Onipa Retɔre Abɔde Ase
“Ɛnnɛ, nnipa na ɛsɛ sɛ wɔde mmoa a wɔn ase retɔre kɛse no ho asodi to wɔn so.”—JANE GOODALL, ABƆDE BAMMƆFO.
ASASE so abɔde a nkwa wom kɔ so wo, na wɔdan wɔn ho wɔn ho. Adesamma yɛ abusua titiriw yi fã. Abɔde a nkwa wom so na yɛnam nya nnuan ne nnuru, mframa pa a yɛhome ne nneɛma a ehia ma yɛn nipadua no. Da biara da no, asase so nnipa de abɔde foforo a nkwa wom bɛboro 40,000 di dwuma. Asase so abɔde nyinaa dan wɔn ho wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so.
Nanso, animdefo pii a wɔyɛ abɔde a wɔdan wɔn ho wɔn ho mu nhwehwɛmu no te nka sɛ nnipa resɛe abɔde no! Ebia woate sɛ bɛnkoro, asebɔ, kankane, ne abonsu ase reyɛ atɔre. Nyansahufo bi kyerɛ sɛ afifide ne mmoa nyinaa mu ɔha mu 50 na wɔn ase betumi atɔre afi asase so wɔ mfe 75 mu. Nhwehwɛmufo suro sɛ mmoa no bi ase betumi atɔre mpɛn 10,000 asen nea nyansahufo susuw sɛ ɛno ne ɔkwan ankasa a anka ɛsɛ sɛ wɔn ase fa so tɔre no. Onimdefo bi bu akontaa sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mmoa bi wu simma10 kosi 20 biara.
Nyansahufo gye di sɛ mmere bi a atwam no, na abɔde mu asiane titiriw na ɛma mmoa ase tɔre. Nanso mprempren de wɔka sɛ, biribi soronko koraa na ɛde ɔhaw titiriw yi aba. Ɛda adi sɛ, onipa dwumadi na ɛretɔre mmoa ase nnɛ. Nyansahufo bi kaa nnipa ho asɛm sɛ “abɔde a ɛtɔre abɔde afoforo ase.”
So nnipa dwumadi na ɛretɔre mmoa ahorow ase ankasa? Sɛ saa a, ɔkwan bɛn so? So yebetumi akɔ so atra ase bere a asase so abɔde a nkwa wom yi nka yɛn ho? So wɔreyɛ biribi de asiw ade a nnipa pii susuw sɛ ɛretɔre abɔde a nkwa wom ase no ano?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]
WHO
NOAA