Mmofra Bisa Sɛ. . .
So Asaw Nyɛ Anigyede Ara Kwa A Mfomso Biara Nni Ho?
YEBETUMI abu asaw sɛ ɛyɛ akyɛde a efi yɛn Bɔfo no hɔ a ɛyɛ ɔkwan foforo a yɛnam so da yɛn anigye adi. N’asomfo a wɔtraa ase tete mmere mu too nnwom na wɔn ani ‘gyee asaw mu.’ (Yeremia 31:12, 13) Asaw betumi ayɛ ade a ɛyɛ anigye a wɔde gye wɔn ahome nso. Wɔ Yesu bɛ a ɛfa ɔba hohwini no ho mu no, “asanku ne asaw” ka ahurusi a wodii wɔ ɔba no san a ɔsan bae ho mu no ho.”—Luka 15:25.
Mmofra binom bisa sɛ, ‘Na asaw a ano yɛ den nso ɛ.’ Ɛwɔ n’afã. Sɛ nhwɛso no, Bible no kyerɛ sɛ ɔhene Dawid nyaa anigye kɛse a ɛte saa, bere a wɔde apam adaka kronkron no san baa Yerusalem akyi no, ma enti “ɔde n’ahoɔden nyinaa . . sawee.” (2 Samuel 6: 14) Na ebetumi aba sɛ Dawid resaw ahoɔden so na na ano yɛ hyew nanso na ɛnyɛ nea ɛtra so. So yebetumi aka sɛ asaw a ano yɛ hyew nyinaa fata anaasɛ mfomso nni ho? Dabi, ahwɛyiye ho hia. Tumi a nnwom wɔ no betumi ama woayɛ ade atra so.
Kwati Ade a Wobɛyɛ Atra So
Ɛwom sɛ bɔ a mobɛbom agye mo ani ye de, nanso ahosodi a ɛfata ho hia wɔ apontow ahorow a ɛtete sɛɛ ase. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ afeha a edi kan Kristofo no sɛ: “Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ, sɛnea ɛfata awia, ɛnyɛ agobɔne [“apontow ahorow a gyegyeegye wɔ ase,” The Bible in Living English] ne asabow mu, ɛnyɛ aguamammɔ ne ahohwi mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu.” (Romafo 13:13) Akyinnye biara nni eyi ho, efisɛ na wɔde asabow, asabɔne ne gyegyeegyeyɛ na ɛhyɛ abosonsomfo fã ahorow wɔ tete mmere no mu.
Mfehaha a edi kan no mu no, Socrates kaa agobɔne biako a ɛte sɛɛ ho asɛm sɛ “mmea de asaw ne mpaebɔ gyegyeegye a wɔde frɛɛ onyame no yɛɛ basaba. . . . Mmarima nso yɛɛ nneɛma a ɛtete saa denam agobɔne a wɔde yɛɛ dede wɔ mmorɔn so, bɔɔ nsambɔ nnawuru ne mpintin no so.” Enti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wodii kan no hwɛ yiye na wɔn apontow biara anna honhom a ɛte saa adi.
Paulo kɔkɔbɔ a ese wɔnkwati “apontow ahorow a gyegyeegye wɔ ase” no da so ara yɛ nea ɛfata. Mpɛn pii no, wɔ apontow ahorow a ɛte sɛɛ ase nnɛ no, tumi a nnwom wɔ (a nnubɔne ne nsa a ano yɛ den ka ho) ka nkurɔfo ma wɔyɛ ade tra so. Wɔsaw tra so—ɛkanyan nkate. Enti ɛsɛ sɛ mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ yiye na wɔanhwere ahosodi wɔ apontow ahorow ase na ‘nnwom no amma wɔanyera.’ Bible no afotu ne sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn.”—1 Petro 5:8.
Yiw, ɛtɔ bere bi a asaw mu ahokeka a ebetumi ayɛ nea nidi wom—anaasɛ anyɛ yiye koraa no, ɛda ahobrɛase adi—nso betumi ayɛ nea ɛkanyan nkate. Ahwɛyiye no hia bere nyinaa bere a asaw no ma wɔdannan nipadua no wɔ ɔkwan a ebetumi akanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ wɔ w’ankasa ne afoforo mu, na ama moayɛ ade a ɛnkyerɛ Kristofo ahobrɛase no.
Sɛ nhwɛso no, John pɛ asaw. Nanso afei ogye tom sɛ asaw ahorow bi a na anka ɔsaw no yɛ nea ɛkanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ. John kae sɛ: “Mekae sɛ asaw ahorow bi a mede me ho hyɛɛ mu anaasɛ mihuu afoforo sɛ wɔresaw no kanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ wɔ me mu.” Nyansa mu no, sɛ́ obi a afei de odi Kristofo nnyinasosɛm so no, ɔtwe ne ho fi saa asaw horow no ho.
Dwom ko a wosaw ano no nso ho hia. Nokwarem no, ebia w’ani gye dwom a ne nnyigyei ano yɛ den ho. Nanso so ɛsɛ sɛ wobɔ no denneennen ansa na woanya mu anigye? Na so nyansa wom sɛ wobɛbɔ dwom a ɛte saa a wuntwa so? Ɛda adi sɛ, nnwom a ne nnyigyei ano yɛ den a wɔbɔ toatoa so no ama apontow ahorow binom adan “agobɔne.”
Bere a Dwom No Yɛ Nyaa
Ɔkwan a wɔfa so saw dwom a ɛyɛ nyaa a ano nyɛ den ano no nso betumi ayɛ nea asiane wom. Bill ne Ann huu eyi wɔ wɔn adamfo bi ayeforohyia apontow ase. Ann kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nã, wɔtaa brɛ kanea no ase na wɔbɔ nnwom a ano nyɛ den a ɛkɔ nyaa na ɛkanyan nkate. Ná wɔresaw baanu baanu a wɔn a wonnii mfe aduonu ka ho a wɔbɛbɛn wɔn ho wɔn ho pɛɛ wɔ faako a wɔresaw no.” Bill de ka ho sɛ: “Wɔn mu binom de wɔn ho twitwiw wɔn ho wɔn ho a wontu wɔn anan mpo.”
Sɛnea wunim yiye no, ebia ka a ɔbarima ho bɛka ɔbea kakraa bi anaasɛ ka a ɔbea ho bɛka ɔbarima kakraa bi no betumi akanyan nkate a emu yɛ den. Ende, ɛda adi sɛ, obi a wobɛfam no de asaw dwom a ɛkanyan nkate ano no yɛ nea nyansa nnim. Nokwarem no, so saa a wobɛyɛ no bɛyɛ nea mfomso biara nni ho anaasɛ ɛfata bere a wɔmmɔ dwom biara no? So ɛbɛyɛ nea ɛfata ma awarefo sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so mpo wɔ baguam anaa? Enti sɛ wusi gyinae sɛ wobɛsaw nnwom a ɛyɛ nyaa ano a hwɛ yiye wɔ asiane ahorow a ebetumi aba no ho. Ebinom abɔ aguamman esiane asaw a ɛnkyerɛ ahobrɛase su a ɛkanyan wɔn nkate nti.
Nea Ɛwɔ Nnyigyei No Akyi
Kae nso sɛ: Pii wɔ nnwom mu sen nnyigyei ara kwa. Mpɛn pii nnwom no nnyigyei kanyan nkate—sɛ ɛnyɛ nea ɛkanyan ɔbea ne ɔbarima nna ho akɔnnɔ—a na emu nsɛm no nye. Mpɛn pii no nea ɛka nnwom no mu nsɛm a ɛyɛ kasa-fĩ ho ne ne nnyigyei a ɛyɛ dɛ na ɛtwetwe adwene no. Nanso so wubetumi asaw nnwom a ɛtete saa ano na woakɔ so asusuw nneɛma a eye, na ɛfata ho?
So woate dwom bi a na wompɛ, nanso akyiri yi wubu sɛ wode wo menewa mu reto anaasɛ emu nsɛm pue wɔ w’ano? Yɛn adwene kyere nsɛm bi a ɛtɔ bere bi a yɛn werɛ fi. Fa nnyigyei a ɛyɛ dɛ na ano yɛ den na ɛyɛ nea wotĩ mu bɔ (sɛnea ɛte wɔ nnɛyi nnwom binom mu no) ka nsɛm a ɛsɛe ɔbra pa ho, na wubehu nea enti a nnwom a ɛtete saa ano a wɔbɛsaw no yɛ nea asiane wom no. Nsɛm no betumi abɛyɛ dwom a aka adwene—ne koma no mu.
So Wobɛsaw?
Yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ yɛn ani gye, na nneɛma a wɔyɛ de gye wɔn ahome aboa ama nkurɔfo anya anigye fii bere tenten. Bible no ka sɛ: “Na mmarimaawa ne mmeawa bɛyɛ kurow no mmɔnten so amaama, na wɔagoru emu mmɔnten so.” Afei nso, ɛka sɛ, “asaw wɔ ne bere.” (Sakaria 8:5; Ɔsɛnkafo 3:4) Nanso sɛnea yɛahu no, ɛnyɛ asaw nyinaa na ɛyɛ anigyede ara kwa a mfomso biara nni ho. Wɔasaw wɔ tete no ne nnɛ wɔ ɔkwan bi so a ɛma ɛbɛyɛ nea ɛkanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ na ama nkurɔfo abɔ aguamman. Enti asemmisa a ɛne sɛ, So mɛsaw? no yɛ nea ɛfata.
Ebia ebinom bɛpaw sɛ wɔrensaw, bere a wɔahu asiane a ɛwɔ mu esiane wiase no nkɛntɛnso bɔne ne ebia sɛnea wosusuw sɛ wɔbɛyɛ nneɛma atra so wɔ asaw a ɛnyɛ nea mfomso pii nni ho mu nti no. Enti sɛnea ebinom twe wɔn ho fi nsa a ano yɛ den ho na ɛnyɛ sɛ nsa no nnye na mmom esiane sɛ asanom betumi apira wɔn nti no, saara nso na ebia nneɛma a ɛtete saa nti ebinom de nyansa bɛtwe wɔn ho afi asaw ho. Nanso ebia wubehu sɛ wobetumi ne nnipa a wɔn adwene mu da hɔ asaw nnwom a wɔapaw a ɛfata a ɛbɛboa ma w’ani agye a nneɛma bɔne remfi mu mma ano. Sɛ woyɛ abofra a, wobɛpɛ sɛ wutie wo Kristofo awofo na woayɛ nea wɔpɛ.—Efesofo 6:1-3.
Mmere a atwam no mu no, na mmofra taa sua asaw fi wɔn awofo ne mpanyimfo afoforo hɔ. Ná wɔtaa de asaw ahorow a ɛtete saa no kyerɛ awo ntoatoaso a edi hɔ no! Yɛn Bɔfo no kae bere bi kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Ɛno na mmabaa ani begye asaw mu, na mmerante ne nkwakora abom anya anigye.” (Yeremia 31:13) Ɛda adi sɛ wɔbom saw, te sɛ ‘asaw a wɔsaw de twa wɔn ho.’ (Atemmufo 21:21; Dwom 150:4) Mmofra ne mpanyimfo betumi akɔ so ara abom asaw!
Asaw a wɔbom saw da so ara yɛ nea wɔtaa yɛ wɔ aman horow pii mu. Wɔ United States no wɔwɔ asaw a nnipa baanan bom saw. Eyi betumi ayɛ ɔkwan a wɔfa so gye wɔn ani a obiara nya mu kyɛfa. Mexicofo ani gye “La Raspa” ho. Na Helafo ani da so ara gye asaw a wɔde twa wɔn ho hyia no ho. Sɛ motow pon a asaw wɔ ase a, dɛn nti na monto nsa mfrɛ mo awofo ne mpanyimfo afoforo binom? Ebia wobetumi akyerɛ mo ɔkwan biako anaa abien a wɔfa so saw, na mo ani begye sɛ mone wɔn saw.
Mpanyimfo betumi akyerɛ mo tete asaw no bi. Bere a awofo ne afoforo a wɔwɔ obu ma wɔn wɔ hɔ no, asaw no renyɛ agobɔne de. Enti paw apontow a ɛkɔ so wɔ fie a mmusua horow nyinaa wɔ ase mu. Pow nnwom a ɛsɛe ɔbra pa nyinaa a emu nsɛm nnye no. Hu faako a ɛsɛ sɛ wugye w’ani kodu sɛnea ɛbɛyɛ a ennye wo bere pii. Ɛdenam nyansahyɛ ahorow yi a wubetie so no, w’ani betumi agye asaw a wosaw wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ anigyede a mfomso biara nni ho ampa no ho.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]
Asaw a wɔsaw bɛn ha pɛɛ bere a wɔrebɔ dwom a ɛyɛ nyaa na ɛkanyan nkate no betumi akanyan akɔnnɔ bɔne
[Kratafa 28 mfoni]
Wɔ Kristofo apontow ahorow ase no, mmofra ne mpanyimfo nyinaa betumi anya asaw a wɔsaw bom mu anigye