Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 3/8 kr. 17-19
  • Basabasayɛ Asetra A Midii So Nkonim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Basabasayɛ Asetra A Midii So Nkonim
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Meyɛ Basabasa Kɛse wɔ Bere a Woyii me Akyi
  • Basabasayɛ no Nya Nkɔanim
  • Ɔkwan a Eye Koraa
  • Asetra Kwan Foforo
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Me Mmofraase Haw Nyinaa Akyi No, Manya Ahotɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Me Koma Bɔne No A Midii So
    Nyan!—1982
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 3/8 kr. 17-19

Basabasayɛ Asetra A Midii So Nkonim

ME NE m’adamfo no tuu mmirika denneennen sɛnea yebetumi, na bere a yeduu asubɔnten a ɛbɛn me kurom no ano no, yɛtotɔɔ mu. Bere a yɛbaa soro no yɛguaree denneennen kɔɔ n’agya.

So na eyi yɛ mmofraase agoru bi? Dabida! Na ɛyɛ owu ne nkwa asɛm. Bere a mehwɛɛ m’akyi no, mihuu sɛ polisifo kurakura wɔn akode a wɔde akyerɛ yɛn so. Medɔɔ asukɔ na aboba no anka me na mekɔɔ so guare kɔɔ asuogya. Wɔ nsu no ase mpo no na mete otuo no nnyigyei.

Sɛ yetumi twa nsu no a na yɛatumi aguan afi afiase a na wɔde yɛn agu esiane korɔnbɔ ne kar a yewiae nti no.

Na eyi yɛ mpɛn pii a polisifo ahwehwɛ anaa wɔataa me ankasa wɔ nsɛmmɔnedi bi ho no mu biako pɛ. Ɛwom sɛ saa bere no na madi mfe 17 pɛ de, nanso na me ho kyerɛwtohɔ wɔ atumfo no hɔ sɛ wɔakyere me mpɛn pii. Awiei koraa no, wɔkyeree me ne m’adamfo no na wɔsan de yɛn kɔɔ afiase, saa bere yi de mfe abien ne fã.

Wɔ afiase mpo no na meyɛ basabasa. Esiane sɛ na metaa ne me mfɛfo nneduafo no ko nti, wɔma mehyɛɛ atade fitaa. Eyi maa afiase ahwɛfo no ani baa me ne afoforo a yɛyɛ basabasa no so titiriw.

Meyɛ Basabasa Kɛse wɔ Bere a Woyii me Akyi

Woyii me fii afiase, nanso na mensakrae koraa ɛ. Nokwarem no, meyɛɛ basabasa sen kan no. Ntɛm ara meyɛɛ me ho mmorɔn ahorow sodifo. Na obiara a ɔne me bedi asi no hu sɛ wahyia ɔkofo a ɔpɛ ntɔkwaw.

Bere bi mmerantewa kuw bi hyɛɛ me abufuw. Mituaa wɔn, pirapiraa wɔn mu pii ansa na polisifo repata ɔko no, ɛwom sɛ dapɛn a etwaam no nkutoo na me nsa nifa mu bui wɔ ɔko bi mu de.

Bere foforo mu nɔ, me ne me nnamfo baanu ne mmarima kuw bi a wofi kurow bi a ɛwɔ yɛn mpɔtam hɔ mu de sii ani. Wɔn kannifo no fi behyiaa me a okura dade poma. Migye fii ne nsam, nanso ofii me nsa guanee. Na ɔkwan biako pɛ a mɛfa so anya no ne no ako ne sɛ mede dade poma no bɛsan ama no, na meyɛɛ saa. Ɔsan bae na migye fii ne nsam bio, a saa bere yi de mamma wannya ɔkwan anguan na mehwee no.

Da koro anadwo a mepɛ sɛ “migye m’ani” no, mikogyinaa Harlem, New York, borɔn bi tweaa so na mefrɛe sɛ obiara a ɔpɛ mmra na yɛnko. Nnipa pii penee so ma yɛkoe mpɛn pii. Nea efii mu bae ne sɛ edin a migyei sɛ basabasayɛfo a ne ho yɛ hu no yɛɛ kɛse. Wɔ ɔko ahorow yi mu no, wɔde ntoa, lɔre tae ho nneɛma, ne nnua bobɔɔ me, na wɔde asekan ne akode afoforo tow hyɛɛ me so. Nanso eyi mu biara amma mannyae me basabasayɛ no.

Basabasayɛ no Nya Nkɔanim

Ankyɛ na mihui sɛ sika pii wɔ nnubɔnetɔn mu. Esiane sɛ na mede nnubɔne di dwuma nti, na minim wɔn a wɔyɛ ho adwuma no. Bere tiaa mu no, minyaa nnipa a wɔtɔn nnubɔne ma me na ɛmaa me basabasayɛ no nyaa nkɔanim.

Bere bi yɛkɔɔ nnubɔnetɔnfo bi so sɛ yɛrekowia ne nnubɔne no. Yɛde otuo ne sekan kɔɔ ne fie hɔ na yɛkyeree mmarima baasa ne ɔbea biako, hwehwɛɛ nnubɔne no wɔ fie hɔ nyinaa.

Bere foforo nso me ne m’adamfo faa atuo na yɛhyehyɛ nkatanim sɛ yɛrekowia osikani bi na yɛanya sika atɔ nnubɔne. Yɛtetɛw no wɔ ne fie hɔ nanso wampue, nti yɛkɔe. Akyinnye biara nni ho sɛ opuei a, anka yɛyɛɛ nea yɛhwehwɛ no.

Enti bere a na madi mfe 20 pɛ no, na mede me ho ahyɛ basabasayɛ, nnubɔne, ne nsɛmmɔnedi a anibere wom mu yiye. Na daakye a eye a metumi anya ne afiasenna—na minni anigye koraa.

Na metaa susuw ho sɛ hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ nea eye ne nea ennye. Mekae sɛ ɛyɛ obiara a ɔwɔ tumi kɛse wɔ nnipa mu. Mekae nso sɛ esiane sɛ na nnipa na wɔkyerɛ nea eye ne nea ennye, na minni obu ma ɔdesani tumi biara nti, na mewɔ hokwan te sɛ obiara sɛ mesi nneɛma a ɛte saa ho gyinae ama me ho. Nanso na ɛrenkyɛ na manya mmuae a eye koraa.

Ɔkwan a Eye Koraa

Na me nuabea a ɔwaree me nnamfo a me ne wɔn kɔɔ afiase no mu biako no apene so sɛ ɔne Yehowa Adansefo besua Bible no. Ɔkaa nneɛma a na ɔresua wɔ Bible no mu no ho asɛm kyerɛɛ obiara wɔ yɛn abusua no mu—gye me nko. Na m’abusuafo ka kyerɛ me sɛ menkwati me nuabea no. Dɛn ntia? Wɔkae sɛ efisɛ na nea ɔka nyinaa fa saa “nyamesom bɔdamfo” no ho.

Na mepɛ sɛ me hwehwɛ mu. Dɛn koraa na ɔka a ɛhyɛ nnipa abufuw saa no? Na mepɛ sɛ mihu, nanso me nuabea no anka ho hwee ankyerɛ me. Dɛn ntia? Na osusuw sɛ minnye koraa ma enti merentie biribiara a ɛfa Bible ho.

Nanso da koro anwummere m’ankasa mekɔɔ ne fie sɛ mekodidi. Na me ne me nuabea no ne ne kunu no te hɔ redidi, na mekae sɛ: “Monka nyamesom foforo yi ho asɛm nkyerɛ me.” Wɔyɛɛ saa—nnɔnhwerew asia! Na ntease wom ma me araa ma n’adekyee anwummere no mesan kotiee bio.

Wɔ nsrahwɛ a ɛto so abien yi akyi no, mihui sɛ manya biribi a mede bɛyɛ m’asetra, asetram atirimpɔw ankasa. Ntɛm ara na mifii ase kɔɔ nhyiam ahorow wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so na afei mekaa nea meresua no kyerɛɛ me nnamfo.

Bere tiaa bi mu de, manyɛ nsakrae biara wɔ m’asetra kwan no mu. Nanso mekɔɔ so suaa ade na misuaa nea Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ sɛ meyɛ, na mebɔɔ mmɔden sɛ meremma Ahenni Asa so nhyiam, faako a wɔbɔ Bible no ho nkɔmmɔ no mpa me ti so. Saa kwan yi so no, minyaa honhom mu ahoɔden a mede bɛsakra m’abrabɔ nkakrankakra.

Nea edi kan no, migyaee nnubɔne tɔn. Eyi maa wɔn a anka me ne wɔn bɔ kan no mu bi bo fuwii, nanso na me basabasayɛ su no da so ara wɔ hɔ ma enti asiane biara anto me. Ɛno akyi no, migyaee nnubɔnenom ne ɔbrabɔne a mede ayɛ asetra kwan no. Ade a edi akyiri a mitumi dii so nkonim ne tawanom a na aka me hɔ no. Wɔ asram awotwe mu no na manya nkɔanim akodu sɛ mafata sɛ wɔbɔ me asu, na wɔbɔɔ me asu wɔ 1970 mu.

Awiei koraa no, na manya m’asemmisa a ɛne sɛ hena na ɛsɛ sɛ osi nea eye ne nea ennye ho gyinae no ho mmuae a edi mũ. Mmuae no ne sɛ: Yehowa, yɛn Nkwa-Mafo no na saa hokwan no yɛ ne de, na ɔwɔ hokwan nso sɛ ɔhwɛ kwan sɛ n’abɔde ahorow no bɛtra ase ma ɛne no ahyia.

Metaa susuw sɛnea nhwɛso a ɛwɔ Yesaia 65:25 no fa me ho wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no ho. Saa nkɔmhyɛ no ka bere bi a ɛbɛba a gyata basabasayɛ su no bɛsakra ayɛ asomdwoe araa ma ɔbɛwe wura te sɛ nantwi. Metee nka sɛ wɔ saa kwan no ara so no, masakra afi onipa a ɔyɛ basabasa pii ho abɛyɛ asomdwoe nipa a ɔpɛ asomdwoe wɔ asetra mu.

Nanso na mewɔ dimmɔne a na ɛsɛ sɛ meyɛ ma efi hɔ. Sɛ nhwɛso no, na mekɔ nkurɔfo nkyɛn daa wɔ wɔn apon ano ne wɔn kɔbɔ Bible mu nkɔmmɔ. Wɔ ɔpon bi ano no, aberantewa bi a ohyiaa me na ohuu nipa ko a meyɛ no bɔɔ hu, susuwii sɛ merebɛyɛ no bɔne. Mekyerɛkyerɛɛ no m’asomdwoe nkrasɛm a efi Bible mu no mu ntɛm ara, na migyaw no a ne ho adwiriw no nanso ne koma atɔ ne yam.

M’asubɔ akyi bere tiaa bi no, mewaree Yehowa Adansefo mu biako. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ wɔ 1974 mu no, me yere no sii gyinae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde bio. Ɔde ade abien sii m’anim: sɛ megyae me som no anaasɛ ɔno begyaa me na wafa yɛn mma nketewaa baanu no. Na ɛno ne bere a emu yɛ den sen biara wɔ m’asetram. Nanso na merentumi nnyae ɔsom a mede ma Onyankopɔn no, na mekɔɔ so yɛɛ n’apɛde.

Asetra Kwan Foforo

Nanso, Yehowa maa minyaa nokware a mekɔɔ so dii no no so akatua. Wɔ 1977 mu no, mihyiaa Ɔdansefo bi a ne ho yɛ anigye, na yɛwaree. Na ɔwɔ ɔba barima a wadi mfe anum. Ankyɛ na me ne me yere de yɛn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu de yɛn ho sii hɔ de kyerɛkyerɛɛ afoforo Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho ade. Bere a yɛn babarima no nyinii no, ɔno nso de ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Mprempren ɔboa wɔ dwumadi ahorow bi mu wɔ yɛn asafo no mu.

Efi saa bere no me ne me yere anya hokwan akɔ wiase no mmeae horow akɔyɛ ɔdansi adwuma sɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama. Eyi yɛ baa dwumadibea ahorow a ɛboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa ntetee adwuma no a yɛboa ne si.

Sɛ yɛwɔ yɛn kurom a, yɛyɛ adwuma wɔ yɛn mpɔtam hɔ, boa afoforo ma wosua Bible no na yɛboa Ahenni Asa afoforo si. Afei nso meka United States kesee fam Ɔmantam Ɔdansi Adwuma Boayikuw no ho. Na me kan yɔnko daduani—m’akonta no—ne me som sɛ mpanyimfo wɔ Yehowa Adansefo asafo biako mu.

Meda Yehowa ase sɛ ɔboaa me ma midii m’asetra so na ɔkyerɛɛ me ɔkwan foforo koraa a menfa so. Bere a mema ɔkyerɛ me nea eye ne nea ennye no, m’asetra kɔ so yɛ yiye bere nyinaa.—Wɔkyerɛw mae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena