Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 5/8 kr. 20-21
  • Eye Sɛ Kristofo Bɛsaw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Eye Sɛ Kristofo Bɛsaw?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asaw Yɛ Nkitahodi
  • Asaw—Nea Eye ne Nea Enye
  • Eye Anaa Enye—Sɛnea Wohu
  • So Asaw Nyɛ Anigyede Ara Kwa A Mfomso Biara Nni Ho?
    Nyan!—1984
  • Mmeae a Mmabun Kɔsaw Nso Ɛ?
    Nyan!—2004
  • Efii Ase Wɔ He?
    Nyan!—1987
  • Sɛnea Nwowa Mpempem Pii Pene So
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 5/8 kr. 20-21

Bible No Adwene

Eye Sɛ Kristofo Bɛsaw?

“MINTUMI nhwɛ eyi. Ɛsɛ sɛ mifi adi,” saa na aberante no ka guu ne yere asom bere a ɔsɔre fii n’agua so fii dan no mu kotuu mpase wɔ anadwo mframa a ano yɛ nwini no mu no. Ɔfɛree.

Ná ne nnamfo ato nsa afrɛ ɔne ne yere akɔ apontow bi ase. Na wɔn a wɔreto pon no ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nneɛma pii de agye wɔn ani a na mmea baasa a wɔbɛsaw ka ho. Ɛte sɛ nea anhaw nkurɔfo a aka no. Ɔyɛɛ ade traa so? So na ɛnyɛ nea wɔn a wɔresaw no reda wɔn nkate horow adi na wɔredi asaw ara kɛkɛ? Ma yɛnhwɛ Kristofo adwene wɔ asaw ho.

Asaw Yɛ Nkitahodi

Akwan a nnipa nam so di nkitaho no mu biako ne nipadua a wɔde si biribi so dua anaa sɛnea wɔdannan wɔn ho. Sɛ nhwɛso no, ayɛ ahɔho pii a wɔkɔ amannɔne nsase so no nwonwa bere a wohu sɛ ahodannan a wosusuw sɛ asɛm biara nni ho no kyerɛ biribi foforo koraa wɔ hɔ—ebia biribi a ɛmfata koraa. Obi a wayɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Solomon Islands, Malaysia, ne Papua New Guinea kae sɛ: “Wɔ mmeae bi no, nipadua a wɔdannan no akwan bi so no kura nna ho adwene. Sɛ nhwɛso no, wobu no sɛ sɛ ɔbea te fam a, ɛnyɛ papa sɛ ɔbarima bɛbɔ atra ne nan. Saa ara na ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ ɔbea betwam wɔ ɔbarima a ɔte fam anim. Nna ho adwene da adi wɔ nsɛm abien yi nyinaa mu.” Sɛ́ yenim anaa yennim no, sɛnea yɛdannan yɛn nipadua no kasa. Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, wɔde asaw adi dwuma sɛ ɔkwan a wɔnam so di nkitaho.

Wotumi da nkate horow nyinaa adi wɔ asaw mu—efi anigye ne ahurusidi so kosi nyamesom ne atetesɛm mu amanne kwan so adeyɛ so. (2 Samuel 6:14-17; Dwom 149:1, 3) The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Nea ɔresaw no ne wɔn a wɔhwɛ no di nkitaho wɔ akwan abien so, sɛ́ ebia ɔnam ne nipadua ne n’anim yɛbɛa so bɛda ne nkate adi anaa ɔkwan a emu dɔ a ɔde ne nipadua si biribi so dua so.” Wɔ asaw bi mu no, nkitahodi no betumi ayɛ nea asete nyɛ den. Wɔ asaw foforo mu no, ebia nnipa kakraa bi a wɔwɔ ho nimdeɛ na wɔbɛte ase. Sɛ nhwɛso no, wɔ ballet asaw mu no nsa a wɔde to koma so kyerɛ ɔdɔ, bere a nsa a wɔde kyerɛ nsa benkum nsateaa a ɛto so anan so no kyerɛ aware. Wɔ Chinafo opera asaw mu no, kɔntɔnkrɔn a obi nantew twa kyerɛ akwantu, bere a mpire a obi kura de twa kɔntɔnkrɔn wɔ adehwɛpon no so kyerɛ pɔnkɔ so a ɔte; frankaa tuntum a wɔtwe fa fam wɔ adehwɛpon so kyerɛ ahum, na nea ɛyɛ bruu hanahana no kyerɛ mframa. Enti wɔ asaw mu no, wɔnam nipadua a wɔdannan ne nipadua a wɔde si biribi so dua so di nkitaho. Nanso asɛm a ɛka no ye bere nyinaa?

Asaw—Nea Eye ne Nea Enye

Asaw betumi ayɛ anigyede ne apɔwmu-teɛteɛ a ɛyɛ anigye kɛse. Ebetumi ayɛ adeyɛ a ɛho tew na ɛntwetwe adwene nkɔ biribi bɔne so, na ɛyɛ nipadua a wɔde da asetram anigye adi kɛkɛ anaa wɔde kyerɛ Yehowa papayɛ ho anisɔ. (Exodus 15:20; Atemmufo 11:34) Akuw ne ɔmamfo asaw bi betumi ayɛ anigye. Wɔ ɔba hohwini ho mfatoho no mu no, Yesu kaa nnipakuw asaw, a ɛda adi sɛ na wɔyɛ asawfo kuw a wɔabɔ wɔn paa mpo ho asɛm sɛ na ɛka apontow no ho. (Luka 15:25) Enti, ɛda adi pefee sɛ Bible nkasa ntia asaw ankasa. Nanso, ɛbɔ kɔkɔ wɔ nsusuwii ne akɔnnɔ bɔne a wɔkanyan ho. Eyi mu na asaw ahorow bi betumi ayɛ nea ɛmfata, nea ɛyɛ asiane ma obi honhom fam yiyedi mpo. (Kolosefo 3:5) Efi tete mmere mu na asaw akanyan nna ho akɔnnɔ na wɔde adi nsusuwii bɔne ho dwuma.—Fa toto Mateo 14:3-11 ho.

Yɛn Tamfo, Satan Ɔbonsam, nim sɛ asaw mu ahodannan ne nsusuwii bɔne yɛ n’akode a emu yɛ den. (Fa toto Yakobo 1:14, 15 ho.) Onim sɛnea nipadua a wɔdannan no kanyan akɔnnɔ, ne sɛnea etumi kanyan nna ho adwene no yiye. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ Satan asi ne bo sɛ ɔbɛdaadaa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ɔbɛsɛe yɛn adwene afi Kristo kronnyɛ no ho.’ (2 Korintofo 11:3) Sɛ yɛma asabɔne a yɛbɛhwɛ anaa saw a yɛbɛsaw dan yɛn adwene kɔ ɔbrasɛe ho nsusuwii so a, hwɛ sɛnea Ɔbonsam ani begye. Sɛ yɛn akɔnnɔ ahorow a yentumi nni so no ma yɛde yɛn ho hyɛ nneyɛe bɔne bi a ɛhaw adwene mu a, n’ani begye bio. Ɔde ahodannan ne asaw adi eyi ho dwuma bere bi a atwam.—Fa toto Exodus 32:6, 17-19 ho.

Eye Anaa Enye—Sɛnea Wohu

Ne saa nti, sɛ́ ɛyɛ nnipakuw bi na wɔbom saw, mmarima ne mmea, anaa obiakofo no, sɛ ahodannan no kanyan nsusuwii bɔne wɔ wo mu a, ɛnde na asaw no nye mma wo, ɛwom mpo sɛ ebia na afoforo nhu no saa de.

Ebinom aka sɛ, wɔ nnɛyi asaw bebree mu no, mmarima ne mmea a wɔsaw no nsuso wɔn ho wɔn ho mu. Nanso, wɔn ho mu a wobɛsuso no ne asɛm no? Britannica bɔ asɛm no mua, na ɛka sɛ “ade koro no ara na ebefi mu aba—asaw mu anigye ne nna ho adwene a nea wɔne no saw no nya, sɛ́ wɔbam wɔn ho anaasɛ wɔhwɛ wɔn ho kɛkɛ no.” So nyansa wɔ “nna ho adwene a obi a wɔne no saw nya” wɔ n’aware mu ɔhokafo akyi no mu? Yesu asɛm a ɔkae sɛ “obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw” no kyerɛ sɛ nyansa nnim.—Mateo 5:28.

Sɛ́ ebia wobɛtew asi guam anaasɛ wonyɛ saa no yɛ w’asɛm. Nsɛmmisa a edidi so yi ho a wubesusuw no betumi aboa wo ma woasi gyinae nyansam. Asaw yi botae ne dɛn? Din bɛn na ɛwɔ? Asaw no mu ahodannan no si dɛn so dua? Nsusuwii ne nkate bɛn na ɛkanyan wɔ me mu? Akɔnnɔ bɛn na ɛkanyan wɔ nea me ne no resaw no anaa wɔn a wɔrehwɛ no mu? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ obi yɛ nea n’ahonim ka kyerɛ no ho ade sɛnea okunu aberante bi yɛe wɔ yɛn asɛm yi mfiase no, a nea afoforo bɛyɛ mfa ho.

Bible kyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no pɛ sɛ yɛn ani gye ɔdom akyɛde a ɛne ahoɔfɛ, ne nnwom ho. Yiw, kyerɛ ho anigye—nanso kae sɛ sɛ wosaw a, wo nipadua kasa. Kae Paulo nyansahyɛ horow a ɛwɔ Filipifo 4:8 no: “Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]

Picture Fund/Courtesy, Museum of Fine Arts, Boston

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena