Afifide Ahorow—Ehia na Yɛatumi Atra Ase
IRELANDFO dodow twaa mu ɔpepem awotwe wɔ 1840 mu hɔ maa ɛbɛyɛɛ Europa man a emu nnipa dɔɔso kɛse paa. Aduan a na wɔtaa di paa ne ntɔmmɔ, na biako bi a wɔfrɛ no lɔmpɛs paa na na wodua no kɛse.
Akuafo duaa lɔmpɛs yi bi wɔ 1845 mu sɛnea na wodua no afe biara no, nanso yare bi sii mu hyew ne nyinaa ase ne sa. Paul Raeburn kyerɛw wɔ ne nhoma The Last Harvest—The Genetic Gamble That Threatens to Destroy American Agriculture mu sɛ: “Irelandfo dodow no ara ho ankyere wɔn saa afe a asɛm no sii no. Afe a edi hɔ no na ahokyere kɛse no bae. Ntɔmmɔ koro no ara na na ɛsɛ sɛ akuafo no san dua. Ná foforo biara nni hɔ bio. Ɔyare no bae bio a saa bere yi de na ano yɛ den paa. Amane a wohui de, ɛsɛ w’ani.” Abakɔsɛm akyerɛwfo de wɔn ani bu sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 1 na ɔkɔm kum wɔn, na ɔpepem 1.5 fii ɔman no mu maa dodow no ara kɔɔ United States. Ohia fitaa kaa wɔn a wɔtraa hɔ no.
Wɔ Andes a ɛwɔ South America no, akuafo duaa ntɔmmɔ ahorow ahorow pii, na emu kakraa bi na yare tumii no. Enti ɔyare no antrɛw. Ɛda adi pefee sɛ, afifide a egu ahorow ne ahorow no mu ahorow no bɔ nnɔbae ho ban. Nnɔbae biako pɛ a ɛno nko ara na obiara dua no sɛe nyansakwan titiriw a ɛbɔ nnɔbae ho ban yi, na ɛma yare anaa mmoawammoawa tumi sɛe baabifo nnɔbae nyinaa ma no ka kakraa bi. Ɛno nti na akuafo pii de nnuru pete wɔn nnɔbae so de kunkum mmoawammoawa ne nwura bebree no, ɛmfa ho sɛ nnuru a ɛtete saa no taa sɛe abɔde a atwa yɛn ho ahyia no.
Ɛnde adɛn nti na akuafo gyae wɔn ankasa nnɔbae bebree akyi di dua biako pɛ? Sikasɛm na ɛtaa ma no ba saa. Sɛ wodua nnɔbae biako pɛ a, ne twa nyɛ den, ɛyɛ fɛ, ɛnsɛe, na ɛbɔ bebree. Nkurɔfo fii ase duaa nnɔbae biako paa wɔ 1960 mu hɔ bere a wohuu kwan foforo a wɔbɛfa so anya nnɔbae pii no.
Ɔkwan Foforo a Wɔnam so Nya Nnɔbae Pii
Aban ne nnwumakuw yeree wɔn ho bɔɔ dawuru denneennen maa akuafo a ɔkɔm taa ba wɔn nsase so no gyaee nnɔbae ahorow ahorow akyi di duaa nnɔbae biako pɛ a ɛsow pii, ɛnkanka ɛmo ne aburowi. Obiara gyee nnɔbae yi toom sɛ “anwonwade” a ebegu wiase kɔm. Nanso na ɛnyɛ fow—aba no bo bu bɔɔ ho abiɛsa. Afei nso gye sɛ wode nnuru, ne ɔyɛ-asase-yiye pii dua ansa na atumi asow. Mfiri a ne bo yɛ den te sɛ trata de, yɛnna nka. Ne nyinaa akyi no, aban mmoa a ɔde boae nti obiara gyee kwan foforo no toom. Raeburn ka ho asɛm sɛ: “Ama nnipa ɔpepem pii anya aduan adi de, nanso seesei ɛresɛe nnɔbae a ɛma yɛn aduan no.”
Nea ekosi ara ne sɛ, ɔkwan foforo no tumi maa yenyaa biribi dii hɔ ara, nanso na ɛbɛma yɛn ho akyere yɛn daakye. Ankyɛ koraa, nnɔbae koro no ara na afei de akuafo nyinaa duaa no baabiara—ɔyɛ-asase-yiye bebree a wɔde yɛɛ adwuma no nti, nwura pii fuwii, na nnuru no kunkum mmoawammoawa a wɔn ho wɔ mfaso no. Nea ɛkɔɔ so wɔ ɛmofuw mu ne sɛ, nnuru no kunkum adwene, mmɔnkɔ, akɔtɔ, mponkyerɛnne, nhabamma a yedi ne nwura—a dodow no ara ma yɛn aduan di mũ no. Akuafo no nso bi wɔ hɔ a nnuru no bi kɔɔ wɔn mu.
Amansan Sukuupɔn a ɛwɔ United Kingdom no nkorabata a ɛhwɛ Afifide Ho Nsɛm So no kyerɛkyerɛfo, Ɔbenfo Mae-Wan Ho, kyerɛwee sɛ: “Seesei akyinnye biara nni ho sɛ ɔkwan foforo a ɛmaa yeduaa nnɔbae biako pɛ no asɛe afifide ahorow ahorow ne nnɔbae a ɛma yɛn aduan no wɔ wiase nyinaa.” UN Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Aduan ne Kuadwuma So no kyerɛ sɛ, afifide ahorow a na yedua no mfe ɔha ni no, seesei ɛho nneɛma ɔha mu 75 ayera a nea ama aba saa paa ne nimdeɛ foforo a yɛde yɛ mfuw no.
Krataa bi a Worldwatch Institute tintim no ma yehu sɛ “nnɔbae biako pɛ a yedua no sɛe abɔde mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no bebree.” Dɛn na yɛreyɛ de abɔ nneɛma yi ho ban? Yehia kuadwuma ho animdefo, nnuru pa ne sika a akuafo de bɛyɛ adwuma. Nanso yɛde yɛn ano na ɛreka. Nnɔbae biako pɛ a ne dua baa so no ka ho bi na yare bi sɛee aburow yayaayaw wɔ United States maa ɛmo hama ɔpepem fã sɛee kwa wɔ Indonesia no. Nnansa yi mmom, ɔkwan foforo bi a yɛde yɛ afuw aba so; ɛno de, wɔkeka nneɛma bi bom ma no fifi fra—afifide ho ade.
Afifide Ho Nneɛma a Wɔkeka Bom
Afifide ho nneɛma a nyansahufo ahwehwɛ mu no de nimdeɛ foforo a mfaso wɔ so bi aba a wɔde keka nneɛma bom nya afifide foforo. Nnwumakuw a wɔde nimdeɛ foforo yi yɛ adwuma no bi de wɔn adwene asi kuadwuma so, na wɔrebɔ mmɔden paa sɛ wobenya tumi de ayɛ aba a ɛma nnɔbae pii a yare, ɔpɛ ne awɔw ntumi no a enhia sɛ yɛde nnuru a ɛsɛe ade pii yɛ ho adwuma. Sɛ wobetumi ayɛ saa nneɛma yi a anka eye paa. Nanso nnɔbae ho nneɛma a wɔkeka bom no ho asɛm haw ebinom.
Genetic Engineering, Food, and Our Environment nhoma no se: “Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ade no, ɛnyɛ afifide nyinaa na yebetumi akeka abom. Yebetumi de nhwiren bi ne ne sɛso abom, nanso yentumi mfa saa nhwiren no ne ntɔmmɔ mfra. . . . Nanso, wɔtaa de afifide bi ho biribi hyɛ foforo bi a ɛne no nnam baabiara mu na ama ɛho adepa bi akɔ mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛkyerɛ sɛ wubetumi ayi nsu a ɛyɛ nwini paa mu adwene ho biribi ahyɛ ntɔmmɔ anaa atõa mu na awɔw antumi no. Seesei wobetumi ayi mmoa nketewa ne akɛse ne nnipa mpo ho biribi ahyɛ afifide mu ama no ayɛ yiye.”a Wohwɛ mu a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ nimdeɛ foforo yi tumi ma nnipa keka afifide ahorow a ɛnnam baabiara bobom.
Nea ebinom frɛ no afifide ho nneɛma a wɔkeka bom no te sɛ ɔkwan foforo a wɔnam so nya nnɔbae pii no ara, ɛma yedua nnɔbae biako pɛ—ebinom se ɛsɛe asɛm no koraa efisɛ, kɔfabaefo no betumi ama nipa anaa aboa awo a ɔne ɔbarima nhyia, na saa nso na wobetumi ama nkwa afi ase wɔ toa mu. Saa kwan yi ma yenya nnipa anaa mmoa a wɔn ho biribiara pɛpɛɛpɛ. Enti afifide a egu ahorow a ɛresɛe ho adwennwene no da so wɔ hɔ. Afifide a wɔsakra mu no san ma nsɛm foforo ba yɛn adwene mu. Ebi ne sɛnea ɛbɛka yɛn ne abɔde a atwa yɛn ho ahyia no. Abɔde nyansahu ho nsɛm kyerɛwfo Jeremy Rifkin kae sɛ: “Yɛatu huu de yɛn ti repempem kɔ kuadwuma mu nimdeɛ foforo ho a yɛn anidaso ne sɛ yebenya nnɔbae pii ne akwanside kakraa bi, nanso yennim ɔhaw a ebetumi de abrɛ yɛn.”b
Nanso tumi a yetumi keka afifide bom ma efifi fra no betumi ama yɛanya yɛn ho, enti nnwumakuw ani abere denneennen regye tumi de ayɛ aba ne nneɛma foforo a wɔasakra mu de wɔn din ato so. Ne nyinaa mu no, hyew ara na afifide ase rehyew. Sɛnea yɛadi kan aka no, nea ɛbɛyɛ a afifide ahorow ahorow no ase renhyew nti, aban ne nnwumakuw bi abuebue aba korabea. Wugye di sɛ korabea yi bɛma nkyirimma anya aba ahorow pii adua atwa?
Aba Korabea—Afifide Ho Bammɔ?
Royal Botanic Gardens a ɛwɔ Kew, England no, ahyɛ biribi ase—Mfirihyia Apem Aba Korabea Adwuma no—na wogye tom paa sɛ “ɛyɛ amanaman ntam nnwuma akɛse a ɛkora afifide so no biako.” Nneɛma akɛse a esi wɔn ani so ne sɛ (1) ebedu 2010 no, na wɔaboaboa afifide a ɛsow aba a ɛwɔ wiase nyinaa no ɔha mu 10—ɛboro afifide ahorow 24,000—ano akora so (2) ansa koraa na 2010 bedu no, na wɔaboaboa afifide a efi United Kingdom nyinaa aba ano akora so. Aman bi nso abuebue aba korabea a ɛtɔ da a ebinom frɛ no afifide ho nneɛma korabea no.
Nimdefo John Tuxill se, aba ɔpepem pii a ɛwɔ korabea hɔ no ɔha mu 90 ne akyi yɛ afifide a ɛma yɛn aduan a ahoɔden wom ne nneɛma pa foforo. Emu kakra ne aburowi, ɛmo, aburow, atoko, ntɔmmɔ, gyeene, gyeene kankan, ahwerew, asaawa ne adua. Nanso aba yɛ ade a nkwa wom a sɛ n’ahoɔden sa a ebewu. Enti ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi de yɛn ani ato aba korabea so?
Nneɛma a Ɛhaw Adwene Wɔ Korabea no Ho
Yɛde sika na ɛyɛ aba korabea ho adwuma—sɛnea Tuxill kyerɛ no, sɛ wɔka sika a wɔde yɛ ho adwuma afe biara no bom a ɛnenam dɔla ɔpepem 300. Nanso ebia na saa sika yi mpo anso, efisɛ ose “aba a ɛwɔ korabea hɔ no ɔha mu 13 pɛ na ɛwɔ mmeae pa a wobetumi akora so akyɛ.” Esiane sɛ aba a wɔnkora so yiye no nkyɛ nti, ɛsɛ sɛ wodua no ntɛm na wɔatumi anya aba foforo; anyɛ saa a, aba korabea no bɛdan aba a awu korabea. Nokwarem no, adwuma yi hia sika ne adwumayɛfo pii, na ne nyinaa mma nneɛma nkɔ so yiye koraa wɔ mmeae a sikasɛm ho yɛ den dedaw no.
Seeds of Change—The Living Treasure nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ nneɛma pii na ɛmma Ɔman Aba Korabea a ɛwɔ Colorado, U.S.A., no “nkɔ so, ebi ne anyinam ahoɔden a wonnya no daa, frigye a ɛsɛɛsɛe, ne adwumayɛfo a wosua a ama aba bebree gugu basabasa a wɔnhyehyɛɛ no yiye no.” Amammui mu basabasayɛ, ohia, ne atoyerɛnkyɛm nso tumi sɛe aba korabea.
Sɛ wɔkora aba so kyɛ dodo a, ɛde ɔhaw afoforo nso ba. Sɛ wodua afifide wɔ wuram a, ɛnkyɛ na ayɛ yiye ma enti yare ne nneɛma foforo ntumi no. Nanso sɛ wodua no wɔ aba korabea a wɔabɔ ho ban no mu dua, dua, dua a, ɛnkyɛ na sɛnea ɛte no asesã. Afifide pii aba a wɔakora so yiye no de, etumi di mfe ɔhaha pii ansa na abehia sɛ wɔsan dua. Nneɛma a ɛmma aba korabea adwuma no nkɔ so ne nneɛma a ebetumi asɛe no nyinaa akyi no, wɔ a ɛwɔ hɔ no kyerɛ sɛ nnipa dwene nea nnɔbae bɛyɛ daakye no ho paa.
Nokwarem no, ɔkwampa a yɛbɛfa so abɔ afifide ho ban paa ne sɛ yɛbɛbɔ kwae ho ban na yɛadua nnɔbae ahorow pii bio. Nanso Tuxill se, sɛ yebetumi ayɛ a, gye sɛ “yɛsesã yɛn adwene hu nea yehia na yɛansɛe afifide kwa.” Nanso wugye di sɛ nnipa ‘bɛsesã wɔn adwene’ a wɔnsɛe afifide bere a wɔn ani abere denneennen rehwehwɛ kuadwuma mu nkɔso ne sika pii no? Sɛnea yɛahu no, wɔnam nyansahu mu nimdeɛ a ɛkɔ akyiri ne mfaso dodow so ama kuadwuma adan sikadwuma kɛse. Ɛsɛ sɛ yenya ɔkwan foforo fa so.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ́ nnuan a wɔakeka abobom yi ye ma nnipa ne mmoa ne abɔde mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no de, amanfo adwene nnya nhyiae. Ebinom aka abɔde a ɛnnam baabiara a wɔkeka bobom no ho asɛm sɛ ɛnyɛ ade pa.—Hwɛ Engiresi Nyan!, April 22, 2000, nkratafa 25-7.
b New Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ Europafo aborɔdwommaa a “wɔasakra mu sɛnea ɛbɛyɛ a aduru bi a wɔde hyew nwura ase ntumi no no, akɔba sɛ nneɛma bi a ɛmma aduru foforo bi nso ntumi no abehyem.” Bere a wɔde aborɔdwommaa no ne ne sɛso bi a aduru bi nti wɔasakra mu boom a wɔanhyɛ da no na ade foforo no bɛhyɛɛ mu. Animdefo no bi suro sɛ, sɛ yedua nnɔbae pii a aduru ntumi no a, nwuranini bi befuw a aduru biara ntumi ntu ase.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]
Akuafo Wɔn Ase Rehyew?
World Watch nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Efi 1950 reba no, nnipa a wɔyɛ kuadwuma no so atew wɔ aman a wɔyɛ mfiridwuma no nyinaa mu, na amantam bi mu de, wɔn so atew boro ɔha mu 80.” Sɛ yɛde United States bɛyɛ nhwɛso a, seesei nnipa a wɔwɔ afiase dɔɔso kyɛn akuafo. Dɛn na ama nnipa pii regyae kuadwuma saa no?
Nea ama aba saa paa ne sika a wonnya no sɛ kan no bio, ɛka a wɔbɔ no afuyɛ ho, ohia a ɛreyɛ kɛse, ne mfiri pii a wogu so de reyɛ mfuw no. Wɔ 1910 mu no, sɛ obi tɔ aduan dɔla biako wɔ United States a, na akuafo de a ɛwɔ mu nenam sɛnt 40, nanso eduu 1997 no, na akuafo de no so atew aba bɛyɛ sɛnt 7. World Watch kyerɛ sɛ, “sɛ obi tɔ paanoo mua dɔla biako a,” okuafo a oduaa aburowi no “nya sɛnt 6 pɛ.” Ɛkyerɛ sɛ sika a nkurɔfo de tɔ krataa kyekyere paanoo no ho no ne nea okuafo a oduaa aburowi no nya no reyɛ ayɛ pɛ. Sɛ yɛde ba aman a wonnyaa nkɔso pii no mu de a, na akuafo asɛm yɛ mmɔbɔ paa. Sɛ okuafo a ɔwɔ Australia anaa Europa ho kyere no afe bi a, obetumi akɔbɔ bosea wɔ sikakorabea de atwitwa ne ho; ebia okuafo a ɔwɔ Afrika Atɔe fam ntumi nyɛ afuw no bio. Ebia ɔbɛbɔ fam mpo.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]
“Afifide biako pɛ a ɛbae sɛ wobedua de anya nnɔbae pii no asɛe afifide ahorow ahorow a ɛma yenya aduan no wɔ wiase nyinaa.”—Nimdefo Mae-Wan Ho
[Nsɛm Fibea]
Centro Internacional de Mejoramiento de Maíz y Trigo (CIMMYT)
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]
Mfirihyia Apem Aba Korabea a ɛwɔ England no rekora afifide aba a ɛma yɛn nneɛma pa so
[Asɛm Fibea]
© Trustees of Royal Botanic Gardens, Kew