Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 5/8 kr. 5-8
  • Nea Ɛsɛ sɛ Yehu Wɔ Basabasayɛ Akuw Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛsɛ sɛ Yehu Wɔ Basabasayɛ Akuw Ho
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Wɔde Wɔn Ho Hyɛ Basabasayɛ Kuw mu
  • Ɛyɛ Den sɛ Wobefi Mu
  • Wobetumi Anya Asetra Pa
  • Mɛyɛ Dɛn Abɔ Me Ho Ban Wɔ Basabasayɛfo Akuw Ntua Ho?
    Nyan!—1991
  • Yɛn Mma Ho Ban a Yɛbɛbɔ Afi Basabasayɛ Akuw Ho
    Nyan!—1998
  • Ɔhaw no Trɛw
    Nyan!—1998
  • “Ná Me Koko Nye Koraa”
    Bible Tumi Sesa Nnipa
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 5/8 kr. 5-8

Nea Ɛsɛ sɛ Yehu Wɔ Basabasayɛ Akuw Ho

Wade, a bere bi na ɔyɛ California basabasayɛ kuw bi muni no kae sɛ: “Na yɛyɛ atipɛnfo a yɛte borɔn biako so kɛkɛ. Yɛn nyinaa fii sukuu ase pɛ. Ɛyɛ gyinae pa na yɛansi.”

BASABASAYƐ akuw taa hyɛ ase sɛ borɔn so akuw. Nnipa a wɔadu wɔn mpanyin afe so anaa wosusua hyiam wɔ ɔkwankyɛn. Wɔbom yɛ ade, na afei wɔyɛ nokoro sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi kuw bi a wɔyɛ den a wɔbɛn hɔ ho. Nanso ɛnkyɛ na wɔn kuw no mufo de wɔn ho ahyɛ basabasayɛ a enye koraa mu, na wodi nsɛmmɔne a ɛyɛ hu.

Basabasayɛ kuw bi a ɛwɔ borɔn foforo so betumi abu kuw foforo yi sɛ wɔn atamfo. Afei abufuw no kowie basabasayɛ mu. Wɔn a wɔtɔn nnubɔne nam basabasayɛfo yi so na ɛtɔn wɔn nnuru. Nsɛmmɔnedi foforo di akyi ba.

Ná Luis adi mfe 11 bere a ne nnamfo tee basabasayɛ kuw no. Odii mfe 12 no, ofii ase nom nnubɔne. Odii mfe 13 no, wɔkyeree no nea edi kan. Ɔka ho na wowiaa kar, bubuu adan kowiaa nneɛma, bɔɔ nkurɔfo apoo. Na odii afiase akɔneaba wɔ basabasayɛfo ntɔkwako ho.

Ɛtɔ mmere bi a, wɔn a wɔwɔ basabasayɛ akuw mu betumi ama yɛn ho adwiriw yɛn. Ná Martha siesie ne ho kama, bɔ mmɔden wɔ ntoaso sukuu adesua mu, na na oyi su pa adi wɔ sukuu mu. Nanso, na ɔyɛ basabasayɛ kuw a ɛtɔn wii, heroin, ne cocaine no panyin. Bere a wɔtoo ne nnamfo mu biako tuo mpɛn dodow bi kum no na ɛbɔɔ no hu ma ɔsesaa n’abrabɔ.

Nea Enti a Wɔde Wɔn Ho Hyɛ Basabasayɛ Kuw mu

Nea ɛyɛ nwonwa no, basabasayɛfo bi ka sɛ nea enti a wɔde wɔn ho hyɛ kuw mu ne sɛ wobeyi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn. Na wɔrehwehwɛ nnamfo pa, abusuabɔ a emu yɛ den, a wonnya wɔ fie no. Atesɛm krataa Die Zeit a ɛwɔ Hamburg, Germany no, kae sɛ mmɔnten so basabasayɛ akuw mu na mmofra no bɔ mmɔden sɛ wobenya ahobammɔ a wontumi nnya wɔ baabi foforo biara no. Eric a bere bi na ɔyɛ basabasayɛ kuw muni no kae sɛ sɛ wɔnna ɔdɔ adi nkyerɛ wo wɔ fie a, “wokɔ abɔnten kɔhwehwɛ biribi pa.”

Agya bi a kan no na ɔyɛ basabasayɛ kuw muni no kyerɛw ne mmofraase asetram osuahu ho asɛm sɛ: “Midii afiase akɔneaba wɔ nneyɛe bɔne, basabasayɛfo ntɔkwaw, ne awiei koraa no, kar mu a mifi too obi tuo a anka mereyɛ akum no ho.” Akyiri yi, bere a ɔwoo ne ba Ramiro no, na onnya bere pii mma abarimaa no. Bere a Ramiro nyinii no, ɔno nso de ne ho hyɛɛ basabasayɛ kuw mu, na polisifo kyeree no wɔ basabasayɛfo ntɔkwaw bi ho. Bere a ne papa hyɛɛ no sɛ omfi basabasayɛ kuw no mu no, ɔteɛɛm sɛ: “Wɔne m’abusua seesei.”

Ɔyarehwɛfo bi a ɔwɔ Texas ayaresabea a ɔne mmofra 114 a wɔatow wɔn atuo kasae bɛyɛ afe ne kakra ni no kae sɛ: “Ɛyɛ nwonwa sɛ. Mennye nni sɛ mate sɛ wɔn mu bi rebisa ne maame anaa obusuani bi ase pɛn.”

Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛnyɛ mmofra a wofi kurow mu ahiafo atrae nkutoo na wɔde wɔn ho hyɛ basabasayɛ akuw mu. Mfe bi a atwam no, Canada nsɛmma nhoma Maclean faa polisifo asɛm bi kae sɛ, wɔahu sɛ mmofra a wofi kuropɔn mu mmeae a wodi yiye paa ne wɔn a wofi mmeae a wodi hia buruburoo nyinaa wɔ basabasayɛ kuw biako mu. Saa mmofra a wofi mmusua ahorow mu no ka wɔn ho bom wɔ atirimpɔw koro yi ara ho—wɔhwehwɛ abusua mu biakoyɛ a wonnya wɔ fie no.

Wɔ mmeae bi no, mmofra nyinyin a wobu basabasayɛ kuw mu a wɔde wɔn ho bɛhyɛ sɛ asetra kwan a asɛm biara nni ho. Fernando a wadi mfe dunsia no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wosusuw sɛ basabasayɛ kuw mu a wɔde wɔn ho bɛhyɛ no bɛboa wɔn ma wɔadi wɔn haw ahorow ho dwuma. Wonya adwene sɛ: ‘Ɛbɛma manya nnamfo. Wɔanyinyin na wokurakura atuo. Wɔbɛbɔ me ho ban, na obiara renhaw me.’” Nanso ɛnkyɛ na wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ basabasayɛ kuw mu foforo no abehu sɛ kuw no mufo a wɔyɛ no ama basabasayɛ kuw no atamfo de wɔn ani si wɔn so.

Mpɛn pii no, wɔtaa hu basabasayɛ akuw wɔ mmorɔn a wonni sika na atuo pii wɔ no. Nsɛm ho amanneɛbɔ ka kuropɔn sukuu adan a emu asuafo no 3 biara mu 2 fi afie a ɔwofo biako mmusua na ɔhwɛ so mu ho asɛm. Ɛtɔ mmere bi a, na sukuuni no wofo no nom nnubɔne ma ebia ɔmmɛda fie anadwo, na ɛno ma ɛhwehwɛ sɛ sukuuni no de n’ankasa ba a onni agya no kogya baabi a wɔhwɛ mmofra ansa na wakɔ sukuu anɔpa.

California amrado, Pete Wilson, kae sɛ: “Yɛwɔ ɔhaw a emu yɛ den efisɛ mmofra pii renyin a wonni agya, wonni ɔbarima nhwɛsofo a ɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn, ama wɔn akwankyerɛ, nteɛso ne asetram gyinapɛn ahorow—wonnim nea enti a ɛsɛ sɛ wonya obu ma wɔn ho anaa afoforo.” Ɔkae sɛ tema a mmofra ntumi nnya mma afoforo yi nti na ɛma “ɛyɛ sɛ nea wotumi ka obi kyene [wɔtow wɔn tuo kum wɔn] a ɛnhaw wɔn koraa no.”

Ɛwom sɛ abusua mu biakoyɛ a enni hɔ, ntetee ankasa a wonnya, ne abrabɔ pa ho nhwɛso pa a wonnya ka ho pii na basabasayɛ akuw anya nkɔanim de, nanso nneɛma foforo ka ho. Nea ɛka eyi ho ne TV so dwumadi ne sini ahorow a eyi basabasayɛ kyerɛ sɛ ɛne ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔfa so di ɔhaw ahorow ho dwuma, wiase a ɛtaa bu ahiafo sɛ nnipa a wɔadi huammɔ wɔ asetram, na wɔkɔ so kae wɔn sɛ wontumi nyɛ nneɛma a afoforo yɛ, ne ɔwofo biako mmusua a ɛredɔɔso a ɛsɛ sɛ ɛna kumaa bi a ɔyɛ adwuma tra so di apere ansa na wahwɛ abofra biako anaa nea ɛboro saa a obiara nhwɛ wɔn so no. Saa nneɛma yi mu dodow a aka abom anaa ne nyinaa, ne ebia afoforo, na ama mmɔnten so basabasayɛ akuw retrɛw wɔ wiase nyinaa no.

Ɛyɛ Den sɛ Wobefi Mu

Ampa, bere bi akyi no, basabasayɛ kuw mufo bi fi wɔn kuw no mu kɔyɛ nnwuma foforo. Afoforo tumi kɔtra wɔn abusuafo nkyɛn wɔ baabi foforo, na wɔnam saayɛ so twe wɔn ho fi basabasayɛ kuw mu. Nanso, mpɛn pii no, ɛyɛ den sɛ obi befi basabasayɛ kuw mu.

Ɛtaa ba sɛ kuw no mufo bi hwe wɔn a wɔpɛ sɛ wofi mu no ansa na wɔama wɔn kwan ma wɔafi mu. Nokwarem no, wɔatotow nkurɔfo a wɔpɛe sɛ wofi basabasayɛ akuw bi mu no atuo ankasa. Sɛ wɔanwuwu a, wogyae wɔn ma wofi mu! So ɛfata sɛ obi fa tebea a emu yɛ den saa mu na ama wafi basabasayɛ kuw bi mu?

Obi a kan no na ɔyɛ basabasayɛ kuw muni kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔpɛe sɛ ofi kuw no mu no mu: “Me nnamfonom baanum awuwu dedaw.” Nokwarem no, basabasayɛ kuw mu asetra yɛ nea ebetumi ayɛ hu yiye. Time nsɛmma nhoma bɔɔ obi a na anka ɔyɛ Chicago basabasayɛ kuw muni ho amanneɛ sɛ: “Wɔ mfe ason a ɔde yɛɛ kuw no muni mu no, wɔatow no tuo wɔ ne yafunum, wɔde dade abɔ ne tirim, wɔabu ne nsa mu wɔ ntɔkwaw mu, na wɔde no ato afiase wɔ kar wia ho . . . Nanso seesei a wateɛteɛ n’asetra akwan no, ne kan nnamfo mpo repɛ no ayɛ no bɔne.”

Wobetumi Anya Asetra Pa

Bere bi na Eleno a ɔyɛ Brazilni no yɛ basabasayɛ kuw a wɔfrɛ no Headbangers (abobɔtiri) a wɔde asekan ne ɛtɔ mmere bi a atuo di ako no muni. Esiane sɛ na ɔte nka sɛ ɔyɛ ɔpapahwekwa nti, onyaa abotɔyam wɔ nkurɔfo nneɛma a na wɔsɛe no ne nkurɔfo a na wɔtow hyɛ wɔn so no mu. Ne yɔnko dwumayɛni bi ne no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ. Akyiri yi Eleno kɔɔ Yehowa Adansefo mansin nhyiam bi ase, baabi a ohyiaa ne kan mfɛfo a na wɔafi ne basabasayɛ kuw no mu, ne basabasayɛ kuw a na wɔn kuw no ne wɔn di asi no muni bi. Wokyiakyiaa wɔn ho wɔn ho sɛ anuanom—a na ɛyɛ soronko koraa wɔ nea na anka ebesi wɔ bere bi a atwam no ho.

So eyi tumi si ankasa? Yiw, etumi si! Nnansa yi Nyan! nanmusini bi ne wɔn a kan na wɔyɛ Los Angeles basabasayɛ akuw akɛse no mufo a seesei wɔsom wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no hyiae. Nnɔnhwerew bi akyi no, wɔn mu biako gyaee kasa, pa daa n’akongua mu kae sɛ: “Hwɛ eyi! Kan Bloods and the Crips (Mogya ne Mmubuafo) mufo a wɔte faako na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ anuanom!” Wogye tom sɛ nea ama wɔasesa sɛ basabasayɛ kuw mufo atirimɔdenfo abɛyɛ nnipa a wɔwɔ ayamye ne ɔdɔ no ne Bible mu nnyinasosɛm pa a wɔde ahwɛyiye suae no.

So eyi betumi aba wɔ 1990 mfe yi mu ankasa? So basabasayɛ kuw mufo betumi ayɛ nsakrae a ɛte saa ankasa nnɛ? Sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ nkuranhyɛ nsɛm a emu yɛ den a Onyankopɔn Asɛm de ma no mu, na afei wɔama wɔn asetra ne Bible nnyinasosɛm ahorow ahyia a, wobetumi. Sɛ ebia woyɛ basabasayɛ kuw muni a, dɛn nti na wunsusuw nsakrae a ɛte saa a wobɛyɛ ho?

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenyi nipasu dedaw a ɛresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene,’ na ‘yɛnhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu no.’ (Efesofo 4:22-24) Ɛyɛ dɛn na yenya saa nipasu foforo yi? Bible ka sɛ, obi betumi ama ne nipasu ayɛ ‘foforo akɔ nokware nimdeɛ mu Onyankopɔn a ɔbɔɔ no no suban so.’—Kolosefo 3:9-11.

So mfaso wɔ so sɛ obi bɛbɔ mmɔden ayɛ nsakrae? Yiw, mfaso wɔ so! Sɛ woyɛ basabasayɛ kuw muni a, ebia wubehia mmoa na wode ayɛ nsakrae a ɛte saa. Nkurɔfo wɔ baabi a wote a wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo. Nanso, awofo na wɔwɔ gyinabea a ɛbɛma wɔatumi anya wɔn mma so nkɛntɛnso pa a ɛsen biara. Enti afei yebesusuw nea awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban afi basabasayɛ akuw ho no ho.

[Kratafa 7 mfonini]

Wɔn a bere bi na wɔyɛ basabasayɛ akuw mufo a wɔne wɔn ho nka a seesei Bible mu nokware ama wɔayɛ biako

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena