔne ne nsa a ano yɛ den wɔ asanombea a wɔkyerɛ sɛ nsa a ano nyɛ den nkutoo na ɛwɔ hɔ no. Jesse a anka ɔno nso taa kɔ saa mmeae no ka sɛ: “Wii ne sigaret wusiw taa gyina hɔ. Nnipa pii hyɛ ntade a ɛkanyan akɔnnɔ: ntade a ɛkyere obi ma wohu ne nipadua, nea wɔapam no ɔkwan a ɛmfata so, agude a wɔhyɛ mmoroso.”
Ahwɛyiye a Wobɛyɛ
Efi tete mmere mu no, wɔde nnwom ne asaw adaadaa nnipa ma wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbrabɔne mu. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan sɛ bere bi Israelfo no “traa ase didi nomee, na wɔsɔre gorui.” Na eyi yɛ nnwom ne asaw a ano yɛ den. Nanso, na ‘agoru’ yi yɛ nea edi abosonsom ne ɔbrabɔne a anohyeto nnim anim.—Exodus 32:6, 17-19, 28.
Enti ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra twe wɔn ho fi tebea a ebetumi adan ‘asabow,’ anaasɛ ‘agobɔne’ no ho. (Galatifo 5:19, 21) Korintofo nhoma a edi kan 15:33 kae yɛn sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekubɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” (New World Translation) So obi betumi ne ankorankoro a “wɔn adwenem aduru sum, na wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo” abɔ fekuw a ɛrenya no so nkɛntɛnso bɔne? (Efesofo 4:18) Na sɛnea ababaa bi gye tom no: “Fekubɔ ne adamfofa a emu yɛ den taa ba [wɔne afoforo a wɔtaa ne wɔn hyia wɔ anigyebea a wohyia hɔ anadwo ase] no ntam.” Eyi betumi aka wo honhom mu gyinabea dɛn?
Ebia ebinom bɛka sɛ, ano aduru ne sɛ wo ne mfɛfo Kristofo bɛbom akɔ. Nanso, Kristofo tebea mu nkutoo na adetreneeyɛ betumi anya nkɔso. (Yakobo 3:18) Na tebea a ɛwɔ anigyebea a wohyia hɔ anadwo no mu pii yɛ nea wɔyɛ na akanyan “fam, ɔkra, ahonhommɔne” nkate sen sɛ ɛbɛyɛ honhom mu de.—Yakobo 3:15.
Nokwarem no, ɛnyɛ anigyebea a wohyia hɔ anadwo no nyinaa na wɔyɛ nneɛma ma ɛtra so sɛnea yɛaka wɔ ha yi, na saara na ntease nnim sɛ yɛbɛkasa atia adidibea ahorow a wɔwɔ asaw ne agodi ho nhyehyɛe no. Nanso Paulo tu yɛn fo sɛ yɛnsɔ nea “ɛsɔ Awurade ani yiye no nhwɛ.” (Efesofo 5:10) Na sɛ wɔto nsa frɛ wo sɛ bra beae a wunnim hɔ tebea anaasɛ ɛho wɔ asɛm a, ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye a ɛsen biara wɔ ɔfrɛ no a wobɛpene so no ho.—Mmebusɛm 14:15.
Wubetumi abisa wo ho sɛ: Henanom na wɔrekɔ bi, na din bɛn na wɔwɔ? Dɛn na w’awofo ne mpanyimfo pa afoforo nim wɔ beae no ankasa ho? Tebea bɛn na ɛwɔ hɔ? Nnipa bɛn na wɔtaa kɔ hɔ? Mmofra nkutoo na wotumi kɔ hɔ? Sɛ saa a, so ɛhɔ tebea no betumi ayɛ nea eye? Sɛ agodi bi wɔ hɔ a, ɛfa dɛn ho? Nnwom bɛn na wɔbɛbɔ? So ɛyɛ beae a ɛma wɔn a ɛba hɔ no mu biara tumi tew ne ho, anaasɛ ɛyɛ fekubɔ a ɛbɛhwehwɛ sɛ wo ne afoforo di afra?
Doris a yɛafa n’asɛm aka dedaw no gye tom sɛ: “Satan ma anigyebea a wohyia hɔ anadwo no yɛ nea ɛhɔ yɛ dɛ, ɛma ahosɛpɛw, ɛyɛ fɛ, ɛyɛ anigye—biribiara a ebetumi atwetwe yɛn.” Nanso mma anigyebea a wohyia hɔ anadwo no fɛ nnaadaa wo! Ayɛ owu afiri ama mmofra pii. Hwehwɛ akwan a eye na mfaso wɔ so a wode begye w’ani.b
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ March 22, 1979 Awake! mu.
b Wɔ eyi ho nyansahyɛ mu no, hwɛ nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. no tintimii no ti 37.
[Kratafa 16 mfoni]
Nnipa a wɔtaa kɔ anigyebea a wohyia hɔ anadwo no mu pii ani gye aguamammɔ ho sen agodi