Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 12/8 kr. 20-25
  • Sɛnea Abɔde Nyinaa Dan Wɔn Ho Wɔn Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Abɔde Nyinaa Dan Wɔn Ho Wɔn Ho
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abɔde Ahorow a Wɔn Ase Retɔre
  • Afifide ne Mmoadoma Ase a Ɛretɔre Ntɛmntɛm
  • So Yehia Afifide ne Mmoadoma Yi Nyinaa?
  • Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Sɛnea Ɔhaw no Kɛse Te
    Nyan!—1996
  • Onipa Retɔre Abɔde Ase
    Nyan!—2001
  • Nea Enti a Mmoa Ase Reyɛ Atɔre
    Nyan!—1996
  • Onipa Resɛe Afifide a Ɛma Onya Aduan No?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 12/8 kr. 20-25

Sɛnea Abɔde Nyinaa Dan Wɔn Ho Wɔn Ho

“Afifide ne mmoa yɛ yɛn daakye anidaso. Ɛso na yɛn nkwa ankasa ne yɛn asetra gyina.”—AMANAMAN NKABOM ASOƐE A ƐHWƐ ABƆDE A ATWA YƐN HO AHYIA HO NSƐM SO.

ASASE so abɔde a nkwa wom dɔɔso na egu ahorow. Asɛm “afifide ne mmoadoma” no kyerɛ abɔde a nkwa wom nyinaa, efi ɔyare mmoawa nketewaa so kosi sequoia nnua akɛse so; efi asunson so kosi akɔre so.

Asase so abɔde yi nyinaa yɛ abusua kɛse biako a wɔdan wɔn ho wɔn ho, a abɔde a nkwa nnim ka ho, no fã. Abɔde a nkwa wom hia nneɛma a nkwa nnim te sɛ wim tebea, ɛpo, nsu pa, abotan, ne dɔte na ama wɔatumi atra nkwa mu. Eyinom nyinaa na ɛbom yɛ wiase no, na nnipa na edi mu akoten.

Mmoawammoawa nyinaa ka afifide ne mmoadoma abusua no ho. Wonim eyinom mu pii sɛ wɔyɛ nnwuma titiriw bi ma adebɔ mu nneɛma nya nnuru bi de di dwuma. Nneɛma foforo a ɛka afifide ne mmoadoma abusua yi ho nso ne nnua ne nwura a ɛnam photosynthesis so ma yenya mframa pa na ɛtwe owia ahoɔden de yɛ asikre, ade titiriw a abɔde foforo a nkwa wom nya ahoɔden fi mu no.

Abɔde Ahorow a Wɔn Ase Retɔre

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛmfa ho sɛ abɔde a nkwa wom yi gu ahorow na ɛyɛ fɛ no, nhwehwɛmufo binom ka sɛ onipa retɔre abɔde yi ase koraa. Wɔ akwan bɛn so?

◼ Mmeae a Wɔte a Wɔresɛe no. Wɔkyerɛ sɛ eyi ne akwan a wɔnam so retɔre afifide ne mmoadoma ase no mu nea edi kan. Emu bi ne nnua a wobu gu, nkurontu, kwae a wobu gu de hɔ yɛn anantwi, ne nsu mu ban a wogye ne akwan a wɔyɛ wɔ mmeae a bere bi na anka nnipa nte hɔ. Bere a ahiade yi so tew no, abɔde a nkwa wom nso hwere nneɛma a wohia na ama wɔatra nkwa mu no. Nnipa resɛe nneɛma a atwa ne ho ahyia no, ma enti ɛso rehuan. Akwan a afifide ne mmoa fa so kɔ mmeae foforo no resɛe. Mmoa ne afifide ahorow so tew. Abɔde a wɔte mmeae pɔtee bi no ntumi nne wɔn ho mfi yare ne ɔhaw afoforo ho. Enti, ebewie ase no, na wɔn nyinaa awuwu.

Sɛ abɔde bi ase tɔre a, ebetumi ama abɔde afoforo nso ase atɔre, efisɛ sɛ abɔde ahorow a wɔdan wɔn ho wɔn ho yi mu biako ho ka a, ebetumi aka afoforo nso. Sɛ afifide ne mmoa titiriw bi—te sɛ mmoa a wɔma afifide afoforo trɛw—ase tɔre a, ebetumi aka abɔde foforo pii.

◼ Afifide ne mmoa foforo a wɔkɔfa wɔn fi beae foforo ba. Sɛ nnipa kɔfa afifide ne mmoa foforo ba atrae bi a, saa abɔde no betumi agye atrae hɔ nyinaa afa. Abɔde a wɔaba hɔ foforo no betumi ama atrae hɔ nneɛma asesa araa ma apam abɔde a na wɔwɔ hɔ dedaw no afi hɔ, anaasɛ wobetumi de yare bi aba a abɔde a wɔwɔ hɔ dedaw no ntumi nko ntia. Titiriw, wɔ nsupɔw a abɔde bi nkutoo atew wɔn ho te hɔ na wɔne abɔde foforo nnii afra da so no, abɔde a wɔwɔ hɔ dedaw no ntumi nyɛ nsakrae nnyina tebea foforo no ano.

Nhwɛso titiriw biako ne po mu mmire, Caulerpa taxifolia, “a edi awu,” a ɛresɛe afifide foforo a ɛwɔ Mediterranea Mpoano no. Afifide yi fi Monaco mpoano na ebepuee saa beae hɔ mpofirim, na seesei afi ase retrɛw wɔ ɛpo bun mu hɔ. Edi awu, na wonnya nhuu afifide bi a ebetumi no. Alexandre Meinesz, a ɔyɛ po mu abɔde a nkwa wom ho kyerɛkyerɛfo wɔ Nice Sukuupɔn mu wɔ France no ka sɛ: “Yetumi hu sɛ abɔde a atwa yɛn ho ahyia no ase afi ase retɔre.”

◼ Adesɛe Mmoroso. Eyi ama afifide ne mmoadoma pii ase atɔre. Nhwɛso titiriw biako ne aturukuku de no. Wɔ afeha a ɛto so 19 mfiase no, na wɔne nnomaa a wɔdɔɔso sen biara wɔ Amerika Atifi fam. Sɛ wɔbom tu—wɔ akuw ɔpepepem anaa nea ɛboro saa mu—a, ɛma wim yɛ kusuu nna dodow bi. Nanso, eduu afeha a ɛto so 19 awiei no, na nkurɔfo akum wɔn araa ma wɔn ase reyɛ atɔre, na wɔ September 1914 mu no, aturukuku a otwa to koraa no wui wɔ Cincinnati mmoa yɛmmea. Saa ara nso na wokum Amerika ɛkoɔ, a wɔwɔ Great Plains, no araa ma anka wɔn ase reyɛ atɔre.

◼ Nnipa a wɔn dodow nya nkɔanim. Wɔ afeha a ɛto so 19 mfinimfini no, na adesamma abusua no dodow yɛ ɔpepepem biako. Wɔ mfe ɔha aduonum akyi no, na ɔpepepem anum abɛka ho, ma enti nnipa afi ase suro sɛ ebia wɔn agyapade ase bɛhyew anaa. Afe biara, bere a nnipa dodow nya nkɔanim no, afifide ne mmoadoma nso ase tɔre ɔkwan a ɛyɛ hu so.

◼ Asase so a ɛreyɛ hyew. Sɛnea Aman Ananmusifo Nhyiam a Ɛfa Wim Tebea Nsakrae Ho da no adi no, ebetumi aba sɛ wim betumi ayɛ hyew akodu digrii 6.3 wɔ afeha yi mu. Eyi betumi ama ayɛ den ama afifide ne mmoa ahorow bi sɛ wɔbɛkɔ so atra nkwa mu. Sɛnea nhwehwɛmufo kyerɛ no, ɛte sɛ nea ade a ɛma ɛpo mu mmire (a ɛpo mu abɔde ahorow nkwa gyina so no) wu ne nsu a ɛreyɛ hyew no.

