Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 5/8 kr. 8-11
  • Yɛn Mma Ho Ban a Yɛbɛbɔ Afi Basabasayɛ Akuw Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Mma Ho Ban a Yɛbɛbɔ Afi Basabasayɛ Akuw Ho
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahwɛyiye a Yɛbɛyɛ
  • Ɛne Wo Mma Mmɔ
  • Nea Yɛn Mma Hia Ankasa
  • Nea Wohia a Yɛde Bɛma Wɔn
  • Nea Ɛsɛ sɛ Yehu Wɔ Basabasayɛ Akuw Ho
    Nyan!—1998
  • Mɛyɛ Dɛn Abɔ Me Ho Ban Wɔ Basabasayɛfo Akuw Ntua Ho?
    Nyan!—1991
  • Ɔhaw no Trɛw
    Nyan!—1998
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 5/8 kr. 8-11

Yɛn Mma Ho Ban a Yɛbɛbɔ Afi Basabasayɛ Akuw Ho

“Mmofra hia nnipa a wodwen wɔn ho.”—Not My Kid—Gang Prevention for Parents (Ɛnyɛ Me Ba—Sɛnea Awofo Bɛbɔ Wɔn Mma Ho Ban Afi Basabasayɛ Kuw Ho).

YƐN mma ka yɛn agyapade ahorow a ɛsen biara a edi yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ akyi no ho. Ɛsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ, tie wɔn, yɛ wɔn atuu, na yɛhwɛ hu sɛ wonim sɛ wɔn ho hia yɛn kɛse. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn nneɛma pa—sɛnea wobedi nokware na wɔaboa afoforo, sɛnea ɛsɛ sɛ wogye wɔn ani, ne sɛnea ɛsɛ sɛ woyi ayamye adi kyerɛ afoforo.

Mmofra bɔne sukuu so panyin bi kaa ɔhaw kɛse bi a ɛwɔ hɔ nnɛ ho asɛm sɛ: “Wɔnkyerɛkyerɛ asetra mu gyinapɛn ho ade wɔ abusua mu.” Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si eyi so na yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛpɛ sɛ yɛn mma bɔ wɔn bra, na yɛma wohu anigye a eyi ma yenya wɔ yɛn asetra mu. Sɛ yɛankyerɛkyerɛ wɔn asetra mu gyinapɛn ahorow a ɛfata a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ kwan sɛ wobedi gyinapɛn ahorow a ɛte saa akyi?

Today, atesɛm krataa bi a wotintim ma Amerika sukuu akyerɛkyerɛfo kae sɛ, mmofra a “wobu wɔn ho sɛ nnipa a wɔadi huammɔ” a “wɔrehwehwɛ ahobammɔ, abusuabɔ pa, ne nidi” no na wɔn ani taa gye basabasayɛ akuw ho. Sɛ yɛma yɛn mma nsa ka saa nneɛma yi wɔ fie—wonya ahobammɔ na wɔte nka sɛ wodi yiye wɔ abusua ne wɔn ankasa asetra mu—paa a, basabasayɛ kuw bi atoro bɔhyɛ ahorow ntumi ntwetwe wɔn.

California polisifo a wɔko tia basabasayɛ no panyin ka sɛnea awofo ho dwiriw wɔn bere a polisifo bɔ wɔn apon mu ka kyerɛ wɔn sɛ wɔn ba anya amane no ho asɛm. Ɛyɛ a wonnye nni sɛ obi a wosusuw sɛ wonim no yiye no betumi ayɛ biribi bɔne. Nanso wɔn ba no anya nnamfo foforo, na wasesa. Hu na na awofo no nhui.

Ahwɛyiye a Yɛbɛyɛ

Nkurɔfo a wɔte mmeae a basabasayɛ akuw wɔ ka sɛ ɛsɛ sɛ mmofra ne mpanyin nyinaa de atɛmpa di dwuma na wɔne basabasayɛfo anni asi anaasɛ wɔanhunahuna wɔn. Twe wo ho fi basabasayɛ akuw a emufo dɔɔso ho, na nsuasua sɛnea wɔte anaa sɛnea wɔyɛ wɔn ade, a sɛnea wɔpam wɔn ntade ne ne kɔla ka ho. Sɛ wusuasua wɔn a, ɛbɛma basabasayɛ kuw a wɔne wɔn di asi no de wɔn ani asi wo so.

Afei nso, sɛ obi siesie ne ho anaa ɔyɛ n’ade te sɛ nea ɔpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ basabasayɛ kuw bi mu a, emufo no betumi ahyɛ no ma wakɔka wɔn ho. Agya bi a ɔwɔ mma baasa a ɔwɔ Chicago kyerɛɛ sɛnea ɛho hia sɛ obi hu basabasayɛfo a wɔwɔ baabi a ɔte no suban. Ɔkae sɛ: ‘Sɛ mehyɛ me kyɛw dan ani hwɛ nifa so a, wosusuw sɛ mimmu wɔn.’ Na ɛno betumi akowie basabasayɛ mu!

Ɛne Wo Mma Mmɔ

Ɛna bi kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yehu yɛn mma yiye—wɔn nkate ne nea wɔyɛ. Sɛ yɛankyerɛ wɔn ho anigye a, yentumi mmoa wɔn.” Ɔfoforo kae sɛ basabasayɛ kuw ho haw no rennyae gye sɛ awofo siw ano ansa. Ɔde kaa ho sɛ: “Momma yenyi ɔdɔ adi nkyerɛ yɛn mma. Sɛ wɔsɛe a yɛasɛe.”

So yenim yɛn mma nnamfo, baabi a yɛn mma kɔ bere a wɔapɔn sukuu, ne baabi a wɔkɔ anwummere bere a ade asa no? Nokwarem no, ɛnyɛ ɛna biara na obetumi atra fie ahu bere a ne mma pɔn sukuu ba fie. Nanso ɛnanom a wonni ahokafo a wɔpere denneennen tua wɔn dan ho aka, hwɛ wɔn mma no, betumi ne ɛnanom afoforo anaa obi a wɔwɔ ne mu ahotoso ayɛ nhyehyɛe ma wahwɛ wɔn mma ama wɔn awia.

Wobisaa ɔbarima bi a ɔte borɔn bi a basabasayɛfo pii wɔ so sɛ ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so abɔ n’ankasa mma ho ban afi basabasayɛ akuw ho. Ɔkae sɛ ɔde ne ba bekyinkyin borɔn no so akyerɛ no nneɛma a basabasayɛfo ayɛ. Ɔbɛkyerɛ no afasu ho nkyerɛwee ne adan a wɔabubu no, na wakyerɛ no “sɛ asiane wɔ borɔn so hɔ na basabasayɛfo no nenam hɔ a wɔnyɛ hwee.” Ɔde kaa ho sɛ: “Afei mɛkyerɛkyerɛ no mu sɛ sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm tra ase a, ɛbɛbɔ ne ho ban afi saa a ɔbɛyɛ ho.”

Ade ketewaa te sɛ yɛn mma sukuu adesua ho anigye ankasa a yɛbɛkyerɛ betumi ayɛ ahobammɔ ama wɔn. Sɛ wɔn sukuu wɔ nhyehyɛe a ɛma awofo tumi hyiam anadwo anaa bere foforo bi wɔ hɔ a wɔto nsa frɛ awofo ma wɔba sukuu adan mu ne akyerɛkyerɛfo kɔkasa a, hwɛ kɔ bi. Hu wo mma akyerɛkyerɛfo, na ma wonhu sɛnea wudwen wo ba no ho ne anigye a wowɔ wɔ ne sukuukɔ ho. Sɛ sukuu no nni nhyehyɛe a ɛma wotumi kɔsra hɔ a, bɔ mmɔden pɛ bere ne akyerɛkyerɛfo no mmɔ wo ba no nkɔso wɔ sukuu ne sɛnea ebia wubetumi aboa no no ho nkɔmmɔ.

Ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Amerika kuropɔn bi mu sɛ sukuufo a wɔn mmusua boaa wɔn anaa wɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn sukuu adesua a wɔyɛ wɔ fie ho no ɔha biara mu 9 na wɔde wɔn hyɛ basabasayɛ kuw mu. Nanso wɔ mmusua a wɔmfa adwene nsi nneɛma a ɛte saa so mu no, sukuufo a na wɔde wɔn ho ahyɛ basabasayɛ kuw bi mu dodow yɛ mmɔho—ɔha biara mu 18—na wɔde wɔn ho ahyɛ basabasayɛ kuw mu. Sɛ ɔdɔ ne biakoyɛ wɔ yɛn abusua mu, na sɛ yɛbom yɛ nneɛma a ɛfata a, ɛbɛma hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ basabasayɛ akuw bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nnaadaa bɛtwetwe wɔn no so ahuan.

Nea Yɛn Mma Hia Ankasa

Yɛn mma hia nneɛma koro ara a yɛn nso yehia no—ɔdɔ, ayamye, ne anika. Mmofra pii na wonsoo wɔn mu wɔ anika mu wɔ ɔdɔ kwan so anaa wɔnka nkyerɛɛ wɔn da sɛ wɔn ho hia. Mommma yɛnnyɛ yɛn mma saa da! Momma yɛnyɛ wɔn atuu, yɛnka nkyerɛ wɔn sɛ yɛdɔ wɔn, na yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛhwɛ ma wɔde ɔbra pa a yɛde akyerɛkyerɛ wɔn no bɛtra ase. Wɔsom bo ma yɛn dodo sɛ yɛbɛto wɔn sraha.

Gerald, a bere bi na ɔyɛ basabasayɛ kuw muni no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na minni agya a mɛhwɛ no asua no, enti mekɔhwehwɛɛ saa asetram ahiade yi fii basabasayɛfo no hɔ.” Ofii ase nom nnubɔne bere a na wadi mfe 12. Nanso bere a odii mfe 17 no, ne maame ne Yehowa Adansefo fii ase yɛɛ ofie Bible adesua. Ne maame de Bible mu nnyinasosɛm pa no dii dwuma wɔ n’asetra mu. Aberante no ka sɛ: “Mihuu nsakrae a wayɛ no, na minyaa adwene sɛ, ‘Ɛbɛyɛ sɛ biribi pa wɔ eyi mu.’” Ne maame nhwɛso pa no kanyan no ma ɔsesaa n’asetra kwan.

Ɛsɛ sɛ yɛn mma hu yɛn nhwɛso pa—ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Ɛsɛ sɛ wotumi nya wɔn abusua ho anigye, ɛnyɛ nea abusua no wɔ, na mmom nea ɛyɛ ho. Na ɛsɛ sɛ wɔboa mmofra no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔn ani agye wɔn ankasa abrabɔ ho. Kan Los Angeles County mantam no mmaranimfo panyin Ira Reiner kaa ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn mma bɔ yiye na wɔamfa wɔn ho ankɔhyɛ basabasayɛ akuw mu.”

Nea Wohia a Yɛde Bɛma Wɔn

Ɛnyɛ honam fam nneɛma a yɛde ma yɛn mma ne ade a ɛho hia titiriw. Nea ehia titiriw ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔanyinyin abɛyɛ mpanyin a wɔwɔ dɔ, wodwen afoforo ho, na wɔwɔ suban pa. Bible ka sɛ ɔtreneeni Yakob frɛɛ ne mma sɛ ‘mma a Onyankopɔn de adom me.’ (Genesis 33:5) Sɛ yebu yɛn mma wɔ saa kwan yi so—sɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn—a, yɛne wɔn bedi nsɛm wɔ ɔdɔ so sɛnea ɛfata, na yɛakyerɛkyerɛ wɔn ma wɔde nokwaredi, trenee, ne ɔbra pa atra ase.

Enti yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa na yɛabɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛayɛ nhwɛso pa ama yɛn mma so. Yɛbɛma wɔanya wɔn abusua ho anigye a ɛfata, a ɛnyɛ agyapade a abusua no wɔ, na mmom nnipa ko a yɛyɛ ho. Sɛ ɛba saa a, ɛda adi sɛ wɔrenkɔhwehwɛ mmoa wɔ mmɔnten so.

Bere a nanabarima bi hwɛɛ n’akyi wɔ ne mmofraberem no, ɔkae sɛ: “Manyɛ biribi a ebegu m’abusua anim ase da.” Ɔkae sɛ ɔtee nka saa efisɛ onim sɛnea na n’awofo dɔ no. Ampa, ɛnyɛ mmerɛw sɛ ɛnanom ne agyanom a wɔn awofo anyi ɔdɔ adi ankyerɛ wɔn da no beyi bi adi akyerɛ wɔn mma. Nanso, ɛsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden yi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn mma.

Dɛn nti na eyi ho hia saa? Efisɛ sɛnea “What’s Up” (Dɛn na ɛrekɔ so?) nsɛmma nhoma a Utah Basabasayɛ Ho Nhwehwɛmufo Fekuw tintim kae no, “sɛ mmofra te nka sɛ wɔdɔ wɔn, na wɔwɔ ahobammɔ—ɛnyɛ sika fam ahobammɔ, na mmom nkate fam ahobammɔ—a, nneɛma a ɛtaa ma wɔde wɔn ho kɔhyɛ basabasayɛ akuw mu no fi hɔ.”

Akenkanfo bi besusuw sɛ mmusua a ɔdɔ wom saa no bi nni hɔ bio. Nanso ebi wɔ hɔ. Wubetumi ahu pii wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu. Ampa, saa mmusua yi nyɛ pɛ, nanso wonya mmoa kɛse bi: Wosua nea Bible ka fa mmofra ntetee ho, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu nnyinasosɛm pa bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu. Afei nso, wɔde saa nnyinasosɛm yi kyerɛkyerɛ wɔn mma.

Yehowa Adansefo gye asɛm a obi kae wɔ The Journal of the American Medical Association mu yi tom: “Obi ntumi nhwɛ kwan sɛ . . . mmofra a wɔadu mpanyin afe so ‘Bɛka sɛ dabi’ bere a wɔmmaa wɔn biribi a ‘Wɔbɛka yiw’ wɔ ho no.” Ɔkwan foforo so no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛn mma ka yiw wɔ nneɛma pa ne nea ɛho tew ho a, yɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn saa kwan no.

Yɛn mu biara rempɛ da sɛ ɔbɛka sɛnea agya bi kae yi: ‘Me ba nyaa fekubɔ ne obu a onnyaa bi da wɔ basabasayɛ kuw mu.’ Saa ara na yɛrempɛ sɛ yɛbɛte sɛ yɛn mma reka sɛnea abofra bi kae yi: “Mede me ho hyɛɛ basabasayɛ kuw mu efisɛ na mihia abusua.”

Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ awofo no na yɛyɛ saa abusua no. Na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de hwɛ sɛ yɛn mma a wɔsom bo ma yɛn no bɛkɔ so ayɛ abusua no fã a wɔwɔ anigye ne ɔdɔ.

[Kratafa 10 adaka/mfonini]

Nneɛma a Awofo a Wodwen Wɔn Mma Ho Bɛhwɛ Adi Ho Dwuma

✔ Gye bere ne wo mma ntra fie, na mo mmom nyɛ nneɛma sɛ abusua

✔ Hu wo mma nnamfo ne wɔn mmusua, na hwɛ hu baabi a wo mma kɔ ne nkurɔfo a wɔne wɔn nantew

✔ Ma wo mma nhu sɛ wobetumi de wɔn haw biara aba wo nkyɛn bere biara

✔ Kyerɛkyerɛ wo mma ma wonyi obu adi nkyerɛ afoforo, hokwan a wɔwɔ, ne wɔn nsusuwii ahorow

✔ Boa wo mma denam wɔn akyerɛkyerɛfo a wubehu wɔn so, na ma akyerɛkyerɛfo no nhu sɛ wubu wɔn, na wugyina wɔn akyi wɔ wɔn mmɔdenbɔ ho

✔ Mfa nteɛteɛm anaa basabasayɛ nni ɔhaw ahorow ho dwuma

Wo mma hia wo dɔ a emu yɛ hyew

[Kratafa 9 mfonini]

Anigye a wobɛkyerɛ wɔ wo ba sukuu adesua ho betumi ayɛ ahobammɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena