Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Sɛnea Ɔhaw no Kɛse Te
RAPHUS CUCULLATUS ase atɔre. Nnomaa a wontumi ntu yi mu nea otwa to wui bɛyɛ 1680 wɔ Mauritius supɔw no so. Mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre seesei no pii wɔ nsupɔw so nso. Wɔ mfe 400 a atwam no, nnomaa 94 a wonim sɛ wɔn ase atɔre no mu 85 yɛ supɔw so nnomaa.
Mmoa a wɔwɔ nsasepɔn so nso ase reyɛ atɔre. Fa asebɔ a bere bi na wokyinkyin wɔ Russia no sɛ nhwɛso. Seesei Panthera tigris altaica a wɔte sɛ asebɔ no nkutoo na wɔaka wɔ Siberia, na wɔn dodow so ahuan akodu 180 kosi 200 pɛ. Wɔbɔ amanneɛ sɛ asebɔ a wɔwɔ China kesee fam no dodow yɛ 30 kosi 80 pɛ. The Times a ɛwɔ London bɔ amanneɛ sɛ, saa mmoa yi ase bɛtɔre wɔ Indochina “wɔ mfe du mu.” Saa ara na wɔ India, baabi a wiase nyinaa asebɔ abiɛsa biara mu abien wɔ no, aban mpanyimfo bu akontaa sɛ saa mmoa a wɔn ho yɛ fɛ yi ase betumi atɔre wɔ mfe du mu.
Bɛnkoro ne akankan so retew. Wɔ China no, Ailuropoda melanoleuca akɛse bɛyɛ sɛ du pɛ na wɔbom kyinkyin sɛ kuw. The Times kyerɛ sɛ, aberɛbeɛ ase reyɛ atɔre wɔ Wales, na aserɛben “ase betumi atɔre wɔ England ankasa ne Wales wɔ mfe du kosi 20 a edi hɔ mu.” Wɔ Atlantic a ɛwɔ United States no, asase kesee so nufuboa a wɔn ase reyɛ atɔre sen biara ne ampan.
Nea ɛrekɔ so wɔ wiase po ahorow mu nso haw adwene saa ara. The Atlas of Endangered Species ka ɛpo mu sudanna ho asɛm sɛ “ebetumi aba sɛ wɔne mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre sen biara” wɔ ɛpo mu mmoa mu. Ɛte sɛ nea mmoa a wotumi tra nsu mu ne asase kesee so no ase tumi fɛe yiye; nanso sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛ no, wɔn mu 89 na “wɔn ase reyɛ atɔre” wɔ mfe 25 a atwam no mu. Wiase nnomaa nyinaa mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 11 nso ase reyɛ atɔre.a
Na mmoa nketewa te sɛ afofantɔ nso ɛ? Tebea no te saa ara. Bɛboro Europa afofantɔ 400 no mu nkyem anan mu biako na wɔwɔ asiane mu—19 ase reyɛ atɔre ara ne sa. Britain afofantɔ kɛse a ne honam te sɛ akyekyere abona, Nymphalis polychloros, no ase tɔree te sɛ Raphus cucullatus wɔ 1993 mu.
Ɔhaw a Emu Reyɛ Den
Mmoa ahe na wɔn ase tɔre afe biara? Mmuae no gyina nimdefo ko a wubebisa no so. Ɛwom sɛ nyansahufo adwene nhyia wɔ ho de, nanso wɔn nyinaa gye tom sɛ mmoa pii ase reyɛ atɔre. Abɔde ntam abusuabɔ ho nimdefo Stuart Pimm ka sɛ: “Sɛnea yɛrehwere [mmoa] ntɛmntɛm ho haw no yɛ yɛn daakye ho asɛntitiriw a ɛsɛ sɛ yesusuw ho.” Ɔde ka ho sɛ: “Yɛatɔre mmoa ase ntɛmntɛm sen sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔ mfehaha pii a atwam no mu. Ɛno nti yenni daakye ho anidaso pa biara.”
Yɛn okyinnsoromma, Asase yi te sɛ ofie. Nnipa bi a wodwen mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre ho no sua abɔde ntam abusuabɔ ho ade, asɛm a wonya fii Hela asɛmfua oikos, “ofie,” mu wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei no. Saa adesua yi twe adwene si abɔde a nkwa wom ne nneɛma a atwa wɔn ho ahyia ntam abusuabɔ so. Nnipa ani begyee nneɛma so kora ho kɛse wɔ afeha a ɛto so 19 no mu, na akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma a ase retɔre ho amanneɛbɔ na ɛma wɔyɛɛ saa. Wɔ United States no, eyi ma wɔyeyɛɛ ɔman mmoa atrae de bɔɔ mmeae bi ho ban ma ɛyɛɛ guankɔbea maa mmoa. Seesei, wobu akontaa sɛ wuram mmoa atrae a wɔbɔ ho ban a wonim 8,000 na ɛwɔ wiase nyinaa. Mmeae 40,000 na ɛka ho a ɛboa ma wonya baabi tra, na ɛreyɛ ayɛ wiase nsase nyinaa mu ɔha mu nkyem 10.
Seesei nnipa pii a nsɛm haw wɔn atete akuw a wose ɛyɛ ahobammɔ akuw, sɛ́ ɛyɛ akuw a wɔnam so bɔ mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre ho kɔkɔ anaa akuw a wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛnea abɔde a nkwa wom dan wɔn ho wɔn ho no. Na efi bere a wɔyɛɛ 1992 Rio Asase Ho Nhyiam no, nniso ahorow ani aba nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm so kɛse.
Mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre ho nsɛm no yɛ wiase nyinaa haw, na ɛreyɛ kɛse. Na dɛn ntia? So mmɔden a wɔrebɔ seesei sɛ wobesiw mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre ano no ayɛ yiye? Na daakye de nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na wo ho wom? Nsɛm a edidi so no ma ɛho mmuae.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔkyerɛ mmoa a wɔn ase atɔre ase sɛ nea wonhuu bi wɔ wuram wɔ mfe 50 mu, ɛna wɔn a wɔn ase reyɛ atɔre nso ne wɔn a sɛ wɔanyɛ wɔn mprempren tebea ho nsakrae biara a wɔn ase betumi atɔre no.