Kafe Ho Asɛnnennen No
ƐBORO nkuruwa 1,500,000,000 da biara da! Nnansa yi akontaabu bi kyerɛ sɛ ɛno ne kafe a wɔnom wɔ wiase nyinaa. Wɔakɔ so anom dodow yi araa wɔ mfe pii kɔkɔbɔ a efi nyansahufo hɔ sɛ wɔn a wɔnom kafe wɔ asiane pii, efi komayare kosi asikireyare ne akisikuru ahorow no nyinaa akyi. Ɛnde dɛn nti na wɔn a wɔnom kafe mu kakraa bi pɛ na wɔatow wɔn kuruwa agu na wɔagyae nom?
Wɔ bɛboro mfe 40 a atwam ni no, nyansahufo akyerɛw nea efi kafenom mu ba no ho amanneɛbɔ bɛboro ahanum. Nanso ebesi saa bere yi nyinaa no, wontumi nsi nea wɔka no so dua pintinn. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ kafe ho asɛm kɔ akyiri sen sɛnea wohu. Kafe kuruwa biako kura bɛyɛ nnuru horow ahanum. Nanso, nhwehwɛmu pii ka emu biako pɛ ho asɛm, caffeine a ɛwɔ nkɛntɛnso no.
Caffeine tumi ma nnipa binom yɛ wɔn a wontumi nna ne abufufafo anaasɛ ɛmma wontumi mfa wɔn adwene nsi biribi so nkyɛ. Na akisikuru nso ɛ? Nsɛmma nhoma Which? no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ nhwehwɛmu biara a ɛma ɛda adi sɛ [caffeine ma akisikuru] mu no, wonya amanneɛbɔ foforo a ɛne no bɔ abira.” Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa pii sɛ, kafe ho ɔbenfo bi a ɔwɔ London bɔ amanneɛ sɛ wɔ nnipa no nyinaa fam no, “kafe a esiane ɔyare bi nti wobegyae nom nni hɔ. Afei nso, nnipa pii nim sɛ caffeine wɔ tii, kokoo ne bise mu. Nokwarem no, Which? nsɛmma nhoma no ka sɛ “tii mu caffeine dɔɔso kyɛn kafe mu de nanso, tii kuruwa biako mu kaffeine sua.”
Nanso nneɛma bi da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ obi a ɔnom kafe no hu. The Times a wɔyɛ wɔ London no faa Dutch amanneɛbɔ yi kae sɛ: “Kafe a wɔde gu nsuɔhyew mu tee no tumi ma srade yɛ pii bɛyɛ ɔha mu nkyem 10 sen sɛ wɔbɛnom kafe a wɔasɔn so anaa wɔnnom bi koraa.” Wonim yiye sɛ srade ma komayare. Wɔfaa Britaniani aduannuru ho nimdefo panyin asɛm kae wɔ The Times no bi mu sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnom kafe daa no nya kafe foforo na wɔkwati sɛ wɔbɛnom nea wɔde asi gya so ma emu apiw.’
Nea abenfo no nyinaa adwene hyia wɔ kafe ho ne sɛ, wɔnnom no pii. Nnuruyɛfo taa ka sɛ da biara ɛnsɛ sɛ wɔnom boro kafe nkuruwa asia. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ koma anaasɛ asaabo mu yare anaa mogyamoroso no nom nea esua sen saa. Ɛsɛ sɛ apemfo ne mmaatan a wɔn mma num no nom kuruwa biako pɛ da biara.