Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 8/8 kr. 14-16
  • N’ani Nhu Ade Yiye, Nanso Ne Gyidi Ano Yɛ Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • N’ani Nhu Ade Yiye, Nanso Ne Gyidi Ano Yɛ Den
  • Nyan!—1981
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nnipa pii a woyɛɛ wɔn nkwa ho adwuma no mu biako pɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Mmusua Hyehyɛ Wɔ Wiase Nyinaa—Nteɛso, Nhwɛso Ne Honhom Mu Gyinapɛn Ahorow A Wɔde Yɛn Mmofra
    Nyan!—1992
  • Asikreyare​—Wobɛtumi Abɔ Wo Ho Ban Kakra
    Nyan!—2014
  • Sɛnea Ne Sa Yɛ Den
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 8/8 kr. 14-16

N’ani Nhu Ade Yiye, Nanso Ne Gyidi Ano Yɛ Den

CAROL DIVERS nhu ade papa nanso anigye a ɔwɔ no ano yɛ den. Asikreyare maa n’ani biako sɛee 1976 mu, na ná biako a aka no hu ade kakra. Ɔkae sɛ, “Ná metumi ahwere ɛno nso bere biara, nanso mintumi nhaw me ho wɔ ho.”

Ná asikreyare ahaw Carol fi bere a na wadi mfe 11. Mprempren yi wadi bɛboro mfe 40, na wahwɛ mmabarima baanu ma wɔanyinyin, ɛmfa ho sɛ yare haw no. “Bere a mihui sɛ meyare asikreyare no misusuwii sɛ, te sɛ ntoboro no, ɛbɛkɔ. Oduruyɛfo bi maa me nhoma a ɛka ɔyare no ho asɛm sɛ menkenkan. Mekenkanee na metow kyenee. Ná m’asikreyare no renkɔ da. Na enye koraa. Me werɛ howee yiye wɔ me daakye ho.

Carol da no adi sɛ: “Obiara nim sɛ wɔn a wɔyare asikreyare wɔ ɔhaw ahorow wɔ wɔn mogya mu. Nea wonim no pii ne sɛ, asikreyare a wonya fi mmofraase, a na manya bi no haw nipadua no kɛse. Anifurae yɛ emu biako, na nea ɛde ba ne ntini nketenkete pii a mogya fa mu a ɛba obi a ɔyare asikreyare ani so, na akyiri ɛpaapae ma mogya da aniwa no so no. Wɔn a wɔyare asikreyare no taa nya mogya mu nyarewa ahorow na etumi ma nipadua akwaa no bi wu anaasɛ edwudwo. Wotumi nya asaabo no mu ɔhaw ahorow, ntini akɛse no a ɛsinsen, na ɛma abawo mu yɛ den kɛse ma wɔn. Nea ɛkeka ho no dɔɔso pii.”

Ɛyɛ awerɛhow, ɛnte saa anaa? Nanso asikre yare haw nnipa ɔpepem pii da biara da. “Sɛ wususuw nneɛma a ɛyɛ hu a ɛrekɔ so wɔ wo nipadua mu ne anifurae a ɛde bɛba no ho a, wutumi yɛ basaa.” Ano aduru ne dɛn? Carol tu fo sɛ: “Sɛ wubetumi a, bɔ mmɔden sɛ wubehu tebea no fã a ɛyɛ serew no, na mfa w’adwene nkɔ nneɛma a ɛyɛ awerɛhow no so.”

Tebea no fã a ɛyɛ serew? Carol ka no anigye so sɛ: “Yiw, te sɛ bere bi a mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ telefon wɔ m’adamfo bi fie no. Sɛɛ na ade a misusuwii sɛ ɛyɛ telefon no yɛ biribi a wɔde butru to mu.

Carol de kaa ho sɛ: “Asɛm no ne sɛ, ɔserew remma wunni awerɛhow pii dodo. Ade a ɛmmoa ɔyarefo koraa ne sɛ obedi awerɛhow.”

Wotumi hu afotu pa a ɛte saa ara wɔ Bible mu, nhoma a wɔtaa bu ani gu n’afotu a mfaso wɔ so so no. Sɛ nhwɛso no: “Anigye koma ma ahoɔden; na honhom a abotow yow nnompe mu.”​—Mmeb. 17:22, Twi Bible Foforo.

Wɔ ɔkwan foforo so no, “anigye koma yɛ aduru a eye paa” (Jerusalem Bible) , “nanso honhom a abubu ma obi yare.” (The Living Bible) Ɛnyɛ bere nyinaa na Carol Divers ani gyee afotu pa yi ho. Dɛn na ɛsakraa n’adwene?

Ɔka sɛ: “1962 mu no, na m’aware foforo anya mmarimaa nkumaa baanu bere a ɔbea panyin bi baa me nkyɛn sɛ ɔrebɛma makra Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma. Na m’ani nnye nsɛmma nhoma no ho papa, nanso mekrae, efisɛ ɔbea no kaee me me maame nuanom mmea baanu a wɔyɛ Yehowa Adansefo. Ná m’ani gye me maame nuanom mmea yi ho bere nyinaa, ɛwom sɛ na mente nea wogye di no ase de.

“Nea efii mu bae ne sɛ, mifii ase suaa nea Bible ka wɔ nnipa amanehunu ho no, na mihui sɛ na ntease pii wom. M’ani gyei sɛ mihui sɛ Bible no nkyerɛkerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yehu amane. Ampa, sɛ nnipa yɛɛ osetie maa Onyankopɔn fi mfiase no a, anka asikreyare anaasɛ ɔhaw foforo biara remma

“Hiob ho asɛm a mekenkanee no boaa me na amma manni awerɛhow. Wɔ Hiob kyerɛwtohɔ no mu no, ɔbonsam ka sɛ, sɛ onipa biara hu amane pii a, awiei koraa no ɔbɛpa Onyankopɔn. Mebɔɔ me tirim sɛ meremma Satan nserew wɔ nea ɛbɛba akyiri yi wɔ me fam no ho.”

Bible mu nimdeɛ aboa Carol awerɛhowdi wɔ ɔkwan foforo so saa ara. Ose: “Sɛ wowɔ ɔyare bi a ɛnkɔ da a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubesusuw sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ me na ɛyɛ me?’ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ nnipa afoforo hu amane sɛnea mihu yi? Nanso, Bible no kyerɛ sɛ obiara wɔ tebea koro no ara mu. Yɛn nyinaa wuwu. Ɛno ara ne sɛ yɛn mu binom wu ntɛmntɛm sen afoforo. Esiane sɛ minim saa nti, ɛma mehwehwɛ sɛ mefi adi akɔboa afoforo ma wɔanya anidaso a mewɔ ma daakye no bi mmom sen sɛ mɛtra ase anihaw so, akã sɛ ɛkaa me nko a anka menyare asikreyare.”

Dɛn ne Carol anidaso ma daakye? Ɔka no ahotoso mu sɛ: “Wɔbɛsa me yare no koraa. Mehu ade bio, merenwɔ asikreyare ho pane bio da, na me ho bɛyɛ me den daa nyinaa.

Yiw, nnɛyi nnuru rentumi nsa Carol yare no anaasɛ ɛremma ɔnsan nhu ade bio. Nanso, ɔnhwɛ kwan sɛ ɔnam nnuru so benya ayaresa. Ɔda no adi sɛ: “Sɛ Yesu wɔ asase so nnɛ a, anka ɔbɛsa me yare. Ɔsaa nnipa a na wɔn ani afura sen me yare. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Ɔde kyerɛe sɛnea wɔbɛsa nnipa yare wɔ Onyankopɔn ahenni mu.”

Carol gye saa ahenni no di yiye. “Woate sɛ nkurɔfo bɔ mpae sɛ, ‘W’ahenni mmra’? Wiɛ, gye me di, ɛreba. Mehwɛ kwan kɛse sɛ mɛtra ase bere a wɔama saa mpaebɔ no ho mmuae no. Yesu de nkɔmhyɛ bi mae a ɛbɛkyerɛ bere a ahenni no abɛn, na emu nsɛm te sɛ atesɛm krataa a wunya anɔpa biara no. Wo ankasa wubetumi akan wɔ Mateo 24, Luka 21, ne Marko 13.”

Carol gyidi a egyina Bible so no ama no anidaso pii aka nea ɔwɔ ma daakye no ho. Aboa no ma wayi n’adwene afi ne yare a ɛwɔ hɔ mprempren no so. Ɔkwan bɛn so na wayɛ saa?

Ɔka sɛ: “Bible no kyerɛkyerɛ me sɛ Yehowa Nyankopɔn bu nkwa sɛ ade kronkron. Bere a misuaa Bible no, mihui sɛ ɛsɛ sɛ mehwɛ me ho so yiye. Sɛ manhwɛ me nkwa so yiye nnɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa begye adi sɛ mepɛ sɛ metra ase daa?

Ɛwom, wo ho so a wobɛhwɛ no yiye no gye ahosodi, nanso Bible no boa obi ma onya saa su no. Afei nso, ahosodi yɛ nkwa ne owu asɛm ma obi a ɔyare asikreyare.”

Dɛn ntia? “Sɛ biribi haw nipadua no a, epuw asikre a ɛwɔ berɛbo no mu ba. Enti sɛ obi a ɔyare asikreyare ho pere no a, ɛte sɛ nea ɔredi asikre, ade a enye mma no koraa! Meyɛ obi a na midwen nneɛma ho dodo, nanso na ɛsɛ sɛ misua sɛnea mɛkora me tɛkrɛma so wɔ nsɛm a ɛde akyinnyegye ba ho. Ná ɛsɛ sɛ misua sɛnea mɛyɛ obi a ɔpɛ asomdwoe. Agye mfe bebree, nanso mprempren yi, nneɛma nhaw me sɛnea na ɛte kan no.

Carol serew ka sɛ: “Bible se Onyankopɔn asomdwoe bɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so, nanso ɛhwɛ asikre a ɛwɔ me mogya mu no so saa ara!”

So Carol Divers werɛ nhow da anaa? Ɔma mmuae nokwarem sɛ: “Yiw, me werɛ how, nanso ɛmmoa ɔkwan biara so. Mfe a atwam no mu no, mahu sɛ, sɛ me werɛ how a, ade a eye sen biara a metumi ayɛ ne sɛ mɛkyerɛ nnipa afoforo ho anigye na mayi m’adwene afi m’ankasa me ho so.

“M’ani fii ase sɛ ɛrefura wɔ 1970 mu, na ná ɛyɛ awerɛhow yiye. Nanso saa bere no mu ara no, mekɔɔ so nyaa hokwan ahorow de boaa nnipa afoforo ma wosuaa Bible ho ade pii. Wunim, me ho a mede hyɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ mu pii no ne aduru a eye a na metumi anya. Efi bere a m’ani fii ase sɛ ɛrefura no, me ne nnipa 11 asua ade a wogyee asɛm no ankasa ma mprempren wɔrekyerɛkyerɛ afoforo.”

N’anifurae no mu ayɛ den, nanso Carol de ne ho ahyɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no mu kɛse. Ɔde anigye ka sɛ: “Me mmabarima baanu no afi fie na wɔresom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea ti. Ɛno kyerɛ sɛ mewɔ bere pii sen kan no. Enti September a etwaam no, mitumi fii ase somee sɛ daa kwampaefo, a ɛkyerɛ sɛ mprempren yi, mede me bere no fã kɛse ara srasra nkurɔfo ka nneɛma a efi Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛ wɔn. Ɛyɛ biribi a mifi bere tenteenten ahwehwɛ sɛ mɛyɛ.

Carol ka sɛ: “Menyɛ ɔbea a mewɔ tumi soronko. Sɛ mannya mmoa pii amfi m’abusuafo ne nnamfo a wɔwɔ asafo no mu nkyɛn a, anka mintumi nyɛ hwee. Ná meyɛ obi a mede me ho daa, na bere a m’ani fii ase sɛ ɛrefura no, na ɛyɛ den sɛ megye atom sɛ, sɛ mepɛ o, mempɛ o, mabɛyɛ ɔyarefo Mansusuw saa amma me ho da. Na ɛyɛ me den sɛ mebisa obi hɔ mmoa, nanso mahu sɛ, metumi asrɛ mmoa afi nnipa afoforo ne Yehowa Nyankopɔn nkyɛn. Yehowa de nnipa ne mmoa no nyinaa ma me. Ayɛ asuade kɛse ama me.

“Mihu sɛ, nneɛma a na anka meyɛ nanso mintumi nyɛ bio no ho a misusuw de awerɛhow ba. Ano aduru yɛ tiaa. Midwen nea metumi ayɛ ho, na afei mebɔ mmɔden sɛ mehu ɔkwan foforo anaasɛ ɔkwan pa a mɛfa so ayɛ.

“Sɛ nhwɛso no, m’abasam tui ahuhubere bi, efisɛ na ɛsɛ sɛ mede bere tenten tra fie. Enti, mifii ‘Ahenni Sukuu’ ketewa bi ase maa mmofra a wɔwɔ asafo no mu no pɛnkoro wɔ nnawɔtwe biara mu wɔ me fie. Esiane sɛ mepɛ mmofra asɛm nti, ɛkyekyee me werɛ, na na mmofra no ani gye sukuu no ho. Yɛde nsɛm a esisii a Bible aka ho asɛm dii agoru ahorow, na yesuaa kyerɛw nsɛm ahorow guu yɛn tirim. Da koro yɛbɔɔ mmɔden mpo sɛ yɛde nnua nketenkete bɛyɛ Noa adaka!

“Mmere bi wɔ hɔ a mogya ada m’ani a aka no so, a minhu hwee koraa ma mada dan mu nna anaasɛ nnawɔtwe bebree. Mpaebɔ ho hia wɔ mmere a ɛte saa mu. Saa nso na Bible mu nsɛm a wɔakyere agu hama so a Ɔwɛn Aban Asafo no de ma no te, na telefon nso te saa. Sɛ mintumi mfi adi mpo a, mitumi ne nkurɔfo kasa wɔ telefon so. Sɛ misusuw ho kɔ akyiri a, mitumi kae obi a ɔwɔ tebea a enye koraa mu sen me a n’ani begye sɛ mefrɛ no telefon so ne no akasa.”

Obiara mpɛ sɛ ohu amane, a Carol Divers a wahu amane bebree asen nnipa pii no ka ho. Bere a yɛmpɛ sɛ yehu amane no, yebetumi apaw sɛnea sɛ amanehunu ba a yɛbɛyɛ yɛn ade afa. So ɛbɛsɛe yɛn koma, ma yɛakasa atia Onyankopɔn, na yɛde yɛn adwene asi nea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ so anaa? Anaa so anka yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn so ahwehwɛ mmoa, na yɛatwiw abɛn no anaa?

Carol kaa no sɛ: “Minnim nea ɛbɛto me ɔkyena​—nanso minim sɛ nea Yehowa ma ho kwan biara, ɛbɛyɛ yiye. Minim sɛ ɔbɛma me ahoɔden a mihia no. Wayɛ saa daa.”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

“Sɛ wowɔ yare bi a ɛnkɔ da a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubesusuw sɛ, ‘Dɛn nti na me na ɛsɛ sɛ ɛyɛ me?’”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena