Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 8/8 kr. 7-8
  • Bammɔ ne Asetɔre

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bammɔ ne Asetɔre
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amanaman Ntam Mmoa
  • Nnipa Ho a Wɔde Gye Mu
  • So Wɔadi Nkonim Dodo?
  • Akwanhwɛ Ahorow a Ahotoso Nnim
  • Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Sɛnea Ɔhaw no Kɛse Te
    Nyan!—1996
  • Sɛnea Abɔde Nyinaa Dan Wɔn Ho Wɔn Ho
    Nyan!—2001
  • Nea Enti a Mmoa Ase Reyɛ Atɔre
    Nyan!—1996
  • Asonse Ɛsom Bo Dɛn?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 8/8 kr. 7-8

Bammɔ ne Asetɔre

BAMMƆ ne abɔde a nkwa wom asetɔre ntam ntawntawdi rekɔ so. Adɔe akuw pii hyɛ nniso ahorow sɛ wɔnyɛ nneɛma so kora ho mmara horow a emu yɛ den na ama wɔatumi abɔ mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre no ho ban.

Sɛ́ nhwɛso no, nnansa yi ara akuw horow hyiaa China aban mpanyimfo na wɔne wɔn yɛɛ biako wɔ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛma wɔagyae kum a wokunkum Asia asisi tuntum no mu. Wokunkum saa mmoa yi, yiyi wɔn bɔnwoma a wɔde yɛ nnuru wɔ Apuei fam no.

Amanaman Ntam Mmoa

Sɛ́ wɔbɛbɔ mmoa ho ban wɔ ɔman biako mu na wɔnam ahayɔ so atɔre wɔn ase wɔ baabi foforo no mmoa mma wɔnkora wɔn so. Ne saa nti, amanaman ntam apam horow a wɔyeyɛe no baa ne bere mu—na wɔayeyɛ pii. Wɔyɛɛ Abɔde Ahorow Ho Apam, Rio Apam, no wɔ 1993 awiei, na wɔyɛɛ Mpan So Kora Ho Apam no wɔ ɛno akyi pɛɛ wɔ Europa. Amanaman Ntam Bonsuyi Ho Ahyehyɛde no de Kesee fam Po a ɛyɛ bonsu guankɔbea no kaa India Po ho de bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ abonsu akɛse ne nketewa ho ban. Nanso gyama apam a emu yɛ den sen biara ne Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre Ho Amanaman Ntam Aguadi Apam no.—Hwɛ adaka no.

Onipa da so ara wɔ pii sua wɔ mmoa ntam abusuabɔ ho. Afrika Apuei fam apofofo a wɔde mpataa akɛse bi a wɔfrɛ no Nile perch guu Ɔtare Victoria mu na ama wɔanya nam pii no kɔfaa ɔhaw a mmoa ho nimdefo Colin Tudge frɛɛ no “mmoa ntam abusuabɔ mu asiane a ɛsen biara wɔ afeha yi mu” no bae. Ɔtare no mu mpataa 300 no mu bɛyɛ 200 ase tɔree. Ɛwom sɛ adanse a ada adi nnansa yi ara de asodi no to asase ani a nsu hohoro no so sɛ ɛno na ɛde mpataa a wɔn ase retɔre ba de, nanso seesei aman abiɛsa a wɔda ɔtare no ano no atew kuw a ɛhwɛ kyerɛ mpataa ko a wobetumi de wɔn abam a wɔremfa wɔn a wɔwom dedaw nkwa nto asiane mu.

Nnipa Ho a Wɔde Gye Mu

Baabi biako a wɔbɔ amanneɛ sɛ ayɛ yiye kɛse ne nhyehyɛe a wɔyɛ kyere mmoa gu buw mu ma wɔwo wɔ mmoa yɛmmea pii no. “Sɛ mmoa yɛmmea a ɛwɔ wiase nyinaa reboa akyere mmoa agu buw mu ma wɔawo, na ɔmanfo boa mmoa yɛmmea ahorow no ankasa a, ɛnde wobetumi aboa ma wɔabɔ mmoa a wɔwɔ berɛmo a ɛda adi sɛ ɛho behia sɛ wɔkyere bi gu buw mu ma wɔwo wɔ daakye a enni akyiri biara, no ho ban.”—Last Animals at the Zoo.

Wɔkyere mmoa gu buw mu wɔ mmoa yɛmmea a ɛwɔ Britain supɔw ketewa Jersey so no ma wɔwo na wɔsan gyae wɔn ma wɔkɔ wɔn atrae ankasa akyiri yi. Wɔ 1975 no, na nko 100 pɛ na wɔwɔ wɔn Caribbean atrae hɔ wɔ St. Lucia. Wɔde nnomaa yi mu ason kɔɔ Jersey. Ebeduu 1989 no, na mmoa yɛmmea no ahwɛ ma wɔahuan 14 foforo ma wɔde eyinom bi asan kɔ St. Lucia. Wɔbɔ amanneɛ seesei sɛ bɛboro 300 na wɔwɔ supɔw no so.

Nhyehyɛe ahorow a ɛte saa ara ayɛ yiye wɔ mmeae foforo nso. National Geographic bɔ amanneɛ sɛ mpataku kɔkɔɔ 17 a wɔaka wɔ Amerika Kusuu fam no tumi wo yiye bere a wɔkyere wɔn gu buw mu ma seesei wɔde bɛboro 60 asan kɔ wɔn atrae.

So Wɔadi Nkonim Dodo?

Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkyerɛ sɛ mmoa a wɔn nkwa da asiane mu ase retɔre. Sɛnea Endangered Species—Elephants nhoma no kyerɛ no, 1979 ne 1989 ntam hɔ no, Afrika asono so tewee fi 1,300,000 beduu 609,000—abɔmmɔfo a wɔhwehwɛ asonse ka ho bi na eyi bae. Ɔmanfo maa wɔn nne so sɛ wɔmmra asonse ho aguadi no saa bere no. Nanso, wɔn a wɔmpene asonse a wɔbara no sɔre tiae denneennen. Dɛn ntia?

Wɔ Zimbabwe ne South Africa no, nneɛma so kora ho nhyehyɛe no yɛɛ yiye araa ma asono abu so wɔ wɔn aman no mmoa atrae. New Scientist bɔɔ amanneɛ sɛ na ɛho hia sɛ Zimbabwe yi asono 5,000 fi Hwange National Park. Akuw a wɔhwɛ ma wɔbɔ mmoa ho ban kamfo kyerɛe sɛ wonyi mmoa no nkɔ mmeae foforo. Mmoa atrae hɔ mpanyimfo yɛe sɛ wɔbɛtɔn asono a wɔaboro so no, na wɔkyerɛe sɛ Atɔe fam akuw a wɔsɔre tia mmoa a wɔaboro so a wokum wɔn no “mfa wɔn sika mmɛboa mma wonyi mmoa no nkɔ baabi foforo.”

Akwanhwɛ Ahorow a Ahotoso Nnim

Nanso, nkogudi ba. Mmoa a wɔsan de wɔn kɔ wɔn atrae no ho nsɛm haw nnipa pii. Siberia sebɔ tumi tra buw mu yiye, nanso ohia kwae a n’afanan kɛse bɛyɛ kilomita 260 a abɔmmɔfo nhaw no ansa na watumi atra. Afei nso The Independent on Sunday ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wɔde ɔsebɔ a wɔayɛn no wɔ mmoa yɛmmea kɔ saa atrae yi tee a, ɔkɔm betumi akum no.” Ɛyɛ akwanhwɛ a ahotoso nnim ampa!

Nokwarem no, ɛnyɛ mmoa nyinaa na wonya nnipa a wɔwɔ wɔn ho nimdeɛ a wɔboa wɔn. Na ɛnyɛ nnipa a wɔbɛyɛ wɔn ho adwuma a wonnya na ɛma ɔhaw no yɛ kɛse. Ɛmfa ho mmɔden a abɔde ho bammɔfo bɔ no, sɛ aban mpanyimfo no aporɔw, wɔyɛ adifudepɛ, wɔyɛ anibiannaso, redi ako, anaa owu fa wɔn mpo a, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ wobedi nkonim? Ɛnde, na mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre ho haw no ano aduru ne dɛn? Na ɔkwan bɛn so na wo ho wom?

[Kratafa 7 adaka]

Amanaman Ntam Akode

Amanaman Ntam Apam a Ɛfa Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre ho no yɛ akode a ano yɛ den a wɔde ko tia mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre ho sum ase aguadi no. Otwi nhoma, asonse, ɔsebɔ dompe, bɛnkoro mmɛn, ne asudanna, ka nneɛma a wɔabara no seesei no ho. Apam no mu trɛw ka nnua ne mpataa a wɔn ase reyɛ atɔre nso.

Nanso, Time bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ amanaman no annya ɔkwan a wɔbɛfa so ma mmara no ayɛ adwuma a, . . . wobehu sɛ ebia mmoa a wɔrebɔ mmɔden abɔ wɔn ho ban no nte ase bio.”

[Kratafa 8 mfonini]

So wɔadi nkonim dodo wɔ nneɛma a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora so no mu?

[Asɛm Fibea]

Clive Kihn na ɛmaa ho kwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena