Dɛn Nti Na Onyankopɔn Atɔ Ne Bo Ase Saa?
HWƐ abofra a ɔkɔm de no anim mmɔbɔmmɔbɔ no. Hwɛ sɛnea wafɔn na ne yafunu ayɛ kɛse. Susuw sɛnea ohia aduan ntɛm ara no ho, na hwɛ kankyee a hwee nnim a okura no. Ebia ne na de n’ani a akeka ahyem hwɛ no, na ɔno ankasa anim da anidaso biara a enni hɔ adi. Afei bɔ mmɔden hyɛ w’awerɛhow so—yiw, na bɔ mmɔden sɛ worensu.
Wohu ade a ɛte sɛɛ mpɛn ɔpepem pii wɔ ɔmantam a wɔfrɛ no Sahel a ne kɛse yɛ kilometa ɔpepem 6 a ɔkɔm aba hɔ no mu. Ɛda Afrika wɔ Sahara Anhweatam no kesee fam, a ne tenten bɛboro kilometa 4,800, fi Senegal wɔ Atlantik Mpoano kosi Ethiopia wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. Nokwarem no, ɔkɔm hunahuna nnipa pii wɔ nsase afoforo so. World Health Organization no bɔ amanneɛ sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem ahorow mpem 1.1 a wɔwɔ asase afã horow yare denneennen anaa wonnya aduan pa nni.
Nokwarem no, ɔkɔm yɛ adesamma amanehunu no fã bi ara kwa. Onipa sɛe asase no, na ɛka yɛn nyinaa. Amammui nhyehyɛe ahorow pene so ma atɛnkyea ne akodi a ɛde amanehunu ne owu ba nnipa pii so kɔ so. Dɛn nti na Onyankopɔn ma nneɛma a ɛtete saa ho kwan? So odwen yɛn ho?
Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho!
Yɛn Bɔfo no dwen yɛn ho. Eyi ne tumi a ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ ma nneɛma ayɛ yiye ama yɛn na biakoyɛ aba n’abɔde nyinaa mu, no ho adanse pii wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, hwɛ ɔdowa a osi nhwiren so ho mfonini a wuhu wɔ ha no. Ɔdowa no hia nhwiren no na ama wanya aduan a ohia no afi emu nsu no mu. Dua no nso hia dua bi a ɛte sɛ ɛno ara so nhwiren mu aba a ɔdowa no de tu kɔ no. Saa kwan yi so no, nhwiren no nya nea ɛbɛma atumi asow aba. Ɛnyɛ nnua nyinaa na wɔnam saa kwan yi so sow aba, nanso Onyankopɔn na ɔhyɛɛ da yɛɛ dwumadi a ɛyɛ nwonwa sɛɛ ho nhyehyɛe. Na nea efi ne papayɛ no mu ba ne aduaba a yebetumi de anigye adi anya mu mfaso no.
Ɔdowa no ankasa yɛ nnowatwaw a wɔboro 30,000 a wɔbom di dwuma yiye no mu biako. Ebinom wɛn nnowa dan no, bere a afoforo siesie mu anaa wɔyɛ ma mframa bam. Afoforo nso de nhwiren mu nsu ne aba sie, wɔma wɔn mma aduan, anaasɛ wɔhwehwɛ mmeae afoforo a wobenya nhwiren mu nsu. Onyankopɔn ankasa ayɛ nneɛma ho nhyehyɛe saa kwan yi so na ama yɛanya mfaso bere a nnowa a wonni adagyew no yɛ ɛwo fremfrem a ɛma ahoɔden na ɛyɛ yɛn dɛ no.
Anwonwade a ɛne sɛnea nnowa ne nnua, ne mmoawa ankasa bom yɛ adwuma no yɛ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no tumi ma nneɛma a nkwa wom bom yɛ adwuma yiye no mu biako pɛ. Enti, “Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ [Nyankopɔn], na mmom asomdwoe [Nyankopɔn].” (1 Korintofo 14:33) Ɛnde, dɛn nti na wama kwan ma mpaepaemu aba adesamma ntam, ma ɛde amanehunu aba nnipa pii so sɛɛ? Sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho a, dɛn nti na watwɛn bere tenten a onsiesiee tebea yi? Nokwarem no, dɛn nti na Onyankopɔn atɔ ne bo ase saa? Onyankopɔn Asɛm Bible no de nsemmisa yi ho mmuae ma. Nhoma a ɛda nsow yi kyerɛ yɛn sɛ biribi pa bi nti na Yehowa Nyankopɔn atɔ ne bo ase. Ɛyɛ dɛn ade? Na Onyankopɔn ntoboase no bɛkɔ so akosi bere bɛn?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Cover photo: Frilet/Sipa