Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 12/8 kr. 26-27
  • Dɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Daakye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Daakye?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Wɔreyɛ?
  • Nsakrae Atitiriw Ho Hia
  • Afifide ne Mmoadoma Ho Ban a Wɔbɛbɔ Koraa
  • Hena na Ɔbɛma Wiase Aduan?
    Nyan!—2001
  • Sɛnea Abɔde Nyinaa Dan Wɔn Ho Wɔn Ho
    Nyan!—2001
  • Onipa Resɛe Afifide a Ɛma Onya Aduan No?
    Nyan!—2001
  • Nnipa Bɛtetew Asase Apansam no Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 12/8 kr. 26-27

Dɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Daakye?

ONIPA yɛ abusua kɛse a yɛaka ho asɛm no fã bi kɛkɛ. Asase so abɔde biara wɔ dwuma a edi, sɛnea Onyankopɔn de ama no. Yɛne abɔde a nkwa wom a atwa yɛn ho ahyia no nya nneɛma pii yɛ mu kyɛfa—ne titiriw no, sɛnea nkwa yɛ nwonwa ankasa no. Ne saa nti, sɛ abɔde a nkwa wom bi ase tɔre a, nnipa pii di ho yaw ankasa.

Bere a nyansahufo Anthony C. Janetos rekyerɛw asɛm bi wɔ Consequences nsɛmma nhoma mu no, ɔkae sɛ: “Nnipa pii begye atom sɛ ɔmanfo wɔ abrabɔ fam asɛyɛde sɛ wɔbɛbɔ okyinnsoromma no so mmeae a mmoadoma te no ho ban, na wɔahwɛ adebɔ mu nneɛma so ama adesamma daakye ne wɔn nnɛ yiyedi. Saa a wɔbɛyɛ no hwehwɛ sɛ wɔbɛkyerɛ bo a afifide ne mmoadoma som no ho anisɔ—mfaso a abɔde foforo nya fi mu ne akwan a yebetumi de adi dwuma—na yɛagye ato yɛn ho so sɛ yɛbɛkora wɔn so.”

Dɛn na Wɔreyɛ?

Nokwarem no, sɛnea abɔde a nkwa wom ase retɔre no ho asɛm haw wiase no ma enti aban ananmusifo ne nnwumakuw ahorow ahyɛ Afifide ne Mmoa Ho Mmara bi. Saa apam a emu da hɔ yi da no adi sɛ ɛsɛ sɛ afifide ne mmoadoma a yɛbɛkora wɔn so no yɛ ahiasɛm ma nnipa nyinaa.

Abɔde a nkwa wom ho animdefo, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho animdefo, ne wiase nyansahufo nyinaa de 2001-2 asi hɔ sɛ Amanaman Ntam Afifide ne Mmoadoma Ho Nhwehwɛmu Afe (IBOY), na eyi yɛ anammɔn foforo a wɔretu de apɛɛpɛɛ afifide ne mmoadoma ho nsɛm mu. Diana Wall, a ɔyɛ abɔde a nkwa wom ho nimdefo wɔ Colorado State Sukuupɔn mu na ɔyɛ IBOY titrani no, ka sɛ: “Afifide ne mmoadoma ho nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya mfaso pii denam awosu mu nkwaadɔm foforo ne nneɛma foforo a yebehu de ayɛ nnuru de asiesie nnɔbae ne nsase a asɛe no so.” Wall de ka ho sɛ: “Nea ehia sen saa no, hu a yebehu baabi a afifide ne mmoa foforo wɔ, dwuma a wodi de boa wɔn ho, ne ɔkwan a yebetumi afa so akora wɔn so no yɛ biribi a ɛho hia na ama yɛasi yɛn nsase, nsubɔnten ne po ahorow no ho gyinae a ɛfata.”

Nsakrae Atitiriw Ho Hia

Ɛwom sɛ wɔanya nkɔso titiriw bi wɔ eyi mu de, nanso anammɔntu a ɛte saa no dii ɔhaw a ɛbae no ho dwuma, na ɛnyɛ dekode a ɛde ɔhaw no bae no. Sɛnea nhwehwɛmufo kyerɛ no, ebesi saa bere yi onipa nni bere pii. Bere a Ruth Patrick a ɔwɔ Philadelphia Abɔde Ho Nyansahu Adesuabea a ɛwɔ Pennsylvania, U.S.A., susuw nea ɔkaa ho asɛm sɛ “afifide ne mmoa a wɔn ase betumi atɔre” ho no, ɔde baa awiei sɛ “ɛbere yɛ ade a ɛho hia kɛse . . . Ehia sɛ yedi ho dwuma ntɛm wɔ ɔkwan a edi mu so.” Sɛ yebetumi ayɛ afifide ne mmoa a wɔn ase retɔre no ho biribi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae a egye ntɛmpɛ wɔ ɔkwan a onipa nam so de okyinnsoromma yi ne nneɛma a ɛwɔ so di dwuma no mu. Ehia sɛ yɛyɛ pii sen sɛ yɛbɛyɛ nhyehyɛe de asɔw ano kɛkɛ. Wiase Abɔde Adesuabea no ka sɛ: “Enti yɛrentumi nyi ɔhaw a ɛne sɛ yɛbɛkora afifide ne mmoa so no mfi ɔhaw akɛse a ɛne sɛ yɛbɛma asetra . . . atu mpɔn no ho.”

Akyinnye biara nni ho sɛ botae a ɛte saa a yebedu ho no hwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae titiriw bi wɔ nnipa asetra mu. Caring for the Earth nhoma no gye tom sɛ sɛ yebetumi ahwɛ nneɛma so yiye a, ɛsɛ sɛ yenya “gyinapɛn, sikasɛm ne nipasu a ɛyɛ soronko wɔ nea ɛwɔ hɔ nnɛ no ho.”

Bible da no adi pefee sɛ nnipa nni tumi a ɛbɛma wɔde nsakrae a ɛte saa aba. Yeremia 10:23 ka sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Mmebusɛm 20:24) Saa nokwasɛm yi ada adi wɔ abakɔsɛm nyinaa mu, na saa nnyinasosɛm yi a onipa abu n’ani agu so no de yɛn aba “mmere a emu yɛ den” a wɔkaa ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no mu. Saa nkyekyem ahorow yi da no adi nso sɛ nnipa nsusuwii bɔne na ama mmere no mu ayɛ den. Enti, enkosi sɛ nnipa bɛsakra no, ɔhaw ahorow a yehyia yi ano aduru a yebenya biara yɛ bere tiaa mu de kɛkɛ.

Nyansahufo bi a wagye din yiye, Ɔbenfo Jane Goodall kae wɔ nsɛm bi a wobisabisaa no mu sɛ mmoa atrae a wɔsɛe no no “yɛ nea mpɛn pii no aman a wɔanya nkɔso no sikasɛm mu adifudepɛ ne honam fam ade dodowpɛ na ɛde ba.” Na afifide ho nimdefo Peter Raven, a kan no na ɔyɛ U.S. Ɔman Nyansahu Adesuabea no kyerɛwfo no bɔɔ kɔkɔ sɛ “anibiannaso, ohia ne adifudepɛ de ɔhaw ahorow reba a ebetumi asɛe Asase so nneɛma koraa.” Enti, gyinapɛn ahorow a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wom no bi ne pɛsɛmenkominya, adifudepɛ, anibiannaso, nhumu a wonni, ne ahopɛ su.

Afifide ne Mmoadoma Ho Ban a Wɔbɛbɔ Koraa

Sɛnea ntease wom no, nneɛma a nkwa wom Bɔfo no ani gye n’abɔde daakye ho kɛse. Bible ka sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛyɛ ade na ‘wasɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.

So Onyankopɔn bɛsan de abɔde a nkwa wom a asase a onipa resɛe no ama wɔn ase atɔre no aba nkwa mu bio? Sɛ Ɔbɔadeɛ no pɛ sɛ mmoa a wɔn ase atɔre no san ba asase so a, akyinnye biara nni ho sɛ obetumi asan abɔ wɔn daakye. Saa ara na ɔbɛyɛ afifide a ase atɔre no nso. Nanso esiane sɛ Bible no nka nkyerɛ yɛn nti, ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛbɔ yɛn tirim aka biribi wɔ asɛm no ho.

Nea Onyankopɔn tumidi hyɛ ho bɔ ne nhyira a asase so abɔde a nkwa wom biara benya. Odwontofo no ka sɛ: ‘Asase ho besian no. Ɛpo ne ne mãyɛ bɛworo. Petee mu ne nea ɛwom nyinaa bedi ahurusi, ɛno na kwae mu nnua nyinaa bɛto ahosan nnwom.’—Dwom 96:11, 12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena