Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 3/15 kr. 7
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɛnkoro Abɛn
  • Kɛtɛasehyɛ Abu So
  • Afrikafo Atu Agu Intanɛt So
  • Kenya Bɛnkoro a Wɔyɛ Nyisaa
    Nyan!—1998
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Dɛn Nti Na Afrika Ntumi Nhwɛ Ne Ho Wɔ Aduan Fam?
    Nyan!—1987
  • Mmoa Ahemman No—So Ɛreyera?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 3/15 kr. 7
Abɛnkoro mmienu

WIASE NSƐM

Afrika

Nnwumakuw ne nnipa pii rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Afrikafo asetena atu mpɔn. Nanso ɔhaw pii wɔ hɔ a wɔntumi nnyaa ano aduro.

Bɛnkoro Abɛn

Wɔbɔ amanneɛ sɛ afe 2013 mu nkutoo no, ɔmanfoɔ wiaa wɔn ho kunkum abɛnkoro 1,004 wɔ South Africa. Sɛ wode toto 13 a wɔkum wɔn afe 2007 no ho a, wohu sɛ amanfoɔ atu wɔn ani asi mmoa yi so paa. Ɛwom sɛ amanfoɔ akunkum mmoa yi pii atutu wɔn mmɛn atɔn deɛ, nanso ne boɔ mmaa fam. Adɛn ntia? Efisɛ wɔn a wɔrepɛ bi atɔ no dɔɔso. Wei ama abɛn no boɔ ayɛ den sen sika kɔkɔɔ mpo. Obi bɛtumi atɔn abɛn baako agye dɔla 500,000.

SUSU HO: Enti wiase atumfoɔ bɛtumi atu nsɛmmɔnedi ase?​—Yeremia 10:23.

Kɛtɛasehyɛ Abu So

Obi regye adanmude

Kuw bi a ɛde Transparency International bɔ amanneɛ sɛ, sɛ yɛreka aman a kɛtɛasehyɛ adondɔn wɔn paa a, Afrika Atɔe fam aman na ɛdi kan. Nanso kɛtɛasehyɛ dodow no ara kɔ so dinn a obiara nte ho asɛm. Sɛ kɛtɛasehyɛ bɛyɛ ɔha na ɛrekɔ so a, emu 90 deɛ wɔmmɔ so koraa. Adɛn ntia? Kuw no nanmusini bi a ɔwɔ Kenya ka sɛ: “Ɔmanfo nni ahotɔsoɔ sɛ sɛ wɔka koraa a, aban no bɛyɛ kɛtɛasehyɛ a ɛrekɔ so no ho biribi.”

NEA BIBLE KA: “Deɛ ɔhunu adeɛ yie mpo, adanmudeɛ tumi fira n’ani.”​—Exodus 23:8.

Afrikafo Atu Agu Intanɛt So

Kuw bi a ɛde International Telecommunication Union kaa sɛ ɛbɛdu afe 2014 awiei no, na Afrikafo bɛyɛ 100 biara mu 20 de Intanɛt reyɛ adwuma. Sɛ wohwɛ wiase nyinaa a, baabi a nnipa atu agu intanɛt so paa seesei ne Afrika.

1. Afrika mfonini wɔ kɔmputa so; 2. Nnipa 100 a wɔayi mu 20; 3. Ahyɛnsode a ɛkyerɛ 100 mu 20
    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena