Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 9/8 kr. 31
  • Efii Ase Wɔ He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efii Ase Wɔ He?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Asaw Nyɛ Anigyede Ara Kwa A Mfomso Biara Nni Ho?
    Nyan!—1984
  • Eye Sɛ Kristofo Bɛsaw?
    Nyan!—1996
  • Mmeae a Mmabun Kɔsaw Nso Ɛ?
    Nyan!—2004
  • Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 9/8 kr. 31

Efii Ase Wɔ He?

HWƐ sɛnea me ho dwiriw me bere a metee dɔn, sanku, ne nkurɔfo a wɔresaw nnyigyei soronko bi wɔ tete ahɔhodan bi a ɛwɔ Cotswold akuraa a ɛwɔ Broadway wɔ Engiresi Aburokyiri akyi no. Bere a mebɛn hɔ kɛse no, mihuu mmarima a wɔresaw a wɔhyehyɛ ntade fitaa ne kyɛw a wɔde sare ayeyɛ a wɔde nhwiren ne ade ahyehyɛ mu, na adɔmma nketewa a wɔde akyekyere wɔn anan anim no rewosow no. Ná woyɛ Morris asawfo. Ná merehwɛ amanne bi a efii ase wɔ mfehaha pii a atwam no mu. Esiane ahodwiriw nti, misii gyinae sɛ mɛhwehwɛ mu ahu pii afa saa asaw a mmarima nkutoo na wɔsaw a ɛyɛ nwonwa no ho.

Nhoma bi ka sɛ edin Morris no fi Spania asɛmfua morisco a ɛkyerɛ “Moorfo” no mu. Ebinom gye di sɛ wonya fii morisco asaw anaa Spaniafo fandango no mu. Ɛwom sɛ efii ase wɔ Engiresi Aburokyiri wɔ anyɛ yiye koraa no, bɛyɛ Henry VII bere so (1457-1509) de, nanso egyee din wɔ nkuraase afahyɛ ahorow mu wɔ Henry VIII adedi bere no so. Wohu asaw ahorow a ɛtete saa ara wɔ Europa afã afoforo, Mfinimfini Apuei, India ne Central ne South America mmeae ahorow bi. Nanso Morris asaw no gyina hɔ ma dɛn?

The New Encyclopaedia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ ade biako a ɛda adi wɔ ne nyinaa mu ne mmarima kuw a wɔresaw a “wɔresom abosonsomfo nyame bi a ɔrehyɛ ne wusɔre ho fã no. Asawfo no taa hyehyɛ ntade fitaa na wɔsaw a wɔde adɔmma nketewa bi akyekyere wɔn anan anaa wɔn nipadua no ho baabi. Baabiara a wɔsaw saa asaw yi no, wɔte nka sɛ asaw no wɔ nkonyaa tumi bi anaa ɛde akraye ba.”

Morris asaw no mu biako bi a nsonsonoe wom ne mmɛn asaw a wɔsaw afe biara wɔ Abbots Bromley wɔ Staffordshire, Engiresi Aburokyiri no. Encyclopaedia koro no ara kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ɛka saa asaw yi a wɔde to santen wɔ mmɔnten so yi ho ne mmarima baasia a wɔayɛ wɔn ho sɛ mmoa a wotuatua ɔforote mmɛn . . . ɔbarima a wayɛ ne ho sɛ ɔbea anaa Maid Marian, ne ogyimfo a wɔn baanu nyinaa kurakura bɔbea su sɛnkyerɛnnede ahorow.”

Ɛwom sɛ wɔ nnipa pii fam no. Morris asaw ahorow no bɛyɛ anigyede a mfomso biara nni ho de, nanso ɛsɛ sɛ Kristofo a wofi ahonim mu yɛ ade no hwɛ yiye wɔ ne fibea ho.​—Nyan! kyerɛwfo bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena