Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 10/8 kr. 31
  • Ɛnde Dɛn Nti Na Wode Wo Ho Hyem?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnde Dɛn Nti Na Wode Wo Ho Hyem?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Nkurɔfo Nom Sigaret, Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Wɔnom
    Nyan!—1986
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Sigaretnom?
    Nyan!—2000
  • Tawa Akyigyinafo De Anoyi a Hwee Ntua Mu Ma
    Nyan!—1995
  • Nea Enti A Sigaretnom Abu So Saa
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 10/8 kr. 31

Ɛnde Dɛn Nti Na Wode Wo Ho Hyem?

“Sɛ obi a m’ankasa nom sigaret no, mintumi nnye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛyɛ agyimisɛm sɛ obi de ne ho bɛhyɛ ne yɛ mu no ho akyinnye. Mprempren obiara a n’adwenem da hɔ kakra no nim sɛ sigaretnom nnye mma akwahosan. Ɛyɛ suban fĩ pɔtɔɔ a ɛsɛe sika. . . . Wɔ sigaretnomfo fam no, nea ahyɛ wɔn asetram ma ne ade a wɔde sigaret nsõ gu mu a emu ayɛ fĩ, nicotine nkekae, ɔhyehyew ne adehoro ho ka kɛse a wɔbɔ​—esiane wusiw hua a egyina ntade mu no nti.”​—Diane Francis, Maclean’s nsɛmma nhoma, Canada.

Wɔn a wɔnom sigaret betumi ahwɛ kwan sɛ wɔrentra nkwa mu nkyɛ te sɛ wɔn a wɔnnom no: sɛ nhwɛso no, obi a wadi mfe 25 a ɔnom pakɛt 2 da biara no nkwa nna bɛyɛ tiaa mfe 8.3 asen nea ɔnnom bi. Tumi a honam mu akisikuru betumi akunkum wɔn a wɔnom sigaret no yɛ mprɛnsa sen wɔn a wɔnnom.”​—The Columbia University College of Physicians and Surgeons Complete Home Medical Guide.

“Afe biara sigaret kunkum Amerikafo pii sen dodow a wokunkum wɔn wɔ Wiase Nyinaa Ko I, Korea Ko ne Vietnam Ko no mu a wɔaka abom; aka kakra na adu wɔn mu dodow a wokunkum wɔn wɔ akõno wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu no. Afe biara sigaretnom kunkum Amerikafo pii sen wɔn a wowuwu wɔ kar akwanhyia mu no dodow mmɔho anum. Ahrawa mu akisikuru nkutoo kunkum pii te sɛ wɔn a wowuwu wɔ akwanhyia mu no. Sigaret adwuma no retɔn akode a edi awu.” (Mmarahyɛ baguani Robert F. Kennedy, Sigaretnom Ne Akwahosan Ho Wiase Nyinaa Nhyiam a Edi Kan, September 11, 1967)​—The Cigarette Underworld, a ne samufo ne Alan Blum, M.D.

“Tawa kum nnipa bɛyɛ ɔpepem abien ne fã afe biara wɔ wiase nyinaa. Ɛno ne ade biako pɛ a ɛso sen biara a ɛde owu ba a wobetumi asiw ano wɔ wiase no mu nnɛ. . . . Ɛmfa ho sɛ ɔkwan bɛn so na wɔbɛnom no, ɛyɛ su a asiane wom, ɛsɛe sika na ebetumi ayɛ nea ɛyɛ den ama obi sɛ obegyae.”​—Oduruyɛfo Judith Mackay, Hong Kong Council on Smoking and Health panyin a wɔfaa ne nsɛm kae wɔ World Health nsɛmma nhoma mu.

“Sɛ nsa a bere bi a atwam no ɛmaa me aduan no ne tawa adwuma no a, ɛnde nsa koro no ara rekunkum nnipa ɔpepem pii na ɛbɛkɔ so akunkum ɔpepem pii aka ho gye sɛ nnipa hu sigaret mu asiane no. . . . Mepɛ sɛ nnipa hu bɔre a ɛwɔ sigaret mu no.”​—Patrick Reynolds, Reynolds Tobacco Company no wura banana.

Ɛnde dɛn nti na mmarima, mmea ne mmofra ɔpepem pii nom tawa? Ebinom fam no, mmuae no yɛ atipɛnfo nhyɛso, ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho sɛ nnipa a wɔn ani abue. Nanso ebinom fam no mmuae no yɛ tumi a wontumi nnyae a ɛhyɛ wɔn. Aduruyɛ nhoma bi kae sɛ: “Ade titiriw nti a nnipa pii nom sigaret ne sɛ wontumi ntwe wɔn ho mfi aduru bi a ano yɛ den a ɛwɔ tawa mu no ho​—nicotine.”

Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔnom sigaret agyae? Ɛdenam ɔpɛ a emu yɛ den a obenya no so, ɔpɛ a emu yɛ den sen nicotine ho akɔnnɔ a nipadua no wɔ no. Wɔ onipa a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛtra ase ma ɛne Kristofo gyinapɛn ahyia fam no, ɛbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ onya ɔdɔ a ɛboro honam no pɛsɛmenkominya akɔnnɔ no so ma Onyankopɔn ne ne mfɛfo.​—Mateo 22:37-40; 1 Korintofo 13:5, 7, 8.

Aduruyɛ nhoma a yɛafa mu asɛm aka dedaw no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ sigaretnomfo a wɔpɛ sɛ wogyae no kae sɛnea ɛyɛ den sɛ obi bɛtwe ne ho afi nicotine ho no na wɔyɛ krado sɛ wobegyina sɛnkyerɛnne a efi ne gyae mu ba no ano. Ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ, ne gyae ho sɛnkyerɛnne no ntra hɔ daa, ɛwom sɛ emu yɛ den de, nanso empira. Obiara a ɔnom sigaret, ɛmfa ho sɛ nea ɔde ne nom ayɛ ne su no betumi agyae sigaretnom.”​—The Columbia University College of Physicians and Surgeons Complete Home Medical Guide.

Sɛ wohwehwɛ mmoa a ebetumi ama woanya ɔpɛ a ehia na woagyae sigaretnom a, yɛsrɛ wo wubetumi ahu Yehowa Adansefo wɔ wɔn Ahenni Asa a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ no so anaasɛ fa wɔn a wotintimii no address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi mu no di dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena