Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 10/8 kr. 3-4
  • Onipa Resɛe Afifide a Ɛma Onya Aduan No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onipa Resɛe Afifide a Ɛma Onya Aduan No?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Abɔde Nyinaa Dan Wɔn Ho Wɔn Ho
    Nyan!—2001
  • Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Sɛnea Ɔhaw no Kɛse Te
    Nyan!—1996
  • Dɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Daakye?
    Nyan!—2001
  • Afifide Ahorow—Ehia na Yɛatumi Atra Ase
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 10/8 kr. 3-4

Onipa Resɛe Afifide a Ɛma Onya Aduan No?

“Ɛnnɛ, ɛnyɛ nea ɛhaw yɛn paa ne aka a yɛdede ne sika a ɛnso yɛn di anaa akansi a ɛrekɔ so wɔ wiase no, na mmom nea ehia ne sɛ yɛbɛpɛ kwan bi afa so atra ase wɔ ahotɔ ne abodwo mu a yɛrensɛe asase so nneɛma a ɛbɔ nkwa nyinaa ho ban no. Asɛm a ɛyɛ hu sɛɛ bi ntoo nnipa da: nneɛma a ɛma yɛtra nkwa mu no resɛe.”—Afifide ho nimdefo David Suzuki.

NNIPA pii mmu aprɛ ade mu biara. Sɛ wote baabi a wodua aprɛ bebree a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ ɛho nyɛ den koraa, na wubetumi anya ahorow pii mpo. Nanso wunim sɛ mfe 100 a atwam ni no, na ahorow ahorow a ɛwɔ hɔ no dɔɔso kyɛn nea ɛwɔ hɔ nnɛ no koraa?

Efi 1804 besi 1905 no, aprɛ ahorow ahorow 7,098 na na wodua no United States. Ɛnnɛ, emu 6,121—ɔha mu 86—ase ahyew. Paya nso saa. Ahorow 2,683 a bere bi na wodua no, seesei bɛyɛ ɔha mu 88 ase ahyew. Atosode de, yɛnka mpo. Biribi reyera, na yɛfrɛ no afifide a egu ahorow—ɛnyɛ afifide ahorow pii no nko, na mmom ahorow no mu ahorow no nso. Atosode ahorow mu ahorow a na wodua no United States no, anni mfe 80 mpo na wotwaa mu ɔha mu 97 gui! Nanso wugye di sɛ afifide a egu ahorow ho hia ampa?

Animdefo pii se ɛho hia. Wonnya nhuu dwuma a edi no ano nwiei de, nanso abɔde a atwa yɛn ho ahyia ho animdefo kyerɛ sɛ ehia na yɛatumi atra asase yi so. Wose ɛho hia na afifide a yedua nya aduan ne nea ɛno ara fifi wɔ kwae mu ne sare so no nyinaa ayɛ yiye wɔ wiase nyinaa. Afifide ahorow mu ahorow no nso ho hia. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛmo ahorow ahorow pii a ɛwɔ hɔ no nti, ɛmo no bi wɔ hɔ a yare nketenkete ntumi no. Enti krataa bi a Worldwatch Institute tintim no kaa no nnansa yi sɛ, sɛ yɛde biribiara to nkyɛn a, ade biako betumi ama adesamma ahu sɛ, sɛ yetwa afifide ahorow ahorow a ɛwɔ asase so no bi gu a, ɛbɛyɛ hu—ɛbɛkã afifide a ɛma yenya aduan no.

Sɛ yɛhyew afifide ase a, anyɛ hwee koraa no, ebetumi aka nnɔbae wɔ akwan abien so: nea edi kan, ɛbɛsɛe nnɔbae a yedua no sɛso a ɛno ara fifi wɔ wuram a yebetumi anya ɛho nneɛma bi adua daakye no, na nea ɛtɔ so abien no, ɛbɛtew nnɔbae ahorow mu ahorow a yedua no so. Nhwɛso ne sɛ, afeha a ɛtɔ so 20 ahyɛase no, sɛ yensuro a anka yɛbɛka sɛ ɛmo ahorow 100,000 ne akyi na na Asiafo dua, na Indiafo nko ara duaa emu bɛyɛ 30,000. Seesei ɛmo a Indiafo dua no ɔha mu 75 yɛ ahorow du pɛ. Ɛmo ahorow 2,000 a na Sri Lankafo dua no nyinaa ase ahyew ama aka 5 pɛ. Wɔ Mexico, baabi a wodii kan duaa wɔn ankasa aburow no, aburow ahorow a na wodua no 1930 mu hɔ no ɔha mu 20 pɛ na wodua no nnɛ.

Nanso ɛnyɛ aduan nko na asɛm aba ho. Nnuru a wɔyɛ tɔn no, afifide na wɔde yɛ emu ɔha mu 25 anaa nea ɛte saa, na hu ara na wɔrehu afifide foforo a wobetumi de ayɛ aduru. Nanso hyew ara na yɛrehyew afifide ase. Wunnye nni sɛ nnua a ɛbɔ yɛn ho ban no ara na yɛrebu gu no?

Wiase Nyinaa Fekuw a Ɛbɔ Abɔde mu Nneɛma Ho Ban no kyerɛ sɛ, afifide ne mmoa ahorow 18,000 a wɔyɛɛ ho nhwehwɛmu no mu 11,000 ase reyɛ ahyew. Mmeae bi te sɛ Indonesia, Malaysia, ne Latin Amerika a wɔabu kwae akɛse de ayɛ mfuw no, wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu no ntumi nkyerɛ afifide ne mmoa dodow a wɔn ase bɛhyew—anaa wɔn a wɔn ase ahyew dedaw—wɔ hɔ no mpo. Ne nyinaa akyi, sɛnea The UNESCO Courier bɔ amanneɛ no, ebinom se afifide ne mmoa ase rehyew “ntɛmntɛm ma ɛyɛ hu.”

Ɛwom, asase da so bɔ aduan bebree. Nanso sɛ afifide ahorow a ɛwɔ asase so no so tew a, nnipa a yɛredɔɔso bebree no benya aduan adi akosi nnaahe? Nea aman pii ayɛ no asɛm no ho ne sɛ, wɔabuebue aba korabea sɛnea ɛbɛyɛ a afifide a ɛho hia ase renhyew. Wɔn a wɔyɛ turo binom nso agye ato wɔn ho so sɛ wɔbɛhwɛ akora afifide ahorow no so. Nyansahu ama yɛanya akwan foforo a etu mpɔn a yetumi de keka afifide ho nneɛma bom de sakra mu. Nanso wugye di sɛ aba korabea ahorow ne nyansahu betumi aboa yɛn wɔ asɛm yi mu ampa? Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena