Sɛnea Nwowa Mpempem Pii Pene So
Nwowa mpempem pii reyɛ dontwo. Bere tiaa bi akyi no wɔn mu bɛyɛ 20 anaa 30 bi tu de wɔn anim kyerɛ wuram baabi a wɔrekɔhwehwɛ ofie foforo.
Sɛ wɔn mu bi hu beae bi a wobetumi de ayɛ wɔn fie foforo a, ɔbɛsan aba dontwo no ho na wafi ase asaw. Asaw a ɔsaw wɔ dontwo no ho no ma nwowa afoforo a aka no tumi hu kwan no tenten ne faako a wɔbɛfa akɔ saa beae yi.
Bere a ɔde ahoɔhare wosow n’afuru no, wowa a ɔresaw no bɛkɔ n’anim tẽe kakra. Bere a ɔdan kɔ benkum fam no, obetwa ne ho ahyia ansa na wasan akɔ n’anim tẽe bio. Afei wowa no betwa ne ho ahyia bio wɔ nifa fam. Enti asaw no yɛ te sɛ akontaahyɛde awotwe a nsensan teaa wɔ mfinimfini. Mpɛn dodow a obetwa ne ho ahyia wɔ asaw no mu wɔ bere pɔtee bi ntam no yɛ nea wogye di sɛ ɛkyerɛ ɔkwan a ɛkɔ beae foforo no tenten. Nhwehwɛmufo ahu sɛ beae no tenten a wohu yɛ nea egyina ahoɔden dodow a wowa no de tui no so.
Ɔkwan a ɛde kɔ beae foforo no yɛ nea wohu denam nsensan teaa a ɛwɔ nea ɛte sɛ akontaahyɛde awotwe no mu no so, sɛ ɔdan kɔ nsensan no nifa fam a, ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ awia no nifa fam, sɛ ɔkɔ benkum fam a ɛkyerɛ awia no benkum fam. Sɛ wowa no kɔ n’anim tẽe wɔ nsensan no so a, na ɛkyerɛ sɛ beae no wɔ faako a awia anim kyerɛ no. Sɛ ɔsan n’akyi wɔ nsensan no so tẽe a na ɔreka akyerɛ nwowa no sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn anim kyerɛ awia no anafo fam na wɔahu beae yi.
Sɛnea beae no te nso yɛ nea ɛda adi denam asaw no so. Wowa a onya beae a ɛhɔ yɛ fɛ no betumi asaw wɔn asaw no ma emu ayɛ den ara yiye ma aboro dɔnhwerew biako. Ɛwom ogye n’ahome wɔ asaw yi mu sɛnea ɛsɛ. Nanso, nea ɔresaw no mfi dontwo no ho.
Asaw a ano yɛ hyew a ɛkyɛ no ma nwowa no pii ani gye, na afei ɔkyerɛ kwan a ɛkɔ beae foforo no. Enti, sɛ nwowa afoforo no saw asaw a ahoɔden nnim kɛse a, nwowa kakraa bi na ɛhwehwɛ nea wɔakohu no mu. Saa nwowa yi mfa wɔn ani nto nea wɔakohu no so kɛse. Wɔbɛhwehwɛ mmeae afoforo a nwowa afoforo akohu no mu. Awiei koraa no, ebia nnɔnhwerew pii anaasɛ mpo nna kakraa bi akyi no, saa nwowa yi nyinaa befi ase asaw de apene beae a eye sen ne nyinaa no so, na wɔnam saa yɛ so ma biakoyɛ ba. Enti biakoyɛ tra wɔn mu, na nwowa bɛyɛ 20,000 kosi 30,000 nya beae a eye a ɛfata sɛ wɔde yɛ wɔn fie foforo.
[Kratafa 12 adaka]
“Wɔma [Yehowa] nnua nso mee, Lebanon nkyeneduru a oduae no. Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw, asukɔnkɔn wɔ ne fi, ɔpopaw nnua so. Mmepɔw atenten yɛ guankɔbea ma akakragya, na abotan yɛ ma nkukuban.”—Dwom 104:16-18.