Mmusua—Monyɛ Biako Ansa Na Aka Akyi Dodo
“Abusua ne nnipa nhyehyɛe a akyɛ sen biara. Akwan horow pii so no ɛho hia sen biara. Ɛne ɔman biara nnyinaso titiriw. Anibuei horow agyina anaasɛ ayera, esiane sɛ ebia na abusua asetra no mu yɛ den anaasɛ emu nyɛ den nti.”—The World Book Encyclopedia(1973 De).
ABUSUA no yɛ akatawia a ɛbɔ mmofra ho ban. Ɛnnɛ wɔ mmeae pii no, saa akatawia no mu atutu ntokuru; wɔ mmeae afoforo bi nso no, ɛbom biako. Wɔtaa de abusua asetra to nkyɛn sɛ nea ne bere atwam. TV so agoru taa yɛ agyanom ho mfo nini sɛ wɔn a wonnim hwee, ɛnanom sɛ wɔn a wɔn ani atew kakra, na mmofra mmom sɛ wɔn a wɔn ani atew yiye.
Awarefo a wɔtwe mpena abu so. Wɔ aman binom a wɔyɛ mfiri nnwuma akɛse wom so no, aware a edi kan abien biara mu biako gu. Bere a awaregu redɔɔso pii no, na awofo a wonni ahokafo mmusua reyɛ bebree. Nea ɛreyɛ pii nso ne mpenaware. Mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da hwehwɛ sɛ wɔde nidi ba wɔn abusuabɔ no mu denam aware mu ntanka so. Ɔbarima ne ɔbea nna, nea ɛyɛ ne kwan so ne nea ɛnyɛ ne kwan so de ne ade titiriw wɔ sini ne video so dwumadi ahorow mu. Sukuu ahorow bu abrabɔ pa sɛ nea ɛho nhia na wɔkyekyɛ kɔndɔm na aguamammɔ ayɛ nea asiane nnim—nanso ɛnyɛ saa. Nyarewa a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu ne mmeawa a wonnii mfe aduonu a wonyinsɛn reyɛ pii. Nkokoaa na wohu ho amane—sɛ wɔwo wɔn mpo a. Mfitiase abusua asetra a asɛe no mu no, mmofra titiriw na wɔhwere ade.
Mfe bi a atwam mu no, Alexis Carrel a onyaa Nobel akyɛde no bi no de kɔkɔbɔ mae wɔ ne nhoma Man, the Unknown no mu sɛ: “Nnɛɛmmafo adi mfomso kɛse sɛ wɔde sukuu asi abusua mu ntetee anan mu. Ɛnanom tew wɔn mma de wɔn kɔ mmotafowa sukuu [ɛno akyi bere tiaa no wɔde wɔn kɔ deenɛsre ne mmeae a wɔhwɛ wɔn ansa na wɔaso sukuukɔ] nea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ wɔn nnwuma, adi wɔn asetram botae horow ho dwuma, de wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu anigyede akyidi mu, ahwehwɛ wɔn akenkan anaa adwinni mu anigye, anaasɛ wɔadi agoru ara kwa, akɔhwɛ sini na wɔasɛe bere. Enti wɔn na wɔasɛe abusua a anka emu no abofra tumi bɛn mpanyimfo na osua nneɛma pii fi wɔn nkyɛn no. . . . Nea ɛbɛyɛ na onipa no anya ahoɔden a edi mũ no, ohia sɛ ɔde ne ho kakra na onya kuw a ɛne abusua no mmoa.”—Kratafa 176.
Nnansa yi ara, Steve Allen a oyi akɛnnɛn no kaa kasafĩ ne aguamammɔ a TV de atua abusua no ho asɛm sɛ: “Sɛnea abu so no de yɛn nyinaa rekɔ animguase mu. Ɛnyɛ TV nnwuma so ahwɛfo a wɔma biribiara ho kwan no nko na wɔhyɛ kasa a awofo bara wɔn mmasɛ wɔnnka no ho nkuran, na mmom TV nnwuma akɛse a anka wɔwɔ gyinapɛn a ɛkorɔn no nso ma ho kwan. Dwumadi ahorow a mmofra ne afoforo ka kasafĩ wom no kyerɛ sɛnea Amerikafo abusua asɛe no.”
Dɛn na nnipa de regyaw wɔn mma mprempren? Kenkan atesɛm nkrataa, hwɛ TV, hyɛ video ahorow nsow, tie amanneɛbɔ nsɛm, tie nnwom, hwɛ mpanyimfo nhwɛso ahorow a atwa wo ho ahyia no. Mmofra redi adwene ne nkate mu aduammɔne. Sir Keith Joseph a anka ɔyɛ Britania nhomasua ho ɔkyerɛwfo no kae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wobɔ ɔman bi a, sɛe ne sika.” Na ɔde kaa ho sɛ: “Ɔkwan a wobɛfa so asɛe abusua no ne sɛ wobɛsɛe emu mmofra.” Sɛnea Webster’s kyerɛ no, “Sɛ wobɛsɛe obi” no kyerɛ “sɛ wobɛma n’adwene afi abrabɔ pa so.” Wɔreyɛ eyi nnɛ nea ɛyɛ den. Wɔka mmofra asoɔden ho nsɛm pii; ebia ɛsɛ sɛ wɔka pii nso fa mpanyimfo asoɔden ho.
Ɛbɛsan Abɛhaw Yɛn
Geneva B. Johnson, Family Service America guamtrani ne ɔpanyin no kae wɔ kasa bi a ɔmae afe a etwaa mu no mfiase no mu sɛ: “Abusua no yare ankasa, ebia ɛyɛ owuyare.” Ɔfrɛɛ no “yɛn mma no mu pii daakye a ɛyɛ hu” na afei ɔde kɔkɔbɔ a ɛyɛ hu mae sɛ: “Ɔman no pɛ mu a efi brɛ yɛn mma no mu pii a wɔnte afi pa mu, nni nnuan pa, nnya ayaresa pa na wonni nhomasua mu ntetee pa no ase sɛ wɔn a wɔn so nni mfaso no bɛsan abɛhaw yɛn.” Ɛrehaw yɛn dedaw. Wubetumi akenkan ho asɛm wɔ atesɛm nkrataa mu, atie wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu, na woahwɛ wɔ wo TV so. Ɛho nhwɛso kakraa bi ni:
Judonne twe tuo na ɔtow Jermaine mprɛnsa wɔ ne kokom. Jermaine awu; na wadi mfe 15. Judonne adi mfe 14. Na anka wɔyɛ nnamfo paa. Na wɔham wɔ abeawa bi ho.
Nnipa ɔha hyia wɔ Michael Hilliard a odii mfe 16 no ayi ase. Wɔtow n’atiko tuo bere a na ɔrefi baskɛtbɔɔl agumadi bi a akasakasa asi wɔ hɔ ase no.
Wɔ Brooklyn, New York no, mmofra baasa a wonnii mfe aduonu hyew awarefo bi a wonni fie te mu. Bere a aduru bi a ɛte sɛ mpahyewa anyɛ yiye no, wɔde petroo dii dwuma. Ɛhyew wɔn.
Wɔ Florida no, abofra bi a wadi mfe anum sum akokoaa bi fii aban a ɛto so anum atrapoe so ma owui.
Wɔ Texas no, abofra bi a wadi mfe du bɔɔ ne yɔnko a ɔne no di agoru tuo kum no na ɔde no hyɛɛ ofi no ase.
Wɔ Georgia no, abarimaa bi a wadi mfe 15 wɔɔ ne kyerɛkyerɛfo panyin sekan bere a ɔretwe n’aso no.
Wɔ New York City no, mmofra bi a aka kakraa na wɔn mu bi adi mfe 20 na wɔn mu bi wɔ wɔn mfe 20 mfe no mu a wokurakura nnua, nnade, nkuma ne asekan sii kurom “kɔyɛɛ basabasa” wɔ baabi a ɛbɛn beae bi a wɔn a wonni afi dedae, wopirapiraa nnipa pii, na wotwaa obiako mene. Dɛn ntia? Nhwehwɛmufo biako kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na wɔde wɔn a wonni afi a wɔkɔto hyɛɛ wɔn so no gye wɔn ani.”
Wɔ Detroit, Michigan no, abarimaa bi a wadi mfe 11 ne nea wadi mfe 15 too abeawa a wadi mfe 2 mmonnae. Wɔka sɛ wogyaw abeawa no too ade a wɔtow wura gu mu bi mu.
Wɔ Cleveland, Ohio no, mmarimaa baanan a wɔadi fi mfe asia kosi akron too abeawa bi a wadi mfe akron a ɔwɔ mfitiase sukuu mmonnae. Brent Larkin kyerɛw wɔ Cleveland Plain Dealer mu kaa ho asɛm sɛ: “Ɛka nea ɛrekɔ so wɔ yɛn man yi mu no ho asɛm pii, sɛ yɛn abrabɔ gyinapɛn nhyehyɛe ahorow no asɛe koraa.”
Ɔbenfo Leslie Fisher a ɔyɛ adwene ne nneyɛe mu hwehwɛ ho ɔbenfo wɔ Cleveland State Sukuupɔn mu no ka sɛ efi TV. Ɔfrɛɛ no “ɔbarima ne ɔbea nna afiri kɛse,” na “mmofra a wɔadi mfe 8 ne 9 hwɛ saa nneɛma yi.” Ɔde Amerika abusua a asɛe no hyɛɛ awofo nso: “Mama ne dada dwen wɔn ankasa nsɛnnennen ho dodo enti wonnya bere nhwɛ wɔn mma.”
Wɔde Wura Sesa Wura
Nneɛma pii a ɛkɔ so wɔ nnipa mu, titiriw atesɛm ho amanneɛbɔ, nnwontofo ne adwuma a edi anigyede ho dwuma no mu—nneɛma a sɛ wɔkanyan ho anigye pii wɔ adesamma mu a na wonya mu mfaso—aguamammɔ ne basabasayɛ ne ɔporɔw na ɛno nti ama mmofra ne abusua no asɛe pii saa no. Enti ɛte sɛ nea ɛbɛ no se: Wugu porɔwee a, wutwa porɔwee. Wɔde wura sesa wura. Nkokɔ no reba ne abɛda—na fieba no yɛ hu.
So nnipa rewo mmofra awo ntoatoaso a wonni ahonim? Asemmisa yi sɔree wɔ New York’s Central Park hɔ “basabasayɛ” no a mmofra a wonnii mfe aduonu kuw hwee ɔbea bi a wadi mfe 28 too no mmonnae ma wogyaw no hɔ sɛ onwu mu no akyi. Polisifo ka sɛ “na wɔn ani nwu na wonni ahonu,” na bere a wɔkyeree wɔn no “wodii fɛw na wɔbɔɔ nkɔmmɔ na wɔtoo nnwom.” Wɔkyerɛe sɛ nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ: “Na yɛde gye yɛn ani,” “Na yennya hwee nnyɛ,” “Na ɛyɛ anigye ankasa.” Time nsɛmma nhoma frɛɛ wɔn “nnipa a wɔadi dɛm wɔ adwenem” wɔn a “wɔahwere, adwene mu akwaa a yɛfrɛ no ahonim, ebia wonnyaa ebi mpo da.”
U.S.News & World Report hyɛɛ nyansa sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔman yi yɛ biribi na akwati mmofra awo ntoatoaso foforo a wonni ahonim.” Ɔbenfo Ken Magid, adwene ne nneyɛe mu hwehwɛfo a wagye din ne Carole McKelvey si asiane koro no ara so dua wɔ nhoma a agye din High Risk: Children Without a Conscience no mu. Nsɛm a asisi pɛn ne adanse ahorow efi adwene ne nneyɛe mu hwehwɛfo ne adwenemyare adwumayɛfo pii hɔ si Magid asɛm yi so dua yiye: Nea ɛde ba titiriw ne ɔwofo ne akokoaa ntam abusuabɔ a emu nyɛ den fi awoe ne bere a akokoaa no sua nyansa no mu mfe a edi ɛno akyi no mu.
Nokwarem no, ɛsɛ sɛ mmusua yɛ biako wɔ saa mfe a nkokoaa no de sua nyansa no mu ansa na aka akyi dodo!