Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 8/8 kr. 4-6
  • Nea Enti a Mmoa Ase Reyɛ Atɔre

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Mmoa Ase Reyɛ Atɔre
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atrae a Wɔsɛe No
  • Kum a Wɔhyɛ Da Kum Wɔn
  • Sɛnea Abɔde Nyinaa Dan Wɔn Ho Wɔn Ho
    Nyan!—2001
  • Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Sɛnea Ɔhaw no Kɛse Te
    Nyan!—1996
  • Bammɔ ne Asetɔre
    Nyan!—1996
  • Onipa Retɔre Abɔde Ase
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 8/8 kr. 4-6

Nea Enti a Mmoa Ase Reyɛ Atɔre

NNEƐMA ahorow na ɛma mmoa ase tɔre. Susuw emu atitiriw abiɛsa ho. Nnipa na wɔde emu biako ba tẽẽ, na abien a aka de, wɔnhyɛ da.

Atrae a Wɔsɛe No

Atrae a wɔsɛe no na ɛma mmoadoma dodow so huan kɛse. The Atlas of Endangered Species ka eyi ho asɛm sɛ “ɔhaw a emu yɛ den sen biara” ne “nea anosiw yɛ den sen biara” nso. Wiase nnipa a ɛredɔɔso ntɛmntɛm no hyɛ wɔn ma wɔde wɔn nsa ka asase a kan no na ɛyɛ mmoadoma atrae no. Eyi ho nhwɛso a ɛyɛ ahodwiriw kɛse no fa wiase kwaeberentuw ho.

Akontaabu a ɛho hia kɛse ne nea ɛtwe adwene si ade a nnipa pii bu no sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛsom bo a yɛbɛhwere ne ‘kwaeberentuw a wɔkyerɛ sɛ ase bɛtɔre wɔ mfe 40 mu’ so no. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ nnuru a Atɔe famfo nim nyinaa mu anan mu biako fi kwaeberentuw mu afifide mu. Ɛwom sɛ wobu akontaa sɛ okyinnsoromma yi fã a ɛyɛ asase no ɔha biara mu 7 pɛ na ɛyɛ kwaeberentuw de, nanso emu na asase yi so afifide anum mu anan wɔ.

Nnuabu ne kuayɛ mu nsakrae ama Afrika Atɔe famfo ahwerew wɔn kwaeberentuw mu nnua a ɛyɛ adebɔ mu agyapade no. Nnua a wobu wɔ India asasetam so no asesa ɛhɔ wim tebea, na atew osutɔ so wɔ mmeae bi na ama nsuyiri aba mmeae foforo nso.

Bere a onipa bu nnua de siesie asase ma kuadwuma no, afifide, ntɔteboa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ne nkoekoemmoa wuwu. Harvard ɔbenfo Edward Wilson bu akontaa sɛ wɔsɛe kwae ɔha biara mu 1 afe biara, na eyi sɛe abɔde a nkwa wom pii, na bere bi akyi no wɔn ase tɔre. Wosuro sɛ abɔde a nkwa wom pii ase bɛtɔre ansa mpo na wɔama wɔn nyansahu mu din.

Tebea no te saa ara wɔ wiase nsase a ɛyɛ asuasu, atrae foforo a wɔresɛe no, no so. Adwumayɛfo twe saa mmeae yi mu nsu na ama wɔatumi asisi adan, anaasɛ akuafo dan no mfusase na wɔatumi ayɛ so kua. Wɔ mfe 100 a atwam mu no, wɔadan Europa nsase kesee dodow no ara ɔha biara mu 90 de ayɛ kua. Ntorohweɛ adidibea a wɔasɛe no wɔ Britain wɔ mfe 20 a atwam no ama wɔn dodow so ahuan ɔha biara mu 64.

Ɛwom sɛ Time nsɛmma nhoma frɛ Madagascar supɔw no “afifide ne mmoa Noa adaka” de, nanso wuram mmoa a wɔwɔ hɔ no pii nkwa da asiane mu. Bere a nnipa dɔɔso wɔ hɔ na amanaman ntam aka a wɔde dɔɔso no, nhyɛso a ɛma supɔw no sofo dan kwae ɔwora a wodua mu mo no mu yɛ den. Esiane sɛ wɔasɛe nufuboa a wɔfrɛ wɔn Hapalemur aureus no atrae nkyem anan mu abiɛsa wɔ mfe 20 a atwam no nti, mmoa yi 400 pɛ na aka.

Ɛda adi sɛ sɛnea onipa sesa ɔkwan a ɔde asase di dwuma no sɛe wuram mmoa asetra wɔ mmeae bi. Sɛ nhwɛso foforo no, susuw Polynesiafo a wɔbaa Hawaii mfe 1,600 atwam no ho. Esiane wɔn dwumadi nti, ɛhɔnom nnomaa 35 ase tɔree.

Ahɔho a wodii kan baa Australia ne New Zealand no de nnyinamoa baa hɔ, na emu bi kɔtraa wuram. Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛ no, seesei saa wuram nnyinamoa yi kyere Australia nufuboa ahorow 64 we. Wɔne Europafo sakraman kɔkɔɔ a wɔde baa hɔ no bom kyere mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre nkae no.

Kum a Wɔhyɛ Da Kum Wɔn

Ahayɔ nyɛ ade foforo. Bible kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis no ka otuatewfo Nimrod, ɔbɔmmɔfo a ɔtraa ase bɛboro mfe 4,000 a atwam ni no ho asɛm. Ɛwom sɛ wɔnka sɛ ɔtɔree mmoa nyinaa ase de, nanso na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse.—Genesis 10:9.

Mfehaha pii mu no, abɔmmɔfo atɔre agyata ase wɔ Greece ne Mesopotamia, susono ase wɔ Nubea, asono ase wɔ Afrika Kusuu fam, asisi ne beaver ase wɔ Britain, ne atorɔm ase wɔ Europa Apuei fam. Radio Times, BBC dwumadi ho nhyehyɛe nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ 1870 ne 1880 mfe no mu no, abɔmmɔfo kunkum asono ɔpehaanu aduonum wɔ Afrika Apuei fam nkutoo. Wɔ mfe aduonum mu no, nnipa a wɔwɔ din, adefo, ne wɔn a wɔwɔ dibea wɔ Afrika no atotow atuo akunkum asono, bɛnkoro, kɔntenten, asebɔ ne biribiara a wohui. . . . Ná wogye nneyɛe a ɛte sɛ nea ɛyɛ ahodwiriw nnɛ no tom koraa saa bere no.”

Susuw ɔsebɔ a ne ho yɛ fɛ no ho bio. Mmoa a wɔkan wɔn wɔ 1980 mfe no mu kyerɛe sɛ na mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛkora nneɛma so no reyɛ yiye. “Nanso, na nneɛma nte sɛnea na wɔkyerɛ sɛ ɛte no,” saa na 1995 Britannica Book of the Year ka. “Kan a wɔkan no yiye ma ɛdaa adi sɛ adwumayɛfo a wodii kan kanee no bɔɔ bi guu mu anaasɛ wɔne abɔmmɔfo no yɛɛ biako anaa wɔhwehwɛe sɛ wɔsɔ wɔn mpanyimfo ani kɛkɛ. . . . Sebɔ akwaa ho gua a wodi wɔ sum ase no nyaa nkɔso bere a akwaa no a wonnya pii no maa ne bo kɔɔ soro bere nyinaa no.” Enti, wɔ 1995 mu no, wobuu akontaa sɛ na Siberia sebɔ bo yɛ $9,400 kosi $24,000—ɛnyɛ ne nhoma a ɛwɔ bo no nko na wohia, na mmom ne nnompe, n’aniwa, ne mfemfem, ne se, ne yam ade, ne n’awode, na wɔde ne nyinaa yɛ Apuei famfo nnuru.

Time ka sɛ seesei asonse, bɛnkoro abɛn, sebɔ nhoma, ne mmoa foforo akwaa ho gua a wodi no sum ase yɛ dɔla ɔpepepem pii, a sɛ nnubɔne ho sum ase aguadi nni hɔ a ɛno na ɛwɔ hɔ. Na ɛnyɛ nufuboa akɛse nkutoo na wɔyɛ wɔn saa. Wɔ 1994 no, Chinafo de po mu apɔnkɔ dodow a ɛyɛ hu ɔpepem 20 yɛɛ ɛhɔnom nnuru, na wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɛmaa dodow a wɔkyere wɔn so huanee ɔha biara mu 60 wɔ mfe abien ntam wɔ Asia Kesee fam Apuei mmeae bi.

Sɛ wɔtɔre mmoa ase a, ɛnyɛ den sɛ wubehu wɔn a ɛsɛ sɛ wobɔ wɔn sobo. Ɛnde, wɔn a wogye no nso ɛ? Wɔbɔ amanneɛ sɛ Brazilni sum ase guadini tɔ ako a ne ho yɛ sikasika a n’ase reyɛ atɔre no biako $500. Nanso sɛ ɔkɔtɔn wɔ amannɔne a, onya saa sika no mmɔho bɛboro abiɛsa ne fã.

Akodi ne nneɛma a ɛde ba, aguanfodɔm a wɔredɔɔso, ne awododow, mframasɛe a ayɛ kɛse, ne nsrahwɛ mpo de mmoadoma a wɔn ase reyɛ atɔre no nkwa to asiane mu. Nsrahwɛfo a wɔtete ahyɛmma mu pira abonsu a wɔbɔ twi kɔhwɛ wɔn no, na dede a ahyɛmma no yɛ wɔ nsu ase no betumi asɛe nea ɛma abonsu tumi hu nneɛma wɔ nsu ase no.

Bere a yɛaka onipa adesɛe a ɛyɛ awerɛhow yi ho asɛm no, ebia wobɛka sɛ, ‘Dɛn na abɔde ho bammɔfo reyɛ de akora mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre yi so, na wɔredi nkonim dɛn?’

[Kratafa 6 mfonini]

Sɛ onipa bu nnua a, afifide, ntɔteboa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ne nkoekoemmoa wuwu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena