Ɛnyɛ Mmoawa Nko na Nnuru a Wɔde Gu Nnɔbae so no Kunkum Wɔn
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRAZIL HƆ
“ASƐM biara nni ho.” Saa na okuafo Domingos dos Santos ka bere a ɔhwɛ ne bankye fuw a ɛwɔ Brazil anafo fam no. Ntease wom sɛ n’ani agye. Wobɛka sɛ mmoawa a wɔsɛe nnɔbae biara mmaa n’afifide no nhaban no so da. Wɔanya mmoawammoawa aduru foforo bi anaa? Dabi. Domingos ka sɛ: “Afe a etwaam no ne afe yi, na enhia sɛ metɔ aduru a wɔde kum mmoawammoawa biara.”
Domingos ka akuafo pii a wɔmpɛ sɛ wɔde mmoawammoawa nnuru bɔ wɔn nnɔbae ho ban no ho.a Mmom no, wɔfa akwan a ɛmma wɔmfa nnuru nni dwuma koraa anaa anyɛ yiye koraa no ɛma wɔtew so no so. Mibisaa Sandro Müller, a ɔyɛ nnɔbae ho nimdefo a wakɔ so ayɛ nhwehwɛmu wɔ akutu fuw a ɛbɛn São Paulo mu no sɛ: “Akwan bɛn na mofa so? Dɛn koraa na ɛma ntease wom sɛ akuafo bɛkwati sɛ wɔde mmoawammoawa aduru bɛpetepete wɔn nnɔbae so?”
Biribi a Mmoawammoawa Nnuru Yɛ a Ɛsɛe Asɛm no Koraa
Nea ɛbɛboa me ma mahu asiane biako a nnuru a wɔde kum nkoekoemmoa a wɔde di dwuma de ba no, Sandro ka sɛ: “Yɛ polisifo kuw a wɔde mmirika sa adwowtwafo a wɔakowia sika wɔ sikakorabea ho mfonini wɔ w’adwene mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi aguan no, adwowtwafo no de mmirika kowura adwumayɛdan bi a adagyew nni mu mu. Esiane sɛ adwowtwafo no ne nnipakuw no adi afra nti, polisifo no ma wɔde hɛlikɔpta ba bɛtow topae a ɛsɛe mframa to adwumayɛdan no so. Eyi kunkum adwumayɛfo ne awɛmfo a wɔn ho nni asɛm ne adwowtwafo no nyinaa fra. Biribi a ɛte saa ara na esi bere a okuafo kɔ so de nnuru a wɔde kum nkoekoemmoa puapua ne nnɔbae no. Ekunkum nkoekoemmoa a wɔne adwowtwafo no, na ɛsan nso kunkum nkoekoemmoa a wɔn so wɔ mfaso, awɛmfo no.”
Mibuae sɛ: “Nanso anyɛ yiye koraa no abɔ nnɔbae no ho ban.” Nanso Sandro maa emu daa hɔ sɛ, nnuru a wɔde kunkum mmoawammoawa basabasa no ma asiane a ɛkɔ ara a na asan aba bi fi ase. Ɔkwan bɛn so? Mmoawa a wɔsɛe nnɔbae yi binom kɔ so tra nkwa mu efisɛ nnuru a wɔde kunkum mmoawa yi binom wɔ hɔ a entumi wɔn. Ɛno akyi no, ɛka wɔn nkutoo wɔ nnɔbae no so a ‘awɛmfo a wɔde ahobammɔ ma’ anaa nkoekoemmoa a wɔn so wɔ mfaso mu biara nni hɔ—aduru a okuafo no de guu afuw no so no nti.
Aduan pii a mmoawammoawa a nnuru ntumi wɔn yi nya ne mmoa a wɔbɛko atia wɔn a enni hɔ nti, ɛma wɔdɔɔso ntɛmntɛm, na eyi hyɛ okuafo no ma ɔde aduru gu nnɔbae no so bio, a ebia saa bere yi mpo de ɔde aduru a ano yɛ den paa na egu so. Wɔ Amerika Anafo fam mmeae bi a wodua adua no, akuafo de nnuru gu wɔn nnɔbae so dapɛn biara. Dɛn na afi nnuru a wɔtaa de gu nnɔbae so yi mu aba? Okuafo bi kae sɛ: “Sɛ wode nnuru a ekunkum mmoawammoawa gu wo nnɔbae so a, wudi w’ankasa wo ho awu.”
Nnuru a Wɔde Di Dwuma—So Eye Sen Akwan Afoforo?
Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ obi a ɔde nnuru kunkum mmoawammoawa no di n’ankasa ho awu. Nsɛmma nhoma Guia Rural bɔɔ amanneɛ sɛ, wɔ Brazil nkutoo no, nnuru a wɔde kum mmoawa a wɔsɛe nnɔbae di nnipa 700,000 awu afe biara—sɛ wɔkyekyem a, ekum nipa biako wɔ anibu 45 biara mu! Na Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bɔ amanneɛ sɛ wɔ wiase nyinaa no nnipa 220,000 wuwu afe biara esiane awuduru a wɔde kum mmoawa a wɔsɛe nnɔbae nti. Sɛ yɛde eyi to nkyɛn a, nnuru a wɔde kum mmoawa no resɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no kɛse.
Ɛwom sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no binom te nka sɛ sɛ́ wubebue ade a mmoawammoawa nnuru wom so no te sɛ woama Asiane a ɛyɛ hu bi kwan ara pɛ de, nanso ebinom taa bu mmoawammoawa nnuru a wɔde di dwuma sɛ eye sen akwan afoforo. Adwene a nkurɔfo wɔ ne sɛ: Ɛyɛ nneɛma abien, sɛ́ yɛde nnuru no bedi dwuma na aduan aba anaasɛ yebegyae na yɛadi kɔm. Anyɛ yiye koraa no, nnipa a wɔte asase yi so no redɔɔso bere a asase a wotumi yɛ kua wɔ so no so tew ara na ɛretew. Sɛ yebetumi asiw wiase nyinaa aduankɔm ano a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛbɔ nnɔbae ho ban fi nkoekoemmoa bɔne a wotumi sɛe no no ho.
Ɛda adi sɛ, mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no de ɔhaw kɛse ba de. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, akuafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu pii abehu sɛ ɔkwan pa wɔ hɔ a wobetumi afa so sen sɛ wɔde mmoawammoawa nnuru pii bɛpete nnɔbae so. Eyi ne ɔkwan a ɛmma wɔmfa nnuru a wɔde gu nnɔbae so nni dwuma pii anaa IPM.
IPM—Nsiananmu
Mibisaa Ɔbenfo Evôneo Berti Filho, a ɔne ɔpanyin a ɔda Adesuabea a Wɔyɛ Nkoekoemmoa Mu Nhwehwɛmu ano wɔ São Paulo Sukuupɔn a ɛwɔ Piracicaba na ɔsan yɛ nhwehwɛmufo a waben wɔ ɔkwan a wɔfa so kõ mmoawa a wɔsɛe nnɔbae mu no sɛ: “Dɛn ne IPM?” Ɔbenfo Berti kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, IPM botae ne sɛ wɔbɛhwɛ ma wɔatew nnuru a wɔde kum nkoekoemmoa a wɔde di dwuma no so koraa, na wɔahwɛ ma wɔde nnuru a ekum mmoawa a wɔsɛe nnɔbae pɔtee bi no nkutoo adi dwuma. Bere a wɔatew mmoawammoawa nnuru so no, wɔfa akwan foforo a nnuru nnim nso so de ko tia mmoawammoawa.
Akwan a wɔfa so kõ mmoawa a wɔsɛe nnɔbae yi mu biako ne sɛ wɔsakra nnɔbae a wodua no mu bere ne bere mu. Sɛ nhwɛso no, okuafo betumi asakra nnɔbae a odua no mu adua aburow afe na wadua adua nso afe a edi hɔ. Wɔ saa kwan yi so no ɔkɔm fi ase de mmoawa a wɔwe aburow na wɔmpɛ adua no anaa wotu fi afuw no mu kɔ mmeae a ɛbɛn a aburow pii wɔ hɔ. Afei, bere foforo a wubedua aburow no, na mmoawammoawa dodow no ara kɔ—anyɛ yiye koraa no wɔ mmere kakra mu. Na bere a mmoawa a wɔwe aburow no bɛsan abom kutuu aba no, na nnɔbae foforo a wɔadua no apam wɔn ma wɔasan kɔ.
IPM no fã foforo nso ne ɔkwan a wɔnam abɔde a nkwa wom so ko tia mmoawa a wɔsɛe nnɔbae. Ɛno yɛ mmoawa te sɛ nkoekoemmoa, ne mmoawa afoforo a wɔyɛ atamfo ma mmoawa a wɔsɛe nnɔbae na akuafo boaboa wɔn ano ma wɔko tia mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no. Sɛ nhwɛso no, Brazil nhwehwɛmufo hui sɛ bere a aboawa bi a wɔfrɛ no baculovirus kɔɔ asã bi ho no, wɔn mu pii wuwui. Wodwen ho hui sɛ esiane sɛ aboawa yi nyɛ asiane mma nnipa nti, wobetumi de nsu a saa aboawa yi wom agu nnɔbae so na ebekunkum asã a wɔsɛe adua ne bankye sɛnea aduru a ekum nkoekoemmoa bɛyɛ ara pɛ. Na ano yɛ nnam paa. Asã a wɔwee nnɔbae a wɔde bi petee so no wuwui nna kakraa bi akyi. Nea ɛka ho sɛ ntoso no, asã a wɔawuwu no ma okuafo no akode foforo a ɔde bedi dwuma daakye. Ɔkwan bɛn so?
Ɔbenfo Berti kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Okuafo no de asã a wɔawuwu no gu afiri a wɔde yam ade mu yam wɔn, ɔsɔn so, na ɔde nsu a wasɔn no hyɛ fridge mu ma ɛkyen.” Afei okuafo no yi nsukyenee a aboawa yi wom no ma no nan, na ɔde nsu fra de gugu ne nnɔbae so.
Ebetumi aba sɛ saa kwan a wɔfa so ko mmoawa a wɔsɛe nnɔbae yi mma mmoawa no nwu ntɛm pii sɛnea anka aduru ankasa a wɔde kum nkoekoemmoa bɛyɛ no de, nanso nhwehwɛmufo bi ka sɛ, anyɛ yiye koraa no ano nnam no bɛyɛ sɛ ɔha mu nkyem 90.
Mmoawa a Wɔsɛe Nnɔbae a Wodi Wɔn So—Ɔkwan a Wɔmfa Nnuru Nni Dwuma Wom
Ɔkwan titiriw foforo a wɔfa so tɔre mmoawammoawa ase a wɔmfa nnuru nni dwuma wom ne sɛ wɔbɛboaboa nkoekoemmoa ano ama wɔako atia wɔn. Nanso, wɔ mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔbɛma akuafo afa saa kwan yi so ayi mmoaammoaa a wɔsɛe nnɔbae afi hɔ nyinaa akyi no, akuafo pii a wɔwɔ Brazil ne mmeae foforo no da so ara twetwe wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ saa. Dɛn ntia? Wohu no sɛ adwene a ɛne sɛ wɔbɛhyɛ da de nkoekoemmoa aba wɔn mfuw mu no yɛ nea ntease nnim ma akuafo sɛnea nnipa a wɔtete nkurow akɛse mu bɛte nka wɔ ntɛferɛ a wobegyae wɔn ma wɔaba wɔn adan mu no ho ara pɛ. Ɔbenfo Berti ka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔ akuafo dodow no ara fam no, nkoekoemmoa nyinaa we afifide. Na okuafo biara mpɛ koraa sɛ obehu wɔn pii.”
Enti, ɛda adi sɛ, ɛyɛ bere a akuafo abɛte ase sɛ nkoekoemmoa no bi wɔ hɔ a wɔyɛ wɔn aboafo no nkutoo na wɔde mmoawa foforo bɛkõ atia mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no ama agye ntini. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wodua nnuaba wɔ California, U.S.A. no, nyaa mmoa nam tõnõnõõ so wɔ 1800 mfe no awiei mu. Saa bere no na na wɔde nkoekoemmoa fi Australia aba a wɔanhyɛ da, ma wɔatow ahyɛ wɔn ankawa ne akutu nnua so ayɛ no pasaa. Annye tõnõnõõ no mfe abien koraa na wɔtɔree nkoekoemmoa bɔne no ase, de bɔɔ California akutu nnua ho ban!
Ɔkwan Soronko Koraa a Wɔfa So Siw Ano
Ɛnnɛ akuafo binom a wɔwɔ Brazil asan rehu mfaso a ɛwɔ joaninha (Joanna ketewa, edin a wɔde frɛ tõnõnõõ wɔ ha) so sɛ ‘ɔwɛmfo’ a wotumi de ho to ne so. Bere a na me ne Sandro nam akutu nnua a wɔadua sã so tee ntam wɔ akutufuw a na ɔhwɛ so mu no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Joaninhas ko tia nnua ho mmoawammoawa a wɔwɔ akutufuw yi mu no.” Ogyinaa akutu dua bi ho, na ɔteɛɛ ne nsa soo ne nnubaa no bi a na ɛrefifi nhaban foforo mu koaa no baa fam. Ná mmoawa anaa dua ho mmoawammoawa—nkoekoemmoa a wɔyɛ nyaa na wɔn kɛse te sɛ paane ti—tuatua nhaban no so, a wɔde wɔn ano ato sɛkyɛ wɔ nhaban no so refefe mu nsu.
Nanso, saa nnua ho mmoawa yi yɛ aduan ma ‘ɔwɛmfo’ no. Nokwarem no, wɔ tõnõnõõ abusua no mu no, tõnõnõõ biako betumi awe nnua ho mmoawa 800 wɔ n’asetra mu ansa na wawu. So eyi nkutoo betumi ama nsonsonoe kɛse aba? Sandro kae sɛ: “Yiw, sɛ woma sare ne nwura pii fuw wɔ akutu nnua no ntam ma tõnõnõõ pii ne mmoawa afoforo a wɔyɛ atamfo ma mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no nya baabi pii tra a.” Sandro kae sɛ: Bere bi a atwam a na wɔmfa mmoawa nko ntia mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no, na wɔde aduru a ekum nkoekoemmoa gu nnɔbae so dapɛn abien biara. Ɛnnɛ esiane mmoawa te sɛ tõnõnõõ ne nkoekoemmoa a wɔyɛ atamfo ma mmoawa a wɔsɛe nnɔbae yi nti, mpɛn dodow a wɔde nnuru a ekum nkoekoemmoa gu nnɔbae so no so atew aba asram abien anaa abiɛsa biara.
Tõnõnõõ yɛ mmoawa pii a akuafo de wɔn di dwuma ma wɔko tia mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no biako pɛ. Nanso sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi din a, nwowa, kotokurodu, nnomaa, ananse, mpɔtorɔ, ne mponkyerɛn, nyinaa ka asraafo dɔm a wɔko tia mmoawa a wɔsɛe nnɔbae nnɔnhwerew aduonu-anan no ho. Apataa mpo si nnuru a wɔde gu nnɔbae so no ananmu. Ɔkwan bɛn so?
Wɔ China no, Xiao Fan a ɔyɛ nhwehwɛmufo wɔ Kuayɛ ne Kwae Adwuma a ɛwɔ Nanking, wɔ Kiangsu Mansin mu no mu bɔ amanneɛ sɛ, wɔtew nnuru a wɔde kunkum nkoekoemmoa a wɔde di dwuma no so bere a wofii ase yɛnee mpataa wɔ nsase a wodua ɛmo wɔ so a nsu taataa so no so no. Akuafo no de hama so afifide no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nkoekoemmoa no bɛtete agu nsu no mu. Fan kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ sɛ mmoawa a wɔwɔ afifide no so tɔ nsu mu a na wɔayɛ sɛnea wɔawu no nti, mpataa no tumi memene wɔn ntɛm.”
Nnuru a ekum mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no kakraa bi a wɔde di dwuma no nso boa ma nkoekoemmoa a wɔn so wɔ mfaso no tra nkwa mu. Saa nkoekoemmoa yi ne mpataa a wɔmemene mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no ka bom ko tia mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no. Fan ka sɛ, esiane mmoawa a wɔnam so ko tia mmoawa a wɔsɛe nnɔbae nti, wɔmfa nnuru a etumi di awu a wɔde kunkum nkoekoemmoa pii nni dwuma pii seesei. Ɔde ka ho sɛ, ɛda adi pefee sɛ ɛboa akwahosan, na ɛma abɔde ahorow a asetra gyina so no tra hɔ.
Nokwarem no, nea ama akuafo regye IPM atom kɛse ne sikasɛm, na ɛnyɛ abɔde a nkwa gyina so yiyedi nti. Anyɛ yiye koraa no, sika a wɔsɛe no wɔ nnuru a ekum mmoawa a wɔsɛe nnɔbae ho a wɔbɛtew so no ma wosie sika, na eyi ma wonya mfaso akɛse—biribi a ɛhyɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa nkuran a entwaam. Nanso, sɛ yenya sikasɛm mu mfaso pii san nya nnɔbae a awuduru nnim na ɛmma yɛnsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no a, ɛnde na IPM de mfaso brɛ akuafo ne adetɔfo ne abɔde a nkwa gyina so nyinaa. Sɛnea nhwehwɛmufo bi kyerɛ no, sɛ IPM wɔ hɔ a, “obiara nya mfaso.”
[Ase hɔ asɛm]
a Mmoawammoawa nnuru a wɔde di dwuma kɛse paa ne nea wɔde kunkum (1) nkoekoemmoa, (2) nwura bɔne, (3) mmire, ne (4) nkura. Wɔde nea emu biara tumi kum no din na ato so.
[Kratafa 23 adaka]
Mmoawammoawa Nnuru A Adan Agyapade
Sɛ akuafo a wɔwɔ wiase nyinaa fi ase nnɛ de ɔkwan a ɛmma wɔmfa nnuru a wɔde gu nnɔbae so pii yi di dwuma mpo a, na nnuru a ekum mmoawa a wɔsɛe nnɔbae ho haw no to ntwae koraa. Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Aduan ne Kuayɛ (FAO) so no bu akonta sɛ nnuru a ekum mmoawa a wɔsɛe nnɔbae a wɔde adi dwuma ma aka no bɛboro tɔn 100,000 na wɔakora so wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu. Nsɛmma nhoma Our Planet a Amanaman Nkabom no Nhyehyɛe a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia so na etintimii no ka sɛ: “Nnuru a wɔaboa ano yi mu fã titiriw yɛ mmoawammoawa nnuru a aka a wɔma wogye ansa na wɔama wɔn mmoa bi.” Nea ɛka saa nnuru yi ho ne DDT pii ne nnuru foforo a ekum mmoawa a wɔsɛe nnɔbae a mprempren wobu no sɛ nneɛma a ɛho nni mfaso a edi awu. Our Planet ka sɛ, sɛ yɛanhwɛ anyi mmoawammoawa nnuru a adan agyapade yi amfi hɔ a, “ebetumi de asiane aba.”
Nanso, ebegye sika pii ansa na wɔatumi ayi nnuru yi afi hɔ. Wɔ Afrika nkutoo no, ebegye bɛyɛ dɔla ɔpepem 100 ansa na wɔatumi ayi nnuru a ekum mmoawa a wɔsɛe nnɔbae a adan agyapade yi afi hɔ. Hena na ɔbɛbɔ eyi ho ka? FAO de ato aman a wɔde nnuru yi mae no anim sɛ wɔmmoa mma wonyi mfi hɔ. Nanso sɛnea FAO ka no, “ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi nnwumakuw a wɔyɛ mmoawammoawa nnuru no pii ma no boro so a mfaso biara nni so no nso hɔ.” Nanso, ɛde besi saa bere yi no, saa nnwumakuw yi “mpɛ sɛ wobeyi sika de aboa ma wɔayi nnuru dedaw a aboa ano sum hɔ yi afi hɔ.”
[Kratafa 24 adaka]
Afifide A Wɔasakra Mu Dɛn Nti na Asɛm Wɔ Ho?
Abɔde a nkwa wom ho nyansahu nso yɛ akode foforo a wɔde ko tia mmoawa a wɔsɛe nnɔbae. Ɛdenam nkɔanim a nnipa anya fa sɛnea DNA abɔde mu nneɛma nketenkete yɛ adwuma wɔ abɔde mu ho nti, nhwehwɛmufo atumi de DNA asinasin a efi abɔde ahorow mu afrafra ma wɔanya afifide a nneɛma a etumi ko tia mmoawa a wɔsɛe nnɔbae wom.
Aburow yɛ nhwɛso biako. Awosu mu nkwaadɔm a wɔhyehyɛ ho abenfo yii awosu mu nkwaadɔm bi fii baabi de kɔhyɛɛ aburow DNA mu. Awosu mu nkwaadɔm foforo a wɔyɛe yi ma wonyaa ahoɔdennuru a na ɛyɛ awuduru ma mmoawa a wɔsɛe nnɔbae. Nea efi mu bae ne aburow a wɔafa kwan bi so anya a nkoekoemmoa a wotumi sɛe aburow biara ntumi no.
Nanso, afifide a wɔnam saa kwan yi so nya no ho wɔ asɛm. Wɔn a wɔsɔre tia saa kwan yi no ka sɛ ebetumi ama nkurɔfo anya yare na nnɔbae a wɔasakra mu yi betumi adan nwura a efuw yiye. Nyansahufo binom bɔ kɔkɔ sɛ afifide a awosu mu nkwaadɔm a ekum nkoekoemmoa wɔ mu no bɛma mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no aso ayɛ den ntɛmntɛm. Berti a ɔyɛ nkoekoemmoa ho nimdefo no bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn ani annye awosu mu nkwaadɔm a wɔhyehyɛ nya nnɔbae foforo ho dodo. Mokae sɛnea nkurɔfo ani gyei wɔ 1950 mfe no mu bere a wɔbɔ gyee nnuru a ekum nkoekoemmoa so sɛ adepa no? Ɛnnɛ yɛahu sɛ ɛnyɛ nokware. Nnuru a ekunkum nkoekoemmoa a ɛyɛ hu ama wɔabenya nkoekoemmoa nso a wɔn ho yɛ hu. Hena na onim ɔhaw a nnɛyi afifide foforo a wɔnam anwonwakwan so ma aba no de bɛba?”
Sɛ yebetumi adi abɔde mu haw ahorow nyinaa ho dwuma mpo a, ebinom te nka sɛ sɛnea nyansahufo sakra awosu mu nneɛma no nyɛ ne kwan so. Ebinom te nka sɛ ebetumi aba sɛ abɔde mu nimdeɛ betumi adi ɔhaw dedaw a ɛfa aduru a ekum mmoawa a wɔsɛe nnɔbae ho no ho dwuma de, nanso ɛbɛma yɛayeyɛ nneɛma foforo a ɛmfa kwan mu mmom.
[Kratafa 25 mfonini]
Tõnõnõõ biako betumi awe mmoawa a wɔsɛe nnɔbae no ɔhaha