Hena na Ɔbɛma Wiase Aduan?
WUGYE di sɛ bere bi bɛba a nnipa befi ase abɔ afifide ahorow ahorow no ho ban a wɔrensɛe no? Sɛnea nimdefo John Tuxill kyerɛ no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a gye sɛ “yɛsesã ɔkwan a yɛde yɛ kuadwuma no koraa.” Ɔde ka ho nso sɛ, “sɛ nnipa anhu no yiye paa sɛ afifide ahorow ahorow so wɔ mfaso, na wɔannya ɔpɛ sɛ wɔbɛsesã akwan a seesei wɔnam so dua nnɔbae no ansɔ akwan foforo anhwɛ a,” nsakrae no renyɛ yiye.
Nnipa pii nnye nni sɛ yebetumi ayɛ nsakrae akɛse yi. Ebinom nso ne Tuxill nyɛ adwene. Abɔde a atwa yɛn ho ahyia ho animdefo bi wɔ hɔ a wɔte nka sɛ yennya nhuu dwuma a afifide a egu ahorow di no mu nwiei, na ɛbɛyɛ sɛ wɔn nkurɔfo no bi nso gugu mu dodo. Nanso bere a animdefo no gu so rehwehwɛ mu no, ehia sɛ yɛhwɛ ka a animdefo no bi ka sɛ ayɛ hu no yiye. Wohwɛ a wobɛka sɛ biribi haw wɔn nanso ɛnyɛ afifide ahorow ahorow a ase rehyew no nko ntia, adifudepɛ a nnipa de rehyew ase a wɔnnwene daakye asɛm no nso ka ho bi. Tie nsɛm a akyerɛwfo bi aka.
“Mfe ɔha a atwam yi ara, na akuafo ɔpehaha pii a wɔwɔ wiase nyinaa no ankasa wɔ aba a wodua. . . . Ɛnnɛ, nnwumakuw a wɔwɔ nkorabata wɔ wiase nyinaa na wɔma akuafo aba a wodua no dodow no ara, wɔsakra mu gye so tumi na wɔkora so sɛ animdefo agyapade. . . . Ɛnam sɛ nimdeɛ foforo a wɔde keka afifide bom yi ma wonya mfaso ntɛm nti, anhwɛ a wɔbɛsɛe afifide ho nneɛma a ebia ɛbɛboa yɛn paa daakye ama yɛatu yarenini foforo ne mmoawammoawa a wɔn ani yɛ den ase no.”—Abɔde nyansahu ho nsɛm kyerɛwfo Jeremy Rifkin.
“Nsɛm ho amanneɛbɔfo ka tĩ mu daa sɛ, nea ɛsɛ sɛ wɔdwene ho kɛse ne tɔ a nkurɔfo bɛtɔ wɔn nneɛma, tɔn a wobetumi atɔn no baabiara, ne sɛnea wiase sikasɛm te. Sɛ sika ne mfaso a nnwumakuw akɛse benya nko ara na wɔka ho asɛm daa a, ɛnde na anidaso a wɔwɔ sɛ wobenya wɔn ho yi abɛyɛ sɛ nyamesom mu mmara bi a nkurɔfo ntaa nkasa ntia koraa.”—Nimdefo David Suzuki.
Kenny Ausubel da no adi wɔ ne nhoma, Seeds of Change—The Living Treasure mu sɛ ɛyɛ nyaatwom sɛ aman a edi yiye mu “atumfoɔ ne nnwumakuw bɛka sɛ ɛhaw wɔn paa sɛ ‘nnipa nyinaa agyapade’ a ɛne afifide ho nneɛma bebree no rebɛsɛe.” Ɔka sɛ wɔn nso wɔde abɛɛfo kwan so kuadwuma ne nnɔbae biako pɛ a wodua no resɛe afifide a egu ahorow no.
Sɛ nea animdefo reka yi yɛ nokware oo, sɛ ɛnyɛ nokware oo, ebia ɛyɛ wo den sɛ wubegye adi sɛ nneɛma bɛkɔ yiye daakye wɔ asase yi so. Ebedi nnaahe, bere a adifudepɛ ahyɛ nnipa ma? Ɛnam sɛ nnipa bebree ani abere pɛ sɛ wohu mu nti, wogye di sɛ nyansahu betumi aboa yɛn.
Nyansahu ne Emu Nimdeɛ Betumi Agye Yɛn Anaa?
Nnansa yi, Royal Society a ɛwɔ Edinburgh no kaa biribi a ɛhaw wɔn sɛ, seesei nyansahu renya nkɔso a edi mu ntɛmntɛm paa ma enti wosuro sɛ nyansahufo nhu ɔhaw a nkɔso yi de bɛba no yiye. David Suzuki kyerɛwee sɛ: “Afifide ho nsɛm asinasin nketenkete bi na nyansahu ma yehu. Minsuro a anka mɛka sɛ yennim nneɛma a wɔde bɔɔ abɔde a nkwa wom wɔ Asase so no ho hwee mpo na yɛakohu sɛnea ebiara dan ne yɔnko a wotetew mu a ɛnyɛ yiye.”
Sɛnea Science nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛɛ mu no, “yentumi nhu ɔhaw ne mfaso a GEO [Afifide Ho Nneɛma a Wɔasakra Mu] de ba no mu yiye, na ɛnyɛ obiara na ogye tom. . . . Yentumi nhu ade pɔtee a afifide foforo ne GEO de bɛba abɔde a atwa yɛn ho ahyia no so.”
“Nkɔso” a aba no pii ayɛ esum ne hann ampa. Ɛboa yɛn wɔ kwan bi so nanso ɛda no adi nso sɛ nnipa nnim nyansa, na yɛyɛ adifudepɛ bere nyinaa. (Yeremia 10:23) Nhwɛso ne sɛ, bere a ɔkwan foforo a wɔnam so nya nnɔbae pii no maa nnipa bebree nyaa aduan dii no, ɛka ho bi na afifide ahorow ahorow no ase ahyew. Mmoawammoawa aduru ne kuadwuma ho nneɛma a ne bo yɛ den a wɔde nyaa nnɔbae pii no nti, sɛnea Nimdefo Mae-Wan Ho kyerɛ no, mfaso no kɔɔ “nnwumakuw a wɔmaa akuafo nyaa nnɔbae duae ne atitiriw a wɔwɔ aman a wodi hia mu no hɔ maa mpapahwekwaa ho kaa mu. Saa na kuadwuma ho nimdeɛ foforo a abɛyɛ sikapɛ kɛse no nso te, na daakye bi, ɛde nkakrankakra bɛma nyansahu ayɛ nnɔbae a ɛma yɛn aduan no ho adwuma.
Nanso enhia sɛ nsɛm a ɛhaw adwene yi ma yɛn abam bu. Nea ɛwom ara ne sɛ, ɛma yɛte asɛnkɛse bi ase. Bible boa ma yehu sɛ nnipa a wɔtɔ sin a seesei wodi asase yi so hwɛ ɛso nneɛma so no, yɛmmfa yɛn ani nnto wɔn so pii. Seesei tebea a nnipa wom no nti, wobedi yɛn huammɔ, na wɔrentumi nhwɛ nneɛma so yiye. Enti Dwom 146:3 tu yɛn fo sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” Nanso yebetumi de yɛn ho nyinaa ato Onyankopɔn so. (Mmebusɛm 3:5, 6) Ɔwɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde bɛboa yɛn.—Yesaia 40:25, 26.
Ɛrenkyɛ—Asase a Afifide Frɔmfrɔm Wɔ so Bɛba
Sɛ worebɛyɛ ofie bi a ɛrebubu yiye a, nea edi kan no, ebia ebehia sɛ wopra emu nneɛma funu no. Saa nso na ɛrenkyɛ Yehowa Nyankopɔn bɛsɛe amumɔyɛfo nyinaa afi asase so. Wɔn mu bi ne wɔn a wɔfa asase ne ɛso nneɛma ne wɔn yɔnko nnipa mpo sɛ ade hunu bi a wobetumi adidi ho de ama wɔn adwuma akɔ so no. (Dwom 37:10, 11; Adiyisɛm 11:18) Nanso Yehowa bɛma wɔn a wɔdɔ no na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no nyinaa anya nkwa.—1 Yohane 2:15-17.
Ɛno akyi no, nniso bi a Onyankopɔn ahyehyɛ—Mesia Ahenni no—na ebedi asase ne ɛso abɔde a nkwa wom bebrebe a nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase ka ho no—so. (Daniel 7:13, 14; Mateo 6:10) Hwɛ sɛnea aduan bebu so wɔ nniso a nyansa wom no mu! Dwom 72:16 ka sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” Yiw, aduan ho nsɛmnsɛm ne adwennwene remma bio. Mmom no, ebebu so na ɛbɛma yɛanya ahoɔden.
Enti, bere a nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ seesei yi rekɔ esum kabii mu a nnipa nni anidaso na wonnim nea ɛbɛba no, wɔn a wɔn ani da Yehowa so no betumi ahwɛ kwan sɛ daakye a ahotɔ wom bi bɛba asase so ha yi ara. “Ahenni no ho asɛmpa yi” a Yehowa Adansefo de anigye ka kyerɛ wɔn a wɔpɛ wiase papa a nsisi nni mu no na ɛma wonya saa anidaso no. (Mateo 24:14) Anidaso a ɛbɛba mu yi—ne hwɛ a Onyankopɔn hwɛ ne nkurɔfo sɛ ne mma no—nti, seesei mpo yebetumi ‘atra hɔ komm, na yɛn ho adwo yɛn a yensuro sɛ amane bi reba.’—Mmebusɛm 1:33.
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Onyankopɔn Ahenni mu no, aduan bebu so na ɛbɛma yɛanya ahoɔden
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]
FAO Photo/K. Dunn
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]
Tourism Authority of Thailand