Kenya Bɛnkoro a Wɔyɛ Nyisaa
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ
SƐ ABOA ketewaa bi tew ne ho fi n’awofo ho wɔ wuram a, dɛn na ɛba? Akyinnye biara nni ho sɛ aboa foforo bɛkyere no awe. Nea ɛbɛyɛ na wɔasiw ano no, wuram mmoa ho bammɔfo a wɔwɔ Kenya no bɔ mmoa nkumaa a wɔte saa no ho ban de wɔn kɔ beae a wɔkora mmoa a wɔadan nyisaa nyinaa so. Nyisaabea a agye din sen biara biako ne nea Daphne Sheldrick hwɛ so wɔ Nairobi Ɔman Mmoa Yɛmmea no. Mfe pii ni a Sheldrick de ayɛn mmoa pii asan de wɔn akɔ wuram, a emu bi ne ɛkoɔ, adowa, kankane, kɔkɔte, ahweawa, asono, ne bɛnkoro.
Afe a etwaam no, onyaa bɛnkoro nketewa tuntum abien a wɔfrɛ wɔn Magnette ne Magnum. Magnette yɛ bɛnkoro a wɔfrɛ no Edith a ɔwɔ Nairobi Mmoa Yɛmmea hɔ a ɔda so ara te ase no ba. Wɔde bɛnkoro ba no baa nyisaabea hɔ wɔ February 1997 mfinimfini, a na ɔkwan bi so no watew ne ho afi ne maame ho. Bere a akyiri yi koraa wuram mmoa ho bammɔfo no huu Magnette maame no, na adi nnafua anum. Saa bere no, na esiane sɛ aboa no tew ne ho akyɛ na nnipa ho hua aba ne ho nti, na ɛyɛ den sɛ ne maame no bɛsan agye no.
Wɔwoo Magnum January 30, 1997, na bɛnkoro a wɔfrɛ no Scud a na wɔatwa ne nan nifa, a ebetumi aba sɛ amoa mu a okotiae bere a na ɔretu mmirika denneennen na ɛma ɛbaa saa no, na ɛwoo no. Ɛwom sɛ wɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛsa apirakuru no de, nanso ne nan mu dompe no porɔwee, na na ɛsɛ sɛ wotwa ne nan bere a ɔwoo Magnum akyi adapɛn abiɛsa no.
Bɛnkoro a Wɔyɛn Wɔn
Bɛnkoro nkumaa ho yɛ anika na wɔn sohwɛ nyɛ den, nanso wontumi nyɛn wɔn wɔ dan mu. Da biara, wɔnom nsu toa a ɛsõ kakra biako di nkokoaa aduan a nufusu a wonyii mu srade wom nnɔnhwerew anan biara. Wɔwe wura nso. Ɛwom sɛ sɛ wɔwo bɛnkoro foforo a, wɔn tenten bɛyɛ sɛntimita 40 na wɔn mu duru yɛ kilogram 30 kosi 40 pɛ de, nanso wonyin ntɛmntɛm—na wonya kilogram biako ka wɔn mu duru ho da biara! Sɛ bɛnkoro nyin wie a, ne mu duru boro tɔn biako.
Wɔn bammɔfo no di Magnette ne Magnum akyi nantenantew mmoa yɛmmea hɔ bere tenten da biara. Ɛnyɛ sɛ wɔnantew de teɛteɛ wɔn apɔw mu nko; edi atirimpɔw titiriw bi ho dwuma—ɛkyerɛ ɔkwan a bɛnkoro no bɛsan afa so akɔ wuram. Ma yɛnhwɛ sɛnea wɔyɛ eyi.
Bɛnkoro nhu ade yiye, nanso wɔte ade hua ntɛmntɛm, na wɔkae nneɛma ma ɛyɛ nwonwa. Enti, bɛnkoro nam hua so na ehu wɔn ho. Bɛnkoro nam wɔn tiafi ne dwensɔ a wɔde pete wura so na ɛto wɔn ahye.
Wɔ tebea pa mu no, bɛnkoro bɔ ne ba ho ban, na ɔte ne ho hua wɔ ɔkwan soronko so kosi sɛ ɔbɛwo foforo. Ebedu saa bere no, na bɛnkoro ba no ahu bɛnkoro abusua no yiye ma wotumi gye no ba wɔn mu. Wɔ wɔn a wɔba mu foforo te sɛ Magnette ne Magnum fam no, tebea no yɛ soronko. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn tiafi ka bɛnkoro a wɔte saa beae no de ho ansa na wɔatumi ne wɔn anya nkitahodi ankasa. Enti bere a bɛnkoro a wɔyɛ nyisaa de bere tenten kyinkyin daa no, wɔn ankasa kɔ tiafi gu wura no mu. Wɔ saa kwan yi so no, bɛnkoro a wɔwɔ hɔnom no te hua no yɛ ho nhwehwɛmu, na awiei koraa no wogye wɔn ba abusua no mu. Enti, bɛnkoro a nnipa ayɛn wɔn a wobehu wɔn agye wɔn aba wuram bio no yɛ ade a ɛnna fam a egye mfe pii.
Dɛn ne Nyisaa no Daakye?
Sɛnea Wiase Nyinaa Wuram Mmoa Ho Foto kyerɛ no, wɔ 1970 mu no, na bɛnkoro tuntum 65,000 na ɛwɔ Afrika. Ɛnnɛ wonnu 2,500. Wɔn a wowia wɔn ho kunkum bɛnkoro yi wɔn nhoma ne wɔn abɛn no na ama wɔn so atew saa. Wɔ sum ase aguadi mu no, bɛnkoro abɛn bo yɛ den sen sika kɔkɔɔ. Dɛn nti na ne bo yɛ den saa?
Ade biako ne sɛ, wɔ aman a ɛwɔ Mediterranea Supɔw Apuei fam Akyirikyiri no bi mu no, nnipa pii gye di sɛ abɛn a wɔayam no muhumuhu betumi asa atiridii. Aduruyɛ mu nhwehwɛmu ada no adi sɛ eyi betumi ayɛ nokware, nanso gye sɛ wɔnom pii sen nnuru a ɛwɔ hɔ seesei no koraa. Nokwarem no, nnuru foforo pii wɔ hɔ a etumi sa atiridii.
Wɔhwehwɛ bɛnkoro abɛn nso de yɛ amanne ahorow. Wɔ Mediterranea Supɔw so man bi mu no, sekamma a akontɔn yɛ biribi a ɛkyerɛ obi mmaninyɛ. Enti sekamma a wɔde bɛnkoro abɛn ayɛ ne nsomu no bo yɛ den araa ma atɔfo no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛtɔ nsomu a wɔde abɛn foforo ayɛ no $580 na wɔatɔ nsomu a wɔde abɛn a akyɛ ayɛ no $1,200.
Esiane wɔn a wowia wɔn ho kum mmoa no nti, Kenya hweree ne bɛnkoro bɛboro ɔha mu 95 wɔ nea ennu mfe 20 mu. Eduu 1990 mfe no mfiase no, na dodow no so atew fi 20,000 abesi 400 pɛ. Efi saa bere no, esiane ahobammɔ ho nhyehyɛe ahorow a emu yɛ den nti, bɛnkoro no dodow anya nkɔanim akodu bɛyɛ 450. Mprempren Kenya yɛ Afrika aman abiɛsa pɛ a emu bɛnkoro dodow so ntew na enya nkɔanim no mu biako. Enti Magnette ne Magnum wɔ daakye pa, na wɔn bammɔfo no wɔ anidaso sɛ bere bi akyi no wɔbɛkɔ akɔka hɔnom bɛnkoro abusua no ho na wɔanya nkwa tenten a anigye wom.
[Kratafa 18 mfonini]
Magnum (benkum so), ne Magnette a wɔadi asram anan