Nyansahufo ka sɛ sɛ ɛpo yiri kɔ soro bɛyɛ mita biako a, ebetumi agye mpoano nsase a ɛso na abɔde ahorow pii te no fã kɛse no ara afa wɔ wiase nyinaa. Ebinom gye di sɛ wiase hyew no betumi aka Greenland ne Antarctic nsukyenee no. Sɛ nsukyenee yi nan a, ebetumi asɛe abɔde a atwa yɛn ho ahyia no.

Afifide ne Mmoadoma Ase a Ɛretɔre Ntɛmntɛm

Ɔkwan bɛn so na afifide ne mmoa ase retɔre ntɛmntɛm? Yɛrentumi nnya saa asɛmmisa no ho mmuae pɔtee. Afifide ne mmoadoma a wɔn ase retɔre no mu dodow no ara yɛ nea nyansahufo nnya nhui. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wohu afifide ne mmoadoma a ɛwɔ hɔ no dodow. Sɛnea John Harte a ɔyɛ abɔde nyansahufo wɔ California Sukuupɔn mu wɔ Berkeley kyerɛ no, “abɔde ahorow bɛyɛ ɔpepem biako ne fã na wɔato din wɔ asase so, nanso yenim sɛ pii na ɛwɔ hɔ a wɔntoo din, na ne nyinaa dodow betumi ayɛ ɔpepem 5 kosi 15.” Ebinom bu akontaa sɛ afifide ne mmoadoma a ɛwɔ hɔ no dodow bɛyɛ ɔpepem 50 anaa nea ɛboro saa. Sɛnea nyansahufo Anthony C. Janetos kyerɛ no, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobehu afifide ne mmoa dodow a ɛwɔ hɔ ankasa efisɛ “wɔn mu pii ase bɛtɔre ansa na wɔama wɔn din anaa wɔaka ho asɛm mpo.”

Afei na nnɛyi nyansahu afi ase rete ɔkwan nwonwaso a adebɔ mu nhyehyɛe ma abɔde ahorow di dwuma wɔano wɔano no ase. Sɛ nnipa nnim afifide ne mmoa dodow a ɛwɔ hɔ a, wɔbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛnea abɔde ahorow yi dan wɔn ho wɔn ho ne sɛnea sɛ ebi ase tɔre a, ɛbɛka afoforo? Wɔbɛyɛ dɛn atumi aka nea afifide ne mmoadoma a wɔn ase retɔre no bɛkyerɛ ama nneɛma a ɛboa ma nkwa kɔ so tra okyinnsoromma yi so no?

Sɛ nyansahufo bɔ mmɔden sɛ wobehu afifide ne mmoa dodow a wɔn ase retɔre a, ɛwom sɛ wɔn akontaabu no nhyia de, nanso mpɛn pii no ɛyɛ a na ɛyɛ abasamtu. Nhomakyerɛwfo bi ka sɛ: “Wiase afifide ne mmoa ɔha mu 50 na wɔn ase betumi atɔre wɔ mfe ɔha ntam.” Asɛm bi a Harte de too gua no yɛ hu mpo sen saa: “Abɔde a nkwa wom ho animdefo bu akontaa sɛ kwae a wobu gu no bɛma asase so afifide ne mmoa mu fã anaa nea ɛboro saa ase atɔre wɔ mfirihyia 75 a edi hɔ no mu.”

Ɛdenam akontaabu ahorow a nyansahufo Stuart Pimm a ɔwɔ Tennessee Sukuupɔn mu de too gua so no, National Geographic ka sɛ “wiase nnomaa ahorow bɛyɛ 10,000 no mu ɔha biara mu 11, anaa 1,100 na wɔn ase reyɛ atɔre; ɛyɛ den sɛ yebegye adi sɛ ebedu [afeha a ɛto so 21] awiei no, na nnomaa 1,100 yi mu bi wɔ hɔ.” Nsɛmma nhoma koro no ara kae sɛ: “Afifide ho animdefo kuw bi a wobu wɔn yiye bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ afifide awotwe biara mu biako na ase betumi atɔre. Pimm ka sɛ, ‘ɛnyɛ afifide a ɛwɔ nsupɔw so anaa kwaebirentuw mu anaa nnomaa anaa nufummoa akɛse nko. Ɛyɛ biribiara, na ɛyɛ baabiara. . . . Ɛyɛ ɔhaw a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa.’”

So Yehia Afifide ne Mmoadoma Yi Nyinaa?

So ntease bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ afifide ne mmoadoma a wɔn ase retɔre no haw yɛn? So yehia afifide ne mmoadoma ahorow yi ankasa? Animdefo pii a wobu wɔn kyerɛ sɛ yehia ankasa. Asase so afifide ne mmoadoma no ma nnipa nya aduan, nnuru, ne nneɛma pa foforo. Susuw mfaso ahorow a ebia afifide ne mmoadoma ahorow a wonnya nhuu wɔn no betumi de abrɛ adesamma no nso ho hwɛ. Sɛ nhwɛso no, wobu akontaa sɛ nnuru atitiriw 150 a nnuruyɛfo kamfo kyerɛ wɔ United States no mu 120 na wonya fi afifide ne mmoa mu. Enti, sɛ afifide ne mmoadoma a ɛwɔ wiase sa a, adesamma nso bɛhwere hokwan a wɔde benya nnuru foforo no. Sir Ghillean Prance a ɔyɛ Kew Gardens a ɛwɔ London no kwankyerɛfo no ka sɛ: “Bere biara a yɛhwere afifide ne aboa bi no, yɛhwere mfaso bi a yebenya no daakye nso. Yɛhwere aduru titiriw a anka yebenya ama AIDS anaa nnɔbae a anka mmoawa ntumi nsɛe no no. Enti ɛnsɛ sɛ yɛhwere afifide ne mmoa ahorow no, ɛnyɛ yɛn okyinnsoromma yi yiyedi nko nti, na mmom, yɛn ankasa . . . ahiade nso nti.”

Yehia adebɔ mu nneɛma foforo nso na yɛde ayɛ nneɛma atitiriw a abɔde a nkwa wom nyinaa gyina so no. Mframa pa, nsu a ani bɛtew, efĩ ano a yebesiw, ne asase ani a yɛmma nsu nhohoro nyinaa yɛ nneɛma titiriw a adebɔ mu nneɛma na ɛyɛ.

Nkoekoemmoa boa ma nnuaba trɛw. Mpɔtorɔ, mpataa, ne nnomaa kum mmoawammoawa a wɔsɛe nnɔbae no; adɔde ne mmoawa foforo a wɔwɔ nsu mu no ma yɛn nsu ani tew; afifide ne mmoawammoawa siesie yɛn asase no. Yenya sika pii fi nneɛma yi nyinaa mu. Akontaabu bi a edi mu kakra kyerɛ sɛ sika a afifide ne mmoadoma ma yenya wɔ wiase nyinaa ano si bɛyɛ dɔla ɔpepepem 3,000 afe biara, sɛnea na nneɛma bo te wɔ 1995 mu no.

Nanso, ɛmfa ho sɛ yenya afifide ne mmoa yi so mfaso no, ɛte sɛ nea saa nneɛma yi pii ase retɔre wɔ wiase ma enti abɔde ahorow a wɔdan wɔn ho wɔn ho ma ɛyɛ nwonwa no ho aba asɛm. Seesei a yɛrefi ase ahu mfaso titiriw a ɛwɔ afifide ne mmoadoma so no, afei mmom na nnipa retɔre wɔn ase sen bere biara! Na so onipa betumi adi ɔhaw no ho dwuma? Daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma asase so abɔde ahorow a nkwa wom no?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]

Nkwa Som Bo Dɛn?

Ɛte sɛ nea nsusuwho a yɛayɛ afa sɛnea afifide ne mmoadoma som bo ho no nyinaa da no adi sɛ ɛsɛ sɛ yesusuw abɔde foforo a nkwa wom ho bere tenten a wodi yɛn ahiade ho dwuma no. Ebinom te nka sɛ nsusuwii a ɛte saa no yɛ biribi a emu nnɔ. Tete afifide ne mmoadoma ho nimdefo Niles Eldredge ka mfaso titiriw a ɛwɔ abɔde a nkwa wom so no ho asɛm sɛ: “Ɛsɛ sɛ nnipa kyerɛ obu ma abɔde a nkwa wom a atwa yɛn ho ahyia no nso—afifide ne mmoa ahorow a wɔn ho yɛ fɛ yiye, ne kwaebirentuw a wɔnnɔɔ da no—esiane bo a ɛsom nti. Yɛte nka sɛ yehia abɔde ahorow yi, na yenya asomdwoe ne anigye sɛ yɛde bedi dwuma bere biara a yebetumi.”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]

Red List Nhoma No

Amanaman Ntam Fekuw a Ɛhwɛ Bɔ Abɔde a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Ban, ahyehyɛde a wɔhwɛ hu abɔde a wɔn ase retɔre no, na wotintim “Red List” nhoma no. Afifide ne mmoadoma a wɔn ase reyɛ atɔre a wɔde wɔn din baa nhoma yi mu wɔ afe 2000 mu na ɛwɔ kratafa yi:

Po so anomaa (Diomedea exulans)

Eyi yɛ po so nnomaa ahorow 16 a wɔada no adi wɔ wiase nyinaa sɛ wɔn ase reyɛ atɔre no mu biako. Wɔkyerɛ sɛ wɔn mu dodow no ara na nsu fa wɔn bere a darewa a mpataayifo de yi nam kyere wɔn mpofirim no.

[Asɛm Fibea]

Photo by Tony Palliser

Kontromfi kɔkɔɔ (Pygathrix nemaeus)

Wohu saa Asia asoroboa a ne ho yɛ fɛ yi wɔ Vietnam mfinimfini fam anaafo ne Laos mmeae bi. Beae a wɔte a nnipa resɛe hɔ ne ahayɔ ama wɔn nkwa abɛda asiane mu. Wokum wɔn de wɔn yɛ aduan, na woyiyi wɔn honam nkwaa de yɛ nnuru.

[Asɛm Fibea]

Photo by Bill Konstant

Corsica nwaw (Helix ceratina)

Nwaw a n’ase reyɛ atɔre koraa yi atrae yɛ hɛkta 7 pɛ, na wɔwɔ Ajaccio mmorɔn so wɔ Corsica anaafo fam atɔe mpoano. Ne nkwa da asiane mu esiane mpɔntu-dwuma a ɛrekɔ so a ebi ne wimhyɛn gyinabea a wɔresi ne akwan a wɔreyɛ akɔ mpoano hɔ nti.

[Asɛm Fibea]

Photo by G. Falkner

Nhwiren kɔkɔɔ (Mimetes chrysanthus)

Wohuu nhwiren fɛfɛ yi wɔ 1987 mu wɔ Western Cape, South Africa. Kwae ahorow a wɔhyew ne afifide a etumi tɔre afifide foforo ase a ɛba baabi a nhwiren kɔkɔɔ yi wɔ no de saa afifide yi to asiane mu daa.

[Asɛm Fibea]

Photo by Craig Hilton-Taylor

Apataa a ɔte sɛ sradaa (Pristis microdon)

Wohu apataa a ne nkwa da asiane mu yi wɔ India po ne Pacific Atɔe fam po no mu, ɛne ɛpo faka mu, baabi a nsu bi kɔbɔ po mu, ne nsubɔnten mu. Ontumi nguan ma enti mpataayifo ayi wɔn araa ma wɔn ase reyɛ atɔre koraa. Mmeae a wɔte a nnipa resɛe no nso ama wɔn nkwa abɛda asiane mu.

[Asɛm Fibea]

Photo courtesy of Sun International Resorts, Inc.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]

Po Mu Mmoa a Wɔn Ase Retɔre

Po so mfaso horow, a bere bi na wosusuw sɛ enni ano no, yɛ nea ɛso atew koraa. Bere a tete afifide ne mmoa ho nimdefo Niles Eldredge rekyerɛw asɛm bi wɔ Natural History nsɛmma nhoma mu no, ɔkaa baabi a wɔasɛe po ahorow no akodu ho asɛm sɛ: “Nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ ama po mu mpataayi atu mpɔn araa ma po mu abɔde resa sɛnea kwae mu nnua resa no. Nanso, mfiridwuma ho nimdeɛ koro yi ara resɛe po mu nneɛma kɛse; po mu osudanna ne sukraman, mpataa ne mmoa foforo a wonni ahoɔden na wontumi ntɔn wɔn no wu bere a wogu asau anaa bere a hyɛmma a wɔde yi nam no twam no.”

Bere a National Geographic nsɛmma nhoma no reka nea wɔfrɛ no “mmɔnkɔ a wɔde sɛe ade” ho asɛm no, ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “wɔ Gulf Mpoano [a ɛmmɛn Texas, U.S.A.] no, po mu abɔde pii—a emu pii yɛ mpataa nketewa—tumi wuwu esiane mmɔnkɔ kakraa bi pɛ nti.” Wɔfrɛ saa nam a wɔmpɛ yi ne adɔde sɛ nam a ɛho nhia. Abɔde a nkwa wom ho nimdefo bi a ɔyɛ aban dwumayɛni bɔɔ abubuw sɛ: “Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, sɛ woyi nam pa biako a, nam a wɔmpɛ anan na wowuwu.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ po ahorow no abɛyɛ mmeae a abɔde ase retɔre kɛse!

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 25]

Abɔde a Nkwa Wom a Ahintaw Wɔ Kwaem

Abɔde a nkwa wom pii wɔ yɛn kwae ahorow a ɛwɔ yɛn okyinnsoromma yi so no mu, na emu bi ne afifide ne mmoadoma a nnipa nnya nhui no. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nyansahufo John Harte kae sɛ: “Kwaebirentuw a ɛwɔ okyinnsoromma yi so no nnu ɔha biara mu abien, nanso emu na asase so afifide ne mmoa nyinaa mu ɔha mu 50 te, na ebetumi aba sɛ emu na asase so afifide ne mmoa ɔha mu 90 mpo te. Akontaabu a ɛkorɔn no gyina nsusuwii a ɛne sɛ kwaebirentuw mu na afifide ne mmoa a wonnya nhuu wɔn no mu fã kɛse no ara te so efisɛ nhwehwɛmu kakraa bi pɛ na abɔde a nkwa wom ho animdefo ayɛ wɔ mmeae a ɛte saa no ho. Saa ara nso na wɔnyɛɛ atrae afoforo nso mu nhwehwɛmu a edi mu biara, mmeae a akyinnye biara nni ho sɛ nyansahufo nhuu hɔ afifide ne mmoa dodow no ara nnɛ no. Atrae yi mu bi ne kwae ahorow a emu yɛ hyew, te sɛ kwae a emu nnua akyɛ na emu afɔw a ɛwɔ Pacific Atifi fam atɔe wɔ United States no.”

Hena na obetumi akyerɛ nneɛma nwonwaso a ɛwɔ hɔ retwɛn nnipa sɛ ɛba sɛ onya kwan yɛ abɔde a nkwa wom a ahintaw wɔ kwae ahorow mu no mu nhwehwɛmu a?

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Aturukuku ase atɔre seesei

[Asɛm Fibea]

U.S. Fish & Wildlife Service, Washington, D.C./Luther C. Goldman

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena