Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 2/8 kr. 29-30
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aware Rekɔ Fam
  • Wɔsɔw Amununkum mu Nsu
  • Asikre Asubɔnten
  • Mmofra wɔ Ɔhyɛ Ase
  • Wɔkyerɛ Nnuruyɛfo Tema
  • Asɔre Rekɔ Fam wɔ lreland
  • Twa Abɛn, Gye Abɛnkoro Biako Nkwa
  • Atrae a Mmara Mma ho Kwan ho Ɔhaw
  • Kafe sɛ́ Aduru?
  • “Asɔfo a Wɔaporɔw”
  • ‘Wɔn a Mpofirim Wu Ayɛ Wɔn Akunafo’
  • Adeyɛ a Asiane Wom
  • Kenya Bɛnkoro a Wɔyɛ Nyisaa
    Nyan!—1998
  • Henanom Na Ɔyare No Betumi Aka Wɔn?
    Nyan!—1986
  • Mmoa Ahemman No—So Ɛreyera?
    Nyan!—1983
  • Kafe Ho Asɛnnennen No
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 2/8 kr. 29-30

Wiase Nsɛm

Aware Rekɔ Fam

Guardian Weekly a wɔyɛ wɔ Manchester, England no, bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa baanu a wɔware nnɛ no mu dodow no ara adi kan abom atra ansa.” Atesɛm krataa no se nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ Canada, England, Sweden, ne United States kyerɛ sɛ nnipa baanu a wɔbom tra ansa na wɔaware no taa gyae aware sen afoforo. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ England no ma wohui sɛ, sɛ wɔka wɔn nyinaa bom a, awarefo a wɔte saa no betumi agyae aware anaasɛ wɔn ntam atetew ɔha mu nkyem 60 sen wɔn a wɔanni kan ammom antra ansa na wɔreware no. Nanso, wo ara na nnipa a aware nsom bo mma wɔn no rewo. Wɔ England ne Wales no, mma a wɔwo no mu ɔha mu nkyem 31.2 na wɔn awofo nwaree. Saara nso na nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi ara kyerɛ sɛ wɔ Scandinavia, Austria, Switzerland, ne Liechtenstein no, bɛyɛ mmofra a wɔwo wɔn no nkyem abiɛsa mu biako yɛ nea awofo a wɔnwaree na ɛwoo wɔn. Wɔ Europa Aman Nkabom no mu aman 12 no mu no, dodow no yɛ bɛyɛ ɔha mu nkyem 20.

Wɔsɔw Amununkum mu Nsu

Ná Chungungo, Chile ahiafo akuraa ketewa bi a woyi apataa wɔ hɔ no nnyaa nsu pa a wɔnom mfe pii. Nanso ɛno sakrae nnansa yi ara esiane ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a wɔfa so sɔw nsu nti. Nsu ntɔ pii wɔ ɔmantam yi mu, nanso kusukuukuu a efi Pacific Po no mu no bɔ ba hɔ. Kusukuukuu no mu yɛ duru titiriw bere a ɛfa akuraa no atifi bepɔw bi a ne tenten yɛ mita 800 so no. Ɛha na Canada ne Chile nyansahufo kuw bi trɛwee rɔba asaw akɛse 50 a wɔanwene no yiye sɛnea etumi twe nsu fi amununkum no mu. Bere a nsu sɔ gu asaw no mu no, ɛboa ano na esian kɔ dorobɛn bi a ɛwɔ asaw no ase mu. Nnorobɛn no bom na ɛde nsu kɔ akuraa no ase. Bere a wɔmfa mfiri ahoɔden biara nni, dwuma no, nhyehyɛe yi a ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛma akɔ so no de nsu a ɛmu tew sɛ wɔnom bɛyɛ lita 25 ma Chungungo nnipa 350 no mu biara daa. Nhwehwɛmufo a wɔyɛ adwuma no gye di sɛ nsasepɔn asia so aman 22 betumi anya nhyehyɛe a ɛte sɛɛ mu mfaso. Nanso ɛnyɛ ade foforo koraa; nnua fi mfe mpempem pii atwe nsu afi kusukuukuu mu.

Asikre Asubɔnten

Thailand Nam Pong Asubɔnten, a ɛma nkurasefo ɔhaha pii a wɔtete n’asukɔn ho aduan no, yɛɛ pikapika ne mãã mpofirim nnansa yi. Sɛnea Asiaweek nsɛmma nhoma kyerɛ no, ɛhɔ adwuma bi a wɔyɛ asikre koradan bi ho tuee mpofirim, na ɛde asikre ase tɔn 9,000 guu asubɔnten no mu. Bere a asikre a ɛyɛ dɛ mmoroso no sɛee asubɔnten no mu oxygen no, ekunkum mpataa bɛyɛ 1,000, kilomita biara a etwae wɔ nsu no mu. Wɔ nea Asiaweek frɛ no “ɔkwan a nyansa nnim a wɔfa so siw ɔsɛe ano” mu no, mpanyimfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asikre no afi nsu no mu denam nsuka bi a ɛbɛn hɔ mu nsu cubic mita ɔpepem 84 a wotu guu asubɔnten no mu no so. Nea wɔn dwumadi no yɛe ara ne sɛ ɛtrɛw asikre ase no mu kilomita 600 kɔɔ asubɔnten afoforo abien mu. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ɔbenfo biako bu akontaa sɛ anyɛ yiye koraa no, ebedi mfe 12 ansa na asubɔnten no mu atew koraa.

Mmofra wɔ Ɔhyɛ Ase

Tokyo atesɛm krataa, Asahi Shimbun bɔ amanneɛ sɛ mmofra pii a wɔwɔ Japan nkuropɔn mu wɔ nhyɛso a emu yɛ den araa ma etumi ma wɔyare ase. Wɔbɔ amanneɛ sɛ, ɛtaa ba sɛ bere a mmofra akɔ sukuu apɔn no, wɔsan kɔ sukuu a wɔde siesie wɔn ntɛmntɛm ma sɔhwɛ ma ade sã mpo. Wohyia nhyɛso kɛse sɛ wobenya sɔhwɛ a wɔyɛ na ama obi afata ama ntoaso sukuu anaa sukuupɔn no mu kyɛfã. Krataa no bɔ amanneɛ sɛ, mfitiase sukuu mu mmarimaa ɔha mu nkyem 37 nom “anonne nnuru a ɛma ahoɔden foforo” na aboa wɔn ma wɔako atia ɔbrɛ, na bɛboro ɔha mu nkyem 20 mmati yɛ wɔn yaw, wonntumi nna, na wɔn ani so biri wɔn.

Wɔkyerɛ Nnuruyɛfo Tema

Ayaresabea ne aduruyɛ sukuu binom a ɛwɔ United States afi dwumadi soronko bi a wɔnam so bɛtete nnuruyɛfo ma wɔanya tema kɛse ase. New York City ayaresabea biako bɔ wɔn a wɔyɛ ɔyɛkyerɛ paa ma wɔbɛyɛ wɔn ho sɛ ayarefo. Bere a oduruyɛfo a wɔretete no no tie nea ɛhaw wɔn no, wotwa wɔ video so ma akyiri yi ɔhwɛ nea ɔyɛe. Ayaresabea panyin, Oduruyɛfo Mark Swartz ka wɔ The New York Times mu sɛ: “Nea wohu wɔ video no so no ma wɔbrɛ wɔn ho ase na ɛyɛ wɔn nwonwa. Wɔka sɛ, ‘Saa na meyɛ m’anim bere nyinaa?’ ‘Ɛyɛ ampa sɛ meyɛ katee saa?’” Ayaresabea foforo ma nnuruyɛfo ba hɔ sɛ ayarefo, na ama wɔahu sɛnea sɛ wɔhwɛ wo yare a ɛte. Ayaresabea foforo nso kyerɛ nnuruyɛfo a wɔte ayaresabea hɔ sɛnea wobenya tema ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim, denam ma a wɔma nnuruyɛfo no hyɛ nea wɔde hyɛ ani kesua so hwɛ ade a anim yɛ wisiwisi, nea wɔde siw asom, ne rɔba ahyɛnsa kotoku de dwudwo wɔn nkatede ano bere tiaa bi so. Ɛsɛ sɛ wɔkyekyere wɔn nan ne wɔn nsa te sɛ nea emu abu, na ama wɔn apɔw so akyenkyen, na wɔde aba a ɛyɛ den hyehyɛ wɔn mpaboa mu na ama ayɛ sɛ wɔn nan ase ayɛ den. Afei ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnwuma nketenkete te sɛ insurance kratasin hyehyɛ ne nnuru ntumpam ti a woyi. Times no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ nkɔmmɔbɔ bere a edi hɔ mu no, nnuruyɛfo no taa ka sɛ wɔanu wɔn ho yiye sɛ wɔn bo fuw ayarefo a wɔn mfe akɔ anim wɔ bere bi a atwam mu no.”

Asɔre Rekɔ Fam wɔ lreland

Sɛnea akontaabu a ɛbaa Irish Times mu kyerɛ no, nnipa a wɔpaw asɔfodi sɛ wɔn adwuma wɔ Republic of Ireland no dodow so retew. Wɔ 1970 mu no, nnipa 750 na wɔpaw nyamesom mu nnwuma ahorow wɔ Katolek Asɔre no mu. Ebeduu 1989 no, na dodow no so atew abedu 322, kyerɛ sɛ ɛso atew ɔha mu nkyem 57. Wɔ 1977 ne 1989 ntam no, mmarima dodow a na wɔyɛ asɔfo no so tew fii 206 baa 139; afoforo a wɔbɛyɛ asɔfo ne nyamesom akuw mu adwumayɛfo no so tew fii 261 baa 99; na afoforo a wɔbɛyɛ nkokorafo so tew fii 98 baa 9.

Twa Abɛn, Gye Abɛnkoro Biako Nkwa

Zimbabwe aban no rebɔ mmɔden a ɛtwa to de abɔ abɛnkoro tuntum a wɔn so retew no ho ban afi wɔn a wokum wɔn a mmara mma wɔn hokwan, ne wɔn ase a ɛretɔre no ho. Esiane sɛ wɔn abɛn nkutoo na wɔn a wokum wɔn no hia nti, obi a ɔhwɛ mmoa yare ne kwaem ahwɛfo kuw bi rema mmɛnkoro nnuru a ɛma wɔda, na wotwitwa wɔn mmɛn. Ɛwom sɛ ɛhaw abɔde a nkwa wom ho nyansahufo binom sɛ ebia mmoa no behia abɛn no de ayɛ “biribi a wonnim mprempren de, nanso ɛte sɛ nea enni hɔ koraa a, mmɛnkoro tumi bɔ wɔne wɔn mma ho ban. Mmɛnkoro tuntum 3,000 a wɔaka wɔ Afrika nyinaa no mu bɛyɛ 1,000 na wɔwɔ Zimbabwe. Mprempren, wɔn a wokum mmoa no, a wɔwɔ ɔman no mu no rekunkum mmoa a wɔn ho yɛ hu yi bɛboro ɔha afe biara mu.

Atrae a Mmara Mma ho Kwan ho Ɔhaw

Esiane ɔpɛ a emu yɛ den titiriw nti no, nnipa mpempem pii a wɔwɔ South Africa refi wɔn afi mu wɔ nkuraase reba nkuropɔn mu abɛhwehwɛ adwuma. Esiane sikasɛm a ɛrekɔ fam nti, ɛyɛ den yiye sɛ wobenya adwuma ayɛ wɔ nkuropɔn no mu. Atrae a mmara mma ho kwan, a ɛyɛ adangow abu so. Afiewuranom a wɔwɔ atrae a ɛbemmɛn hɔ ka sɛ afie bo akɔ fam na korɔnbɔ akɔ soro. Ebinom susuw sɛ ɛsɛ sɛ aban sisi adan a ne bo nyɛ den ma wɔn a wɔtete mmeae a mmara mma ho kwan no. Nanso sɛnea atesɛm krataa Sowetan kae no, adan a ɛtete sɛɛ renyɛ nea “ne bo nyɛ den”​—anaa ne si renyɛ mmerɛw. Nhwehwɛmufo kuw biako bu akontaa sɛ nnipa bɛboro 7,000,000 na wɔtete mmeae a mmara mma ho kwan wɔ ɔman no mu nyinaa.

Kafe sɛ́ Aduru?

Sukuupɔn ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Brazil kae sɛ, agumadifo betumi de kafe adi dwuma sɛ nea ɛma wotumi bɔ mmɔden pii, sɛnea ebia wobetumi de aduru adi dwuma no ara pɛ​—na ɛtɔ mmere bi a, wɔyɛ saa. Sɛnea atesɛm krataa O Estado de S. Paulo kyerɛ no, Luiz Oswaldo Rodrigues a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Apow-mu-Teɛteɛ Sukuu a ɛwɔ Minas Gerais Aban Sukuupɔn mu no se: “Minni adwenem naayɛ biara sɛ na agumadifo a meyɛɛ wɔn ho nhwehwɛmu no wɔ aduru nkɛntɛnso ase​—ɛwom sɛ caffeine dodow a wɔde dii dwuma no sua koraa sen nea mmara mma ho kwan no.” Amanaman Ntam Olimpik Boayikuw no ahyɛ sɛ caffeine dodow a obi betumi de adi dwuma akodu ne miligram 750, a ɛbɛyɛ kafe a ano yɛ den nkuruwa 11. Sɛnea oduruyɛfo no kyerɛ no, mmirikatufo a wɔkɔ mmirika tenten anya mmɔdenbɔ mu nkɔanim ɔha mu nkyem 20 esiane caffeine a ɛwɔ kafe mu nti.

“Asɔfo a Wɔaporɔw”

Rodolfo Reviglio, ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Turin, Italy no kasa tiaa sɛnea “asɔfo a wɔaporɔw” abu so no nnansa yi ara. Wɔbɔɔ ne kasatia no ho amanneɛ wɔ atesɛm krataa La Repubblica mu. Ose: “Ɛte sɛ nea wɔ asram kakraa a atwam ni mu no, asɔfo agye akyɛde ahorow ni amammuifo ne wɔn a wɔresi amammui mu kane hɔ, na wɔabɔ dawuru ama wɔn [amammuifo no] wɔ kokoam anaa baguam.” Reviglio bɔ wɔn sobo sɛ ɔporɔw yi nkɔ so wɔ abatow bere mu nkutoo, na ɔka sɛ wɔtaa “te nneɛma a etia mmara a ɛkɔ so wɔ asɔfo ne aban mpanyimfo ntam, wɔ nkrataa ho adwumayɛ mu, hokwan ahorow a wobisa mu,” ne nneyɛe afoforo a Reviglio de ne nyinaa toto sɛnea “nsɛmmɔnedifo di dwuma” ho no ho asɛm.

‘Wɔn a Mpofirim Wu Ayɛ Wɔn Akunafo’

“Wonni nkra biara, wonnya bere a wɔde bɛka sɛ, ‘Medɔ wo,’ wɔnyɛ ahosiesie biara anaasɛ wonnya bere a wɔde bɛte sɛnea owu yɛ paara no ase.” Saa kwan yi so na ɔkyerɛwfo kunafo Jenny Cullen kyerɛkyerɛɛ nkɛntɛnso a okunu mpofirim wu tumi nya no mu wɔ Femina nsɛmma nhoma a wotintim wɔ South Africa no mu. Owu a ɛte sɛɛ tumi ma obi te basaayɛ nka bere tenten sen sɛnea mmea a wɔn kununom yare kyɛe ansa na wɔrewu te nka no. Cullen se “nea ne kunu mpofirim wu ayɛ no okunafo no ntumi nnye nea ato no no nni asram pii,” na ɔde ka ho sɛ bɛboro afe twam ansa na watumi ahu nea wahwere no ankasa​—nokwasɛm a nnamfo ne abusuafo taa bu wɔn ani gu so. Nokwarem no, sɛnea Cullen kyerɛ no, “sɛ okunu wu bere a wɔhwɛ kwan koraa mpo a, ɛhaw.” Nanso ofi n’ankasa ne suahu mu ma akunafo awerɛhyem sɛ, ɛwom sɛ adehwere kɛse nka a wɔte no remfi hɔ korakora de, nanso “akyiri yi, mpɛn dodow a wɔte adehwere no ho yaw a ano yɛ den nka no so tew nkakrankakra, na awiei koraa no, ɛyɛ den sɛ wɔbɛte.”

Adeyɛ a Asiane Wom

Japan Red Cross Kuw no de mmɔdenbɔ kɛse resiw nkurɔfo kwan na wɔantwe mogya amma sɛ ɔkwan a wɔnam so bɛyɛ wɔn mogya mu nhwehwɛmu sɛ ebia wɔwɔ AIDS mmoawa no bi, a wontua hwee. Kuw no hyɛɛ wɔn mogya ho dwumadibea ahorow no sɛ wɔnna nea nhwehwɛmu ahorow kyerɛ no adi nkyerɛ wɔn a wɔtwe wɔn mogya ma no. Na wɔ Asahi Shimbun atesɛm krataa mu dawurubɔ bi mu no, Red Cross no ka kyerɛɛ wɔn a wosuro sɛ ebia wɔwɔ AIDS mmoawa,no bi no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtwe mogya ma. Dawurubɔ no kae sɛ: “Ɔkwan biara nni hɔ a, sɛ wɔde akwan afoforo a wɔfa so hwehwɛ mogya mu no di dwuma mpo a, wɔnam so behu mogya a ɔyare mmoawa no bi wom wɔ bere a onii no nyaa AIDS mmoawa no bi ne bere a mmoawa a wɔko tia nyarewa daa wɔn ho adi no ntam.” Nanso, atesɛm krataa Yomiuri Shimbun bɔɔ amanneɛ sɛ, “ɛte sɛ nea nnipa a wɔtwe mogya ma sɛ ɔkwan tiawa a wɔfa so hwɛ sɛ wɔwɔ AIDS, a wontua hwee no redɔɔso.” Afe a etwaam no, wɔnam saa kwan yi so huu nnipa 29 a wɔtwee mogya mae sɛ wɔ AIDS.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena