Kontromfi Nyansa
Sierra Leone, Afrika Atɔe bɛ bi ka sɛ: “Kontromfo nse ne ba nko sɛ ‘So me mu yiye! Ɔka nso sɛ, ‘Hwɛ fam.’”
Eyi ma kontromfi ba a ɔhyɛ ne na akyi wɔ dua nkɔn mu ho mfonini ba obi adwenem. Adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ, sɛ Mama ka kyerɛ ne ba no sɛ onso ne mu yiye kɛkɛ a, ebia ne ba no bɛyɛ saa bere tiaa bi, na esiane sɛ onnim nea enti a ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa nti obegow ne nsa mu.
Nanso sɛ abofra no hwɛ fam a, obehu sɛ ɔne fam ntam kwan ware yiye na obehu sɛ ne nkwa ho asɛm wom. Obetumi apira kɛse anaa wawu mpo! Bere a wate asiane no ase yiye no, obenya nkate a emu yɛ den de aso ne mu yiye. Afei ɔbɛkyerɛ obu kɛse ama afotu anaa ahyɛde biara a ɛka ho.
Nnyinasosɛm fɛfɛ a ɛsɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ afoforo, titiriw mmofra bɛn ara ni. Asuade a ɛwɔ asɛm no mu ne sɛ, sɛ anka wobɛma ahyɛde ara kwa no, ɛho hia sɛ wode ɛho ntease ma.
Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a na bere pii nni hɔ a wɔde bɛyɛ ɛno kan. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo ba anhwɛ yiye na osi lɔre kwan mu bere a lɔre wɔ so pii a, wobɛteɛ no sɛ ɔnsan ntɛm ara. Ɛha no ahyɛde no a wubedi kan de ama no na ehia. Nanso asiane a na abofra no wom ho nkyerɛkyerɛmu no bɛma wate ase.
Adeyɛ yi mu mfaso a ɛne sɛ—mma ahyɛde nko na mmom kyerɛkyerɛ mu nso—no wɔ Bible mu mmebusɛm bi mu: “Abofra a ɔte asɛm ase di mmara so.”—Mmebusɛm 28:7, New World Translation.
[Kratafa 31 mfonini fibea]
© Zoological Society of San Diego