Asoroboa A Wɔsɛe Ade, Akuafo A Wɔahaw
Efi Leewards Islands “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
OKUAFO BI a ɔwɔ Amerika Mfinimfini hɔ nsupɔw ahorow no bi so gyinaa hɔ hwɛɛ n’afuw a wɔatutu ntɔmmɔ a ɛwɔ so nyinaa asɛe no, adwuma a na ɔde asram pii ayɛ no. Te sɛ supɔw no so akuafo no pii no, na asoroboa adi no awu. Bere a ɔbɛtoo asoroboa bɛyɛ 50 anaasɛ 60 mpofirim wɔ n’afum saa anɔpa no, odii wɔn akyi pɛe sɛ okohu faako a wofi bae wɔ kwae mu hɔ. Ɔsan bae bere tiaa bi akyi no, obehui sɛ asoroboa kuw foforo fi baabi foforo nso aba afuw no mu.
Saa asɛm yi ma ɔko a ɛda akuafo a wɔahaw ne atɔefam asoroboa dɔm a wɔsɛee nneɛma no ntam no da adi. Afe biara no saa adesɛefo yi fi St. Kitts ne Nevis mmepɔw so kɔsɛe afuw mu nneɛma pii wɔ West Indies, nsupɔw ahorow a ɛwɔ Amerika Mfinimfini hɔ no so. Saa akodi yi akɔ so fi afeha a ɛto so dunson no mfinimfini hɔ tɔnn. Ebedu saa bere no na wɔabɛyɛ mmoa a wɔsɛe ade mmoroso ma wɔhyɛɛ mmara a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ mmoa bɔne a sɛ obi tumi kum biako a ɛsɛ sɛ wɔkyɛ no ade. Asɛm no te sɛ nea akɔ so wɔ asase yi afa horow, bere a adesamma a wɔredɔɔso pia mmoa ma wɔkɔ mmeae a aduan pii nni hɔ mma wɔn no.
Akuafo a wɔn ani abere ne wɔn di asi. Nneɛma a wɔde hunahuna mmoa te sɛ krakrammotobi akɛse, mfiri a wosunsum, nkraman a wɔwɛn, ahayɔ a wɔkɔ wɔ afuw no mu—eyinom yɛ nneɛma ahorow a wɔyɛ sɛ wɔde besiw asoroboa no nneyɛe ano. Nanso hwɛ! Ɛnkosi baabiara.
Wɔnam anifere kwan so kɔ nneɛma te sɛ krakrammotobi a wɔde sisi afuw no mu ma ahunahuna wɔn no nkyɛn. Asoroboa no toto aboɔ de bɔ krakrammotobi yi nna pii, na nkakrankakra no wotwiw bɛn no. Awiei koraa no wodu ho na wɔtetew no asinasin. Ɔbɔmmɔfo bi de nhaban momono kyekyeree ne ho, na nea ɛyɛɛ no nwonwa ne sɛ, asoroboa no huu no ansa na ɔrebɛn wɔn. Okuafo bi mantam ne kraman wɔ afuw no mu, a na ɔwɔ awerɛhyem sɛ ne mmobom no bɛma asoroboa no asan wɔn akyi. Bere a ɔsan bae no ne ho dwiriw no sɛ obehui sɛ asoroboa no asɛe n’aburow a ɛrenyin no nyinaa, bere a na ɔkraman no butuw hɔ asomdwoe mu wɔ nkyɛn hɔ baabi no.
Asoroboa nam anifere kwan ahorow so di dwuma. Ansa na wɔbɛkɔ afuw a nnɔbae wom mu no, wɔma ɔsoroboa biako di kan kɔhwɛ. Nea ɔredi kan akɔhwɛ no foro dua a ɛware. Sɛ ɔteɛm de kyerɛ sɛ ɛhɔ ye a, anini no di kan ba a mmea no di wɔn akyi. Wɔn nyinaa fi ase pempan, tetew na wotutu afuw no mu nneɛma kosi sɛ wɔbɛmeẽ. Bere a wɔn nyinaa ameẽ no, wɔde aduan no bi kɔma ɔwɛmfo no. Nanso, sɛ ɔwɛmfo no amfa kɔkɔbɔ a ɛfata amma bere a okuafo no reba a, anini a wɔwom no bekum no.
Sɛ wɔredidi wɔ afuw mu a, ɔsoroboa a ɔwɔ ba mfa no mma afum hɔ. Ɔde no sie wɔ wuram wɔ faako a obeguan afa no. Sɛ ɔwɛmfo no de asiane ho kɔkɔbɔ ma ara pɛ a, ohuru fi afuw no mu na ɔteɛm frɛ ne ba no. Bere a otu mmirika kɔ ne ba no nkyɛn no, ne ba no huruw tare ne nkyɛn mu na ɔbata hɔ denneennen. Ɛtɔ da bi a bere a mmoa no nyinaa reguan kitikiti no, ɔto fom, anaasɛ ohuruw kɔ nea ɔnyɛ ne maame nkyɛn, na wogyaw no hɔ. Sɛ ɛba saa a, okuafo no fa ɔba no kɔma ne mma wɔ ofie.
Ɛtɔ da bi a, wɔahu sɛ sɛ ɔsoroboa bere ho kyere no a ɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ wonhu no mmɔbɔ. Ɔde ne ba no kyerɛ sɛ ade a enti ɛsɛ sɛ wohu no mmɔbɔ, anaasɛ, sɛ ɔnyem a, wɔahu sɛ ɛnanom de wɔn nsa bɔ wɔn yafunu so de twe adwene kɔ nyem a wɔnyem no so.
Hena na ɔredi nkonim wɔ apereperedi a ɛda ɔsoroboa ne okuafo ntam no mu? Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobehu. Nanso, nnansa yi nhwehwɛmu bi a Behavioral Science Foundation a Dr. Frank Ervin ne wɔn panyin yɛe no da no adi sɛ St. Kitts asoroboa mpem ason kosi 12 na wɔwɔ supɔw no so mprempren Amaneɛbɔ no kyerɛ sɛ asoroboa bɛyɛ 34,000 na supɔw no betumi ama wɔn aduan wɔ afe no nyinaa mu, sɛ wɔkɔ so tra mmeae horow a wɔwɔ mprempren no a. Saa nkontaabu yi kyerɛ sɛ asoroboa a wɔn dodow te sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no betumi atra-ase dwoodwoo wɔ supɔw no so.
Nanso ebia akuafo a wɔahaw no rempene eyi so.