Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 11/8 kr. 21-23
  • Mɛyɛ Dɛn Abɔ Me Ho Ban Wɔ Basabasayɛfo Akuw Ntua Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Abɔ Me Ho Ban Wɔ Basabasayɛfo Akuw Ntua Ho?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Basabasayɛfo Akuw ne Wɔn Su Ahorow
  • Mfaso Wɔ so sɛ Wobɛda Nsow
  • Asiane a Wobɛkwati
  • Nea Ɛsɛ sɛ Yehu Wɔ Basabasayɛ Akuw Ho
    Nyan!—1998
  • Yɛn Mma Ho Ban a Yɛbɛbɔ Afi Basabasayɛ Akuw Ho
    Nyan!—1998
  • Ɔhaw no Trɛw
    Nyan!—1998
  • “Ná Me Koko Nye Koraa”
    Bible Tumi Sesa Nnipa
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 11/8 kr. 21-23

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Abɔ Me Ho Ban Wɔ Basabasayɛfo Akuw Ntua Ho?

DA KORO twabere anwummere a wim ayɛ nwini no, Tom a wadi mfe 12 kɔtɔɔ nneɛma wɔ ne mpɔtam hɔ aguadi dan bi mu. Na Tom suro efisɛ na ɛhɔnom basabasayɛfo kuw no di faako a ɔnam no so tumi, na ankyɛ na nea osuro no baa mu. Bere a n’ani nna ne ho so no, kuw no mufo pii baa ne so, sum no too fam boroo no.

Esiane sɛ “amumɔyɛ redɔɔso” sɛnea wɔka too hɔ no nti, ebinom tete mmeae a ɛhɔ basabasayɛ no yɛ nea aban ntumi nsiw ano. (Mateo 24:12) Sɛ wote beae a basabasayɛfo akuw wɔ pii a, ɛnde ebia na wunim Tom osuahu no yiye. Sɛ nhwɛso no, susuw Los Angeles County, U.S.A. tebea no ho. Sɛnea Maclean nsɛmma nhoma no kyerɛ no, nnipa 257 a wowuwui wɔ basabasayɛ mu wɔ 1988 mu no mu fã yɛ wɔn a wonni basabasayɛfo akuw mu a wokunkum wɔn! Enti, mmofra a wɔwɔ mmeae a basabasayɛfo akuw wɔ no wɔ asɛnnennen ankasa: sɛnea wɔbɛbɔ wɔn ho ban.

Asɛm bi a adi kan aba no kyerɛɛ sɛnea ɛyɛ agyimisɛm sɛ woankasa bɛdɔm kuw no bi no.a Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ kuw no muni a wobɛyɛ no ma asiane a ɛne sɛ wubepira, wɔbɛkyere wo anaa wobekum wo mpo no yɛ kɛse. Na sɛ wubekura sekan, otuo anaa akode foforo biara no ne Bible mu afotu a ɛwɔ Yesaia 2:4 ne Mateo 26:52 no bɔ abira. Afei, saa a wɔyɛ no ma basabasayɛ trɛw mmom sen sɛ ebegyae. Saa ara na ɛte wɔ akwan horow a wɔfa so ko te sɛ judo anaa karate a wosua na wɔde abɔ wɔn ho ban no ho. Ɛnde, nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ wokwati basabasayɛfo akuw. Nanso ɔkwan bɛn so?

Basabasayɛfo Akuw ne Wɔn Su Ahorow

Nea edi kan no, susuw w’atade, ahosiesie, ne wo nantew ho. Akuw pii mufo hyɛ ntade, su horow anaa nneɛma a ɛma wɔda nsow wɔ akuw afoforo ho. Nkatakɔnmu anaa sɛnea wɔhyɛ kyɛw no mpo tumi kyerɛ kuw a obi wom. Akuw horow no taa wɔ sɛnea wɔkasa a wɔyɛ wɔn ho ne wɔn ankasa nsɛmfua ne sɛnea wɔnantew.

Asɛnnennen no ne sɛ akuw no su ne agyiraehyɛde ahorow no taa yɛ abasode ma mmofra nyinaa​—a wɔn a wonni kuw no mu nso ka ho. Canada atesɛm krataa The Globe and Mail no ka sɛ: “Mmofra binom suasua akuw bi ntadehyɛ, ɛwom sɛ wɔnnyɛ emufo. . . . Ebia na wɔpɛ sɛ wɔsɔ mmofra afoforo ani.”

Ɛda adi sɛ mmofra no bi te nka sɛ atade titiriw no bɛma wɔn ho ayɛ hu. Afoforo nso susuw sɛ akuw no su horow a wɔde besiesie wɔn ho no bɛbɔ wɔn ho ban wɔ ɔkwan bi so. Wosusuw sɛ ɛbɛma afoforo asuro sɛ wɔbɛhaw wɔn, esiane sɛ wobesusuw sɛ wɔyɛ kuw bi mufo nti. So ntease wɔ eyi mu? Dabida. The Globe and Mail ka no pen sɛ: “Wɔde wɔn ho to asiane a ɛne sɛ wɔn a wɔyɛ basabasayɛfo akuw mufo ankasa hu wɔn a wɔbɛhwe wɔn no mu.”

Bernard a anka bere bi ɔyɛ basabasayɛfo kuw muni nanso mprempren ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo no ka sɛ eyi yɛ nokware. Ɔka bere bi a atwam ho asɛm sɛ: “Sɛ obi siesie ne ho te sɛ yɛn na ɔnka yɛn ho a, ɔkwan biara so no, yɛde yɛn ani sã no. Ɛsɛ sɛ ɔbɛka yɛn ho anyɛ saa a yepira no.”

Mfaso Wɔ so sɛ Wobɛda Nsow

Ɛsɛ sɛ eyi a woahu no boa wo wɔ wo ntadehyɛ mu. Mpo koraa no, so sɛnea yesiesie yɛn ho no nka yɛn su ho biribi​—ɛnkyerɛ nnipa ko a yɛyɛ mpo? Na eyi te saa mfe mpempem a atwam ni wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu. Yɛkenkan asomafo bi a wɔde amanneɛbɔ brɛɛ Ɔhene Ahasia no ho asɛm wɔ 2 Ahene nhoma no mu. Wɔkaa ɔbarima bi a wohyiaa no a ɔmaa wɔn nkrasɛm bi ho asɛm. Ɔhene no bisae sɛ, ‘Ɔbarima no te dɛn?’ Bere a wɔkyerɛɛ atade a ɔhyɛ no, ɔhene no kaa ntɛm ara sɛ, ‘Ɛyɛ odiyifo Elia!’ Ɔyɛɛ dɛn hui? Efisɛ na Elia hyɛ odiyifo atade a ɛma ɔda nsow no. (2 Ahene 1:5-8) Ɛnnɛ, sɛnea na ɛte saa bere no, sɛnea yesiesie yɛn ho no betumi ama wɔabu yɛn afra nnipa pɔtee bi, ɛwom mpo sɛ yɛrenyɛ nea wɔyɛ anaasɛ yennye nea wogye di no nni de. Afoforo nso besusuw sɛ anyɛ yiye koraa no, yɛpene nnipa a wosiesie wɔn ho saa kwan no so no nneyɛe so.

Michael a anka ɔyɛ basabasayɛ kuw muni bi a wɔfaa n’asɛm kae wɔ Sports Illustrated, mu no ka sɛ: “Mpaboa, atade nguguso ne kyɛw no ara kɛkɛ yɛ agyiraehyɛde . . . metumi agyina sɛnea obi asiesie ne ho ara kwa no so akyerɛ sɛ ɔyɛ basabasayɛ kuw muni.”

Ɛnde hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ Kristoni abofra bɛma n’ahosiesie, ntadehyɛ, nantew, kasa, anaasɛ sɛnea ɔbɛyɛ ne ho no mpo ayɛ sɛ basabasayɛ kuw mufo! Yesu afotu a ɛka sɛ “womfi wiase” no fa eyi ho titiriw. (Yohane 17:16) Nokwarem no, ɛnyɛ den sɛ basabasayɛ kuw mufo behu wɔn a wɔnka wɔn ho no. Michael kae sɛ: “Yehu sɛ obi hyɛ trɔɔs, soro atade fɛfɛ, asepatere. Wuntumi nka nkyerɛ me sɛ ɔyɛ basabasayɛ kuw muni.”

Bernard a yɛaka n’asɛm dedaw no de ka ho sɛ: “Basabasayɛ kuw mufo taa hyɛ ntade a aba so foforo koraa.” Eyi nti, ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye ansa na woapaw ntade ne ahosiesie bi a ebia aba so wɔ sukuu anaa beae a wote no a ɛbɛyɛ mmerɛw ma basabasayɛfo de wɔn ani asi wo so esiane sɛ wɔrenhu onipa ko a woyɛ no nti. Ahobrɛase a wobɛda no adi wɔ ahosiesie mu no betumi abɔ wo ho ban.​—Fa toto 1 Timoteo 2:9 ho.

Yɛ ahwɛyiye nso wɔ kasa ne nsɛmfua a wode di dwuma no ho. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea aba so denam basabasayɛ kuw mufo kasa a wobɛka bi no so a, ebetumi atwetwe wɔn adwene aba wo so. Kwati wo ho a wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛma ayɛ hu no. Kae sɛ: “Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.”​—Ɔsɛnkafo 9:4.

Ahwɛyiye biako nso ne sɛ sɛ ɛba nnamfo a wobɛpaw so a, kwati “wiase adamfofa.” (Yakobo 4:4) Ebia wubesusuw sɛ wɔn a “wɔn ho yɛ hu” kakraa bi a wobɛfa wɔn nnamfo no bɛboa wo. Bernard ka basabasayɛ akuw mu osuahu a onyae no ho asɛm sɛ: “Sɛ wowɔ nnamfo wɔ basabasayɛfo kuw mu a, ɔkwan biara so wɔbɛhyɛ wo ma woakɔka wɔn ho.” Ɛsɛ sɛ wode ahwɛyiye a ɛsɛ di dwuma wɔ mmɔden a wobɛbɔ sɛ wobɛboa basabasayɛ kuw mufo ma wɔafa nkwa kwan no so no mpo ho dwuma.​—Mateo 28:19, 20.

Yiw, ɔkwan a ɛsen biara a wubetumi afa so abɔ wo ho ban yiye ne sɛ wobehu wo sɛ Kristoni a ɔyɛ nhwɛso pa. Nokwarem no, esiane sɛ ‘wo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka dontori no mu nti, ebia wɔbɛka wo ho nsɛmmɔne.’ (1 Petro 4:4) Nanso wɔde amemenemfe bɛkyerɛ obu ama wo nso. Anyɛ yiye koraa no, wobebu wo sɛ womfata sɛ woyɛ basabasayɛ kuw muni.

Asiane a Wobɛkwati

Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na din pa bɛbɔ wo ho ban afi opira ho. Mmebusɛm 27:12 de afotu pa yi ma sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” Afotu a nyansa wom yi si sɛnea ɛsɛ sɛ wunya nhumu ne anidahɔ wɔ tebea ahorow a ɛyɛ asiane mu no so dua. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔfrɛ wo akɔ baabi anaa adeyɛ bi ase a, bisa wo ho sɛ, Henanom na wɔbɛba hɔ? So ɛyɛ beae a wonim sɛ basabasayɛfo kuw wɔ hɔ?

Obi a anka ɔyɛ basabasayɛfo kuw muni de afotu a ɛte saa ara ma sɛ: “Kwati mmeae a basabasayɛfo kuw wɔ. Sɛ ebetumi a, fa ɔkwan foforo bi so.” Yiw, kwati akwantu a ɛho nhia a wode bɛkɔ beae a ɛhɔ yɛ hu. Na sɛ basabasayɛ si a, mma asɛmpɛ ntwetwe wo nkɔ owu mu. Mmebusɛm 17:14 NW ka sɛ: “Atutuw mfiase te sɛ nsu ano tue, enti ɔham ano nyɛɛ den no, fi hɔ.”

Nanso fa no sɛ wɔ mmɔden a wobɛbɔ de akwati ɔhaw nyinaa akyi no, ankorankoro bi bɛka sɛ bɛyɛ wɔn kuw muni nso ɛ. Fa boasetɔ ka kyerɛ wɔn sɛ wuntumi nkɔka ho. Mmofra a wɔyɛ Yehowa Adansefo taa ka sɛ wɔde wɔn bere ne mmɔdenbɔ ahorow no di dwuma wɔ Kristofo som adwuma no mu. Ɛmfa ho sɛ dɛn na wobɛka biara no, kwati animtiaabu anaa abufuw. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo wɔ Mateo 10:16 sɛ: “Monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.” Ɛsɛ sɛ wo su, wo ntade, ne ahosiesie nso ne gyinabea a woapaw no hyia.

Nanso, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ ahwɛyiye a ɛsen biara a wobɛyɛ no renkyerɛ sɛ wubenya ahobammɔ koraa. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso akyinnye biara nni ho sɛ mmɔden a ntease wom a wobɛbɔ bɛma woakwati basabasayɛfo kuw ntua mu a wobɛtɔ.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ asɛm “So Ɛsɛ sɛ Medɔm Basabasayɛfo kuw?” wɔ June 8, 1991, Awake! mu.

[Kratafa 22 mfoni]

Fi mmeae a basabasayɛ wɔ. Mma asɛmpɛ ntwetwe wo nka owu mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena