Mmusua Hyehyɛ Wɔ Wiase Nyinaa—Nteɛso, Nhwɛso Ne Honhom Mu Gyinapɛn Ahorow A Wɔde Yɛn Mmofra
AWOFO a wofi aman pii so de sɛnea wɔadi nkonim wɔ mmofra ntetee mu fi bere a wɔyɛ nkokoaa kosi aka kakraa na wɔadi mfe aduonu no ho amanneɛbɔ amana. Wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo, enti wɔn amanneɛbɔ no si sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ di nneɛma anan a wɔabobɔ din wɔ atifi hɔ asɛmti no mu no ho dwuma so dua. Nsɛm a wɔafa aka wɔ ha no kyerɛ abusua mu ntetee a afã horow a wɔde dii dwuma no mu kakraa bi.
Efi Hawaii
“Sɛnea Bible ka kyerɛ yɛn no, ɔdɔ ne su a ‘ɛsen biara.’ Ɛsɛ sɛ ɔdɔ afã horow a ɛsom bo no nyinaa hyerɛn wɔ fie hɔ ne abusua no mu nyinaa. Me ne Carol nyinaa wɔ Onyankopɔn su yi wɔ yɛn aware mu. Biakoyɛ wɔ yɛn ntam. Yɛpɛ sɛ yɛbom bere nyinaa. Mintumi ngugu me gyidi a mewɔ sɛ ade titiriw a ɛma abayɛn di yiye ne awarefo a wɔwɔ anigye no mu.
“Mekae nkate a emu yɛ den a ɛhyɛɛ me koma ma bere a yɛwoo yɛn abakan no akyi nna ne adapɛn kakraa no de besi nnɛ. Abɔde a nkwa wom foforo mfiase no yɛɛ me nwonwa. Mekae sɛnea Carol de anigye ne akomatɔyam maa abofra Rachel nufu no. Na m’ani agye ama no,nanso na ɛyɛ me yaw kakra, m’ani bere no kakra. Na Carol ne Rachel refa ayɔnko, na me ɛ? Metee nka sɛ wɔapia me—bɔkɔɔ de nanso wɔapia me ara—afi yɛn abusua no mu. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, mitumi kaa me nkate ne nsusuwii no kyerɛɛ Carol, na ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ me pii na ɔboaa me.
“Ɛno akyi no mitumi bɛnee yɛn ba a yɛawo no foforo no na meboae wɔ abofra no ho adeyɛ nyinaa mu, a nea ɛnyɛ anigye nyinaa ka ho—anyɛ yiye koraa no ne ntamagow a wasɛe mu no horo yɛ eyi ho nhwɛso titiriw! Yɛawo Rachel akyi anum. Rebecca ne ɔkaakyire, mprempren woadi mfe awotwe. Yɛne yɛn mma no mu biara ankasa asua Bible no.
“Ntetee a wofi ase de ma abofra ntɛm ho ade foforo bi ni. Me ne Carol ani gye ho sɛ yɛbɛkasa akyerɛ yɛn mma no bere a yɛawo wɔn no ara pɛ. Yɛka biribiara ho asɛm. Ɛtɔ mmere bi a yɛka Yehowa ne ne nnwuma a ɛyɛ fɛ ne nwonwa no ho asɛm. Ɛtɔ mmere bi a yɛka nneɛma a wɔde di agoru na ɛyɛ serew ho asɛm. Nokwarem no, na yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn biribi, nanso nea ɛsen saa no na yɛregye yɛn ani ara kwa. Migye di sɛ saa nkɔmmɔbɔ no boa maa awofo ne ɔba ntam ayɔnkofa no mu yɛɛ den. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛboa de nkitahodi pa a ɛwɔ yɛn abusua no mu no bae.
“Yehowa akyerɛ yɛn sɛnea honhom mu nneɛma som bo sen biara, ne yɛn ho a yɛde bɛma no. Me ne Carol nnyaa honam fam nneɛma pii da, nanso yɛmmɔɔ mmɔden ankasa sɛ yɛhwehwɛ na enhia yɛn. Sɛ yɛde yɛn bere no mu pii hwehwɛɛ ahonyade a, anka yennya bi mma Yehowa ne yɛn abusua no. Yesii gyinae pa.” (Carol nsɛm di so.)
“Misusuw sɛ wo mma a wubeturu wɔn no boa yiye wɔ mmofra ne wɔn awofo ntam ayɔnkofa no mu. Wode bere pii kura wo ba no turu no na ɛmma munkwati bɛn a mobɛbɛn ho no. Ɛna no ntumi mfi abofra no ho nnɔnhwerew abien kosi anan da. Me ne Ed mpɛ sɛ yɛde yɛn mma no begyaw nkurɔfo da. Mehwehwɛ bere nyinaa sɛ mɛkyerɛkyerɛ me mma na mahwɛ bere a wɔrenyin no. Enti bere a wɔyɛ nketenkete no, mannyɛ adwuma wɔ abɔnten. Misusuw sɛ eyi boaa wɔn ma wohuu sɛnea wɔn ho hia yɛn no. Ɔkwan titiriw a wobɛfa so abɛn wo mma ne sɛ wobegye bere de atra wɔn ho. Biribiara rentumi nsi wɔn nkyɛn a wobɛtra ankasa no ananmu. Honam fam nneɛma nyinaa rentumi nsi wo ananmu.
“Bere a aka kakra na wɔanya mfe aduonu no mu yɛ den efisɛ na bere a mmofra no renyinyin no na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae. Na ɛyɛ den ma me, sɛ mihui sɛ na wonhia me pii na wɔtew wɔn ho no. Ɛyɛ akomatu bere, na ɛsɔ wo nkyerɛkyerɛ, nteɛso ne ntetee adwuma a woayɛ no nyinaa hwɛ. Nokwarem no, sɛ wufi ase bere a aka kakraa na wɔadi mfe aduonu no a, ɛnde na aka akyi dodo. Saa bere no na aka akyi dodo sɛ wobɛkyerɛ wɔn ɔbra pa, ɔdɔ a ɛsɛ sɛ wonya ma adesamma, ne titiriw no, ɔdɔ a wobenya ama Yehowa. Ɛsɛ sɛ wɔde eyi hyɛ wɔn mu fi awoe.
“Wowɔ mfe 12 a ɛsɛ sɛ wode yɛ w’adwuma yi wie ansa na bere a aka kakraa na wɔanya mfe aduonu a emu yɛ den no adu. Nanso sɛ woayere wo ho de Bible nnyinasosɛm adi dwuma a, ɛnde na bere adu sɛ wutwa anigye ne asomdwoe bere a wofi wɔn komam si gyinae sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no.”—Edward ne Carol Owens.
Efi Zimbabwe
‘[Yehowa] agyapade ne mma.’ Saa na Bible no ka wɔ Dwom 127:3. Eyi a ɛwɔ yɛn adwenem no aboa yɛn sɛ awofo ma yɛayɛ nea yebetumi biara de ahwɛ agyapade yi. Na yɛn abusua no mu mmɔdenbɔ atitiriw no mu biako ne sɛ yɛbɛyɛ biribiara abom—yɛbɔ mpae bom, yesua Bible bom, yɛsom bom, yɛyɛ adwuma bom, yɛsra nnamfo bom, yedi agoru bom.
“Ɛtɔ mmere bi a na nteɛso ho hia. Da koro bi, yɛn ba barima a aka kakraa na wadi mfe aduonu no amma fie ntɛm. Ɛhaw yɛn. Na ɔnka ne ho mma yɛn ho. Yehui sɛ biribi atoto, nanso yesii gyinae sɛ yɛbɛtwɛn ma ade akye. Bɛyɛ ɔdasu mu no, yɛtee sɛ obi bɔ yɛn pon. Na ɛyɛ yɛn ba barima no, na na ɔresu.
“‘Papa, Mama, nnɔnhwerew anan a atwam no mintumi nna esiane sɛ bere a mufi Bible no mu tuu me fo wɔ fekubɔne ho no mantie. Ɛnnɛ yɛpɔn sukuu no mmofra no bi hyɛɛ me ma me ne wɔn koguaree na abarimaa biako kaa me hyɛɛ nsu no ase. Sɛ abarimaa foforo ammoa me a anka nsu no faa me. Wɔserew me na wɔfrɛɛ me ohufo. Mebaa fie tee, nanso mebɛtɛwee efisɛ na m’ani awu. Mesrɛ mo sɛ mantie mo bere a mobɔɔ me kɔkɔ wɔ fekubɔne ho sɛnea ɛda adi wɔ Bible mu no.’—1 Korintofo 15:33.
“Osui na yɛn nso yɛɛ saa ara. Yɛn ani gyei sɛ wasua nyansa nanso yɛteɛɛ ne so na n’ani aba ne ho so yiye. Exodus 34:6, 7 da no adi sɛ Yehowa yɛ mmɔborohunufo na ɔde bɔne kyɛ, nanso ‘ɔde asotwe ma wɔ ɔkwan biara so.’”—David ne Betty Mupfururirwa.
Efi Brazil
“Meyɛ okunafo a m’ankasa tete me babarima. Bere koro no ara mu no, meyɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mmofra na wɔateɛ wɔn so. Nea ehia ne akwankyerɛ pa, nteɛso a ɛkari pɛ ne awofo nhwɛso pa. Na ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ pintinn na bere koro no ara mu no mada ayamhyehye adi. Na ɛsɛ sɛ misua sɛnea wotie asɛm, titiriw no sɛ mede me koma betie. Ɛho hia sɛ wudi nkitaho, ɛnyɛ kasa ara kwa, mmom no ma abofra no mfa ne ho nhyɛ mu, ma ɛnka ne, nkate. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛma wate nka sɛ ɔka abusua no ho denam abusua no sikasɛm ho dwumadi a mede no kaa ho no so. Sɛ wɔde kanea ho ka ba anaa nsu anaa ntade anaa mpaboa ho ka kɔ soro a, yɛbom susuw nsɛm yi ho.
“Ɛho hia sɛ wɔde nkamfo ma wɔ nneɛma pa a wɔyɛ ho. Sɛ hokwan no bue a, na makyerɛ no sɛnea Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm so di som bo no. Bere bi, bere a na matu no fo mpɛn pii akyi no, na ɛsɛ sɛ mede abaa ankasa di dwuma. Hwɛ sɛnea na ɛyɛ den ma me, nanso hwɛ sɛ nea efii mu bae no yɛ nhyira! Bere a ɔrebɛn mpanyin afe so no, yehyia bere a eye ne nea ennye, nanso yetumi hu bo a akwankyerɛ ne nteɛso som no. Ɔka n’ankasa nsɛnnennen kyerɛ me na ɔda ne nkate adi.
“Mema m’ani da hɔ na nkitahodi pa atra hɔ. Enti mensɛe bere pii wɔ me honam fam adwuma mu na manya bere ama me ba no. Sɛ yehyia nsɛnnennen a, mebɔ mmɔden tie no yiye, na ɛdenam Yehowa mmoa so no, yedi so nkonim. Mema ohu sɛ me nso midi mfomso. Bere bi me bo fuwii yiye, na meka kyerɛɛ no sɛ ‘ommua n’ano.’ Ɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ mɛka akyerɛ obi sɛ ‘ommua n’ano’ no nkyerɛ ɔdɔ. Na nea ɔka no yɛ nokware. Saa awia no, yɛbɔɔ nkɔmmɔ pii.”—Yolanda Moraes.
Efi Korea
“Mede Bible nnyinasosɛm dii dwuma anigye so wɔ m’abusua asetram. Titiriw no na Deuteronomium 6:6-9 agye ntini wɔ me komam tɔnn. Enti mebɔɔ mmɔden biara a metumi nyaa bere maa me mma, mebɛnee wɔn na mede Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm ahyɛ wɔn adwene ne wɔn komam. Metoo nsa nso frɛɛ asɛmpatrɛwfo ne Betel abusua no mufo baa yɛn tie na mmofra no ani agye bere nyinaa mu ɔsom adwuma no ho.
“Sɛ mmofra de asɛnnennen ba a, ade a edi kan a ɛsɛ sɛ awofo yɛ ne sɛ wɔbɛda honhom aba no adi. Ɛyɛ mmerɛw sɛ w’ani bɛbere mmofra no so na wo bo afuw. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ awofo no tɔ yɛn bo ase na yɛyɛ nneyɛe mu nhwɛso pa. Ɛho hia sɛ yɛkyerɛ obu ma mmofra no na yɛma wɔn hokwan ma wɔkyerɛkyerɛ asɛm no mu. Sɛ adebɔneyɛ ho adanse a ɛda adi pefee biara nni hɔ a, ɛnde ɛsɛ sɛ wugye wɔn di na wohyɛ wɔn nkuran bere nyinaa. Sɛ ɛsɛ sɛ woteɛ abofra bi so a, nea edi kan no, kyerɛkyerɛ no mu, kyerɛ no nea ɔyɛe a ennye no na ma onhu sɛnea n’adeyɛ no nsɔ Yehowa ne n’awofo ani no. Ɛno ansa na ɛsɛ sɛ woteɛ ne so. Sɛ metwe me mma no aso wie a, wɔtaa ka sɛ: ‘Dada, minhu nea ɛyɛ me, minhu nea ɛma metew atua no. Ɛyɛ gyimi.’ Wɔn ani sɔ awofo a wɔn mma ho hia wɔn araa ma wɔde nteɛso ma wɔn no.
“Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani da hɔ wɔ bere a subammɔne fi ase no ho. Bere a na me babarima panyin wɔ mfinimfini sukuu adesua afe a ɛto so 3 mu no, metee sɛ ɔbɔ rock nnwom denneennen wɔ ne dan mu. Mihui sɛ na wadɔm sukuufo a wɔde nteɛso ma (sukuufo a wɔn ani afi na wɔwɔ su pa a wotu sukuufo afoforo fo) kuw bi, na na ɛrema wiase no akɛntɛn ne so. Metee sɛ wɔ ne kuw no mufo ɔhyɛ ase ne nneɛma a ɔpɛ sɛ ɔsɔ hwɛ nti, wanom sigaret. Yɛn nyinaa bɔɔ asiane a ɛwɔ sigaretnom mu no ho nkɔmmɔ, na me ba no ankasa sii gyinae sɛ obefi kuw no mu, na ɔyɛɛ saa. Yɛyɛɛ anigyede a eye a ɔne abusua no ne asafo no mufo benya mu kyɛfa ho nhyehyɛe de sii sukuu mu dwumadi ahorow a ɛnyɛ papa no ananmu.
“Awiei koraa no, mepɛ sɛ meka sɛ nea ɛho hia titiriw ne sɛ awofo bɛyɛ nhwɛso pa. Na meka kyerɛ me mmabarima baanu no daa sɛ mepɛ sɛ mesom Onyankopɔn sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Bere a me babarima a ɔto so abien no wiee sukuu no, mitumi gyaee m’adwuma a meyɛ wɔ sirikyi adwumayɛbea bi no na meyɛɛ bere nyinaa somfo. Me mmabarima baanu no huu sɛnea masi me bo no na wodii akyi. Bere a esiane afã biara a wonnyina ho asɛm nti wɔakɔ afiase aba no wɔde wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu na wɔatoa so abesi nnɛ.”—Shim Yoo Ki.
REfi Sweden
“Yɛatete mmofra baason, mmarimaa baanum ne mmeawa baanu. Mprempren, wɔn nyinaa anyinyin a wɔyɛ hyew wɔ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpaka mu. Efi wɔn mmofraase pɛɛ no na mmofra no kɔ adesua na na wɔne yɛn kɔ asɛnka. Wɔde nkakrankakra suaa asɛnka adwuma no—sɛnea wɔbɔ ɔpon ano dɔn, wokyia, bɔ wɔn din, de nkrataa a wɔde tɔ nsa frɛ afoforo, nkratawa anaasɛ nsɛmma nhoma ma. Bere a na wɔda so yɛ mmofra no, wɔmaa ɔkasa horow wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.
“Ɛtɔ mmere bi a yedi nsɛnnennen a anibere wom ho dwuma wɔ ɔkwan titiriw so. Saa bere no ɔdɔ ne boasetɔ ho hia—yɛnteɛteɛm anaasɛ yɛnko. Yɛnam nsɛm a yesusuw ho de si Yehowa adwene so dua no so dii nsɛnnennen ho dwuma. Yɛmaa wɔn sikasɛm ho ntetee. Sɛ wonyin kakra a, wɔtontɔn atesɛm nkrataa, wokotĩ peat, wɔyɛ mfikyifuw ne ade. Wɔn nenanom a wɔkɔsra wɔn wɔ akyirikyiri no ma wohuu wɔn a wɔn mfe akɔ anim nsɛnnennen no na wonyaa ayamhyehye maa wɔn.
“Yɛn ayeforohyia afe a ɛto so 30 no, yenyaa krataa a edi hɔ yi:
“‘De kɔma Yɛn Awofo a Yɛdɔ Wɔn:
“‘YƐDA MO ASE WƆ BIRIBIARA HO! Ɔdɔ a moayi akyerɛ yɛn, nokware gyidi a mode ahyɛ yɛn mu, anidaso a ɛyɛ nwonwa a moama yɛanya—nsɛm anaasɛ sika nsõ ho hwee. Nanso, yegye di sɛ ɛdenam nkae ade ketewaa yi so no, mobɛte sɛnea yɛte nka ma mo no ase, yɛn agya ne ɛna a yɛdɔ mo. [Yɛde yɛn nsa ahyɛ ase] Mo mma.’
“Sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ ‘mfe 20 nnwuma’ yi nyinaa a, yɛde aseda kɛse ma Yehowa yɛn soro Agya a wahu yɛn mmɔbɔ no.”—Bertil ne Britta Östberg.
Amanneɛbɔ Ahorow a Efi Awofo Hɔ
“Sɛnea ɛna turu ɔba no yɛ ɔkwan a Yehowa nam so ma akokoaa bɛn ne nã, nanso agya de odonko a wɔtow wɔ agua mu no boa. Na ɛyɛ me anigye sɛ mituru yɛn mma no wɔ me nsa so wosow wɔn kosi sɛ wɔbɛda anwummere biara.”
“Sɛ agya no, na mintumi nturu yɛn mma no de, nanso menam anwummere biara aguare a miguaree wɔn no so bɛnee wɔn. Na ɛyɛ agoru bere ma me ne wɔn!”
“Bere ne bere mu no, mede yɛn mma no mu biara pue ma me ne no nkutoo kodidi. Wɔpɛ wɔne Dada nkutoo adifi yi.”
“Bere a mfe no retwam no, yɛmaa wɔn ahofadi ne asɛyɛde ahorow pii nkakrankakra Sɛ obi mia spring wɔ ne nsa mu a, ɛsɛ sɛ ogyaw mu nkakrankakra na anhuruw ankɔ.”
“Yi ɔdɔ pii adi kyerɛ. Atuuyɛ ne mfewano nkum abofra biara da—nanso sɛ woanyɛ wɔn saa a wɔn nkate betumi awu.”
“Nya boasetɔ, mpoopoo wɔn. Nteɛteɛ wɔn bere nyinaa. Ma wonnya wɔn ho mu ahotoso. Sɛ wokasa tia wɔn pɛnkoro a, kamfo wɔn mpɛn anan!”
“Hwɛ wɔn yiye na ama wɔayɛ yiye.”
[Kratafa 24 mfonini]
Mmofra a wɔte sɛ Rebecca hia nokware dɔ
[Kratafa 25 mfonini]
Bere a wogye deyɛ nneɛma bom no de aburow mu biakoyɛ a emu yɛ den bɛba