Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 11/8 kr. 12-17
  • Mmoa Ahemman No—So Ɛreyera?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa Ahemman No—So Ɛreyera?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asonse Ɛsom Bo Dɛn?
    Nyan!—1998
  • Kenya Bɛnkoro a Wɔyɛ Nyisaa
    Nyan!—1998
  • Bammɔ ne Asetɔre
    Nyan!—1996
  • Wɔn A Wɔaka Wɔ Namib Anhweatam So
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 11/8 kr. 12-17

Mmoa Ahemman No​—So Ɛreyera?

BƆNE a ɛwɔ hɔ a egu awɔse no ma onipa koma bɔ katirikatiri bere a atuo nnyigyei a akyinnye biara nni ho, sɛe kommyɛ a ɛwɔ hɔ na egyigye kɔ akyirikyiri no. Sɛnea wɔn a atuo mmoba kum wɔn no munimuni hwe fam na wɔpere wu wɔ fam no wɔ akyirikyiri dodo sɛ yebehu. Nantew kɔ hɔ na kenkan dodow a awuwu no. Wɔyɛ ɔhaha pii. Ebia bɛyɛ 300 wɔ ha.

Wɔn a wokunkum wɔn no kɔ. Enni wɔn adwene mu sɛ wobesie afunu no. Woyiyi wɔn a wɔakunkum wɔn kwa yi nneɛma a ɛwɔ wɔn ho a ɛyɛ wɔn agyapade, na wogyaw wɔn afunu no gu hɔ na aporɔw wɔ owia so na wɔn a wodi nammono adi. Kum a wokum mmoa kwa yi hwɛ kae yɛn asiane horow ne kum a wokum mmoa kwa a ɛredɔɔso a ɛda abɔde horow a wokura agyapade kɛse nanso wonni nea wɔde bɔ wɔn ho ban ne faako a wobehinta no anim no.

Fa nea akɔ so yi bɔ ho mpɛn mpem ahorow. Kenkan wɔn a wɔakunkum wɔn a wɔyɛ mpem dudu pii no. Ɛno nkutoo so na wobɛfa afi ase anya kum a wokum Afrika asono kwa wɔ atirimɔden so ma wɔkaa kakraa bi no ho adwene a ɛfata. Ɛnnɛ, wɔrekum wɔn ntɛmntɛm kyɛn sɛnea wotumi wo, na osuro kɛse wɔ hɔ sɛ ɛrenkyɛ na wɔn nso wɔadan sɛ ɛkoɔ ahorow a na bere bi wokyin Amerika tataw so pii a ɛte sɛ nea onipa atɔre wɔn ase koraa no.

Asono akɛse no de wɔn nkwa ama adesamma a wɔn ani di ade a ɛyɛ soronko akyi no. Wɔn a wobetumi no hwehwɛ asonse a wɔde ayɛ adwinne ahorow a n’atenten fi anammɔn bebree kosi kawa a wɔde hyɛ nsatea nwene ade nnɛ so. Wɔ mfirihyia aduonu a atwam no mu no, na asonse a emu duru yɛ nkaribo biako yɛ Amerika sika dɔla abiɛsa pɛ. Ɛnnɛ, wɔde Amerika sika dɔla 40 na ɛtɔ. Wotumi bu ano sɛ, asono bɛyɛ 23,00 hweree wɔn nkwa de boaboaa asonse a ne bo yɛ dɔla ɔpepem 8.3 a wɔde mena kɔɔ Amerika wɔ afe 1980 pɛ mu no ano.

Obi a okum mmoa kwa a mmara mma kwan na ɔwɔ akontaabu ho nimdeɛ kakra no nim sɛ, sɛ okum sono a n’asonse biako tumi kari nkaribo 100 a, anyɛ yiye koraa no obetumi anya Amerika sika dɔla 8,000 wɔ asonse gua so. Wɔ Tanzania no, polisifo gyee asonse a sɛ wobu ano a ɛyɛ Amerika sika dɔla 360,000 a ɛyɛ wɔn a wokum asono kwa a mmara mma kwan no adwuma. Wɔn a wɔhwɛ mmoa yi so anaa wɔbɔ wɔn ho ban wɔ Afrika aman horow bi so no de owu aba wɔn a wɔhwɛ wɔn so no ne wɔn a wokum wɔn kwa a mmara mma ho kwan no so. Wɔn a wɔhwɛ mmoa no so anaa wɔbɔ wɔn ho ban no mu biako kae sɛ, “Ɛte sɛ ɔko.” Nanso esiane sɛ ɛbo a wotua ma asonse no kɔ soro nti, wɔn a wokum asono kwa a mmara mma wɔn kwan no de wɔn ho hyɛ mu. Wɔn a wɔhwɛ mmoa no so no mu binom mpo dan atuatewfo de wɔn ho bɔ wɔn a wokum wɔn kwa a mmara mma ho kwan no ho. Kum a obekum ɛsono biako a n’asonse so no de sika a ɛboro nea ɔhwɛ mmoa no so no akatua a onya afe bɛma no.

Ɛnyɛ asonse a wɔde ayɛ adwinne yi nko na wɔn a wɔn ani kyi ade a ɛyɛ soronko no hwehwɛ. Wɔbɛpɛ sɛ wotua Amerika sika dɔla 400 ma bag biako a wɔde ɛsono nhoma ayɛ anaasɛ ɔbɛtɔ kɛntɛn a wɔde wura gu mu anaasɛ akatawia a wɔde ɛsono anan ayɛ ne nnua no. Kyerɛwdua a wɔde ɛsono ba nan ayɛ po bɛyɛ wɔn fɛ. Wɔn ani gye kotoku ketewa a wɔde sika hyɛ mu a wɔfrɛ no pɔs a wɔde ɛsono nhoma ayɛ ho, na ɔbea bɛpɛ sɛ ɔde ne pɔs anaa bɛlt a wɔde ɛsono nhoma ayɛ kyerɛ afoforo. Nanso sɛ wosusuw ho sɛ, ɛsono de ne nkwa mae sɛnea ɛbɛyɛ ma wɔanya biribi a ɛyɛ soronko saa no ho?

Sɛnea nnipa a wokum asono yi kwa a mmara mma ho kwan no nni nkate ne adwene biara mma mmoa a wokum wɔn kwa yi nti, ayɛ saa ma nkurow anaa aman bi mu no, wɔde bɔre mpo gu mmura a ɛnyɛ asono no nko na mmom mmoa afoforo nom mu nso no mu. Wɔn a wɔn adwene biako pɛ ne sɛ: wobekum wɔn! no nam mpeaw a wɔde bɔre ayɛ ano, nnuaba a wɔde bɔre asrasra ho, agyan, mfiri horow ne ogya ne akode ahorow so kum asono a wontumi mmɔ wɔn ho ban no! Na wokum wɔn nso, wɔ Afrika Apuei sɛɛ no, bɛyɛ asono 70,000 afe.

Ɛnkyɛe biara na ɔman a wɔfrɛ no Uganda no hoahoaa ne ho sɛ ɔwɔ asono 49,000. Asraafo a na wɔwɔ saa bere no ɔmampanyin Idi Amin dɔm mu no de wɔn bere fa dan wɔn a wokum mmoa a mmara mma kwan, kum saa asono yi pii, mpempem, yii wɔn asonse gyaw wɔn hɔ ma wɔporɔwee faako a wɔtotɔe no. Wɔn a wɔhwɛ saa mmoa yi so no kan asono afunu bɛyɛ sɛ 900 bere bi wɔ beae bi.

Wotuu Amin nniso no gui wɔ afe 1979 mu, nanso nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ Uganda asono antumi annya ahotɔ. Ɛnnɛ, Amin asraafo no akode​—sɛ ɛyɛ nea asraafo a wɔreguan no gyaw guu hɔ anaasɛ wogye fii wɔn nsam​—adan agyapade a ɛsom bo wɔ wɔn a wokum asono a mmara mma ho kwan no nsam. Wɔde eyi kum aboa biara a ebetumi de sika abrɛ wɔn. Ɛnnɛ, asono a wɔaka wɔ Uganda no dodow bɛyɛ 1,500 pɛ.

Bere bɛn na mmoa a wokum wɔn kwa yi bɛba awiei? Mpɛn dodow a wɔn a wɔtɔ asonse a hwee mfa wɔn ho no hwehwɛ no, ɛyɛ den sɛ wobehu ɔkwan a wɔbɛfaso akwati tɔre a wɔbɛtɔre Afrika asono no ase.

Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ɛnyɛ ɛsono nkutoo ne aboa a ofifi asonse a ɛyɛ sika fitaa no. Afrika mmoa bi a wɔfrɛ wɔn rainosirɔs a wɔyɛ atuntum a wofifi mmɛn a wɔn atenten bɛyɛ efi anammɔn biako kosi abien no nso ayɛ mmoa a wokum wɔn kwa a wɔn dodow, bɛyɛ sɛ mfirihyia du ni, yɛ 100,000 no, wɔakum wɔn ama wɔn so atew abedu bɛyɛ efi 10,000 kosi 20,000 pɛ nnɛ. Wɔrekum raino no ntɛmntɛm sen sɛnea otumi wo te sɛ ɛsono. Wɔn a wosua ho ade no de abufuw ka sɛnea wɔreyɛ atɔre Afrika mmoa no nyinaa ase ho asɛm. Nea wɔka ne sɛ, “Fi a wobefi mu aka no yɛ nea anidaso nnim.”

Wɔn a wɔyɛ adefo no rensusuw tua a wobetua Amerika sika dɔla 40 de atɔ asonse a wɔadi ho adwini a emu duru yɛ nkaribo biako pɛ no ho, nanso wɔn ani so bɛyɛ wɔn naa wɔ ɛbo a raino mmɛn kura no ho​—wɔn ho bedwiri wɔn wɔ ne bo a ɛyɛ Amerika sika dɔla 14,000 nkaribo biako pɛ no ho. Dɛn nti na ne bo yɛ den saa? Ayɛ atetesɛm mu gyidi sɛ aboa a wɔfrɛ no raino no mmɛn no wɔ tumi bi a ɛma wotumi de yi nkonyaa na esa nyarewa ahorow, na wobu no sɛ ɛsom bo yiye sɛ biribi a ɛkanyan ɔbarima ne ɔbea nna wɔ wɔn a wɔn ho awu no mu no mu. Enti wɔn a wɔwɔ sika no tua sika kɛse de tɔ eyi.

Wɔn a wosua nnuruyɛ ho ade no nhu adanse biara a ɛkyerɛ sɛ aboa a wɔfrɛ no raino no mmɛn a wɔayam no muhumuhu sɛ bɔtɔ no tumi ma wɔn a wɔn ho awu no nya ɔbea ne ɔbarima nna mu tumi bio. Wɔn a wɔn ho awu wɔ nna mu no betumi akora wɔn sika so awe wɔn ankasa abɔwerɛw anaasɛ wɔn ti so nhwi a wɔatwitwa, efisɛ raino mmɛn ne ɔdesani abɔwerɛw kura ade a wɔfrɛ no keratin no bi. Nanso nnipa pii na wɔagye atom sɛ nsonsonee wom, na wɔpɛ sɛ wotua Amerika sika bɛboro dɔla 600 na wɔde atɔ raino abɛn a wɔayam no sɛ bɔtɔ atere ma, na eyi ma wɔn a wokum mmoa a mmara mma ho kwan no ani gye yiye. Obi a ɔhwɛ wuram mmoa a wɔte saa so no kae sɛ: “Wurenhu raino yi bi wɔ ha bio wɔ adapɛn abiɛsa pɛ mu,” sɛ ɛnyɛ kyin a wokyin hwɛ mmoa yi so no a. Esiane sɛ Asiafo pii da so gye di sɛ raino mmɛn no wɔ anwonwatumi bi nti, wɔakum mmoa yi mu wɔn a wɔwɔ Asia no ma ɛte sɛ nea wɔatɔre wɔn ase mpo.

Wobu raino abɛn no sɛ ɛsom bo yiye wɔ North Yemen, na wɔde yɛ sɛpɔ akyi dua. Eyi na mmarima a wɔadi bɛyɛ sɛ efi mfirihyia 12 kɔ fi tete de hama sa bɔ wɔn asen. Wɔde sika ne dwetɛ hyehyɛ sɛpɔ no ho anaa wɔde bobɔ mu, North Yemenfo tua sika a ɛso kɛse, efi Amerika sika dɔla 6,000 kosi 13,000 de tɔ eyinom. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, North Yemen kraa raino mmɛn a emu duru bɛyɛ nkaribo 50,000, a egyina hɔ ma raino yi 8,000 a wɔakum wɔn kwa, nea ennuu mfirihyia du ni. Ɛbo bɛn na wotua ma atetesɛm sɛɛ yi!

Nea ɔno nso ne ɛsono ne raino a wɔwɔ Afrika no ntam nkwan ware nso ne aboa a wɔfrɛ walrus a ɔte sɛ osukraman a ne tenten yɛ anammɔn 12 na ne mu duru yɛ nkaribo 3,000 a ɔte Artik sukyerɛma so no. Saa ɛse akɛse a ano kyerɛ fam a ɛma ɔdan aboa a ne ho yɛ hu no te sɛ asonse​—ne tenten yɛ anammɔn abiɛsa. Bere bi a atwam no na Eskimofo nkutoo na wɔyɛ ha kum wɔn di wɔn nam na wɔde wɔn mmɛn no yɛ adwinne ahorow tɔn nya sika. Afei de wadan aboa a wonya asonse pii ne hɔ a wobu ano a wokum 5,000 afe biara. Sɛ wɔkɔ so kum wɔn ntɛmntɛm saa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ obi ka kyerɛ walrus a ɔte sɛ osukraman yi sɛ ɔnwo pii na ɔnyɛ no ntɛmntɛm nso anyɛ saa a ɔbɛka wɔn a wɔayera afi mmoa ahemman no mu no ho.

Bebree wɔ hɔ. Aboa a ne ho yɛ hare sen biara, kyiita, a ɔte sa asabontwi a otumi tu mmirika bɛyɛ akwansin 70 dɔnhwere biako pɛ mu no wɔ hɔ. Nanso ontumi ntu mmirika ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ na obeguan afi ɔsɛefo a n’ani mmuei a ɔne onipa no ho. Aboa teateaa a ne ho yɛ fɛ a ne nhwi te sɛ akokɔsrade a, tuntum sisi mu wɔ aboa no nipadua nyinaa mu no yɛ nea bere bi no na wobu no yiye wɔ India na wɔdɔɔso wɔ Afrika ne Asia tataw so. Efi yɛn afeha yi mfiase reba no, wɔayɛ ha akum mmoa yi nyinaa na wɔayera koraa afi India na wɔreyɛ atɔre wɔn ase wɔ mmeae ahorow wɔ Asia. Wɔ Afrika no; wɔn dodow so ahuan koraa ma ɛyɛ mmɔbɔ na wɔresa mfe du biara.

Dɛn nti na wokum kyiita a ɔte sɛ asabɔntwi yi pii saa? Efisɛ m’awuraa pɛ nkataso, na biako a wɔde aboa a ofi kyiita abusua a ɛreyera no mu no nhoma fɛfɛ ayɛ no bɛsɔ n’ani yiye. Wɔn a wokum mmoa a mmara mma ho kwan no ani gye nea ne kɔn dɔ yi ho yiye. Nnansa yi mmoa nhoma yi bi a na wɔde agu hyɛn mu a wɔfaa mmara kwan so gyei no dodow yɛ mmoa ho nhoma 319 a nnipa a mmara mma wɔn ho kwan sɛ wonkum wɔn na akum wɔn, na “dodow yi yɛ ɔha mu nkyem 5 kosi 10 a wɔde atew mmoa a wɔfrɛ wɔn kyiita a wɔte sɛ asabontwi no dodow so bio.” Ntade afoforo ne ahuhusɛm reyɛ ama wɔatɔre saa aboa fɛfɛ yi ase.

Afei nso aboa ɔsebɔ ho nhoma ne emu nsensanee fɛfɛ no ma ɛdan nhwi a ɛsom bo ma ntade. Ɛbo bɛn na ɛsom? Wɔn a wokum wɔn a mmara mma ho kwan no tɔn eyi de gye Amerika sika dɔla 10,000. Ɛda adi sɛ asikafo nkutoo na wobetumi atɔ ade a ɛte sɛɛ. Nanso, wɔn a wobetumi atɔ no dodow rekɔ anim, na saa ara nso na ɔsebɔ nhoma no ayɛ nea wɔhwehwɛ no pii, mpɛn dodow a wohu no. Aman horow bi de mmara abara ɔsebɔ nhoma a wɔde bɛmena akɔ aman horow so akɔyɛ ntade, nanso sɛ yɛhwɛ asebɔ mpemdudu pii a wokum wɔn wɔ ntade nti no ho a, na saa mmara yi aka akyiri kakra.

Saa ara na wobetumi aka afa asabontwi, nnyinamoa abusua no mu nea ɔso sen biara no ho. Bere bi no na ɔno ne ɔhene wɔ mmoa ahemman no mu wɔ Asia, na wɔdɔɔso pii wɔ asase kɛse no kesee fam, na odii hene de besii 1800 mfe no mu. Nanso, ade biako bi na ayera wɔ ne ho a antumi amma wantra nkwa mu​—ontumi nto tuo a ɔde bɛpam ne tamfo a ɔsen biara no, onipa. Sɛ obi tow no tuo a, ontumi ntow bi. Adesamma abɔmmɔfo akokodurufo baahe na wobetumi adi asabontwi akyi, sɛ ɔno nso tumi tow wɔn a? Sɛnea ɛte no, nnipa kɔ so kum asabontwi yi koraa sɛe wɔn atrae, na nnɛ, kakraa bi pɛ na aka. Asabontwi abɛdan mmoa a wɔreyɛ atɔre wɔn ase no mu bi.

Mfaso bɛn na ɛwɔ nkontromfi akɛse no ho ma nnipa, sɛ ɛnyɛ aduan na wɔn mu kakraa bi de yɛ a? Wɔntaa nte nkontromfi akɛse no ho nhoma a wɔde ayɛ atade nka, na saa nkontromfi akɛse yi sẽ nyɛ asonse. Nanso nnipa da so kum nkontromfi akɛse yi de gye din. Otwitwa wɔn nsa de yɛ nneɛma a wɔde sigaret nsõ gu mu. Esiane sɛ wokum wɔn kwa na wɔsɛe wɔn atrae nti, nkontromfi akɛse yi dodow a wɔwɔ Afrika no resa ntɛmntɛm. Wiase nyansahufo suro sɛ ebia ebi mpo renka.

Bere bi no na wosusuw sɛ mmoa ahemman no ase rentɔre da. Nanso so ade a ɛte sɛ nea n’ase ntumi ntɔre yi betumi de mmoa bi a wɔfrɛ wɔn Zebra anaasɛ sare so mfurum yi 10,000 ama wɔ mfirihyia anum mu de ayɛ akyene ne nkuntu kɛtɛ a wɔde sɛw ɔdan mu ama wɔn a wotu kɔsra nsase horow so no atɔ na wɔn ase antɔre? Nanso, okunkɛse no kɔ so ara, na ɛte sɛ nea mmoa ahemman no reyera koraa.

Nanso nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ɛnyɛ sɛ okum yi kɔ so na wɔde ayɛ aduan ama yafunu a ɔkɔm de no no, na mmom nea wɔde yɛ ahuhude. Asabontwi anaasɛ asebɔ ho nhoma nhia nnipa. Yebetumi atra ase a yenni asono ho nhoma a wɔde ayɛ bag anaasɛ kotoku a wɔde sika gu mu. Hena na asepatere hia no ara ma enti ɛsɛ sɛ ɔketew bi a wɔntaa nhu bi anaasɛ ɔdɛnkyɛm bi wu ansa na ne nsa aka saa asepatere no? Sɛ wususuw adwinne bi a wɔde asonse na ayɛ ho sɛ wobɛtɔ a, so w’ahonim bɛma w’ani aba wo ho so bere a wususuw ɛsono a wɔatow no tuo na ɔda fam repere awu na wotwa n’asonse bere a onwui sɛnea ɛbɛyɛ na wo nsa aka nea wohwehwɛ no ho? Kae sɛ, mpɛn dodow a nnipa kɔn dɔ saa nneɛma no, mmoa bewu na mmoa horow a wɔtete saa ase bɛtɔre.

Wɔ nokware a ɛyɛ sɛ aman horow pii yɛ mmara pa sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde asiw mmoa horow a wɔbɛyera afi mmoa ahemman no mu no ano no nyinaa akyi no, nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ wɔasɛe ade pii dedaw. Nanso anidaso wɔ hɔ, sɛ́ mmoa ahorow bɛtra asase so ara wɔ mfe a ɛbɛba no mu na onipa anya wɔn ho anigye. Wɔ nkɔmhyɛ bi a ɛkyerɛ tebea horow a ɛbɛba wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase no mu no, Bible no kae sɛ: “Habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi.”​—Yesaia 11:6, 7.

Nanso wɔn a wobu Onyankopɔn asase no animtiaa na wɔsɛe ne mmoa ahemman no kwa no nnue! Wɔ nokwarem no, Onyankopɔn bɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no. Wahyɛ eyi ho bɔ.​—Adiyisɛm 11:18.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Wɔakum Afrika asono akɛse bebrebe no ntɛmntɛm akyɛn sɛnea wotumi wo

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

Ntade afoforo a obi nhyɛɛ bi da ne ahuhude a adesamma yi na adi no rema aboa a wɔfrɛ na kyiita a ɔte sɛ asabontwi no ase atɔre

[Kratafa 14 mfoni]

Aboa a wɔfrɛ no walrus a ɔte sɛ asukraman no nso yɛ nea wotumi nya ne hɔ asonse. Wokum bɛyɛ 5,000 afe biara

[Kratafa 15 mfoni]

Ahayɔ a wɔde anigye yɛ ne mmoa no atrae a ɛresa ama ɔsebɔ adan mmoa no mu nea wɔreyɛ atɔre n’ase, bere a raino nso ayɛ nea wɔakum no koraa a n’ase reyɛ atɔre sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde ne mmɛn no adi dwuma sɛ sɛpɔ anaasɛ nea wose wɔde kanyan ɔbea ne ɔbarima nna mu tumi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena