Wiase Nsɛm
Ka Kɛse a Wɔbɔ Wɔ Nnubɔne Ho
U.S. Aban amanneɛbɔ bi bu akontaa sɛ Amerikafo bɔɔ nnubɔne ho ka dɔla ɔpepepem 57.3 wɔ 1995 mu. Ná nnubɔne a wɔtɔnee no mu nkyem abiɛsa mu abien yɛ cocaine, na nea aka no yɛ heroin, wii, ne nnubɔne foforo. Nsɛm Amanneɛbɔfo Fekuw bɔ amanneɛ sɛ, White House Ɔman Dwumadibea a Ɛhwɛ Nnuru So kwankyerɛfo Barry McCaffrey kae sɛ sika dodow a wɔsɛe wɔ saa nnuru yi ho no betumi ama nnipa ɔpepem anan anya kɔlege nhomasua mfe anan anaasɛ ebetumi atɔ nufusu lita ɔpepepem 83 ama mmofra a wonnya aduan pa nni. Bio nso, asetra mu ka, te sɛ nea wɔbɔ wɔ nsɛmmɔnedi a anya nkɔanim, ankorankoro anaa abusua asetra a ɛsɛe, ne nyarewa te sɛ mmerɛbo mu yare ne AIDS a atrɛw ho no nka saa ka yi ho.
Mmara a Nnipa Werɛ Afi
Bible Mmara Nsɛm Du no mu ahe na wubetumi aka? Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Rio de Janeiro daa no adi sɛ Brazilfo 4 biara mu 1 na wantumi anka emu biara! Veja bɔ amanneɛ sɛ, wɔn a anyɛ yiye koraa no, wonim mmara nsɛm no mu biako mu no, ɔha biara mu 42 kae sɛ “Nni Awu” anaa “Mmɔ korɔn.” Afoforo kaee, “Mma w’ani mmere wo yɔnko yere” (ɔha biara mu 38), “Di w’agya ne wo na ni” (ɔha biara mu 22), ne “Nni wo yɔnko ho adansekurum” (ɔha biara mu 14). Wɔn a wobuaa nsɛm no mu ɔha biara mu 13 pɛ na wɔkaee mmara asɛm a ɛto so abiɛsa no: “Mmɔ Onyankopɔn din kronkron no basabasa.”
Mmofra Nyansa a Wosusu no Ntɛm
Nyansahufo a wɔresua onipa nyansa ho ade no gye di seesei sɛ efi akokoaa bi awo mu kosi bere a odi mfe abiɛsa no na n’amemene nyin ntɛmntɛm sen biara. Wɔsan susuw sɛ adwene no a wɔkanyan no no ma ntini ahorow bi ba amemene no mu saa bere yi. Modern Maturity bɔ amanneɛ sɛ, enti, awofo bi afi ase ama wɔasusu wɔn mma nyansa (IQ) bere tenten ansa na wɔakɔ mmofra sukuu, na aboa ma wɔne wɔn mfɛfo asi akan. Nanso, awofo a wɔtee nka sɛ “ɛsɛ sɛ ‘wɔkanyan’ wɔn ba simma biara” sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya “abofra a ɔkyɛn so” no ho asɛm haw Oduruyɛfo Barry Zuckerman, asoɛe a ɛhwɛ mmofra aduruyɛ so wɔ Boston Aduruyɛ Ho Sukuupɔn mu guamtrani no. Richard Weinberg a ɔyɛ mmofra adwene ne nneyɛe ho nimdefo no de ka ho sɛ: “Mmofra a wɔhyɛ wɔn ma wosi akan mfiase pɛɛ no taa gyimi. Ma wo mma ani nnye wɔn mmofraberem.”
Akyerɛwfo a Wɔyɛ Ahwɛyiye
Ɔbenfo Barbara Aland a ɔyɛ Apam Foforo Nhwehwɛmu Asoɛe a ɛwɔ Münster, Germany, no titrani no ka sɛ, wɔde ahwɛyiye kɛse na ɛkyerɛw nkyerɛwee a ɛbom yɛ Bible Hela Kyerɛwnsɛm no maa yɛn. Westfälische Nachrichten bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wubehu mfomso anaa nsakrae bi a wogyinaa nyamekyerɛ so yɛe mpo.” Efi 1959 no, asoɛe no ayɛ nsaano nkyerɛwee bɛboro 5,000 a wɔkyerɛw no Mfinimfini Mfe ne tete mmere mu no mu nhwehwɛmu. Wɔakyere nsaano nkyerɛwee no bɛyɛ ɔha biara mu 90 agu hama so. Dɛn nti na wɔn a wɔhwɛɛ Bible no kyerɛw bi no yɛɛ ahwɛyiye kɛse saa sɛ wɔrenni mfomso? Atesɛm krataa no ka sɛ, efisɛ “wobuu wɔn ho sɛ ‘wɔn a wɔrehwɛ so akyerɛw bi,’ na ɛnyɛ akyerɛwfo ankasa.”
So Ɛyɛ Kafe a Wɔayi mu Nnuru Ankasa?
Mpɛn pii na wɔn a wɔnom kafe a ɛhaw wɔn no de kafe a wɔayi mu nnuru si ananmu. Nanso hokwan bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ wubenya kafe a wɔayi mu nnuru ankasa bere a wobisa no? Sɛnea The New York Times mu amanneɛbɔ bi kyerɛ no, kafe bɛyɛ 3 biara mu 1 na wɔayi mu nnuru. U.S. Aduan ne Nnuru Dwumadibea no kyerɛ kafe a wɔayi mu nnuru ase sɛ kafe a nnuru a ɛwom yɛ milligram abien kosi anum. Nanso nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ kafe aguadifo 18 mu wɔ New York Kuropɔn mu no daa no adi sɛ na nnuru dodow a ɛwɔ kafe kuruwa a emu duru yɛ ounce anum mu no gu ahorow kɛse, efi milligram 2.3 kosi milligram 114! Sɛnea Ɔman kafe Fekuw kyerɛ no, nnuru a ɛwɔ kafe kuruwa ankasa mu no yɛ milligram 60 kosi 180.
Kwae a Wɔsɛe no Wɔ Wiase Nyinaa
Jornal da Tarde bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔasɛe kwae a ɛwɔ okyinnsoromma no so no nkyem abiɛsa mu abien dedaw.” Wɔ asase so kwae ankasa a na ne kɛse yɛ kilomita ɔpepem 80 no mu no, ɔpepem 30 pɛ na aka. Wiase Nyinaa Wuram Mmoa Foto (WWF) no ahu sɛ asasepɔn a wɔasɛe ne kwae sen biara ne Asia, na wɔasɛe ne kwae ankasa no ɔha biara mu 88. Ɔha biara mu 62 na wɔasɛe no wɔ Europa, ɔha biara mu 45 wɔ Afrika, ɔha biara mu 41 wɔ Latin Amerika, ne ɔha biara mu 39 wɔ Amerika Kusuu fam. Amazonia, a ɛhɔ ne beae a kwaeberentu wɔ sen biara wɔ wiase no yɛ nea ne kwae ankasa a aka no yɛ ɔha mu 85. O Estado de S. Paulo fa WWF kwankyerɛfo Garo Batmanian asɛm bi ka sɛ: “Brazil wɔ hokwan sɛ ɛbɛkwati mfomso a afoforo adi wɔ wɔn kwae ho no.”
Agyapade a Wɔawia
World Press Review bɔ amanneɛ sɛ, nnansa yi amanneɛbɔ a efi Canada no kae sɛ “amanaman ntam nsɛmmɔnedi akuw de wɔn ani resi Mesopotamia agyapade a wɔmmɔ ho ban koraa fi bere a wɔkoo Persian Gulf ko wɔ 1991 mu no.” Wɔ 1996 no, awifo buu Babilon Tete Nneɛma Akorae no kɔɔ mu awia ketee kowiaa cylinder ne abopon ahorow a nkyerɛwee wɔ so. Wobuu akontaa sɛ tete nneɛma a ɛho yɛ na, a ebi fi Nebukanessar II bere so no ho ka boro $735,000 wɔ amanaman ntam adwinni aguadibea. Beae foforo a awifo de wɔn ani sii ne tete kurow Ah-Hadhr. Nsɛmma nhoma no ka sɛ, wɔ mmɔden a wɔrebɔ de abɔ agyapade a aka no ho ban mu no, aban no atoto kurow no apon nyinaa mu de ntayaa ne semɛnte asiw akwan no.
Katolek Asɔre Hwehwɛ Fafiri
Roma Katolek Asɔre a ɛwɔ France no ayɛ “Adwensakra Ho Mpaemuka” asrɛ Onyankopɔn ne Yudafo sɛ wɔmfa mfiri wɔn wɔ “anibiannaso” a Katolek Asɔre no daa no adi wɔ Yudafo a wɔtaa wɔn wɔ France ɔko bere mu wɔ Vichy aban ase no ho no. Efi 1940 kosi 1944 no, Yudafo bɛboro 75,000 na wɔkyeree wɔn twaa wɔn asu fii France kɔɔ Nasi owu nsraban mu. France atesɛm krataa Le Monde bɔ amanneɛ sɛ, wɔ asɛm bi a Ɔsɔfopanyin Olivier de Berranger kenkanee mu no, asɔre no gye toom sɛ ɛmaa kwan ma n’ankasa anigye “kataa Bible ahyɛde a ɛne obu a wɔbɛkyerɛ ama onipa biara a wɔbɔɔ no Onyankopɔn suban so” no so. Ɛwom sɛ France asɔfo kakraa bi kasa maa Yudafo no de, nanso dodow no ara taa Vichy aban no ne ne nhyehyɛe akyi. Mpaemuka no fã bi ne sɛ: “Ɛsɛ sɛ asɔre no gye tom sɛ, ɛdefa Yudafo a wɔtaa wɔn ho no, ne titiriw ɛdefa ahyɛde pii a Vichy atumfoɔ hyɛ tiaa Yudafo ho no, anibiannaso a wɔyɛe no sen abufuw no koraa. Obiara yɛɛ koom, na obiara antumi ankasa amma amanehunufo no. . . . Ɛnnɛ, yɛpaem ka sɛ na saa koomyɛ yi yɛ mfomso. Yɛsan gye tom sɛ France asɔre no antumi anni n’asɛyɛde a ɛne sɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔanya ahonim pa no ho dwuma.”
Wudwen Sika Ho?
MasterCard International bisabisaa Asia ne Pasifik aman 13 mu nnipa 5,000 nsɛm sɛ ebia wodwen sika ho anaa. Dɛn na efi mu bae? Amanneɛbɔ no daa no adi sɛ wɔn a wodwen sika ho kɛse ne Japanfo, na wɔn mu dodow a ɛsen ɔha biara mu 70 buaa yiw. Wɔn a wodi hɔ ne Philippinesfo a wɔn mu ɔha mu 34 buaa yiw, na wɔn a wodi so ne Koreafo a wɔn mu ɔha biara mu 24 buaa yiw no, New Zealandfo ɔha biara 20 na wobuaa yiw, na Indiafo ne Australiafo ɔha biara mu 19 nso buaa yiw. Nnipa a na wonnwen sikasɛm ho koraa ne Indonesiafo, na wɔn mu ɔha biara mu 8 pɛ na wɔkae sɛ: “Midwen sika ho paa.”
Adwumayɛfo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Mfaso Horow
The Times a ɛwɔ London bɔ amanneɛ sɛ, adwumayɛfo a wɔadi boro mfe 47 no de anidahɔ kɛse yɛ adwuma yiye anɔpa sen wɔn mfɛfo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa no. Esiane sɛ eyi sakra awia nti, Tom Reilly a ɔwɔ John Moores Sukuupɔn mu wɔ Liverpool no hyɛ nyansa sɛ adwumawuranom mma adwumayɛfo a wɔn mfe akɔ anim no nkɔ adwuma anɔpa, na mmerante ne mmabaa no nkɔ adwuma awia ne anwummere. Wɔn a wɔkasae wɔ Britania Aduruyɛ Fekuw ho nhyiam a ɛfa onyin ho no nso daa no adi sɛ mpɛn pii no adetɔnbea ahorow no pɛ sɛ wɔfa wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ nnwuma mu. Dɛn ntia? Efisɛ wodwen adetɔfo ho kɛse, na wɔboa ma wonya nneɛma bi a wɔnkyerɛw akwankyerɛ biara nguu ho no ho nimdeɛ. Atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ, wodi “adwumayɛ mu gyinapɛn ahorow a ebia adwumayɛkuw aman afi ho” no so.